< 2 Berɛsosɛm 32 >
1 Ɔhene Hesekia de nokorɛdie wiee saa dwumadie yi, Asiriahene Sanaherib bɛto hyɛɛ Yuda so, dii so nkonim. Ɔtuaa nkuro a wɔabɔ ho ban no, na ɔhyɛɛ nʼakodɔm sɛ wɔmmubu wɔn afasuo no, mmɔ nhyɛne mu.
After these things and this faithfulness, Sennacherib king of Assyria came, entered into Judah, encamped against the fortified cities, and intended to win them for himself.
2 Ɛberɛ a Hesekia hunuu sɛ Sanaherib asane ayɛ nʼadwene sɛ ɔbɛto ahyɛ Yerusalem so no,
When Hezekiah saw that Sennacherib had come, and that he was planning to fight against Jerusalem,
3 ɔne ne mpanimfoɔ ne nʼasraafoɔ mu afotufoɔ tuu agyina. Wɔsii gyinaeɛ sɛ, wɔbɛsi nsutire no kwan na antene ankɔ kuropɔn no akyi.
he took counsel with his princes and his mighty men to stop the waters of the springs which were outside of the city, and they helped him.
4 Wɔboaboaa adwumayɛfoɔ ano sɛ wɔnkɔsi nsutire kwan na antene ankɔ mfuo no mu. Na wɔkaa sɛ, “Adɛn enti na ɛsɛ sɛ Asiria ahemfo bɛba ha abɛnya nsuo bebree?”
Then many people gathered together and they stopped all the springs and the brook that flowed through the middle of the land, saying, “Why should the kings of Assyria come, and find abundant water?”
5 Afei, Hesekia miaa ne banbɔ mu, ɔsiesiee ɔfasuo no baabiara a abubuo no, na ɔtoo ɔfasuo foforɔ kaa deɛ ɛwɔ hɔ dada no ho. Ɔsane miaa banbɔ a ɛwɔ Milo a ɛwɔ Dawid kuropɔn no mu no. Afei ɔyɛɛ akodeɛ ne akokyɛm bebree.
He took courage, built up all the wall that was broken down, and raised it up to the towers, with the other wall outside, and strengthened Millo in David’s city, and made weapons and shields in abundance.
6 Ɔyii asraafoɔ mpanimfoɔ, ma wɔhwɛɛ ɔmanfoɔ no so, na ɔhyɛɛ sɛ wɔmmɛhyia no wɔ kuro no ɛpono ano adwaberem hɔ. Na Hesekia kaa nkuranhyɛsɛm kyerɛɛ wɔn sɛ,
He set captains of war over the people, gathered them together to him in the wide place at the gate of the city, and spoke encouragingly to them, saying,
7 “Monyɛ den na momma mo bo nyɛ duru. Monnsuro Asiriahene anaa nʼakodɔm kɛseɛ no, na yɛwɔ tumi a ɛso wɔ yɛn afa.
“Be strong and courageous. Do not be afraid or dismayed because of the king of Assyria, nor for all the multitude who is with him; for there is a greater one with us than with him.
8 Ɛwom sɛ ɔwɔ akodɔm kɛseɛ deɛ, nanso wɔyɛ nnipa kɛkɛ. Yɛwɔ Awurade, yɛn Onyankopɔn a ɔbɛboa yɛn, adi ako ama yɛn.” Saa nsɛm a Hesekia, Yudahene kaeɛ yi hyɛɛ ɔmanfoɔ no nkuran bebree.
An arm of flesh is with him, but the LORD our God is with us to help us and to fight our battles.” The people rested themselves on the words of Hezekiah king of Judah.
9 Ɛberɛ a Asiriahene Sanaherib gu so retua Lakis kuro no, ɔsomaa mpanimfoɔ kɔɔ Yerusalem sɛ wɔmfa saa nkra yi nkɔma Hesekia ne ne manfoɔ a wɔwɔ kuro no mu nyinaa:
After this, Sennacherib king of Assyria sent his servants to Jerusalem, (now he was attacking Lachish, and all his forces were with him), to Hezekiah king of Judah, and to all Judah who were at Jerusalem, saying,
10 “Sɛdeɛ Asiriahene Sanaherib seɛ nie: Ɛdeɛn na mode mo ho to so, na ɛma mo susu sɛ, mobɛtumi agyina Yerusalem tua yi ano?
Sennacherib king of Assyria says, “In whom do you trust, that you remain under siege in Jerusalem?
11 Hesekia aka sɛ: ‘Awurade, yɛn Onyankopɔn, bɛgye yɛn afiri Asiriahene nsam.’ Nokorɛm, Hesekia regyegye mo, ama ɛkɔm ne sukɔm akum mo!
Does not Hezekiah persuade you to give you over to die by famine and by thirst, saying, ‘The LORD our God will deliver us out of the hand of the king of Assyria’?
