< 2 Berɛsosɛm 18 >

1 Yehosafat yɛɛ ɔdefoɔ a na nʼanimuonyam nso korɔn. Ɔhyehyɛ maa ne babarima waree Israelhene Ahab babaa.
Yehosafat yɛɛ ɔdefo a na nʼanuonyam nso korɔn. Ɔhyehyɛ maa ne babarima waree Israelhene Ahab babea.
2 Mfeɛ kakra bi akyi no, ɔkɔɔ Samaria kɔsraa Ahab. Ahab too ɛpono kɛseɛ bi maa ɔne ne mpanimfoɔ. Wɔkunkumm nnwan ne anantwie bebree, de too ɛpono no. Na Ahab korɔkorɔɔ Yehosafat sɛ ɔmmɛboa no, na ɔnkɔko ntia Ramot-Gilead.
Mfe kakraa bi akyi no, ɔkɔɔ Samaria kɔsraa Ahab. Ahab too pon kɛse bi maa ɔne ne mpanyimfo. Wokunkum nguan ne anantwi bebree de too pon no. Na Ahab srɛɛ Yehosafat sɛ ɔmmɛboa no, na ɔnkɔko ntia Ramot-Gilead.
3 Ahab bisaa no sɛ, “Wobɛboa me na mako atia Ramot-Gilead anaa?” Na Yehosafat buaa sɛ, “Adɛn, akyinnyeɛ biara nni ho. Me ne wo yɛ anuanom, na mʼakodɔm nso, wotumi kyerɛ wɔn deɛ wɔnyɛ. Yɛbɛboa wo, ama woako dodo.”
Ahab bisaa no se, “Wobɛboa me na mako atia Ramot-Gilead ana?” Na Yehosafat bua se, “Me ne wo yɛ pɛ na me nkurɔfo te sɛ wo nkurɔfo, Yɛbɛboa wo, ama woako.”
4 Afei, Yehosafat kaa sɛ, “Deɛ ɛdi ɛkan no, ma yɛmmisa Awurade hɔ afotuo.”
Na Yehosafat ka kaa ho se, “Nea edi kan no, ma yemmisa Awurade hɔ afotu.”
5 Enti, ɔhene Ahab frɛɛ nʼadiyifoɔ ahanan bisaa wɔn sɛ, “Yɛnkɔko ntia Ramot-Gilead anaasɛ yɛnnkɔ?” Wɔn nyinaa buaa sɛ, “Monkɔ na Onyankopɔn bɛma moadi nkonim.”
Enti ɔhene Ahab frɛɛ nʼadiyifo a wɔn dodow bɛyɛ ahannan no nyinaa, bisaa wɔn se, “Menkɔko ntia Ramot Gilead anaa mennkɔ?” Wɔn nyinaa buae se, “Kɔ so! Awurade bɛma woadi nkonim anuonyam so.”
6 Nanso, Yehosafat bisaa sɛ, “Na Awurade odiyifoɔ biara nni ha? Mepɛ sɛ mebisa no asɛm korɔ no ara.”
Nanso Yehosafat bisae se, “Enti Awurade odiyifo biara nso nni ha? Anka mepɛ sɛ mibisa no saa asɛm koro no ara.”
7 Ɔhene Ahab buaa sɛ, “Ɔbaako da so wɔ ha a ɔbɛtumi abisa Awurade ama me, nanso, mekyiri no. Ɔnhyɛ nkɔm biara sɛ nsɛm a ɛnyɛ. Ne din de Mikaia. Imla babarima ne no.” Yehosafat kaa sɛ, “Nkasa saa. Ma yɛntie asɛm a ɔwɔ ka.”
Ɔhene Ahab buae se, “Ɔbaako da so wɔ ha nanso, mikyi no. Ɔnhyɛ nkɔm biara sɛ nsɛm a enye na ɔka kyerɛ me. Ne din de Mikaia. Imla babarima ne no.” Yehosafat kae se, “Nkasa saa. Ma yentie asɛm a ɔwɔ ka.”
8 Enti, Israelhene frɛɛ ne mpanimfoɔ no baako ka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛ ntɛm kɔfrɛ Imla babarima Mikaia brɛ me.”
Enti Israelhene frɛɛ ne mpanyimfo no baako ka kyerɛɛ no se, “Yɛ ntɛm kɔfrɛ Imla babarima Mikaia brɛ me.”
