< 2 Berɛsosɛm 25 >

1 Amasia dii ɔhene no, na wadi mfirinhyia aduonu enum, na ɔdii adeɛ mfirinhyia aduonu nkron wɔ Yerusalem. Na ne maame din de Yehoadan a ɔfiri Yerusalem.
Amasia dii hene no, na wadi mfirihyia aduonu anum, na odii ade mfirihyia aduonu akron wɔ Yerusalem. Na ne na din de Yehoadan a ofi Yerusalem.
2 Amasia yɛɛ deɛ ɛtene wɔ Awurade ani, nanso na ɛmfiri nʼakoma nyinaa mu.
Amasia yɛɛ nea ɛteɛ wɔ Awurade ani, nanso na emfi ne koma nyinaa mu.
3 Ɛberɛ a Amasia timiiɛ wɔ nʼahennie mu yie no, ɔkunkumm mmarima a wɔkumm nʼagya no.
Bere a Amasia tim wɔ nʼahenni mu yiye no, okunkum mmarima a wokum nʼagya a na ɔyɛ ɔhene no.
4 Nanso, wankunkum awudifoɔ no mma, ɛfiri sɛ, ɔtiee Awurade ahyɛdeɛ a wɔatwerɛ wɔ Mose mmara nwoma no mu no sɛ: Ɛnsɛ sɛ wɔkunkum awofoɔ wɔ wɔn mma bɔne a wɔayɛ enti, anaa wɔkunkum mma wɔ awofoɔ bɔne a wɔayɛ enti. Wɔn a wɔsɛ owuo no, ɛsɛ sɛ wɔkum wɔn wɔ wɔn nnebɔne enti.
Nanso wankunkum awudifo no mma, efisɛ otiee Awurade ahyɛde a wɔakyerɛw wɔ Mose mmara nhoma no mu no se: Ɛnsɛ sɛ wokunkum awofo wɔ wɔn mma bɔne a wɔayɛ nti, anaa wokunkum mma wɔ awofo bɔne a wɔayɛ nti. Wɔn a wɔsɛ owu no, ɛsɛ sɛ wokum wɔn wɔ wɔn nnebɔne nti.
5 Ade foforɔ a Amasia yɛeɛ ne sɛ, ɔyɛɛ nhyehyɛeɛ foforɔ wɔ akodɔm no mu, de ntuanofoɔ tuatuaa Yuda ne Benyamin mmusua no mu biara ano. Afei, ɔkanee wɔn hunuu sɛ nʼakodɔm no dodoɔ ano si mmarima ɔpehasa a ɛyɛ wɔn a wɔadi mfeɛ aduonu rekorɔ, na wɔatete wɔn nyinaa wɔ peatoɔ ne nkataboɔkura mu.
Ade foforo a Amasia yɛe ne sɛ, ɔyɛɛ nhyehyɛe foforo wɔ asraafo no mu, de ntuanofo tuatuaa Yuda ne Benyamin mmusua no mu biara ano. Afei, ɔkan wɔn huu sɛ nʼakofo a wɔadi mfe aduonu rekɔ no dodow yɛ mmarima mpem ahaasa, na wɔatetew wɔn nyinaa wɔ peawtow ne nkatabokura mu.
6 Ɔsane tuaa dwetɛ tɔno 3.4 sɛ apaabɔdeɛ maa Israel mmarima ɔpeha a wɔnim akodie yie.
Ɔsan tuaa dwetɛ tɔn 3.4 sɛ apaade maa Israel mmarima mpem ɔha a wonim akodi yiye.
7 Nanso, Onyankopɔn onipa baa ɔhene no nkyɛn bɛkaa sɛ, “Ao ɔhene, ntua sika mfa akodɔm mfiri Israel, ɛfiri sɛ, Awurade nka Israel ho. Ɔremmoa saa nnipa a wɔfiri Efraim no.