12 Nokorɛm, deɛ ɛsɛ sɛ mote aseɛ ne sɛ, Hesekia no ara na ɔbubuu Awurade asɔreeɛ ne afɔrebukyia no nyinaa. Ɔhyɛɛ Yuda ne Yerusalem sɛ wɔnsom wɔ afɔrebukyia baako pɛ a ɛwɔ Asɔredan no mu no so, na wɔmmɔ afɔdeɛ ahodoɔ wɔ ɛno nko ara so.
Has not the same Hezekiah taken away his high places and his altars, and commanded Judah and Jerusalem, saying, ‘You shall worship before one altar, and you shall burn incense on it’?
13 “Nokorɛm, ɛsɛ sɛ mohunu deɛ me ne Asiria ahemfo a aka no ayɛ nnipa a wɔwɔ asase so. Anyame a na wɔwɔ saa aman no so no tumi gyee wɔn nkurɔfoɔ firii me tumi ase?
Do not you know what I and my fathers have done to all the peoples of the lands? Were the gods of the nations of those lands in any way able to deliver their land out of my hand?
14 Ma nhwɛsoɔ baako kyerɛ onyame bi a ɔwɔ baabi a ɔtumi gyee ne nkurɔfoɔ firii me nsam! Ɛdeɛn na ɛma wodwene sɛ, wo Onyankopɔn bɛtumi ayɛ ade pa bi?
Who was there among all the gods of those nations which my fathers utterly destroyed that could deliver his people out of my hand, that your God should be able to deliver you out of my hand?
15 Mommma Hesekia mmu mo kwasea. Mommma ɔnnaadaa mo saa! Meti mu, ka bio sɛ, ɔman biara nyame ntumi nnyee ne nkurɔfoɔ mfirii me anaa mʼagyanom nsam da. Na ɛbɛyɛ dɛn na mo Onyankopɔn agye mo afiri me tumi ase!”
Now therefore do not let Hezekiah deceive you nor persuade you in this way. Do not believe him, for no god of any nation or kingdom was able to deliver his people out of my hand, and out of the hand of my fathers. How much less will your God deliver you out of my hand?”
16 Na Sanaherib mpanimfoɔ kɔɔ so dii Awurade Onyankopɔn ne ne ɔsomfoɔ Hesekia ho fɛw, twaa no adapaa.
His servants spoke yet more against the LORD God and against his servant Hezekiah.
17 Ɔhene no sane twerɛɛ nkrataa de buu Awurade, Israel Onyankopɔn animtiaa. Ɔtwerɛɛ sɛ: “Sɛdeɛ anyame a wɔwɔ aman ahodoɔ so antumi annye wɔn nkurɔfoɔ amfiri me tumi ase no, saa ara, na Hesekia Onyankopɔn nso bɛdi nkoguo.”
He also wrote letters insulting the LORD, the God of Israel, and speaking against him, saying, “As the gods of the nations of the lands, which have not delivered their people out of my hand, so shall the God of Hezekiah not deliver his people out of my hand.”
18 Asiria mpanimfoɔ a wɔde krataa no baeɛ no teateaam de Hebri kasa kaa saa asɛm yi kyerɛɛ nnipa a wɔaboa wɔn ho ano wɔ kuro no ɔfasuo fasin so, de hunahunaa wɔn, sɛdeɛ wɔbɛtumi afa kuropɔn no a wɔmmerɛ ho.
They called out with a loud voice in the Jews’ language to the people of Jerusalem who were on the wall, to frighten them and to trouble them, that they might take the city.
19 Saa mpanimfoɔ yi kasa faa Yerusalem Onyankopɔn yi ho te sɛ abosonsomfoɔ anyame no mu baako a wɔde nnipa nsa na ɛyɛeɛ no.
They spoke of the God of Jerusalem as of the gods of the peoples of the earth, which are the work of men’s hands.
20 Afei, ɔhene Hesekia ne Amos babarima odiyifoɔ Yesaia bɔɔ mpaeɛ denden, frɛɛ ɔsorosoro Onyankopɔn no.
Hezekiah the king and Isaiah the prophet, the son of Amoz, prayed because of this, and cried to heaven.
21 Na Awurade somaa ɔbɔfoɔ, bɛsɛee Asiria akodɔm ne wɔn asahene ne wɔn mpanimfoɔ nyinaa. Na Sanaherib de aniwuo sane kɔɔ ne kurom. Na ɔwuraa ne nyame abosonnan mu no, ɔno ankasa mmammarima no mu baako twee ne so akofena, kumm no.
The LORD sent an angel, who cut off all the mighty men of valor, the leaders, and captains in the camp of the king of Assyria. So he returned with shame of face to his own land. When he had come into the house of his god, those who came out of his own body killed him there with the sword.
22 Saa ɛkwan yi na Awurade faa so de gyee Hesekia ne Yerusalem manfoɔ nkwa, firii Asiriahene Sanaherib ne wɔn a wɔhunahuna wɔn no nyinaa nsam. Enti, ɛmaa asomdwoeɛ baa asase no so nyinaa.
