< 2 Berɛsosɛm 20 >
1 Yei akyi no, Moabfoɔ, Amonfoɔ ne Maonfoɔ asraafoɔ bi tuu Yehosafat so sa.
And it came to pass after this, that the children of Moab, and the children of 'Ammon, and with them some of the 'Ammonim, came against Jehoshaphat to battle.
2 Abɔfoɔ bɛka kyerɛɛ Yehosafat sɛ, “Akodɔm bebree firi Nkyene Po no akyi wɔ Edom rebɛko atia wo. Wɔaduru Hasason-Tamar” (En-Gedi din baako ne no).
And there came some and told unto Jehoshaphat, saying, There is coming against thee a great multitude from beyond the sea, from Syria; and, behold, they are in Chazazon-thamar, which is 'En-gedi.
3 Yehosafat tee saa asɛm yi, ne ho yeraa no enti, ɔbisaa Awurade akwankyerɛ. Ɔhyɛɛ sɛ obiara a ɔwɔ Yuda no nni abuada.
Then became Jehoshaphat afraid, and he directed his face to seek the Lord; and he proclaimed a fast over all Judah.
4 Na nnipa a wɔwɔ Yuda nkuro nyinaa so baa Yerusalem, bɛhwehwɛɛ Awurade.
And [the people of] Judah gathered themselves together, to ask [help] of the Lord: also out of all the cities of Judah did they come to seek the Lord.
5 Na Yehosafat sɔre gyinaa Yudafoɔ ne Yerusalemfoɔ anim wɔ Awurade Asɔredan no adihɔ foforɔ hɔ.
And Jehoshaphat stood forward in the assembly of Judah and Jerusalem, in the house of the Lord, before the new court.
6 Ɔbɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ao Awurade, yɛn agyanom Onyankopɔn, wo nko ne Onyankopɔn a wote soro. Wo na wodi ahennie a ɛwɔ asase nyinaa so. Woyɛ otumfoɔ ne ɔkɛseɛ a obiara ntumi ne wo nni asie.
And he said, O Lord, the God of our fathers, thou art God in the heavens, and thou rulest over all the kingdoms of the nations; and in thy hand are the power and might, and there is none that can withstand thee.
7 Ao yɛn Onyankopɔn, ɛberɛ a wo nkurɔfoɔ bɛduruiɛ no, woampam wɔn a na wɔte asase yi so no anaa? Na woamfa saa asase yi amma wʼadamfo Abraham asefoɔ afebɔɔ anaa?
Behold, it is thou, O our God, who hast driven out the inhabitants of this land from before thy people Israel; and thou gavest it to the seed of Abraham thy friend to eternity.
8 Wo nkurɔfoɔ tenaa ha sii saa Asɔredan yi maa wo.
And they have dwelt therein, and have built for thee therein a sanctuary for thy name, saying,
9 Wɔkaa sɛ, ‘Sɛ ɔhaw bi te sɛ ɔko, yadeɛ anaa ɛkɔm bi to yɛn a, yɛbɛtumi aba wʼanim wɔ saa Asɔredan yi mu, baabi a wɔahyɛ wo din animuonyam no. Yɛbɛtumi asu afrɛ wo sɛ, gye yɛn nkwa, na wobɛtie yɛn, agye yɛn.’
If there should come over us any evil, the sword, punishment, or pestilence, or famine, [then] will we stand before this house, and in thy presence, for thy name is in this house, and we will cry unto thee out of our distress, and thou wilt hear and help.
10 “Na afei, hwɛ deɛ Amonfoɔ, Moabfoɔ ne Seir akodɔm reyɛ. Woamma yɛn agyanom anni saa aman no so nkonim wɔ ɛberɛ a Israel firii Misraim no, na mmom, wɔfaa wɔn ho a wɔansɛe wɔn.
