< 2 Berɛsosɛm 17 >

1 Na Asa babarima Yehosafat bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene. Ɔhyɛɛ Yuda den, sɛdeɛ ɔbɛtumi agyina Israel ntohyɛsoɔ biara ano.
Hans Søn Josafat blev Konge i hans Sted. Han styrkede sin Stilling over for Israel
2 Ɔduaduaa akodɔm wɔ Yuda nkuropɔn a wɔabɔ ho ban no nyinaa mu. Ɔde asraadɔm kumaa bi kɔɔ Yuda asase so ne Efraim nkuro a nʼagya Asa adi so nkonim no so.
ved at lægge Besætning i alle Judas befæstede Byer og indsætte Fogeder i Judas Land og de efraimitiske Byer, hans Fader Asa havde indtaget.
3 Na Awurade ka Yehosafat ho, ɛfiri sɛ, ɔyɛɛ sɛdeɛ nʼagya Asa yɛeɛ wɔ ne mfeɛ a ɛdi ɛkan no mu, na wansom Baal ahoni no.
Og HERREN var med Josafat, thi han vandrede de Veje, hans Fader David til at begynde med havde vandret, og søgte ikke hen til Ba'alerne,
4 Ɔhwehwɛɛ nʼagya Onyankopɔn, na ɔdii nʼahyɛdeɛ so a wanni Israel ahennie mu nneyɛeɛ no akyi.
men til sin Faders Gud og fulgte hans Bud og gjorde ikke som Israel.
5 Enti, Awurade maa Yehosafat Yudaman so ahennie no timiiɛ. Nnipa a wɔwɔ Yuda nyinaa brɛɛ Yehosafat akyɛdeɛ, maa ɔyɛɛ ɔdefoɔ, na wɔde anidie maa no.
Derfor grundfæstede HERREN Kongedømmet i hans Hånd; og hele Juda bragte Josafat Gaver, så han vandt stor Rigdom og Ære.
6 Ɔfiri nʼakoma nyinaa mu nantee Awurade akwan so. Ɔbubuu abosonsomfoɔ asɔreeɛ no, na ɔsɛee Asera afɔrebukyia no.
Da voksede hans Mod til at vandre på HERRENs Veje, så han også udryddede Offerhøjene og Asjerastøtterne i Juda.
7 Yehosafat ahennie mfeɛ mmiɛnsa so no, ɔsomaa ne mpanimfoɔ maa wɔkɔkyerɛkyerɛɛ wɔ Yuda nkuro nyinaa so. Ne mpanimfoɔ no ne Ben-Hail, Obadia, Sakaria, Netanel ne Mikaia.
I sit tredje Regeringsår sendte han sine Øverster Benhajil, Obadja, Zekarja, Netan'el og Mika ud for at undevise i Judas Byer,
8 Ɔsomaa Lewifoɔ a wɔn din didi soɔ yi kaa wɔn ho: Semaia, Netania, Sebadia, Asahel, Semiramot, Yehonatan, Adoniya, Tobia ne Tob-Adoniya. Ɔsomaa asɔfoɔ Elisama ne Yehoram nso.
ledsaget af Leviterne Sjemaja, Netanja, Zebadja, Asa'el, Sjemiramot, Jonatan, Adonija, Tobija og Tob-Adonija, Leviterne, og præsterne Elisjama og Joram.
9 Wɔfaa Awurade mmara a wɔatintim wɔ nwoma no mu de kyinii Yuda nkuro nyinaa so, kyerɛkyerɛɛ nnipa no.
De havde HERRENs Lovbog med sig og undeviste i Juda, og de drog rundt i alle Judas Byer og underviste Folket.
10 Na afei, ɛmaa Awurade ho suro tɔɔ ahennie a atwa ahyia no nyinaa so, enti obiara amfa ɔko ankɔ Yehosafat so.
En HERRENs Rædsel kom over alle Lande og Riger rundt om Juda, så de ikke indlod sig i Krig med Josafat.
11 Filistifoɔ no bi brɛɛ no akyɛdeɛ ne dwetɛ sɛ apeatoɔ, na Arabfoɔ brɛɛ no nnwennini mpem nson ne ahanson ne mpapo mpem nson ne ahanson.
Fra Filisterne kom der Folk, som bragte Josafat Gaver og svarede Sølv i Skat; også Araberne bragte ham Småkvæg, 7700 Vædre og 7700 Bukke.
12 Ɛmaa Yehosafat tumi mu yɛɛ den, na ɛkɔɔ so yɛɛ den ara maa ɔsisii aban ne nnuane akoradan wɔ Yuda nkuropɔn nyinaa so.
Således gik det stadig fremad for Josafat, så han til sidst fik meget stor Magt; og han byggede Borge og Forrådsbyer i Juda,
13 Ɔkoraa nneɛma bebree wɔ Yuda nkuro mu, na ɔmaa akodɔm a wɔyɛ den tenaa Yerusalem.
og han havde store Forråd i Judas Byer og Krigsfolk, dygtige Krigere i Jerusalem.
14 Wɔgyinaa agyanom mmusuakuo so gyee asraafoɔ. Yuda abusua mu, na akodɔm no dodoɔ yɛ ɔpehasa a wɔakyekyɛ wɔn mu akuakuo apem. Adna na na ɔyɛ wɔn sahene.
Her følger en Fortegnelse over dem efter deres Fædrenehuse. Til Juda hørte følgende Tusindførere: Øversten Adna med 300.000 dygtige Krigere;
15 Onipa a na ɔdi ne so ne Yehohanan a na ɔdi akodɔm ɔpehanu aduɔwɔtwe so.
ved Siden af ham Øversten Johanan med 280.000 Mand;
16 Deɛ ɔdi hɔ ne Sikri babarima Amasia, a ɔde ne ho bɔɔ afɔdeɛ maa Awurade adwuma a na ɔdi akodɔm ɔpehanu so sahene.
ved Siden af ham Amasja, Zikris Søn, der frivilligt gav sig i HERRENs Tjeneste, med 200.000 dygtige Krigere;
17 Benyamin abusua akodɔm no, na wɔn dodoɔ yɛ ɔpehanu a wɔwɔ agyan ne akokyɛm. Na wɔn sahene ne Eliada, ɔsraani a wadi ako akyɛre.
fra Benjamin var Eljada, en dygtig Koger, med 200.000 Mand, væbnet med Bue og Skjold;
18 Deɛ ɔdi hɔ ne Yehosabad a ɔtua asraafoɔ ɔpeha aduɔwɔtwe a wɔamia ama ɔko.
ved Siden af ham Jozabad med 80.000 vel rustede Mand.
19 Yeinom ne akodɔm a wɔtenaa Yerusalem somm ɔhene no, ne wɔn a Yehosafat de wɔn duaduaa nkuro a wɔabɔ ho ban wɔ Yudaman mu.
Disse stod i Kongens Tjeneste, og dertil kom de, som Kongen havde lagt i de befæstede Byer hele Juda over.

< 2 Berɛsosɛm 17 >