Thus the LORD saved Hezekiah and the inhabitants of Jerusalem from the hand of Sennacherib the king of Assyria and from the hand of all others, and guided them on every side.
23 Ɛfiri saa ɛberɛ no, aman a atwa wɔn ho ahyia no de obuo ne anidie a ɛnni kabea maa ɔhene Hesekia, na wɔde akyɛdeɛ bebree a ɛyɛ Awurade dea kɔɔ Yerusalem, na wɔde nneɛma a ɛsom bo kɔmaa Ɔhene Hesekia nso.
Many brought gifts to the LORD to Jerusalem, and precious things to Hezekiah king of Judah, so that he was exalted in the sight of all nations from then on.
24 Ɛberɛ no mu, Hesekia yaree yarewuo. Ɔbɔɔ mpaeɛ frɛɛ Awurade, maa ɔsaa no yadeɛ daa nsɛnkyerɛnneɛ nwanwasoɔ bi adi kyerɛɛ no.
In those days Hezekiah was terminally ill, and he prayed to the LORD; and he spoke to him, and gave him a sign.
25 Nanso, Hesekia anyɛ adɔeɛ a wɔyɛ kyerɛɛ no no so adeɛ, na mmom, ɔbɛyɛɛ ahantan. Enti, Awurade abufuo baa ɔno, Yuda ne Yerusalem nyinaa so.
But Hezekiah did not reciprocate appropriate to the benefit done for him, because his heart was lifted up. Therefore there was wrath on him, Judah, and Jerusalem.
26 Enti, Hesekia nuu ne ho wɔ nʼahantansu no ho, na ɔmanfoɔ a wɔwɔ Yerusalem no nso brɛɛ wɔn ho ase. Ɛno enti, Hesekia nkwanna mu no, Awurade abufuo amma wɔn so.
However, Hezekiah humbled himself for the pride of his heart, both he and the inhabitants of Jerusalem, so that the LORD’s wrath did not come on them in the days of Hezekiah.
27 Hesekia nyaa ne ho, na wɔbuu no yie. Ɔsisii adekoradan sononko bi a ɔkoraa ne dwetɛ, sikakɔkɔɔ, aboɔdemmoɔ, nnuhwam, nʼakyɛm ne ne nneɛma a ɛsom bo pii no wɔ mu.
Hezekiah had exceedingly great riches and honor. He provided himself with treasuries for silver, for gold, for precious stones, for spices, for shields, and for all kinds of valuable vessels;
28 Afei nso, ɔsisii adekoradan de nʼatokoɔ, ne nsã ne ne ngo guu mu; ɔsisii buo bebree maa nʼanantwie ne ne nnwan ne ne mpɔnkye.
also storehouses for the increase of grain, new wine, and oil; and stalls for all kinds of animals, and flocks in folds.
29 Ɔkyekyeree nkuro pii, pɛɛ nnwan ne anantwie bebree, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn maa no ahonya bebree.
Moreover he provided for himself cities, and possessions of flocks and herds in abundance; for God had given him abundant possessions.
30 Ɔsii asutire a na ɛwɔ Gihon atifi fam no, na ɔde nsuo no faa dorobɛn mu kɔɔ Dawid kuropɔn atɔeɛ fam. Na biribiara a ɔyɛeɛ no nso, ɛyɛɛ yie.
This same Hezekiah also stopped the upper spring of the waters of Gihon, and brought them straight down on the west side of David’s city. Hezekiah prospered in all his works.
31 Ɛberɛ a Babilonia ananmusifoɔ bɛbisaa nneɛma titire a asisi wɔ asase no so no, Onyankopɔn twee ne ho firi Hesekia ho, de sɔɔ no hwɛeɛ, pɛɛ sɛ ɔhunu deɛ ɛwɔ nʼakoma mu.
However, concerning the ambassadors of the princes of Babylon, who sent to him to inquire of the wonder that was done in the land, God left him to test him, that he might know all that was in his heart.
32 Hesekia ahennie ho nsɛm nkaeɛ ne nʼahofama no, wɔatwerɛ wɔ Amos babarima odiyifoɔ Yesaia anisoadehunu a ɛka Yuda ne Israel ahemfo nwoma ho no mu.
Now the rest of the acts of Hezekiah and his good deeds, behold, they are written in the vision of Isaiah the prophet, the son of Amoz, in the book of the kings of Judah and Israel.
33 Ɛberɛ a Hesekia wuiɛ no, wɔsiee no wɔ adehyeɛ amusieeɛ no atifi fam, na Yuda ne Yerusalem nyinaa hyɛɛ no animuonyam ne wuo mu. Afei, ne babarima Manase, dii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
Hezekiah slept with his fathers, and they buried him in the ascent to the tombs of the sons of David. All Judah and the inhabitants of Jerusalem honored him at his death. Manasseh his son reigned in his place.