And now, behold, the children of 'Ammon and Moab and mount Se'ir, against whom thou wouldst not suffer Israel to come, when they came out of the land of Egypt, but they turned aside from them, and destroyed them not: —
11 Afei, hwɛ sɛdeɛ wɔretua yɛn so ka. Wɔaba sɛ, wɔrebɛtu yɛn afiri wʼasase a wode maa yɛn sɛ agyapadeɛ no so.
And behold, they recompense us, by coming to drive us out of thy inheritance, which thou hast given us to possess.
12 Ao yɛn Onyankopɔn, worensi wɔn ano? Yɛnni ahoɔden sɛ akodɔm kɛseɛ yi a wɔpɛ sɛ wɔbɛto hyɛ yɛn so yi. Yɛnhunu deɛ yɛnyɛ, na yɛhwɛ ɛkwan sɛ wobɛboa yɛn.”
O our God, wilt thou not execute justice on them? for there is no power in us against this great multitude that is coming against us; and we indeed know not what we are to do: but upon thee are our eyes [directed].
13 Ɛberɛ a Yuda mmarima nyinaa ne wɔn nkɔkoaa, wɔn yerenom ne wɔn mma gyina Awurade anim no,
And all Judah were standing before the Lord, also their little ones, their wives, and their sons.
14 Awurade Honhom baa mmarima a wɔgyinagyina hɔ no mu baako so. Na ne din de Yahasiel a ɔyɛ Sakaria babarima a ɔno nso yɛ Benaia babarima, na ɔno nso yɛ Yeiel babarima, na ɔno nso yɛ Lewini Matania, a ɔyɛ Asaf aseni no babarima.
And upon Jachaziel the son of Zecharyahu, the son of Benayah, the son of Je'iel, the son of Matthanyah, the Levite, of the sons of Assaph, came the spirit of the Lord in the midst of the assembly;
15 Ɔkaa sɛ, “Ɔhene Yehosafat, tie! Mo Yudafoɔ ne Yerusalemfoɔ nyinaa, montie! Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Monnsuro. Mommma akodɔm kɛseɛ nntu mo akoma, ɛfiri sɛ, ɔko no nnyɛ mo dea, na ɛyɛ Onyankopɔn dea.
And he said, Listen ye, all Judah, and ye inhabitants of Jerusalem, and thou king Jehoshaphat, Thus hath said the Lord unto you, Be ye not afraid and be not dismayed because of this great multitude; for not unto you belongeth the battle, but unto God.
16 Ɔkyena, montu ntene nkɔ wɔn so. Mobɛhunu sɛ wɔfiri Sis aforoeɛ a ɛwɔ bɔnhwa no fa a ɛpue Yeruel ɛserɛ no so hɔ reba.
Tomorrow go ye down against them behold, they come up by the ascent of Ziz; and ye will find them at the end of the valley, in front of the wilderness of Jeruel.
17 Na ɛho nhia mpo sɛ mobɛko. Monnyinagyina mo afa, monyɛ dinn na monhwɛ Awurade nkonimdie. Ɔka mo ho, Yuda ne Yerusalem manfoɔ. Monnsuro, na mommma mo akoma nntu. Ɔkyena, monkɔ hɔ, na Awurade ka mo ho.”
Ye shall not need to fight in this place: stand firmly, stand still, and see the salvation of the Lord with you, O Judah and Jerusalem: fear not, and be not dismayed; tomorrow go out to meet them, and the Lord will be with you.
18 Na ɔhene Yehosafat sii ne tiri ase, na Yuda ne Yerusalem manfoɔ no nyinaa nso yɛɛ saa, de somm Awurade.
And Jehoshaphat bowed his head with his face to the ground: and all Judah and the inhabitants of Jerusalem fell down before the Lord, to prostrate themselves unto the Lord.
19 Na Lewifoɔ a wɔfiri Kohat ne Kora mmusua mu sɔre gyinaeɛ teaam denden sɔree Awurade, Israel Onyankopɔn.
And then arose the Levites, of the children of the Kehathites, and of the children of the Korehites, to praise the Lord the God of Israel with a very loud voice.
