< 2 Berɛsosɛm 29 >
1 Hesekia dii ɔhene wɔ Yuda no, na wadi mfeɛ aduonu enum. Na ɔdii adeɛ mfeɛ aduonu nkron wɔ Yerusalem. Na ne maame yɛ Sakaria babaa a ne din de Abia.
Now Ezechias began to reign, when he was five and twenty years old, and he reigned nine and twenty years in Jerusalem: the name of his mother was Abia, the daughter of Zacharias.
2 Ɔyɛɛ deɛ ɛfata wɔ Awurade ani so, sɛdeɛ ne tete agya Dawid yɛeɛ no.
And he did that which was pleasing in the sight of the Lord, according to all that David his father had done.
3 Afe a ɛdi ɛkan wɔ nʼahennie mu wɔ bosome a ɛdi ɛkan no, Hesekia buebuee Awurade Asɔredan apono no, siesieeɛ.
In the first year and month of his reign he opened the doors of the house of the Lord, and repaired them.
4 Ɔfrɛfrɛɛ asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no sɛ, wɔmmɛhyia no wɔ Asɔredan no adihɔ a ɛwɔ apueeɛ fam hɔ.
And he brought the priests and the Levites, and assembled them in the east street.
5 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Lewifoɔ, montie me! Monnwira mo ho, na monnwira Awurade, mo agyanom Onyankopɔn Asɔredan no nso. Monyiyi biribiara a efi aka no mfiri kronkronbea hɔ.
And he said to them: Hear me, ye Levites, and be sanctified, purify the house of the Lord the God of your fathers, and take away all filth out of the sanctuary.
6 Yɛn agyanom anni nokorɛ, na wɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade, yɛn Onyankopɔn anim. Wɔgyaa Awurade ne nʼAsɔredan no; wɔdanee wɔn akyi kyerɛɛ no.
Our fathers have sinned and done evil in the sight of the Lord God, forsaking him: they have turned away their faces from the tabernacle of the Lord, and turned their backs.
7 Afei, wɔtotoo Asɔredan no abankua apono mu, dundumm nkanea no. Wɔgyaee nnuhwamhyeɛ, gyaee ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ a wɔde ba Israel Onyankopɔn, kronkronbea hɔ no.
They have shut up the doors that were in tile porch, and put out the lamps. and have not burnt incense, nor offered holocausts in the sanctuary of the God of Israel.
8 Ɛno enti na Awurade abufuo aba Yuda ne Yerusalem so no. Wama yɛadane ahufoɔ, ayamhyehyefoɔ ne aseredeɛ, sɛdeɛ mohunu no pefee no.
Therefore the wrath of the Lord hath been stirred up against Juda and Jerusalem, and he hath delivered them to trouble, and to destruction, and to be hissed at, as you see with your eyes.
9 Wɔakunkum yɛn agyanom wɔ ɔko mu, na wɔakyekyere yɛn mmammarima, yɛn mmammaa ne yɛn yerenom sɛ nneduafoɔ.
Behold, our fathers are fallen by the sword, our sons, and our daughters, and wives are led away captives for this wickedness.
10 Nanso, seesei, me ne Awurade, Israel Onyankopɔn bɛyɛ apam sɛdeɛ nʼabufuhyeɛ no bɛfiri yɛn so.
Now therefore I have a mind that we make a covenant with the Lord the God of Israel, and he will turn away the wrath of his indignation from us.
11 Mʼadɔfonom Lewifoɔ, monnnyae mo nnwuma mu bio. Awurade ayi mo sɛ monnyina nʼanim nsom no, na monni ɔmanfoɔ anim nsom no, mmɔ afɔdeɛ mma no.”
My sons, be not negligent: the Lord hath chosen you to stand before him, and to minister to him, and to worship him, and to burn incense to him.
12 Afei saa Lewifoɔ yi hyɛɛ dwumadie no ase. Wɔn a wɔfiri Kohat abusua mu no ne: Amasai babarima Mahat ne Asaria babarima Yoɛl. Wɔn a wɔfiri Merari abusua mu no ne: Abdi babarima Kis ne Yehalelel babarima Asaria. Wɔn a wɔfiri Gerson abusua mu ne: Sima babarima Yoa ne Yoa babarima Eden;
Then the Levites arose, Mahath the son of Amasai, and Joel the son of Azarias, of the sons of Caath: and of the sons of Merari, Cis the son of Abdi, and Azarias the son of Jalaleel. And of the sons of Gerson, Joah the son of Zemma, and Eden the son of Joah.
13 Wɔn a wɔfiri Elisafan abusua mu ne: Simri ne Yeiel. Wɔn a wɔfiri Asaf abusua mu ne: Sakaria ne Matania.
And of the sons of Elisaphan, Samri, and Jahiel. Also of the sons of Asaph, Zacharias, and Mathanias.
14 Wɔn a wɔfiri Heman abusua mu ne: Yehiel ne Simei. Wɔn a wɔfiri Yedutun abusua mu ne: Semaia ne Usiel.
And of the sons of Heman, Jahiel, and Semei: and of the sons of Idithun, Semeias, and Oziel.
