< 2 Berɛsosɛm 19 >
1 Ɛberɛ a ɔhene Yehosafat duruu ne fie wɔ Yerusalem asomdwoeɛ mu no,
ユダの王ヨシャパテは、つつがなくエルサレムの自分の家に帰った。
2 Hanani babarima Yehu, ɔdehunumuni no kɔhyiaa no. Ɔbisaa ɔhene Yehosafat sɛ, “Adɛn enti na woboa amumuyɛfoɔ, na wodɔ wɔn a wɔkyiri Awurade? Deɛ woayɛ yi de Awurade abufuo aba wo so.
そのとき、先見者ハナニの子エヒウが出てヨシャパテを迎えて言った、「あなたは悪人を助け、主を憎む者を愛してよいのですか。それゆえ怒りが主の前から出て、あなたの上に臨みます。
3 Nanso, ade pa bi wɔ wo mu ɛfiri sɛ woatutu Asera afɔrebukyia a ɛwɔ asase no so nyinaa, na woatu wo ho asi hɔ sɛ wobɛhwehwɛ Onyankopɔn.”
しかしあなたには、なお良い事もあります。あなたはアシラ像を国の中から除き、心を傾けて神を求められました」。
4 Na Yehosafat tenaa Yerusalem. Nanso, ɔtuu kwan firii Beer-Seba kɔɔ Efraim bepɔ asase no so, kɔhyɛɛ nkurɔfoɔ nkuran sɛ, wɔnsane nkɔ Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn no nkyɛn.
ヨシャパテはエルサレムに住んでいたが、また出て、ベエルシバからエフライムの山地まで民の中を巡り、先祖たちの神、主に彼らを導き返した。
5 Ɔyiyii atemmufoɔ wɔ nkuropɔn a wɔabɔ ho ban wɔ ɔman no mu nyinaa,
彼はまたユダの国中、すべての堅固な町ごとに裁判人を置いた。
6 hyɛɛ wɔn sɛ, “Atɛn biara a mobɛbu no ɛberɛ biara no, monnwene ho yie. Monkae sɛ, moremmu atɛn sɛ mode resɔ nnipa ani, na mmom, Awurade ani. Ɔbɛka mo ho wɔ asɛm biara a ɛba mo anim a ɛsɛ sɛ mobu ho atɛn no.
そして裁判人たちに言った、「あなたがたは自分のする事に気をつけなさい。あなたがたは人のために裁判するのではなく、主のためにするのです。あなたがたが裁判する時には、主はあなたがたと共におられます。
7 Monsuro Awurade, na mommu atɛntenenee, ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn, kyiri ntɛnkyea, animhwɛ ne kɛtɛasehyɛ.”
だからあなたがたは主を恐れ、慎んで行いなさい。われわれの神、主には不義がなく、人をかたより見ることなく、まいないを取ることもないからです」。
8 Na Yehosafat yii Lewifoɔ, asɔfoɔ ne mmusua ntuanofoɔ a wɔwɔ Israel no ma wɔsomm sɛ atemmufoɔ wɔ Yerusalem. Na wɔdi Awurade mmara mu nsɛm ne efie ntawantawa nsɛm nso.
ヨシャパテはまたレビびと、祭司、およびイスラエルの氏族の長たちを選んでエルサレムに置き、主のために裁判を行い、争議の解決に当らせた。彼らはエルサレムに居住した。
9 Ɔhyɛɛ wɔn sɛ, “Daa, momfa Awurade nyamesuro, nokorɛdie ne adwene pa nyɛ mo adwuma.
ヨシャパテは彼らに命じて言った、「あなたがたは主を恐れ、真実と真心とをもって行わなければならない。
10 Ɛberɛ biara a asɛm bi a ɛfiri mo nkurɔfoɔ a wɔwɔ nkurotoɔ yi so bɛba mo anim no, sɛ ɛyɛ awudie anaa Onyankopɔn mmara anaa nʼahyɛdeɛ so buo no, mommɔ wɔn kɔkɔ sɛ, wɔnnyɛ bɔne ntia Awurade, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nʼabufuo mma mo ne wɔn so. Monyɛ saa, na morenni fɔ.
すべてその町々に住んでいるあなたがたの兄弟たちから、血を流した事または律法と戒め、定めとおきてなどの事について訴えてきたならば、彼らをさとして、主の前に罪を犯させず、怒りがあなたがたと、あなたがたの兄弟たちに臨まないようにしなさい。そのようにすれば、あなたがたは罪を犯すことがないでしょう。
11 “Ɔsɔfopanin Amaria bɛyɛ mo panin, na ɔkasa a obi nka bi bio wɔ nsɛm a ɛfa Awurade ho nyinaa. Ismael babarima Sebadia nso na ɔtua Yuda abusuakuo ano no. Ɔkasa a, obi nka bi bio wɔ ntawantawasɛm nyinaa mu. Lewifoɔ no na wɔbɛboa mo ama moabu atɛntenenee. Momfa akokoɔduru nni mo dwuma, na Awurade nka wɔn a wɔyɛ ade tenenee ho.”
見よ、祭司長アマリヤは、あなたがたの上にいて、主の事をすべてつかさどり、イシマエルの子、ユダの家のつかさゼバデヤは王の事をすべてつかさどり、またレビびとはあなたがたの前にあって役人となります。雄々しく行動しなさい。主は正直な人と共におられます」。