20 Adeɛ kyee nʼanɔpahema no, Yuda akodɔm no kɔɔ Tekoa ɛserɛ so. Ɛberɛ a wɔrekɔ no, Yehosafat gyina kaa sɛ, “Montie me, mo Yudafoɔ ne Yerusalemfoɔ nyinaa. Monnye Awurade, mo Onyankopɔn, nni na mobɛtumi agyina pintinn. Monnye nʼadiyifoɔ no nni, na mobɛdi nkonim.”
And they rose up early in the morning, and went forth into the wilderness of Thekoa': and as they went forth, Jehoshaphat stood forward and said, Hear me, O Judah, and ye inhabitants of Jerusalem; believe in the Lord your God, and ye will have permanence; believe his prophets, and ye will prosper.
21 Ɔhene no ne nnipa no ntuanofoɔ dii nkutaho wieeɛ no, ɔyii nnwomtofoɔ bi sɛ wɔnni akodɔm no anim, nto dwom mma Awurade, nkamfo no wɔ nʼanimuonyam kronkron no enti. Ɛdwom no mu nsɛm nie: “Monna Awurade ase na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa!”
And he consulted with his people, and he appointed singers unto the Lord, and those that should praise in the holy ornaments, as they went out before the armed array, and said, Give thanks unto the Lord; for unto everlasting endureth his kindness.
22 Ɛberɛ a wɔpagyaa ayɛyi dwom no, Awurade maa Amon, Moab ne bepɔ Seir asraafoɔ no twaa wɔn ho koeɛ.
And at the time when they began with the song and the praise, the Lord set an ambush against the children of 'Ammon, Moab, and mount Se'ir, who were come against Judah, and they were smitten.
23 Moab ne Amon asraafoɔ no danee wɔn ani kyerɛɛ wɔn adɔmfoɔ a wɔfiri bepɔ Seir so no, kunkumm wɔn nyinaa. Wɔwiee Seir asraafoɔ no, wɔtwaa wɔn ho koeɛ.
And the children of 'Ammon and Moab stood up against the inhabitants of mount Se'ir, utterly to annihilate and to destroy them; and when they had made an end of the inhabitants of Se'ir, they helped to destroy one another.
24 Na Yuda akodɔm no duruu baabi a wɔgyina a wɔhunu ɛserɛ no so no, wɔhunuu sɛ afunu gugu fam kɔ akyiri. Atamfoɔ no mu baako mpo antumi annwane.
And when Judah came toward the watchtower in the wilderness, they looked toward the multitude, and, behold, they were dead bodies fallen to the earth, and none had escaped.
25 Ɔhene Yehosafat ne nʼakodɔm kɔtasee asadeɛ. Wɔnyaa adwumayɛ nneɛma, ntadeɛ ne nneɛma a ɛsom bo a wɔntumi nsoa. Na asadeɛ no dɔɔso enti wɔde nnansa na ɛtasee ne nyinaa.
And then came Jehoshaphat and his people to plunder their booty, and they found among them in abundance both riches and dead bodies, and costly vessels, which they stript off for themselves, more than they could carry away: and they were three days in plundering the booty, for it was so much.
26 Nnanan so no, wɔboaa wɔn ho ano wɔ Nhyira Bɔnhwa mu. Wɔtoo bɔnhwa no din saa da no, ɛfiri sɛ, ɛhɔ na nnipa no kamfoo Awurade, daa no ase. Wɔda so frɛ no Nhyira Bɔnhwa ɛnnɛ yi.
And on the fourth day they assembled themselves in the valley of Berachah; for there they blessed the Lord: therefore did they call the name of this place, The valley of Berachah [[Blessing]], until this day.