9 Israelhene Ahab ne Yudahene Yehosafat hyehyɛɛ wɔn ahentadeɛ yuu tenatenaa wɔn ahennwa so wɔ ayuporobea a ɛbɛn Samaria ɛpono ano hɔ. Na Ahab adiyifoɔ no nyinaa rehyɛ nkɔm wɔ wɔn anim.
Israelhene Ahab ne Yudahene Yehosafat hyɛɛ wɔn ahemfo ntade, tenaa wɔn ahengua mu wɔ apongua a ɛbɛn Samaria kwan no ano. Saa bere no, na Ahab adiyifo no rehyɛ nkɔm wɔ wɔn anim.
10 Na wɔn mu baako a ɔyɛ Kenaana babarima Sedekia de nnadeɛ yɛɛ mmɛn, na ɔdaa no adi sɛ, “Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Mode saa mmɛn yi bɛwowɔ Aramfoɔ yi ama wɔawuwu!”
Na wɔn mu baako a ɔyɛ Kenaana babarima Sedekia de nnade yɛɛ mmɛn, na ɔdaa no adi se, “Sɛnea Awurade se ni: Mode saa mmɛn yi bɛwowɔ Aramfo yi ama wɔawuwu!”
11 Adiyifoɔ a wɔwɔ hɔ no nyinaa penee so, kaa sɛ, “Aane, monkɔ Ramot-Gilead, na monkɔdi nkonim, ɛfiri sɛ, Awurade bɛma moadi nkonim.”
Adiyifo a wɔwɔ hɔ no nyinaa penee so kae se, “Yiw, monkɔ Ramot-Gilead, na munkodi nkonim, efisɛ Awurade bɛma moadi nkonim.”
12 Ɔbɔfoɔ a ɔkɔfrɛɛ Mikaia no ka kyerɛɛ no sɛ, “Hwɛ, adiyifoɔ no nyinaa hyɛ ɔhene no bɔ sɛ ɔbɛdi nkonim. Hwɛ sɛ wone wɔn bɛyɛ adwene, na hyɛ nkonimdie ho bɔ.”
Ɔbɔfo a ɔkɔfrɛɛ Mikaia no ka kyerɛɛ no se, “Hwɛ, adiyifo no nyinaa hyɛ ɔhene no bɔ sɛ obedi nkonim. Hwɛ sɛ wone wɔn bɛyɛ adwene, na hyɛ nkonimdi ho bɔ.”
13 Nanso, Mikaia buaa sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade te aseɛ yi, deɛ Awurade aka akyerɛ me sɛ menka no na mɛka.”
Nanso Mikaia buae se, “Sɛ Awurade te ase yi, nea me Nyankopɔn aka akyerɛ me sɛ menka no, ɛno na mɛka.”
14 Ɛberɛ a Mikaia bɛduruu ɔhene Ahab anim no, ɔbisaa no sɛ, “Mikaia, yɛnkɔko ntia Ramot-Gilead anaa yɛnnkɔ?” Mikaia buaa sɛ, “Monkɔko! Ɛbɛyɛ nkonimdie a ɛho wɔ nyam.”
Bere a Mikaia beduu ɔhene Ahab anim no, obisaa no se, “Mikaia, yɛnkɔko ntia Ramot-Gilead anaa yɛnkɔ?” Mikaia buae se, “Monkɔko! Ɛbɛyɛ nkonimdi a ɛho wɔ nyam.”
15 Nanso, ɔhene no sɔɔ so sɛ, “Mpɛn ahe na menka sɛ, ɛberɛ biara a wobɛkasa ama Awurade no, ɛsɛ sɛ woka nokorɛ?”
Ɔhene amma nʼano ansi, na obuaa no se, “Mpɛn ahe na menka nkyerɛ wo se, sɛ worekasa ama Awurade a, ka nokwasɛm?”
16 Na Mikaia ka kyerɛɛ no sɛ, “Anisoadehunu mu no, mehunuu sɛ Israel nyinaa abɔ apete wɔ mmepɔ no so sɛ nnwan a wɔnni ɔhwɛfoɔ. Na Awurade kaa sɛ, ‘Wɔakum wɔn wura. Fa wɔn kɔ efie asomdwoeɛ mu.’”
Na Mikaia ka kyerɛɛ no se, “Anisoadehu mu no, mihuu sɛ Israel nyinaa abɔ apete wɔ mmepɔw no so sɛ nguan a wonni hwɛfo. Na Awurade kae se, ‘Wɔakum wɔn wura. Fa wɔn kɔ fie asomdwoe mu.’”
