< 2 Berɛsosɛm 23 >
1 Atalia dii adeɛ mfeɛ nson no, ɔsɔfoɔ Yehoiada yɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛyɛ biribi. Ɔsii ne bo ne asahene baanum, a wɔn ne Yeroham babarima Asaria, Yehohanan babarima Ismael, Obed babarima Asaria, Adaia babarima Maaseia ne Sikri babarima Elisafat yɛɛ apam.
[約阿士登極]第七年,約雅達自告奮勇,將眾百夫長:耶洛罕的兒子阿匝黎雅,約哈南的兒子依市瑪耳,敖貝得的兒子阿匝黎雅,阿達雅的兒子瑪阿色雅和齊革黎的兒子厄里沙法特召來,與他們立約。
2 Saa mmarima yi faa esum ase, kyinii Yuda nyinaa, frɛfrɛɛ Lewifoɔ ne mmusua ntuanofoɔ a wɔwɔ Yuda nkuro so sɛ, wɔmmra Yerusalem.
他們走遍了猶大,召集猶大各城的肋未人,和以色列各族長一起來到耶路撒冷。
3 Wɔn nyinaa hyiaa wɔ Onyankopɔn Asɔredan mu ne ɔhenberanteɛ Yoas yɛɛ apam. Yehoiada ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛberɛ aduru sɛ ɔhene babarima di adeɛ. Awurade ahyɛ bɔ sɛ, Dawid aseni na ɔbɛyɛ yɛn ɔhene.
全會眾在天主殿內與君王立了約。約雅達對他們說:「這就是太子。按照上主論及達味的子孫所說的話,他必須作王!
4 Deɛ ɛsɛ sɛ moyɛ nie: Sɛ asɔfoɔ ne Lewifoɔ ba adwuma Homeda a, wɔn mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako na wɔbɛyɛ apono ano ahwɛfoɔ.
你們要這樣行:你們中間逢安息日來值班的司祭和肋未人,三分之一應把守各門,
5 Nkyɛmu mmiɛnsa mu baako nso bɛkɔ ahemfie, na nkyɛmu mmiɛnsa mu baako a aka no akɔ Fapem Ɛpono no ano. Afei, ɛsɛ sɛ wɔn a aka no nyinaa tenatena Awurade Asɔredan adihɔ ahodoɔ hɔ.
三分之一應把守王宮,三分之一應把守馬門;所有的百姓都應在上主殿宇的庭院裏,
6 Monkae sɛ, asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔwɔ wɔn nnwuma so nko ara na ɛsɛ sɛ wɔhyɛne Awurade Asɔredan no mu, ɛfiri sɛ, wɔn na wɔayi wɔn asi hɔ sɛ wɔyɛ kronkron. Ɛsɛ sɛ nnipa a aka no di Awurade mmara so, na wɔtenatena afikyire.
除司祭和供職的肋未人外,任何人不得進入上主的殿,唯有他們可以進,因為他們是聖潔的;所有的百姓必須遵守上主的命令。
7 Mo Lewifoɔ na mobɛbɔ ɔhene ho ban, na mobɛkurakura mo akodeɛ. Sɛ obiara a ɔnni ho kwan wura Asɔredan no mu a, ɛsɛ sɛ wɔkum no. Ɛberɛ biara, mommɛn ɔhene no pɛɛ.”
肋未人手裏各拿著武器,環繞君王;凡擅自進殿的,該將他殺死。君王出入時,你們要緊隨不離。」
8 Enti, Lewifoɔ no ne nnipa no yɛɛ biribiara a ɔsɔfoɔ Yehoiada hyɛɛ sɛ wɔnyɛ no pɛpɛɛpɛ. Asahene no hwɛɛ wɔn a wɔkɔ adwuma saa Homeda no ne wɔn a ɛsɛ sɛ wɔgye wɔn ahome da no so. Ɔsɔfoɔ Yehoiada amma obiara ankɔ fie.
肋未人和猶大民眾,都按照大司祭約雅達所吩咐的一切遵行了,各自帶領在安息日值班的,和安息日下班的人,因為大司祭約雅達不准下班。
9 Na Yehoiada de mpea ne akokyɛm a na ɛyɛ Ɔhene Dawid dea na wɔkoraa wɔ Onyankopɔn Asɔredan mu no maa asahene no.
大司祭約雅達便將天主殿內,屬達味王的刀槍和大小盾牌,交給了眾百夫長,
10 Ɔde awɛmfoɔ no twaa ɔhene no ho hyiaeɛ a wɔayɛ wɔn akodeɛ krado. Wɔgyinagyinaa saa so wɔ Asɔredan no anafoɔ fam, twaa hɔ kɔɔ atifi fam, twaa afɔrebukyia no ho nyinaa hyiaeɛ.
指令民眾各持武器,由殿南邊直到殿北邊,面對祭壇和聖殿,環立在君王四周。
11 Afei, Yehoiada ne ne mmammarima yii ɔhene babarima Yoas baeɛ, na wɔde ahenkyɛ no hyɛɛ no. Wɔmaa Yoas Onyankopɔn mmara nwoma no bi daa no adi sɛ ɔhene. Wɔsraa no ngo, maa obiara teaam sɛ, “Ɔhene nkwa so!”