15 Saa mmarima yi frɛfrɛɛ wɔn mfɛfoɔ Lewifoɔ, na wɔdwiraa wɔn ho. Na afei, wɔhyɛɛ aseɛ dwiraa Awurade Asɔredan no sɛdeɛ ɔhene no hyɛeɛ no. Wɔyɛɛ ahwɛyie, dii Awurade ahyɛdeɛ no so pɛpɛɛpɛ wɔ wɔn dwumadie no mu.
And they gathered together their brethren, and sanctified themselves, and went in according to the commandment of the king, and the precept of the Lord, to purify the house of God.
16 Asɔfoɔ no kɔɔ Awurade Asɔredan kronkronbea hɔ, kɔdwiraa hɔ, na wɔfaa biribiara a ɛho agu fi a wɔhunuiɛ no firii hɔ de baa Asɔredan no adihɔ. Lewifoɔ no twee ne nyinaa firii hɔ, kɔto guu Kidron Bɔnhwa mu.
And the priests went into the temple of the Lord to sanctify it, and brought out all the uncleanness that they found within to the entrance of the house of the Lord, and the Levites took it away, and carried it out abroad to the torrent Cedron.
17 Wɔhyɛɛ dwumadie no ase wɔ da bi a ɛwɔ bosome a ɛdi ɛkan no mu. Na ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, na wɔaduru Awurade Asɔredan no abankua mu hɔ. Na wɔde nnafua nwɔtwe bio dwiraa Awurade Asɔredan no ankasa. Enti wɔde nnafua dunsia na ɛwiee dwumadie no nyinaa.
And they began to cleanse on the first day of the first month, and on the eighth day of the same month they came into the porch of the temple of the Lord, and they purified the temple in eight days, and on the sixteenth day of the same month they finished what they had begun.
18 Na Lewifoɔ no kɔɔ ɔhene Hesekia nkyɛn, kɔkaa sɛdeɛ dwumadie no akɔsi kyerɛɛ no. Wɔkaa sɛ, “Yɛadwira Awurade Asɔredan no, ɔhyeɛ afɔrebɔ afɔrebukyia no a nneɛma ahodoɔ ka ho ne Hyiadan mu Burodo no ɛpono no ne ɛho nneɛma ho.
And they went is to king Ezechias, and said to him: We have sanctified all the house of the Lord, and the altar of holocaust, and the vessels thereof, and the table of proposition with all its vessels,
19 Afei, nso, nneɛma a ɔhene Ahas tasee wɔ ɛberɛ a na ɔyɛ asoɔden, na ɔtoo asɔredan no mu no nso, yɛakɔgye ne nyinaa. Ne nyinaa gu Awurade afɔrebukyia no anim a wɔadwira ho na wɔbɛtumi de adi dwuma biara.”
And all the furniture of the temple, which king Achaz in his reign had defiled, after his transgression; and behold they are all set forth before the altar of the Lord.
20 Adeɛ kyee anɔpahema no, ɔhene Hesekia boaboaa kuro no mpanimfoɔ ano ne wɔn kɔɔ Awurade Asɔredan no mu.
And king Ezechias rising early, assembled all the rulers of the city, and went up into the house of the Lord:
21 Wɔde anantwinini nson, nnwennini nson, nnwammaa nson ne mpapo nson baa sɛ, ahennie, asɔredan no ne Yuda bɔne ho afɔrebɔdeɛ. Ɔhene no hyɛɛ asɔfoɔ no a wɔyɛ Aaron asefoɔ sɛ, wɔmfa mmoa no mmɔ afɔdeɛ wɔ Awurade afɔrebukyia no so.
And they offered together seven bullocks, and seven rams, and seven lambs, and seven he goats for sin, for the kingdom, for the sanctuary, for Juda: and he spoke to the priests the sons of Aaron, to offer them upon the altar of the Lord.
22 Na wɔkunkum anantwinini no, na asɔfoɔ de mogya no petee afɔrebukyia no so. Afei, wɔkunkumm nnwennini no de wɔn mogya petee afɔrebukyia no so. Na awieeɛ no, wɔde nnwammaa no yɛɛ saa ara.
Therefore they killed the bullocks, and the priests took the blood, and poured it upon the altar; they killed also the rams, and their blood they poured also upon the altar, and they killed the lambs, and poured the blood upon the altar.
23 Mpapo a wɔde rebɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ no, wɔde baa ɔhene no ne ɔmanfoɔ no anim, ma wɔde wɔn nsa guu wɔn so.
And they brought the he goats for sin before the king, and the whole multitude, and they laid their hand upon them:
24 Afei, asɔfoɔ no kunkumm mpapo no sɛ bɔne ho afɔrebɔ, de wɔn mogya petee afɔrebukyia no so, sɛ bɔne ho mpatadeɛ maa Israel nyinaa. Ɔhene no sii so dua sɛ, saa ɔhyeɛ ne bɔne ho afɔrebɔ no, wɔmmɔ mma Israel nyinaa.
And the priests immolated them, and sprinkled their blood before the altar for an expiation of all Israel: for the king had commanded that the holocaust and the sin offering should be made for all Israel.
