< 2 Berɛsosɛm 22 >

1 Afei, ɔmanfoɔ a wɔwɔ Yerusalem no sii Yehoram babarima kumaa Ahasia ɔhene a ɔdi hɔ. Na Arabfoɔ afomfafoɔ akuo akunkum mmammarima mpanimfoɔ no nyinaa. Ɛno enti, Yehoram babarima kumaa Ahasia na ɔdii ɔhene wɔ Yuda.
Afei, ɔmanfo a wɔwɔ Yerusalem no sii Yehoram babarima kumaa Ahasia ɔhene a odi hɔ. Na Arabfo afowfo akuw akunkum mmabarima mpanyimfo no nyinaa. Ɛno nti, Yehoram babarima kumaa Ahasia na odii hene wɔ Yuda.
2 Ahasia dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduonu mmienu, na ɔdii ɔhene afe wɔ Yerusalem. Na ne maame a ɔyɛ Israelhene Omri nana no din de Atalia.
Bere a Ahasia dii ade no, na wadi mfirihyia aduonu abien, na odii ade wɔ Yerusalem afe. Na ne na a ɔyɛ Israelhene Omri nena no din de Atalia.
3 Ahasia nso yɛɛ ɔhene Ahab abusua bɔne a wɔyɛeɛ no bi, ɛfiri sɛ, ne maame hyɛɛ no nkuran wɔ bɔneyɛ mu.
Ahasia nso yɛɛ ɔhene Ahab abusua bɔne a wɔyɛe no bi, efisɛ ne na hyɛɛ no nkuran wɔ bɔneyɛ mu.
4 Ɔyɛɛ bɔne Awurade ani so sɛdeɛ Ahab yɛeɛ no. Nʼagya wuo akyi no, Ahab abusuafoɔ na wɔbɛyɛɛ nʼafotufoɔ. Wɔn na wɔde no kɔɔ ɔsɛeɛ mu.
Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so sɛnea Ahab yɛe no. Nʼagya wu akyi no, Ahab abusuafo na wɔbɛyɛɛ nʼafotufo. Wɔn na wɔde no kɔɔ ɔsɛe mu.
5 Esiane wɔn afotubɔne enti, Ahasia de ne ho kɔbɔɔ ɔhene Yoram a ɔyɛ Israelhene Ahab babarima ho. Wɔtuu Aramhene Hasael so sa wɔ Ramot-Gilead. Ɔko no mu, Aramfoɔ no piraa Yoram.
Esiane wɔn afotu bɔne nti, Ahasia de ne ho kɔbɔɔ ɔhene Yoram a ɔyɛ Israelhene Ahab babarima ho. Wotuu Aramhene Hasael so sa wɔ Ramot-Gilead. Ɔko no mu no, Aramfo no piraa Yoram.
6 Yoram sane kɔɔ Yesreel kɔsaa nʼapirakuro no, na Yudahene Ahasia kɔɔ Yesreel kɔsraa no.
Yoram san kɔɔ Yesreel kɔsaa nʼapirakuru no, na Yudahene Ahasia kɔɔ Yesreel kɔsraa no.
7 Na yei danee mfomsoɔ kɛseɛ, ɛfiri sɛ, na Onyankopɔn ayɛ nʼadwene sɛ, ɔbɛtwe Ahasia aso. Saa nsrahwɛ yi mu na Ahasia ne Yoram kɔhyiaa Nimsi babarima Yehu, a na Awurade ayi no sɛ ɔntwa Ahab fie adedie ntoatoasoɔ no so.
Na eyi dan mfomso kɛse, efisɛ na Onyankopɔn ayɛ nʼadwene sɛ ɔbɛtwe Ahasia aso. Saa nsrahwɛ yi mu na Ahasia ne Yoram kohyiaa Nimsi babarima Yehu, a na Onyankopɔn ayi no sɛ ontwa Ahab fi adedi ntoatoaso no so.
8 Ɛberɛ a Yehu rebu atɛn atia Ahab fie no, ɔhyiaa Yuda mpanimfoɔ ne Ahasia abusuafoɔ bi a na wɔresom Ahasia. Enti, Yehu kunkumm wɔn nyinaa.
Bere a Yehu rebu atɛn atia Ahab fi no, ohyiaa Yuda mpanyimfo ne Ahasia abusuafo bi a na wɔresom Ahasia. Enti Yehu kunkum wɔn nyinaa.
9 Afei, Yehu mmarima hwehwɛɛ Ahasia, na wɔkɔhunuu no sɛ wakɔtɛ Samaria kuropɔn no mu. Wɔde no brɛɛ Yehu, na ɔkumm no. Wɔsiee Ahasia maa ɛyɛɛ fɛ, ɛfiri sɛ, nnipa dii ne ho adanseɛ sɛ, “Ɔyɛ Yehosafat a ɔde nʼakoma nyinaa hwehwɛɛ Awurade no nana.” Ahasia abusua mu nnipa a wɔkaa akyire no mu biara amfata sɛ ɔdi ahennie no so.
Afei, Yehu mmarima hwehwɛɛ Ahasia, na wokohuu no sɛ wakɔtɛw Samaria kuropɔn no mu. Wɔde no brɛɛ Yehu ma okum no. Wosiee Ahasia ma ɛyɛɛ fɛ, efisɛ nnipa dii ne ho adanse se, “Ɔyɛ Yehosafat a ɔde ne koma nyinaa hwehwɛɛ Awurade no nena.” Na Ahasia abusua mu nnipa a wɔkaa akyi no mu biara amfata sɛ ɔbɛtoa ahenni no so.
10 Ɛberɛ a Yudahene Ahasia ne maame Atalia tee sɛ ne babarima no awuo no, ɔkekaa ne ho, pɛɛ sɛ ɔsɛe Yuda adehyeɛ abusua no.
Bere a Yudahene Ahasia ne na Atalia tee sɛ ne babarima no awu no, ɔkekaa ne ho, pɛɛ sɛ ɔsɛe Yuda adehye abusua no.
11 Nanso, Ahasia nuabaa Yehoseba, a na ɔyɛ ɔhene Yehoram babaa, faa Ahasia babarima abadomaa Yoas firii ɔhene no mma a aka a wɔrebɛkum wɔn no mu. Ɔde Yoas ne onipa a ɔhwɛ no no kɔsiee pia bi mu. Yei ne ɛkwan a ɔsɔfoɔ Yehoiada yere Yehoseba faa so de abɔfra no sieeɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na Atalia nnya no nkum no.
Nanso Ahasia nuabea Yehoseba, a na ɔyɛ ɔhene Yehoram babea, faa Ahasia babarima akokoaa Yoas fii ɔhene no mma a wɔaka a wɔrebekum wɔn no mu. Ɔde Yoas ne onipa a ɔhwɛ no no kosiee pia bi mu. Eyi ne ɔkwan a ɔsɔfo Yehoiada yere Yehoseba faa so de abofra no siei, sɛnea ɛbɛyɛ na Atalia rennya no nkum no.
12 Yoas hyɛɛ Onyankopɔn Asɔredan mu hɔ mfeɛ nsia wɔ ɛberɛ a na Atalia di ɔman no so no.
Yoas hyɛɛ Onyankopɔn Asɔredan mu hɔ mfe asia, bere a na Atalia di ɔman no so no.

< 2 Berɛsosɛm 22 >