< 2 Berɛsosɛm 26 >

1 Yuda manfoɔ de Amasia babarima Usia a na wadi mfeɛ dunsia tenaa ahennwa so sɛ wɔn ɔhene foforɔ.
And all the people of Judah take Uzziah (and he [is] a son of sixteen years), and cause him to reign instead of his father Amaziah.
2 Usia agya wuo akyi no, ɔsane kyekyeree Elot kuro no, na ɔdane maa Yuda.
He has built Eloth, and restores it to Judah after the king’s lying with his fathers.
3 Usia dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia dunsia, na ɔdii ɔhene wɔ Yerusalem mfirinhyia aduonum mmienu. Ne maame a ɔfiri Yerusalem no din de Yeholia.
Uzziah [is] a son of sixteen years in his reigning, and he has reigned fifty-two years in Jerusalem, and the name of his mother [is] Jecholiah of Jerusalem.
4 Na ɔtene wɔ Awurade ani so, sɛdeɛ nʼagya Amasia teɛ no.
And he does that which is right in the eyes of YHWH, according to all that his father Amaziah did,
5 Sakaria berɛ so no, Usia hwehwɛɛ Onyankopɔn akyiri ɛkwan, ɛfiri sɛ, ɔkaa Onyankopɔn suro ho nsɛm kyerɛɛ no. Na ɛsiane sɛ ɔhene no hwehwɛɛ Awurade akyiri kwan no enti, Onyankopɔn maa no nkɔsoɔ.
and he is as one seeking God in the days of Zechariah who has understanding in visions of God: and in the days of his seeking YHWH, God has caused him to prosper.
6 Ɔtuu Filistifoɔ so sa, na ɔbubuu Gat, Yabne ne Asdod afasuo. Na ɔkyekyeree nkuro afoforɔ wɔ Asdod fam ne mmeammea bi a ɛwɔ Filistia.
And he goes forth and fights with the Philistines, and breaks down the wall of Gath, and the wall of Jabneh, and the wall of Ashdod, and builds cities [around] Ashdod, and among the Philistines.
7 Ɛnyɛ ɔko a ɔne Filistifoɔ koeɛ no mu nko ara na Onyankopɔn boaa no, na mmom ɔko a ɔne Arabfoɔ a wɔwɔ Gur Baal koeɛ ne Meunifoɔ ko mu nso, ɔboaa no.
And God helps him against the Philistines, and against the Arabians who are dwelling in Gur-Ba‘al and the Mehunim.
8 Meunifoɔ no tuaa apeatoɔ maa no, na ne din hyeta kɔduruu Misraim, ɛfiri sɛ, na ɔwɔ tumi a ɛso.
And the Ammonites give a present to Uzziah, and his name goes to the entering in of Egypt, for he strengthened himself greatly.
9 Usia sisii ɔwɛn abantenten wɔ Yerusalem wɔ Twɛtwɛwa Ɛpono ano, Bɔnhwa Ɛpono ano ne ɔfasuo no ntwea mu no so.
And Uzziah builds towers in Jerusalem, by the Corner Gate, and by the Valley Gate, and by the angle, and strengthens them;
10 Ɔsane sisii abankɛseɛ wɔ ɛserɛ so, tutuu nsubura bebree, ɛfiri sɛ, na ɔyɛn mmoa pii wɔ Yuda bepɔ ase hɔ. Na ɔyɛ ɔbarima a nʼani gye kua ho. Na ɔwɔ adwumayɛfoɔ bebree a wɔhwɛ ne mfuo ne ne bobefuo a ɛwɔ mmepɔ no nsianeɛ mu ne bɔnhwa nsase bereɛ no so.
and he builds towers in the wilderness, and digs many wells, for he had much livestock, both in the low country and in the plain, farmers and vinedressers in the mountains, and in Carmel; for he was a lover of the ground.
11 Na Usia wɔ asraafoɔ a wɔyɛ akofoɔ akɛseɛ a wɔwɔ akodie mu nteteeɛ. Na wɔyɛ akuakuo a wɔasiesie wɔn ho ama ɔko. Na Yeiel a ɔyɛ akodɔm no twerɛfoɔ ne ne ɔboafoɔ Maaseia na wɔboaboa akofoɔ kɛseɛ yi ano. Na wɔhyɛ Hanania a ɔyɛ ɔhene no mpanimfoɔ no mu baako ase.
And Uzziah has a force making war, going forth to the host, by troops, in the number of their reckoning by the hand of Jeiel the scribe and Masseiah the officer, by the hand of Hananiah [one] of the heads of the king.
12 Mmusua ntuanofoɔ mpenu ahansia na na wɔma saa akofoɔ abenfoɔ yi akwankyerɛ.
The whole number of heads of the fathers of the mighty men of valor [is] two thousand and six hundred;
13 Na akodɔm no dodoɔ yɛ ɔpehasa ne nson ne ahanum a wɔn nyinaa nim de. Na wɔada wɔn ho so sɛ wɔbɛboa ɔhene no ako atia ɔtamfoɔ biara.
and by their hand [is] the force of the host—three hundred thousand and seven thousand and five hundred warriors, with mighty power to give help to the king against the enemy.