Nanso Onyankopɔn nipa baa ɔhene no nkyɛn bɛkae se, “Ɔhene, ntua sika mfa asraafo mfi Israel, efisɛ Awurade nka Israel ho. Ɔremmoa saa nnipa a wofi Efraim no.
8 Sɛ woma wɔkɔka wʼakodɔm ho kɔ ɔko, na moko sɛ ɛdeɛn ara a, wɔbɛdi mo so nkonim. Onyankopɔn bɛtu mo agu, ɛfiri sɛ, ɔwɔ tumi sɛ ɔboa anaa ɔsɛe.”
Sɛ woma wɔkɔka wʼakofo ho kɔ ɔko, na moko sɛ dɛn ara a, wobedi mo so nkonim. Onyankopɔn betu mo agu, efisɛ ɔwɔ tumi sɛ ɔboa anaa ɔsɛe.”
9 Amasia bisaa Onyankopɔn onipa no sɛ, “Na dwetɛ a metua kɔbɔɔ Israel akodɔm paa no nso menyɛ no ɛdeɛn?” Onyankopɔn onipa no buaa sɛ, “Awurade bɛtumi ama wo deɛ ɛsene sei koraa.”
Amasia bisaa Onyankopɔn nipa no se, “Na dwetɛ a mitua kɔbɔɔ Israel asraafo paa no nso menyɛ no dɛn?” Onyankopɔn nipa no buae se, “Awurade betumi ama wo nea ɛsen sɛɛ koraa.”
10 Enti, Amasia pɔnn akodɔm a ɔbɔɔ wɔn paa no, maa wɔsane kɔɔ Efraim. Yei maa wɔn bo fuu Yuda, na wɔsane de abufuhyeɛ kɔɔ efie.
Enti Amasia pɔn asraafo a ɔbɔɔ wɔn paa no ma wɔsan kɔɔ Efraim. Eyi maa wɔn bo fuw Yuda, na wɔsan de abufuwhyew kɔɔ fie.
11 Na Amasia sii ne bo, dii nʼakodɔm anim, kɔɔ Nkyene Bɔnhwa no mu. Ɛhɔ na wɔkumm Edomfoɔ akodɔm a wɔfiri Seir no ɔpedu.
Na Amasia sii ne bo, dii nʼakofo anim, kɔɔ Nkyene Bon no mu. Ɛhɔ na wokum Edomfo asraafo a wofi Seir no mpem du.
12 Wɔkyekyeree ɔpedu bio de wɔn kɔɔ abotan tenten bi atifi, kɔsunsumm wɔn ma wɔbɛhwee abotan a ɛwɔ bepɔ no ase no so, tetee pasapasa.
Wɔkyekyeree mpem du bio de wɔn kɔɔ abotan tenten bi atifi, kosunsum wɔn ma wɔbɛhwee abotan a ɛwɔ bepɔw no ase no so, tetew pasapasa.
13 Na akodɔm a Amasia kɔbɔɔ wɔn paa a ɔma wɔsane kɔeɛ no tohyɛɛ Yuda nkuro bebree a ɛwɔ Samaria ne Bet-Horon ntam no so. Wɔkunkumm nnipa mpensa, tasee asadeɛ bebree.
Na asraafo a Amasia kɔbɔɔ wɔn paa a ɔma wɔsan kɔe no tow hyɛɛ Yuda nkurow bebree a ɛwɔ Samaria ne Bet-Horon ntam no so. Wokunkum nnipa mpensa, tasee asade bebree.
14 Ɛberɛ a ɔhene Amasia dii Edomfoɔ so a ɔreba no, ɔde ahoni a ɔtase firii Seirfoɔ nkyɛn kaa ne ho baeɛ. Ɔde wɔn sisii hɔ sɛ ɔno ankasa anyame, kotoo wɔn anim, bɔɔ afɔdeɛ maa wɔn.
