< 2 Berɛsosɛm 21 >

1 Ɛberɛ a Yehosafat wuiɛ no, wɔsiee no wɔ nʼagyanom nkyɛn wɔ Dawid kurom. Na ne babarima Yehoram dii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
و یهوشافاط با پدران خود خوابید و درشهر داود با پدرانش دفن شد، و پسرش یهورام به‌جایش پادشاه شد.۱
2 Yehoram nuanom mmarima a na wɔyɛ Yehosafat mmammarima foforɔ bi no ne Asaria, Yehiel, Sakaria, Asaria, Mikael ne Sefatia.
و پسران یهوشافاط عزریا و یحیئیل و زکریا و عزریاهو ومیکائیل و شفطیا برادران او بودند. این همه پسران یهوشافاط پادشاه اسرائیل بودند.۲
3 Wɔn agya maa wɔn mu biara akyɛdeɛ a ɛsom bo, a ɛyɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne aboɔdenneɛ, na afei, ɔde Yuda nkuro a wɔabɔ ho ban no bi kyekyɛɛ wɔn. Na ɛsiane sɛ Yehoram yɛ abakan enti, ɔbɛyɛɛ ɔhene.
و پدر ایشان عطایای بسیار از نقره و طلا و نفایس با شهرهای حصاردار در یهودا به ایشان داد و اما سلطنت را به یهورام عطا فرمود زیرا که نخست زاده بود.۳
4 Na ɛberɛ a Yehoram ahennie timiiɛ no, ɔkunkumm ne nuammarima no nyinaa ne Israelfoɔ ntuanofoɔ bi.
و چون یهورام بر سلطنت پدرش مستقر شدخویشتن را تقویت نموده، همه برادران خود وبعضی از سروران اسرائیل را نیز به شمشیر کشت.۴
5 Ɛberɛ a Yehoram dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduasa mmienu. Na ɔdii adeɛ Yerusalem mfirinhyia nwɔtwe.
یهورام سی و دو ساله بود که پادشاه شد و هشت سال در اورشلیم سلطنت کرد.۵
6 Na Yehoram yɛɛ sɛdeɛ Israel ahemfo yɛeɛ. Na ɔyɛ otirimuɔdenfoɔ te sɛ ɔhene Ahab, ɛfiri sɛ, na waware Ahab mmammaa no mu baako. Enti Yehoram yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so.
و موافق رفتار پادشاهان اسرائیل به طوری که خاندان اخاب رفتار می‌کردند، سلوک نمود زیرا که دختر اخاب زن او بود و آنچه در نظر خداوند ناپسند بود، به عمل آورد.۶
7 Nanso, na Awurade mpɛ sɛ ɔsɛe Dawid ahennie nnidisoɔ, ɛfiri sɛ, na ɔne Dawid ayɛ apam ahyɛ bɔ sɛ, nʼasefoɔ bɛkɔ so adi ɔhene afebɔɔ.
لیکن خداوند به‌سبب آن عهدی که با داود بسته بود و چونکه وعده داده بود که چراغی به وی و به پسرانش همیشه اوقات ببخشد، نخواست که خاندان داود را هلاک سازد.۷
8 Yehoram berɛ so na Edomfoɔ sɔre tiaa Yuda, na wɔsii wɔn ankasa wɔn ɔhene.
و در ایام او ادوم از زیردست یهودا عاصی شده، پادشاهی برای خود نصب نمودند.۸
9 Enti, Yehoram de akodɔm ne ne nteaseɛnam nyinaa kɔto hyɛɛ Edom so. Edomfoɔ twaa ɔno ne ne nteaseɛnamkafoɔ ho hyiaeɛ, nanso ɔfaa anadwo sum mu dwaneeɛ.
ویهورام با سرداران خود و تمامی ارابه هایش رفت، و شبانگاه برخاسته، ادومیان را که او را احاطه کرده بودند با سرداران ارابه های ایشان شکست داد.۹
10 Edom ade ne ho a ɔnhyɛ Yuda ase de bɛsi ɛnnɛ. Saa ɛberɛ korɔ no ara mu, Libna kuro tee atua, ɛfiri sɛ, na Yehoram atwe ne ho afiri Awurade, nʼagyanom Onyankopɔn ho.
