< 2 Berɛsosɛm 14 >

1 Ɛberɛ a Abia wuiɛ no, wɔsiee no wɔ Dawid kurom. Ne babarima Asa na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene. Asomdwoeɛ baa asase no so mfeɛ edu,
Abías descansó con sus antepasados y lo sepultaron en la Ciudad de David. Reinó en su lugar su hijo Asa. En su tiempo la tierra estuvo en paz durante diez años.
2 ɛfiri sɛ, Asa yɛɛ deɛ ɛfata na ɛyɛ wɔ Awurade, ne Onyankopɔn, ani so.
Asa hizo lo bueno y lo recto ante Yavé su ʼElohim,
3 Ɔtutuu abosonsomfoɔ afɔrebukyia ne wɔn abosonnan nyinaa guiɛ. Ɔdwirii wɔn afadum, twitwaa Asera afɔrebukyia nyinaa.
porque quitó los altares de culto extraño y los lugares altos, quebró las piedras rituales y destruyó los símbolos de Asera.
4 Ɔhyɛɛ ɔmanfoɔ a wɔwɔ Yuda sɛ, wɔnhwehwɛ Awurade wɔn agyanom Onyankopɔn na wɔnni ne mmara ne nʼahyɛdeɛ nyinaa so.
Mandó a Judá que buscara a Yavé, el ʼElohim de sus antepasados, y que practicara la Ley y sus Mandamientos.
5 Asa sane bubuu abosonnan ne nnuhwam afɔrebukyia firii Yuda nkuro nyinaa mu. Ɛno enti, wɔnyaa asomdwoeɛ wɔ Asa ahennie mu.
Además quitó los lugares altos y las imágenes de todas las ciudades de Judá. En su reinado hubo paz.
6 Saa asomdwoeɛ mfeɛ no mu no, ɔtumi siesiee banbɔ nkuropɔn a ɛwɔ Yudaman mu nyinaa. Obiara anyɛ nʼadwene sɛ ɔbɛko atia no saa ɛberɛ yi, ɛfiri sɛ, na Awurade rema no ahomegyeɛ wɔ nʼatamfoɔ nsam.
También edificó ciudades fortificadas en Judá, porque había paz. No hubo guerra contra él en aquellos años, pues Yavé le dio paz.
7 Asa ka kyerɛɛ Yudafoɔ sɛ, “Momma yɛnkyekyere nkuro, na yɛntwa afasuo mfa ho, mfa mmɔ ho ban. Yɛbɛyɛ abantenten, asisi apono, ayɛ nnadeban nso. Asase no yɛ yɛn dea, ɛfiri sɛ, yɛbisaa Awurade yɛn Onyankopɔn, na wama yɛn ahomegyeɛ wɔ yɛn atamfoɔ nsam.” Enti, wɔkɔɔ so yɛɛ saa nnwuma yi de baa awieeɛ.
Así que [el rey Asa] dijo a Judá: Edifiquemos estas ciudades y rodeémoslas con muros y torres, portones y barras, ya que la tierra aún es nuestra, porque buscamos a Yavé nuestro ʼElohim. Lo buscamos, y Él nos dio reposo por todas partes. Así que edificaron y prosperaron.
8 Na ɔhene Asa wɔ akofoɔ ɔpehasa a wɔfiri Yuda abusuakuo mu a wɔwɔ akokyɛm ne mpea akɛseɛ. Afei, na ɔwɔ akofoɔ ɔpehanu aduɔwɔtwe a wɔfiri Benyamin abusua mu a wɔkurakura akokyɛm ne agyan nketewa. Na akofoɔ akokoɔdurufoɔ wɔ saa akodɔm mmienu yi mu.
Asa tuvo un ejército de 300.000 hombres de Judá, quienes llevaban escudos y lanzas, y 280.000 de Benjamín, quienes llevaban escudos y tensaban arcos. Todos eran hombres valientes.
9 Ɛberɛ bi, Etiopiani bi a wɔfrɛ no Serah de akodɔm ɔpepem baako ne nteaseɛnam ahasa, kɔto hyɛɛ Yuda so. Wɔkɔ kɔduruu Maresa kuropɔn mu.
Zera, el etíope, salió contra ellos con un ejército de 1.000.000 de hombres y 300 carruajes, y llegó hasta Maresa.
10 Asa nso boaa nʼakodɔm ano ne wɔn kɔkoo wɔ Sefata bɔnhwa mu a ɛbɛn Maresa.
Entonces Asa salió contra él. Dispusieron la batalla en el valle de Sefata, junto a Maresa.
11 Asa teaam, frɛɛ Awurade ne Onyankopɔn sɛ, “Ao Awurade, wo nko ara na wobɛtumi aboa deɛ ɔyɛ mmrɛ na watumi ako atia ɔhoɔdenfoɔ! Boa yɛn, Ao, Awurade, yɛn Onyankopɔn, ɛfiri sɛ, wo nko ara ne yɛn anidasoɔ. Wo din mu na yɛrehyia ɛdɔm kɛseɛ yi. Ao, Awurade, woyɛ yɛn Onyankopɔn, na mma ɛkwan mma nnipa teta nnsɔre ntia wo!”
Asa invocó a Yavé su ʼElohim: ¡Oh Yavé, no hay otro como Tú para ayudar, tanto al poderoso como al que no tiene fuerza! ¡Ayúdanos, oh Yavé ʼElohim nuestro, porque en ti nos apoyamos, y en tu Nombre vamos contra esta multitud! Oh Yavé, Tú eres nuestro ʼElohim, no prevalezca el hombre contra Ti.
12 Na Awurade dii Etiopiafoɔ no so nkonim wɔ Asa ne Yuda akodɔm no anim, na atamfoɔ no dwaneeɛ.
Yavé derrotó a los etíopes ante Asa y Judá, y los etíopes huyeron.
13 Asa ne nʼakodɔm taa wɔn ara kɔsii Gerar, maa Etiopiafoɔ no bebree totɔeɛ a wɔantumi ammoa wɔn ho ano. Awurade ne nʼakodɔm dwerɛɛ wɔn, na Yuda akodɔm no nyaa afodeɛ bebree kɔeɛ.
Asa y el ejército que lo acompañaba los persiguieron hasta Gerar. Cayeron tantos de los etíopes que no pudieron recuperarse, porque fueron destrozados ante Yavé y su ejército. Les tomaron un botín muy grande.
14 Ɛberɛ a wɔwɔ Gerar no, wɔto hyɛɛ nkuro a ɛwɔ beaeɛ hɔ nyinaa so, na Awurade ho huboa tɔɔ nnipa a wɔwɔ hɔ no so. Awieeɛ no, wɔnyaa afodeɛ bebree wɔ saa nkuro no so nso.
Atacaron también todas las ciudades alrededor de Gerar, porque el terror de Yavé estaba sobre ellas. Saquearon todas las ciudades, pues había en ellas un gran botín.
15 Wɔsane to hyɛɛ mmoahwɛfoɔ atenaeɛ, kyekyeree nnwan ne nyoma, ansa na wɔresane akɔ Yerusalem.
También atacaron las tiendas de los que tenían ganado. Se llevaron muchas ovejas y camellos y regresaron a Jerusalén.

< 2 Berɛsosɛm 14 >