然後引出太子來,給他加冕,再將約書交給他,立他為王;約雅達和他的兒子們給他傅了油,眾人遂喊說:「君王萬歲! 」[阿塔里雅被殺]
12 Ɛberɛ a Atalia tee gyegyeegye a ɔmanfoɔ reyɛ, na wɔretutu mmirika, na wɔrekamfo ɔhene no, ɔyɛɛ ntɛm kɔɔ Awurade asɔredan mu hɔ, kɔhwɛɛ asɛm korɔ a asi.
阿塔里雅聽見百姓奔走歌頌君王的歡呼聲,就進上主的殿,到了百姓前,
13 Na ɔhunuu sɛ ɔhene foforɔ no gyina nʼafa baabi wɔ afadum no ho wɔ Asɔredan no kwan ano a ɛkyerɛ ne tumi. Na mpanimfoɔ ne totorobɛntohyɛnfoɔ atwa ne ho ahyia, ama nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa regye wɔn ani, rehyɛn ntotorobɛnto. Nnwontofoɔ a wɔnam nnwontodeɛ so bɔɔ nnwom de dii ɔmanfoɔ no anim ahokeka so. Ɛberɛ a Atalia hunuu yei no, ɔde ahometeɛ sunsuanee ne ntadeɛ mu teateaam sɛ, “Amammɔeɛsɛm! Amammɔeɛsɛm!”
看見君王立在殿門旁的高台上,百夫長和吹號的侍立在君王左右,所有當地人民歡躍吹號,歌詠團用各種樂器領導人歌唱頌揚;阿塔里雅就撕裂了自己的衣服說:「反了! 反了! 」
14 Na ɔsɔfoɔ Yehoiada hyɛɛ asafohene a wɔhwɛ akodɔm no so no sɛ, “Montwe no mfiri Asɔredan mu ha, na obiara a ɔbɛyɛ sɛ ɔregye no no, monkum no. Nanso, monnkum no wɔ Awurade Asɔredan mu ha.”
大司祭約雅達吩咐領軍隊的眾百夫長,說:「將她由行列中趕出去,凡隨從她的人,都用刀殺死。」原來大司祭曾吩咐說:不可在上主的殿內殺她。
15 Enti, wɔtwee no de no kɔɔ ɛkwan a apɔnkɔ fa so ba ahemfie hɔ so, kumm no hɔ.
於是人捉住她,在她走到王宮馬門口時,在那裏將她殺了。[宗教改革]
16 Na Yehoiada ne ɔhene no ne ɔmanfoɔ no yɛɛ apam sɛ, wɔbɛyɛ Awurade nkurɔfoɔ.
此後,約雅達使人民和君王與上主立約,當作上主的人民。
17 Na nnipa no nyinaa kɔɔ Baal asɔredan no mu, kɔbubu guiɛ. Wɔsɛee afɔrebukyia no, dwerɛɛ ohoni no, kumm Baal ɔsɔfoɔ Matan wɔ afɔrebukyia no anim.
然後全體人民到了巴耳廟,將廟拆毀,將祭壇和偶像打碎,又在祭壇前斬了巴耳的司祭瑪堂。
18 Yehoiada nam ahyɛdeɛ a Dawid ka too hɔ so, de Lewifoɔ asɔfoɔ sisii Awurade Asɔredan no dwumadie ahodoɔ no ano. Ɔhyɛɛ nso sɛ, wɔmmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mma Awurade, sɛdeɛ Mose mmara kyerɛ no, na wɔnto nnwom nsɛpɛ wɔn ho, sɛdeɛ Dawid ahyɛ no.
約雅達將看守市主殿宇的職責,交在司祭和肋未人手內,因為他們原是達味早已分派在上主殿內,照梅瑟法律所載,向上主獻全燔祭,按照達味的定例,歡躍歌唱的。
19 Ɔde apono ano ahwɛfoɔ no sisii Awurade Asɔredan apono ano, sɛdeɛ wɔremma wɔn a wɔn ho nte no nkɔ mu.
又指派門丁看守上主殿宇的各門,無論在任何事上,凡是不潔淨的,都不准進。
20 Afei, asahene, atitire, ntuanofoɔ ne ɔmanfoɔ nyinaa dii ɔhene no akyi, de no pue firii Awurade Asɔredan mu hɔ. Wɔfaa atifi fam ɛpono no ano, wuraa ahemfie hɔ, de ɔhene no kɔtenaa adehyeɛ ahennwa no so.
最後率領百夫長、貴族、民間領袖和當地人民,接君王從上主的殿下來,經上門進入王宮,請君王坐在王位上。
21 Enti, nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa dii ahurisie, na asomdwoeɛ baa ɔman no mu, ɛfiri sɛ, na wɔakum Atalia.
於是全國人民喜慶,京城也平靜了;至於阿塔里雅,已為刀所殺。