14 Usia maa akodɔm no nyinaa akokyɛm, mpea, nnadeɛ kyɛ, nkataboɔ, bɛmma ne ahwimmoɔ aboɔ.
And Uzziah prepares for them, for all the host, shields, and spears, and helmets, and coats of mail, and bows, even to stones of the slings.
15 Afei, abenfoɔ bi yɛɛ mfidie de sisii Yerusalem afasuo no so a ɛto agyan ne aboɔ firi abantenten no so ne ɔfasuo twɛtwɛwa so. Nʼanimuonyam hyetaeɛ, ɛfiri sɛ, Awurade boaa no yie kɔsii sɛ ɔnyaa tumi kɛseɛ.
And he makes inventions in Jerusalem—a device of an inventor—to be on the towers, and on the corners, to shoot with arrows and with great stones, and his name goes out to a distance, for he has been wonderfully helped until he has been strong.
16 Nanso, ɔnyaa tumi kɛseɛ no, ɔyɛɛ ahantan a ɛnam so maa ɔhwee ase. Ɔyɛɛ bɔne tiaa Awurade ne Onyankopɔn, ɛfiri sɛ ɔkɔɔ Awurade Asɔredan kronkronbea hɔ, kɔhyee nnuhwam wɔ afɔrebukyia no so.
And at his being strong his heart has been high to destruction, and he trespasses against his God YHWH, and goes into the temple of YHWH to make incense on the altar of incense.
17 Ɔsɔfopanin Asaria ne Awurade asɔfoɔ foforɔ aduɔwɔtwe, akokoɔdurufoɔ kɔhwehwɛɛ no.
And Azariah the priest goes in after him, and with him eighty priests of YHWH, sons of valor,
18 Wɔka sii ɔhene Usia anim sɛ, “Ɛnyɛ wo Usia na ɛsɛ sɛ wohye nnuhwam ma Awurade. Ɛyɛ asɔfoɔ nko ara, Aaron mmammarima a, wɔayi wɔn asi hɔ ama saa dwumadie no nko ara adwuma. Firi kronkronbea ha kɔ, ɛfiri sɛ, woayɛ bɔne. Onyankopɔn renhyɛ wo animuonyam wɔ yei ho.”
and they stand up against Uzziah the king, and say to him, “[It is] not for you, O Uzziah, to make incense to YHWH, but for priests, sons of Aaron, who are sanctified to make incense; go forth from the sanctuary, for you have trespassed, indeed, for you [will] not [have] honor from YHWH God.”
19 Usia bo fuu yie, na wamfa nnuhwamhyeɛ kuruwa a na ɛkura no no ansi fam. Ɔne asɔfoɔ no gyina nnuhwam afɔrebukyia no anim wɔ Awurade Asɔredan no mu no, prɛko pɛ, kwata totɔɔ ne moma so.
And Uzziah is angry, and in his hand [is] a censer to make incense, and in his being angry with the priests—the leprosy has risen in his forehead, before the priests, in the house of YHWH, from beside the altar of incense.
20 Ɛberɛ a Asaria ne asɔfoɔ a aka no hunuu kwata no, wɔpiapiaa no firii hɔ. Na ɔhene no ankasa pɛɛ sɛ ɔfiri hɔ ntɛm, ɛfiri sɛ, Awurade na wabɔ no.
And Azariah the head priest looks toward him, and all the priests, and behold, he [is] leprous in his forehead, and they hurry him there, and also he himself has hurried to go out, for YHWH has plagued him.
21 Enti, kwata yɛɛ ɔhene Usia kɔsii sɛ ɔwuiɛ. Wɔpamoo no firii nnipa mu maa ɔno nko ara tenaeɛ a wankɔ Awurade Asɔredan mu. Wɔde ne babarima Yotam tenaa ahemfie hɔ ma ɔdii nnipa a wɔwɔ asase no so so.
And Uzziah the king is a leper to the day of his death, and inhabits a separate house—a leper, for he has been cut off from the house of YHWH, and his son Jotham [is] over the house of the king, judging the people of the land.
22 Amos babarima Yesaia atwerɛ Usia ahennie ho nsɛm nkaeɛ firi ahyɛaseɛ kɔsi awieeɛ ato hɔ.
And the rest of the matters of Uzziah, the first and the last, Isaiah son of Amoz the prophet has written;
23 Usia wuiɛ, na ɛsiane sɛ kwata yɛɛ no enti, wɔsiee no bɛn ahemfo amusieeɛ. Na ne babarima Yotam na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
and Uzziah lies with his fathers, and they bury him with his fathers in the field of the burying-place that the kings have, for they said, “He [is] a leper”; and his son Jotham reigns in his stead.

< 2 Berɛsosɛm 26 >