17 Israelhene ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ, “Manka ankyerɛ wo? Daa, saa na ɔyɛ. Ɔnhyɛɛ nkɔm papa biara nkyerɛɛ me da. Nsɛm a ɛnyɛ dɛ na ɔka kyerɛ me.”
Israelhene ka kyerɛɛ Yehosafat se, “Manka saa ankyerɛ wo ana? Da biara saa na ɔyɛ. Ɔnhyɛ nkɔm pa biara sɛ atoro nkɔm na ɔhyɛ fa me ho.”
18 Mikaia toaa so sɛ, “Tie deɛ Awurade ka! Mehunuu sɛ Awurade te nʼahennwa so a ɔsoro asraadɔm nyinaa tete ne nifa ne ne benkum so.
Mikaia toaa so se, “Tie nea Awurade ka. Mihuu Awurade sɛ ɔte nʼahengua so a ne ɔsorofo asraafo nyinaa atwa ne ho ahyia wɔ ne nifa ne ne benkum so.
19 Na Awurade bisaa sɛ, ‘Hwan na ɔbɛtumi adaadaa Israelhene Ahab ama wakɔtu Ramot-Gilead so sa na wɔakum no wɔ hɔ?’ “Adwenkyerɛ bebree baa ho,
Na Awurade bisae se, ‘Hena na obetumi adaadaa Israelhene Ahab ama wakotu Ramot-Gilead so sa na wɔakum no wɔ hɔ?’ “Adwenkyerɛ bebree baa ho,
20 kɔsii sɛ ne korakora no, honhom bi kɔɔ Awurade nkyɛn kɔkaa sɛ, ‘Mɛtumi ayɛ!’” Awurade bisaa sɛ, “‘Ɛkwan bɛn so na wobɛfa ayɛ yei.’”
kosii sɛ ne koraa no, honhom bi bɛnee Awurade kae se, ‘Metumi ayɛ!’” Awurade bisae se, “‘Ɔkwan bɛn so na wobɛfa ayɛ eyi.’”
21 Na honhom no buaa sɛ, “Mɛkɔ akɔdaadaa Ahab adiyifoɔ, ama wɔadi atorɔ.” Awurade kaa sɛ, “Kɔ so yɛ, na wobɛdi nkonim.
Na honhom no buae se, “Mɛkɔ akɔdaadaa Ahab adiyifo, ama wɔadi atoro.” Awurade kae se, “Kɔ so yɛ, na wubedi nkonim.
22 “Enti, woahunu sɛ Awurade de nkontompo honhom ahyɛ wʼadiyifoɔ no anom. Awurade adwene sɛ ɔde amanehunu bɛba wo so.”
“Enti woahu sɛ Awurade de nkontompo honhom ahyɛ wʼadiyifo no anom. Awurade adwene sɛ ɔde amanehunu bɛba wo so.”
23 Na Kenaana babarima Sedekia kɔɔ Mikaia so, kɔbɔɔ no sotorɔ bisaa sɛ, “Da bɛn na Awurade honhom gyaa me bɛkasa kyerɛɛ wo?”
Na Kenaana babarima Sedekia kɔɔ Mikaia so, kɔbɔɔ no sotɔre bisae se, “Da bɛn na Awurade honhom fii me so bɛkasa kyerɛɛ wo?”
24 Na Mikaia buaa sɛ, “Ɛrenkyɛre biara, wobɛhunu nokorɛ no wɔ ɛberɛ a wobɛdwane akɔtɛ kɔkoam dan bi mu.”
Na Mikaia buae se, “Ɛrenkyɛ biara, wubehu nokware no, bere a wubeguan akɔtetɛw kokoa mu dan bi mu.”
25 Israelhene Ahab hyɛɛ sɛ, “Monkyere Mikaia, na momfa no nsane nkɔma Amon a ɔyɛ kuropɔn no so amrado ne me babarima Yoas.
Israelhene Ahab hyɛe se, “Monkyere Mikaia, na momfa no nkɔma Amon a ɔyɛ kurow no mu amrado, na momfa no nkɔ me babarima Yoas nkyɛn.
26 Monka saa asɛm a ɛfiri ɔhene nkyɛn yi nkyerɛ wɔn sɛ, ‘Fa saa ɔbarima yi to afiase. Mommma no aduane biara sɛ burodo ne nsuo, kɔsi sɛ mɛfiri akono aba asomdwoeɛ mu.’”
Monka saa asɛm a efi ɔhene nkyɛn yi nkyerɛ wɔn se, ‘Fa saa ɔbarima yi to afiase. Mommma no aduan biara sɛ brodo ne nsu, kosi sɛ mefi akono bɛba asomdwoe mu.’”