اما ادوم تا امروز از زیر دست یهودا عاصی شده‌اند، و در همان وقت لبنه نیز از زیر دست اوعاصی شد، زیرا که او یهوه خدای پدران خود راترک کرد.۱۰
11 Na wasisi abosonsomfoɔ asɔreeɛ wɔ Yuda mmepɔ asase so, ama nnipa a wɔwɔ Yerusalem ne Yuda akɔsom abosonsomfoɔ anyame.
و او نیز مکان های بلند در کوههای یهوداساخت و ساکنان اورشلیم را به زنا کردن تحریض نموده، یهودا را گمراه ساخت.۱۱
12 Na odiyifoɔ Elia twerɛɛ saa krataa yi kɔmaa Yehoram: “Asɛm a Awurade, wʼagya Dawid Onyankopɔn seɛ nie: ‘Woanni wʼagya Yehosafat anaa wo nana Yudahene Asa nhwɛsoɔpa so.
و مکتوبی ازایلیای نبی بدو رسیده، گفت که «یهوه، خدای پدرت داود، چنین می‌فرماید: چونکه به راههای پدرت یهوشافاط و به طریقهای آسا پادشاه یهوداسلوک ننمودی،۱۲
13 Mmom, woayɛ omumuyɛfoɔ sɛ Israel ahemfo. Woama Yerusalemfoɔ ne Yudafoɔ akɔsom ahoni te sɛ deɛ ɔhene Ahab yɛɛ wɔ Israel no. Na mpo, woakunkum wʼankasa wo nuanom mmarima a na wɔdi mu sene wo.
بلکه به طریق پادشاهان اسرائیل رفتار نموده، یهودا و ساکنان اورشلیم رااغوا نمودی که موافق زناکاری خاندان اخاب مرتکب زنا بشوند و برادران خویش را نیز ازخاندان پدرت که از تو نیکوتر بودند به قتل رسانیدی،۱۳
14 Enti afei, Awurade de ɔhaw kɛseɛ bɛba wo, wo nkurɔfoɔ, wo mma, wo yerenom ne biribiara a ɛyɛ wo dea so.
همانا خداوند قومت و پسرانت وزنانت و تمامی اموالت را به بلای عظیم مبتلاخواهد ساخت.۱۴
15 Wʼankasa deɛ, wɔde nsono mu yadeɛ a ɛyɛ ya yie bɛto wo so kɔsi sɛ wʼayamudeɛ bɛtu apue.’”
و تو به مرض سخت گرفتار شده، در احشایت چنان بیماری‌ای عارض خواهد شد که احشایت از آن مرض روزبه روزبیرون خواهد آمد.»۱۵
16 Na Awurade kaa Filistifoɔ ne Arabfoɔ a na wɔte bɛn Etiopiafoɔ so sɛ wɔnkɔto nhyɛ Yehoram so.
پس خداوند دل فلسطینیان و عربانی را که مجاور حبشیان بودند، به ضد یهورام برانگیزانید.۱۶
17 Wɔbɔɔ nsra kɔɔ Yuda so, kɔbubuu ne banbɔdeɛ nyinaa, foo aboɔden nneɛma a ɛwɔ ahemfie hɔ a ne mmammarima ne ne yerenom ka ho. Ne babarima kumaa Yehoahas nko na wɔgyaa no.
و بر یهودا هجوم آورده، در آن ثلمه انداختند و تمامی اموالی که در خانه پادشاه یافت شد و پسران و زنان او را نیزبه اسیری بردند. و برای او پسری سوای پسرکهترش یهواخاز باقی نماند.۱۷
18 Yei akyi na Awurade maa nsono mu yadeɛ a ano yɛ den bɔɔ Yehoram.
و بعد از اینهمه خداوند احشایش را به مرض علاج ناپذیر مبتلا ساخت.۱۸
19 Ɛberɛ no mu ara, mfeɛ mmienu akyi, yadeɛ no maa nʼayamdeɛ pueeɛ, na ɔwuu ɔyea mu. Ne nkurɔfoɔ ammɔ ogyatannaa kɛseɛ, amfa anhyɛ no animuonyam wɔ nʼayiyɛ mu sɛdeɛ wɔyɛ maa nʼagyanom no.
و به مرور ایام بعد از انقضای مدت دو سال، احشایش از شدت مرض بیرون آمد و با دردهای سخت مرد، وقومش برای وی (عطریات ) نسوزانیدند، چنانکه برای پدرش می‌سوزانیدند.۱۹
20 Yehoram dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduasa mmienu, na ɔdii adeɛ Yerusalem mfirinhyia nwɔtwe. Ɔwuiɛ no, anyɛ obiara awerɛhoɔ. Wɔsiee no Dawid kurom, nanso ɛnyɛ adehyeɛ asieeɛ.
و او سی و دو ساله بود که پادشاه شد و هشت سال در اورشلیم سلطنت نمود، و بدون آنکه بر او رقتی شود، رحلت کرد و او را در شهر داود، اما نه در مقبره پادشاهان دفن کردند.۲۰

< 2 Berɛsosɛm 21 >