25 Afei, ɔhene Hesekia de Lewifoɔ no gyinagyinaa Awurade Asɔredan no mu. Ɔde kyankyan, mmɛnta ne asankuten maa wɔn. Ɔdii ahyɛdeɛ a Awurade nam Gad, a ɔyɛ ɔhene nhunumuni ne odiyifoɔ Natan so de maa Dawid no so.
And he set the Levites in the house of the Lord with cymbals, and psalteries, and harps according to the regulation of David the king, and of Gad the seer, and of Nathan the prophet: for it was the commandment of the Lord by the hand of his prophets.
26 Afei, Lewifoɔ no faa Dawid nnwontodeɛ no kɔgyinagyinaa wɔn gyinaberɛ wɔ Asɔredan no ho. Saa ara nso na asɔfoɔ no faa wɔn ntotorobɛnto kɔgyinagyinaa wɔn afa.
And the Levites stood, with the instruments of David, and the priests with trumpets.
27 Afei, ɔhene Hesekia hyɛɛ sɛ wɔmfa ɔhyeɛ afɔdeɛ no nsi afɔrebukyia no so. Ɛberɛ a wɔde ɔhyeɛ afɔdeɛ no reba no, wɔhyɛɛ aseɛ too ayɛyie nnwom maa Awurade, na wɔde ntotorobɛnto ne Israelhene Dawid nnwontodeɛ no gyegyee ho.
And Ezechias commanded that they should offer holocausts upon the altar: and when the holocausts were offered, they began to sing praises to the Lord, and to sound with trumpets, and divers instruments which David the king of Israel had prepared.
28 Badwa no sɔree Awurade wɔ ɛberɛ a na nnwomtofoɔ no reto nnwom, na wɔrehyɛn ntotorobɛnto no ara kɔsii sɛ ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ no nyinaa saeɛ.
And all the multitude adored, and the singers, and the trumpeters, were in their office till the holocaust was finished.
29 Na ɔhene no ne wɔn a wɔka ne ho no nyinaa koto someeɛ.
And when the oblation was ended, the king, and all that were with him bowed down and adored.
30 Ɔhene Hesekia ne ne mpanimfoɔ hyɛɛ Lewifoɔ no sɛ, wɔmfa Dawid nnwom ne nhunumuni Asaf deɛ, nkamfo Awurade. Enti, wɔde anigyeɛ kamfoo Awurade, na wɔkoto sɔreeɛ.
And Ezechias and the princes commanded the Levites to praise the Lord with the words of David, and Asaph the seer: and they praised him with great joy, and bowing the knee adored.
31 Afei, Hesekia de too dwa sɛ, “Ɔsom no aba awieeɛ. Momfa mo afɔrebɔdeɛ ne mo aseda mmra Awurade Asɔredan mu.” Enti, ɔmanfoɔ no de wɔn afɔrebɔdeɛ ne wɔn aseda afɔrebɔdeɛ baeɛ, na wɔn a wɔpɛ no de ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ nso kaa ho.
And Ezechias added, and said: You have filled your hands to the Lord, come and offer victims, and praises in the house of the Lord. And all the multitude offered victims, and praises, and holocausts with a devout mind.
32 Ɔmanfoɔ no de anantwinini aduɔson, nnwennini ɔha ne nnwammaa ahanu sɛ ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ brɛɛ Awurade.
And the number of the holocausts which the multitude offered, was seventy bullocks, a hundred rams, and two hundred lambs.
33 Wɔsane de anantwinini ahansia ne nnwan mpem mmiɛnsa baa sɛ afɔrebɔdeɛ.
And they consecrated to the Lord six hundred oxen, and three thousand sheep.
34 Nanso, na asɔfoɔ a wɔwɔ hɔ no sua sɛ wɔbɛtumi asiesie ɔhyeɛ afɔdeɛ no nyinaa enti, wɔn abusuafoɔ Lewifoɔ no boaa wɔn, kɔsii sɛ dwumadie no baa awieeɛ. Wɔtee asɔfoɔ no pii ho ansa na wɔreboa dwumadie no, ɛfiri sɛ, na Lewifoɔ no adwene wɔ wɔn ahoteɛ so sene asɔfoɔ no.
But the priests were few, and were not enough to flay the holocausts: wherefore the Levites their brethren helped them, till the work was ended, and priests were sanctified, for the Levites are sanctified with an easier rite than the priests.
35 Na ɔhyeɛ afɔdeɛ ne daa nsa afɔdeɛ no buu so. Saa ara nso na asomdwoeɛ afɔdeɛ sradeɛ nso yɛɛ bebree. Enti, wɔsiesiee Awurade Asɔredan no maa ɔsom no.
So there were many holocausts, and the fat of peace offerings, and the libations of holocausts: and the service of the house of the Lord was completed.
36 Na Hesekia ne ɔmanfoɔ no nyinaa gyee wɔn ani wɔ deɛ Onyankopɔn ayɛ ama nnipa no, ɛfiri sɛ wɔwiee biribiara ntɛm.
And Ezechias, and all the people rejoiced because the ministry of the Lord was accomplished. For the resolution of doing this thing was taken suddenly.