< 2 Berɛsosɛm 31 >
1 Afei, ɛberɛ a afahyɛ no twaam no, Israelfoɔ a wɔkɔɔ bi no kɔɔ Yuda, Benyamin, Efraim ne Manase nkuro nyinaa so, kɔsɛee afadum kronkron no, twitwaa Asera afɔrebukyia no, yiyii abosonsomfoɔ asɔreeɛ ne afɔrebukyia no. Yei akyi, Israelfoɔ no sane kɔɔ wɔn nkuro so ne wɔn afie mu.
Et lorsque tout cela fut terminé, tous ceux d’Israël qui se trouvèrent [là], s’en allèrent par les villes de Juda, et brisèrent les statues, et abattirent les ashères, et démolirent les hauts lieux et les autels dans tout Juda et Benjamin, et en Éphraïm et Manassé, jusqu’à ce qu’ils aient tout détruit; et tous les fils d’Israël retournèrent dans leurs villes, chacun dans sa possession.
2 Afei, Hesekia kyekyɛɛ asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no mu akuakuo, sɛ wɔmmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ, sɛ wɔnsom, na wɔmfa aseda ne nkamfo mma Awurade wɔ Asɔredan no apono ano.
Et Ézéchias établit les classes des sacrificateurs et des lévites, selon leurs classes, chacun selon son service, tant sacrificateurs que lévites, pour les holocaustes et pour les sacrifices de prospérités, pour faire le service et pour rendre grâces et pour louer aux portes des parvis de l’Éternel.
3 Ɔhene no ankasa maa ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ a wɔyɛ mmoa ma anɔpa ne anwummerɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne nnawɔtwe homeda afahyɛ ne bosome Ɔbosome Foforɔ Afahyɛ no ne afirinhyia afɔdeɛ a aka no, sɛdeɛ Awurade mmara kyerɛ no.
Et [il établit] que la portion du roi [serait prise] sur ses biens, pour les holocaustes: pour les holocaustes du matin et du soir, et pour les holocaustes des sabbats et des nouvelles lunes et des fêtes solennelles, comme il est écrit dans la loi de l’Éternel.
4 Ɛno akyi, ɔhwɛɛ sɛ nnipa a wɔwɔ Yerusalem no de deɛ wɔnya mu kyɛfa a mmara no ka no bɛma asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no, sɛdeɛ ɛbɛma wɔde wɔn ho nyinaa ahyɛ Awurade mmara no mu.
Et il dit au peuple, aux habitants de Jérusalem, de donner la portion des sacrificateurs et des lévites, afin qu’ils s’attachent à la loi de l’Éternel.
5 Nnipa no tiee no aso pa mu, na wɔfiri akoma pa mu de nnɔbaeɛ a ɛdi ɛkan a ɛyɛ atokoɔ, nsã foforɔ, ngo, ɛwoɔ ne wɔn mfudeɛ nyinaa baeɛ. Wɔde wɔn ahodeɛ biara mu ntotosoɔ dudu baeɛ.
Et quand la parole [du roi] se répandit, les fils d’Israël apportèrent en grande quantité les prémices du blé, du moût, et de l’huile, et du miel, et de tous les produits des champs; et ils apportèrent la dîme de tout, en abondance.
6 Nnipa a wɔtu firii Israel baa Yuda no ne Yudafoɔ no ankasa de wɔn anantwie ne wɔn nnwan so ntotosoɔ dudu ne nneɛma a wɔahyira so ama Awurade, wɔn Onyankopɔn no so ntotosoɔ dudu baeɛ. Wɔboaa ano ma ɛyɛɛ akuakuo akɛseakɛseɛ.
Et les fils d’Israël et de Juda, qui habitaient dans les villes de Juda, eux aussi apportèrent la dîme du gros bétail et du menu bétail, et la dîme des choses saintes, qui étaient consacrées à l’Éternel, leur Dieu, et ils les mirent par monceaux.
7 Wɔde saa ntotosoɔ dudu a ɛdi ɛkan no baa bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa no awieeɛ mu, na nneɛma no anoboa kɔɔ so kɔsii bosome a ɛtɔ so nson no ahyɛaseɛ mu.
Au troisième mois, ils commencèrent de faire les monceaux, et au septième mois ils achevèrent.
8 Ɛberɛ a Hesekia ne ne mpanimfoɔ bɛhunuu nneɛma dodoɔ no, wɔdaa Awurade ne ne nkurɔfoɔ Israel ase.
Et Ézéchias et les chefs vinrent et virent les monceaux, et ils bénirent l’Éternel et son peuple Israël.
9 Hesekia bisaa asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no sɛ, “Ɛhe na yeinom nyinaa firi baeɛ?”
Et Ézéchias s’informa auprès des sacrificateurs et des lévites au sujet des monceaux.
10 Na ɔsɔfopanin Asaria a ɔfiri Sadok abusua mu buaa sɛ, “Ɛfiri ɛberɛ a ɔmanfoɔ firii aseɛ sɛ wɔde akyɛdeɛ reba Awurade Asɔredan mu no, yɛanya bebree a yɛbɛdi ama ebi aka, ɛfiri sɛ, Awurade ahyira ne nkurɔfoɔ.”
Et Azaria, le principal sacrificateur, qui était de la maison de Tsadok, lui parla, et dit: Depuis qu’on a commencé d’apporter l’offrande dans la maison de l’Éternel, on a mangé et on a été rassasié, et il en est resté en abondance; car l’Éternel a béni son peuple; et ce qui reste, c’est cette grande quantité.