Bere a ɔhene Amasia dii Edomfo so a ɔreba no, ɔde ahoni a ɔtase fii Seirfo nkyɛn kaa ne ho bae. Ɔde wɔn sisii hɔ sɛ ɔno ankasa anyame, kotow wɔn anim, bɔɔ afɔre maa wɔn.
15 Yei hyɛɛ Awurade abufuo yie enti, ɔsomaa odiyifoɔ sɛ ɔnkɔbisa sɛ, “Adɛn enti na wosom anyame a mpo wɔntumi nnye wɔn ankasa nkurɔfoɔ nkwa mfiri wɔn nsam?”
Eyi hyɛɛ Awurade abufuw yiye nti, ɔsomaa odiyifo sɛ onkobisa se, “Adɛn nti na wosom anyame a mpo wontumi nnye wɔn ankasa nkurɔfo nkwa mfi wo nsam?”
16 Nanso, ɔhene no amma nʼano ansi, na ɔkaa sɛ, “Da bɛn na mebisaa wo afotuo? Mua wʼano na mankum wo!” Enti, ansa na odiyifoɔ no rebɛkɔ no, ɔbɔɔ saa kɔkɔ yi, “Menim sɛ ɛsiane sɛ woayɛ saa enti, Onyankopɔn ayɛ nʼadwene sɛ ɔbɛsɛe wo, ɛfiri sɛ, woantie mʼafotuo.”
Nanso ɔhene no amma nʼano ansi, na ɔkae se, “Da bɛn na mibisaa wo afotu? Mua wʼano na mankum wo!” Enti ansa na odiyifo no rebɛkɔ no, ɔbɔɔ saa kɔkɔ yi, “Minim sɛ esiane sɛ woayɛ saa nti, Onyankopɔn ayɛ nʼadwene sɛ ɔbɛsɛe wo, efisɛ woantie mʼafotu.”
17 Akyire a Yudahene Amasia kɔɔ nʼafotufoɔ nkyɛn kɔbisaa afotuo no, ɔde sii Israelhene Yoas a na ɔyɛ Yehoahas babarima, na ɔyɛ Yehu nana nso anim sɛ, “Bra na yɛnni ako.”
Akyiri a Yudahene Amasia kɔɔ nʼafotufo nkyɛn kobisaa afotu no, ɔde sii Israelhene Yoas a na ɔyɛ Yehoahas babarima, na ɔyɛ Yehu nena nso anim se, “Bra na yenni ako.”
18 Na Israelhene Yoas de abasɛm buaa Yudahene Amasia sɛ, “Nkasɛɛ a ɛwɔ Lebanon mmepɔ so somaa abɔfoɔ kɔɔ dutan ntweneduro nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Fa wo babaa ma me babarima awadeɛ.’ Ɛhɔ ara na aboa bi firi wiram bɛtiatiaa nkasɛɛ no so sɛee no.
Na Israelhene Yoas buaa Yudahene Amasia se, “Nsɔe a ɛwɔ Lebanon mmepɔw so somaa abɔfo kɔɔ dutan sida nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, ‘Fa wo babea ma me babarima aware.’ Ɛhɔ ara na aboa bi fi wuram betiatiaa nsɔe no so sɛee no.
19 Nokorɛm, woadi Edom so nkonim, ama woayɛ ahantan. Ma wʼani nsɔ wo nkonimdie no, na tena wo fie. Adɛn enti na wopere wo ho kɔ ɔhaw a ɛde amanehunu bɛba wo ne Yudafoɔ nyinaa so yi?”
Nokware woadi Edom so nkonim, ama woayɛ ahantan. Ma wʼani nsɔ wo nkonimdi no, na tena wo fi. Adɛn nti na wopere wo ho kɔ ɔhaw a ɛde amanehunu bɛba wo ne Yudafo nyinaa so yi?”
20 Amasia yɛɛ asoɔden, ɛfiri sɛ, na Onyankopɔn resiesie ɛkwan bi afa so asɛe no, sɛ ɔsomm Edom anyame no enti.
Amasia yɛɛ asoɔden, efisɛ na Onyankopɔn resiesie kwan bi afa so asɛe no, sɛ ɔsom Edom anyame no nti.