27 Afei, Yehosafat dii wɔn anim ne wɔn sane kɔɔ Yerusalem anigyeɛ so sɛ, Awurade ama wɔadi wɔn atamfoɔ so nkonim.
Then returned all the men of Judah and Jerusalem, and Jehoshaphat at their head, to return to Jerusalem with joy; for the Lord had caused them to rejoice over their enemies.
28 Wɔbɔɔ mmɛnta, asankuten ne ntotorobɛnto tuu nten kɔhyɛnee Yerusalem na wɔkɔɔ Awurade Asɔredan no mu.
And they came to Jerusalem with psalteries and with harps and with trumpets unto the house of the Lord.
29 Ɛberɛ a ahennie a atwa hɔ ahyia no tee sɛ Awurade no ankasa ako atia Israel atamfoɔ no, Awurade ho suro baa wɔn so.
And a dread from God was on all the kingdoms of [those] countries, when they heard that the Lord had fought with the enemies of Israel.
30 Na ɛmaa asomdwoeɛ baa Yehosafat ahennie mu, ɛfiri sɛ, ne Onyankopɔn maa no ahomegyeɛ wɔ afanan nyinaa.
So the kingdom of Jehoshaphat had repose, and his God gave him rest all round about.
31 Na Yehosafat dii ɔhene wɔ Yuda asase so. Ɛberɛ a ɔdii ɔhene no, na wadi mfeɛ aduasa enum. Ɔtenaa Yerusalem dii ɔhene mfeɛ aduonu enum. Na ne maame din de Asuba a ɔyɛ Silhi babaa.
And [so] did Jehoshaphat reign over Judah; thirty and five years old was he when he became king, and twenty and five years did he reign in Jerusalem. And his mother's name was 'Azubah the daughter of Shilchi.
32 Na Yehosafat yɛ ɔhene a ɔyɛ. Ɔyɛɛ deɛ nʼagya Asa yɛeɛ. Ɔyɛɛ deɛ ɛsɔ Awurade ani.
And he walked in the way of his father Assa, and turned not aside from it, doing what is right in the eyes of the Lord.
33 Nanso, nʼahennie mu no, wammubu abosonsomfoɔ asɔreeɛ no, na ɔmanfoɔ no nso amfa wɔn akoma nyinaa amma wɔn agyanom Onyankopɔn no.
Nevertheless the high-places were not removed; for the people had not yet directed their heart firmly unto the God of their fathers.
34 Yehosafat ahennie ho nsɛm nkaeɛ, firi ahyɛaseɛ kɔsi awieeɛ no, wɔatwerɛ agu Hanani babarima Yehu nwoma a wɔde aka Israel Ahemfo nwoma no ho.
And the rest of the acts of Jehoshaphat, the first and the last, behold, they are written in the history of Jehu the son of Chanani, which was entered into the book of the kings of Israel.
35 Nanso, ɛrekɔ nʼasetena awieeɛ no, ɔhene Yehosafat ne Israelhene Ahasia a ne tirim yɛ den no kaa wɔn ho bɔɔ mu.
And after this did Jehoshaphat the king of Judah connect himself with Achazyah the king of Israel, the same who acted very wickedly;
36 Wɔyɛɛ ɛpo so adwadie ahyɛn bebree wɔ Esion-Geber hyɛngyinabea.
And he connected himself with him to make ships to go to Tharshish: and they made ships in 'Ezyon-geber.
37 Na Dodafahu babarima Elieser a ɔfiri Maresa hyɛɛ nkɔm, de tiaa Yehosafat. Ɔkaa sɛ, “Esiane sɛ wo ne ɔhene Ahasia ayɛ baako enti, Awurade bɛsɛe wʼadwuma.” Enti, ahyɛn no bobɔeɛ a wɔantumi amfa ankɔdi dwa.
Then prophesied Eli'ezer the son of Dodavahu of Mareshah against Jehoshaphat, saying, Because thou hast connected thyself with Achazyahu, the Lord hath broken down thy works. And the ships were wrecked, so that they were not able to go to Tharshish.