27 Nanso, Mikaia buaa sɛ, “Sɛ woba asomdwoeɛ mu a, na ɛkyerɛ sɛ, Awurade amfa me so ankasa!” Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔgyinagyina hɔ no sɛ, “Monhwɛ asɛm a maka no yie.”
Nanso Mikaia buae se, “Sɛ wosan ba asomdwoe mu a, na ɛkyerɛ sɛ, Awurade amfa me so ankasa.” Na ɔka kyerɛɛ wɔn a wogyinagyina hɔ, atwa ne ho ahyia no se, “Saa asɛm a maka yi, monhyɛ no nsow.”
28 Enti, Israelhene ne Yudahene Yehosafat dii wɔn akodɔm anim, tuu Ramot-Gilead so sa.
Enti Israelhene ne Yudahene Yehosafat dii wɔn asraafo anim, tuu Ramot-Gilead so sa.
29 Afei, ɔhene Ahab ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ, “Yɛrekɔ ɔko yi, mɛsesa me ho sɛdeɛ obiara renhunu me nanso, wo deɛ, wobɛhyɛ wʼahentadeɛ.” Enti, Ahab sesaa ne ho, na wɔkɔɔ ɔko no.
Afei, ɔhene Ahab ka kyerɛɛ Yehosafat se, “Yɛrekɔ ɔko yi, mɛsakra me ho sɛnea obiara nhu me, nanso wo de, wobɛhyɛ wʼahentade.” Enti Ahab sesaa ne ho, na wɔkɔɔ ɔko no.
30 Saa ɛberɛ no, na ɔhene Aram aka akyerɛ ne nteaseɛnamkafoɔ no sɛ, “Monkɔto nhyɛ Israelhene nko ara so.”
Saa bere no, na Aramhene aka akyerɛ ne nteaseɛnamkafo no se, “Monkɔtow nhyɛ Israelhene nko ara so.”
31 Enti, ɛberɛ a Aram nteaseɛnamkafoɔ no hunuu Yehosafat sɛ ɔhyɛ nʼahentadeɛ yuu no, wɔkɔɔ ne so. Wɔteaam sɛ, “Israelhene no na ɔte hɔ no.” Nanso, Yehosafat teaam frɛɛ Awurade sɛ ɔmmɛgye no nkwa. Na Awurade yii nkurɔfoɔ no ani firii ne so, de gyee no nkwa.
Enti bere a Aramhene nteaseɛnamkafo no huu Yehosafat sɛ ɔhyɛ nʼahentade no, wɔtaa no. Wɔteɛteɛɛ mu se, “Israelhene no ne no.” Nanso, Yehosafat teɛɛ mu frɛɛ Awurade sɛ ommegye no nkwa. Na Awurade yii nkurɔfo no ani fii ne so, de gyee no nkwa.
32 Ɛberɛ a nteaseɛnamkafoɔ no hunuu sɛ ɔnyɛ Israelhene no, wɔgyaee ne so taa.
Bere a nteaseɛnamkafo no huu sɛ ɔnyɛ Israelhene no, wogyaee no taa.
33 Na Aram ɔsraani bi de anibiannasoɔ totoo nʼagyan guu Israel akodɔm no mu, maa bɛmma no bi kɔwɔɔ Israelhene nkataboɔ ahyiaeɛ wɔ ne mmɔtoam. Ahab teaam kyerɛɛ nteaseɛnamkafoɔ no sɛ, “Momfa me mfiri ha, na wɔapira me pira bɔne.”
Na Aram sraani bi de anibiannaso totow nʼagyan guu Israel asraafo no mu, maa bɛmma no bi kɔwɔɔ Israelhene nkatabo ahyiae wɔ ne mmotuam. Ahab teɛɛ mu kyerɛɛ nteaseɛnamkafo no se, “Momfa me mfi ha, na wɔapira me pira bɔne.”
34 Ɔko no kɔɔ so da mu no nyinaa. Ahab kɔtweree ne teaseɛnam a nʼani kyerɛ Aramfoɔ no de kɔsii anwummerɛ. Na ɛyɛɛ sɛdeɛ owia rekɔtɔ no, ɔwuiɛ.
Ɔko no kɔɔ so da mu no nyinaa. Ahab kotwerii ne teaseɛnam mu a nʼani kyerɛ Aramfo no de kosii anwummere. Na ɛyɛɛ sɛnea owia rekɔtɔ no, owui.

< 2 Berɛsosɛm 18 >