21 Na Israelhene Yoas, boaboaa nʼakodɔm ano kɔtiaa Yudahene Amasia. Akodɔm mmienu no hyiaa wɔ Bet-Semes a ɛwɔ Yuda.
Na Israelhene Yoas, boaboaa nʼakofo ano kotiaa Yudahene Amasia. Asraafodɔm abien no hyiaa wɔ Bet-Semes a ɛwɔ Yuda.
22 Israel akodɔm dii Yuda so nkonim, maa wɔbɔɔ ahweteɛ, dwane kɔɔ wɔn kurom.
Israel asraafo dii Yuda so nkonim ma wɔbɔɔ ahwete, guan kɔɔ wɔn kurom.
23 Israelhene Yoas kyeree Yudahene Amasia wɔ Bet-Semes, na ɔsane de no baa Yerusalem. Afei, Yehoas hyɛɛ nʼakodɔm sɛ, wɔnsɛe Yerusalem ɔfasuo no anammɔn ahansia a ɛfiri Efraim ɛpono ano, kɔsi Twɛtwɛwa Ɛpono no ano.
Israelhene Yoas kyeree Yudahene Amasia wɔ Bet-Semes, na ɔsan de no baa Yerusalem. Afei, Yehoas hyɛɛ nʼakofo sɛ, wɔnsɛe Yerusalem fasu no anammɔn ahansia a efi Efraim Pon ano, kosi Twɔtwɔw Pon no ano.
24 Ɔtasee sikakɔkɔɔ ne dwetɛ ne nneɛma ahodoɔ a ɛwɔ Onyankopɔn Asɔredan mu a na Obed-Edom hwɛ so no nyinaa. Afei, ɔfaa adekoradan a na ɛwɔ ahemfie hɔ mu nneɛma kaa nnommumfoɔ no ho, na ɔsane kɔɔ Samaria.
Ɔtasee sikakɔkɔɔ ne dwetɛ ne nneɛma ahorow a ɛwɔ Onyankopɔn Asɔredan mu a na Obed-Edom hwɛ so no nyinaa. Afei, ɔfaa adekoradan a na ɛwɔ ahemfi hɔ mu nneɛma kaa nnommum no ho, na ɔsan kɔɔ Samaria.
25 Israelhene Yoas owuo akyi no, Yudahene Amasia tenaa ase mfirinhyia dunum.
Israelhene Yoas, Yehoahas babarima wu akyi no, Yudahene Amasia tenaa ase mfe dunum.
26 Amasia ahennie ho nsɛm nkaeɛ a ɛfiri ahyɛaseɛ kɔsi awieeɛ no, wɔatwerɛ agu Yuda ahemfo ne Israel ahemfo nwoma mu.
Amasia ahenni ho nsɛm nkae, efi mfiase kosi awiei no, wɔankyerɛw angu Yuda ahemfo ne Israel ahemfo nhoma no mu ana?
27 Amasia danee ne ho firii Awurade akyi no, wɔpamm ne tiri so wɔ Yerusalem. Ɛno enti, ɔdwane kɔɔ Lakis. Nanso, nʼatamfoɔ somaa awudifoɔ, tii no kɔkumm no wɔ hɔ.
Amasia dan ne ho fii Awurade akyidi no, wɔpam ne ti so wɔ Yerusalem. Ɛno nti, oguan kɔɔ Lakis. Nanso nʼatamfo somaa awudifo, tiw no kokum no wɔ hɔ.
28 Wɔde no too ɔpɔnkɔ so baa Yerusalem bɛsiee no kaa nʼagyanom ho wɔ Dawid kurom.
Wɔde no too ɔpɔnkɔ so baa Yerusalem besiee no kaa nʼagyanom ho wɔ Dawid kurom.

< 2 Berɛsosɛm 25 >