< 2 Berɛsosɛm 16 >

1 Asa dii adeɛ mfeɛ aduasa nsia no, Israelhene Baasa kɔto hyɛɛ Yuda so, na ɔbɔɔ Rama ho ban, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, obi ntumi nkɔ mu anaa ɔmpue mfiri ɔhene Asa Yudaman mu.
Asa dii ade mfe aduasa asia no, Israelhene Baasa kɔtow hyɛɛ Yuda so, na ɔbɔɔ Rama ho ban, sɛnea ɛbɛyɛ a, obi ntumi nkɔ mu anaa ompue mfi ɔhene Asa Yudaman mu.
2 Asa yii dwetɛ ne sikakɔkɔɔ firii Awurade Asɔredan adekoradan ne ahemfie hɔ. Ɔde kɔmaa Aramhene Ben-Hadad a na ɔdi ɔhene wɔ Damasko na ɔde saa nkra yi kaa ho:
Asa yii dwetɛ ne sikakɔkɔɔ fii Awurade Asɔredan adekoradan ne ahemfi hɔ. Ɔde kɔmaa Aramhene Ben-Hadad a na odi hene wɔ Damasko na ɔde saa nkra yi kaa ho:
3 “Ma yɛnyɛ apam sɛdeɛ wʼagya ne mʼagya yɛɛ apam no. Mede dwetɛ ne sikakɔkɔɔ akyɛdeɛ rebrɛ wo. Twa wo ne Israelhene Baasa apam no mu, sɛdeɛ ɔremfa ne nsa nka me.”
“Ma yɛnyɛ apam a na ɛda wʼagya ne mʼagya ntam no foforo. Tie, mede akyɛde a ɛyɛ dwetɛ ne sikakɔkɔɔ resoma de abrɛ wo. Twa wo ne Israelhene Baasa apam no mu, sɛnea ɔmmfa ne nsa nka me.”
4 Ben-Hadad penee ɔhene Asa abisadeɛ no so, na ɔsomaa nʼasraafoɔ, kɔto hyɛɛ Israel so. Wɔdii Iyon, Dan, Abel-Maim ne Naftali aduane akoraeɛ nkuropɔn nyinaa so.
Ben-Hadad penee ɔhene Asa abisade no so, na ɔsomaa nʼasraafo, kɔtow hyɛɛ Israel so. Wodii Iyon, Dan, Abel-Maim ne Naftali aduan akorae nkuropɔn nyinaa so.
5 Ɛberɛ a Israelhene Baasa tee deɛ ɛrekɔ so no, ɔgyaee Rama ho banbɔ dwumadie no.
Bere a Israelhene Baasa tee asɛm a asi no, ogyaee Rama bammɔ ho dwumadi no.
6 Enti, ɔhene Asa frɛɛ ne mmarima a wɔwɔ Yuda nyinaa, maa wɔbɛsoaa adansie aboɔ ne nnua a na Baasa de rebɔ Rama ho ban no. Asa de saa nneɛma yi bɔɔ nkuro Geba ne Mispa ho ban.
Enti ɔhene Asa frɛɛ ne mmarima a wɔwɔ Yuda nyinaa ma wɔbɛsoaa adansi abo ne nnua a na Baasa de rebɔ Rama ho ban no. Asa de saa nneɛma yi bɔɔ nkurow Geba ne Mispa ho ban.
7 Saa ɛberɛ no mu, ɔdehunumuni Hanani baa ɔhene Asa nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Esiane sɛ wode wo ho ato Aramhene so, na woagya Awurade wo Onyankopɔn enti, worentumi nni Aramhene akodɔm so.
Saa bere no mu no, ɔdehufo Hanani baa ɔhene Asa nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Esiane sɛ wode wo ho ato Aramhene so, na woagyaw Awurade wo Nyankopɔn nti, worentumi nni Aramhene asraafo no so.
8 Wonkae deɛ ɛbaa Etiopiafoɔ no ne Libiafoɔ ne wɔn akodɔm dodoɔ ne wɔn nteaseɛnam ne wɔn apɔnkɔsotefoɔ so no? Saa ɛberɛ no, na wode wo ho to Awurade so, na ɔde wɔn nyinaa hyɛɛ wo nsa.
Wonkae nea ɛbaa Etiopiafo no ne Libiafo ne wɔn asraafodɔm dodow ne wɔn nteaseɛnam ne wɔn apɔnkɔsotefo so no? Saa bere no, na wode wo ho to Awurade so, na ɔde wɔn nyinaa hyɛɛ wo nsa.
9 Awurade aniwa kyini fa asase so baabiara, sɛdeɛ ɔbɛhyɛ wɔn a wɔde wɔn akoma nyinaa to no so no den. Nkwaseasɛm bɛn na woadi yi! Ɛfiri ɛnnɛ, wobɛkɔ ɔko.”
Awurade aniwa kyin fa asase so baabiara, sɛnea ɔbɛhyɛ wɔn a wɔde wɔn koma nyinaa to no so no den. Nkwaseasɛm bɛn na woadi yi! Efi nnɛ, wobɛkɔ ɔko.”
10 Asa bo fuu Hanani yie sɛ wabɛka saa asɛm yi akyerɛ no, na ɔkyeree no too afiase. Saa ɛberɛ no ara na Asa ahyɛ aseɛ rehyɛ ne nkurɔfoɔ no bi so.
Asa bo fuw Hanani yiye sɛ wabɛka saa asɛm yi akyerɛ no, na ɔkyeree no too afiase. Saa bere no ara na Asa afi ase rehyɛ ne nkurɔfo no bi so.
11 Asa ahennie ho nsɛm nkaeɛ, firi ahyɛaseɛ kɔsi awieeɛ no, wɔatwerɛ agu Yuda ne Israel ahemfo nwoma no mu.
Asa ahenni ho nsɛm nkae, fi mfiase kosi awiei no, wɔakyerɛw agu Yuda ne Israel ahemfo nhoma no mu.
12 Nʼadedie mfeɛ aduasa nkron so no, yadeɛ huhu bi yɛɛ Asa nan. Yadeɛ no duruu ne mpɔmpɔnsoɔ a ɛreyɛ akum no mpo no, wanhwehwɛ Awurade mmoa akyiri ɛkwan, na mmom, ɔhwehwɛɛ ayaresafoɔ mmoa.
Nʼadedi mfe aduasa akron so no, ɔyare huhuuhu bi yɛɛ Asa nan. Ɔyare no duu ne mpɔmpɔnso a ɛreyɛ akum no mpo no, wanhwehwɛ Awurade mmoa akyi kwan, na mmom, ɔhwehwɛɛ ayaresafo mmoa.
13 Enti, nʼadedie mfeɛ aduanan baako so no, ɔwuiɛ.
Enti nʼadedi mfe aduanan baako so no, owui.
14 Wɔsiee no ɔboda a ɔno ara twa maa nʼankasa ho no mu wɔ Dawid kurom. Wɔdedaa no mpa a wɔde nnuhwam ne sradehwam ho hwa ahyɛ no ma, na nʼayiyɛ no mu no, nnipa no bɔɔ gyatanaa kɛseɛ bi de hyɛɛ no animuonyam.
Wosiee no ɔboda a ɔno ara twa maa nʼankasa ho no mu wɔ Dawid kurom. Wɔdedaa no mpa a wɔde nnuhuam ne sradehuam ho hua ahyɛ no ma, na nʼayiyɛ no mu no, nnipa no bɔɔ ogyatannaa kɛse bi de hyɛɛ no anuonyam.

< 2 Berɛsosɛm 16 >