11 Hesekia yɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛnya adekoradan wɔ Awurade Asɔredan no mu, na wɔyɛeɛ.
Et Ézéchias dit qu’on prépare des chambres dans la maison de l’Éternel; et on les prépara;
12 Na wɔdii nokorɛ de akyɛdeɛ no ne ntotosoɔ dudu no nyinaa baa Asɔredan no mu. Wɔde hyɛɛ Lewini Kenania nsa maa ne nua Simei yɛɛ ne ɔboafoɔ.
et on apporta fidèlement l’offrande, et la dîme, et les choses saintes; et Conania, le lévite, en eut la surintendance, et Shimhi, son frère, en second;
13 Sohwɛfoɔ a na wɔhyɛ wɔn ase no ne Yehiel, Asasia, Nahat, Asahel, Yerimot, Yosabad, Eliel, Ismakia, Mahat ne Benaia. Ɔhene Hesekia ne Asaria a ɔyɛ Onyankopɔn Asɔredan no mu sohwɛfoɔ panin no na wɔkyekyɛɛ saa dibea ahodoɔ yi.
et Jekhiel, et Azazia, et Nakhath, et Asçaël, et Jerimoth, et Jozabad, et Éliel, et Jismakia, et Makhath, et Benaïa, étaient intendants sous l’autorité de Conania et de Shimhi, son frère, par l’ordre du roi Ézéchias, et d’Azaria, prince de la maison de Dieu.
14 Lewini Yimna babarima Kore a ɔyɛ Apueeɛ Ɛpono ano hwɛfoɔ no na wɔde hyɛɛ ne nsa sɛ, ɔnkyekyɛ Onyankopɔn ayamyɛ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ akyɛdeɛ ne nneɛma a wɔde ama Awurade no.
Et Koré, fils de Jimna, le lévite, qui était portier vers le levant, [était préposé] sur les offrandes volontaires [faites] à Dieu, pour distribuer l’offrande de l’Éternel et les choses très saintes;
15 Nʼaboafoɔ nokwafoɔ no ne Eden, Miniamin, Yesua, Semaia, Amaria ne Sekania. Na wɔkyekyɛɛ nneɛma no maa asɔfoɔ mmusua a wɔwɔ wɔn nkuro so sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ, na wɔkyɛɛ nneɛma no pɛpɛɛpɛ maa mmɔfra ne mpanin.
et il avait sous ses ordres Éden, et Minjamin, et Jéshua, et Shemahia, Amaria et Shecania, dans les villes des sacrificateurs, pour faire les distributions avec fidélité à leurs frères, selon leurs classes, au grand comme au petit,
16 Na wɔkyɛɛ mmarimaa a wɔadi mfeɛ mmiɛnsa rekɔ nyinaa akyɛdeɛ no bi a wɔn din wɔ wɔn abusuadua nwoma mu, a nso da biara wɔkɔ Awurade Asɔredan mu, kɔyɛ wɔn nnwuma a wɔde ahyɛ wɔn ekuo no nsa.
outre ceux qui étaient enregistrés comme mâles dans les généalogies, depuis l’âge de trois ans et au-dessus, à chacun de ceux qui entraient dans la maison de l’Éternel, chaque jour pour l’affaire du jour, pour servir dans leurs charges, selon leurs classes;
17 Na wɔkyɛɛ nneɛma no maa asɔfoɔ a wɔatwerɛ wɔn din wɔ wɔn abusuadua nwoma mu ne Lewifoɔ a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa, a wɔahyehyɛ wɔn din sɛdeɛ wɔn nnwuma ne wɔn nkyekyɛmu teɛ.
et aux sacrificateurs enregistrés selon leurs maisons de pères, et aux lévites, depuis l’âge de 20 ans et au-dessus, dans leurs charges, selon leurs classes;
18 Na wɔmaa mmusuafoɔ a wɔatwerɛ wɔn din wɔ abusuadua nwoma mu a mmadoma, ɔyerenom ne mmammarima ne mmammaa nso ka ho nnuane, sɛ wɔn kyɛfa. Ɛfiri sɛ na wɔadi nokorɛ adwira wɔn ho.
et à tous leurs petits enfants, leurs femmes, et leurs fils, et leurs filles, – toute la congrégation enregistrée; car, dans leur fidélité, ils se sanctifiaient pour être saints.
19 Na asɔfoɔ, Aaron asefoɔ a na wɔtete nkuraa a atwa nkuro no ho ahyia no, wɔyiyii nnipa ma wɔkyɛɛ ɔbarima biara a ɔfra asɔfoɔ no mu ne Lewifoɔ a wɔatwerɛ wɔn din wɔ abusuadua mu no nneɛma no bi.
Et pour les fils d’Aaron, les sacrificateurs, qui étaient dans la campagne, [répandus] dans les banlieues de leurs villes, il y avait dans chaque ville des hommes désignés par leur nom pour distribuer les portions à tous les mâles parmi les sacrificateurs, et à tous ceux qui étaient enregistrés parmi les lévites.
20 Saa ɛkwan yi so na Hesekia fa kyɛɛ nneɛma wɔ Yudaman no mu nyinaa, na ɔyɛɛ deɛ ɛfata na ɛsɔ Awurade, ne Onyankopɔn ani.
Et Ézéchias fit ainsi dans tout Juda. Et il fit ce qui est bon, et droit, et vrai, devant l’Éternel, son Dieu.
21 Deɛ Hesekia yɛeɛ nyinaa de som wɔ Onyankopɔn Asɔredan no mu, ne mmɔden a ɔbɔɔ sɛ ɔbɛdi ne mmara ne nʼahyɛdeɛ so no, ɔde nʼakoma nyinaa hwehwɛɛ ne Onyankopɔn. Ne saa enti, ɛmaa ɔnyaa nkɔsoɔ bebree.
Et dans toute œuvre qu’il entreprit, dans le service de la maison de Dieu et dans la loi et dans les commandements, pour rechercher son Dieu, il agit de tout son cœur, et prospéra.