< 2 Berɛsosɛm 12 >

1 Rehoboam timiiɛ na ɔyɛɛ den no, ɔgyaa Awurade mmara, na Israel nyinaa dii nʼakyi wɔ saa bɔne yi mu.
It came about, when Rehoboam's reign was established and he was strong, that he abandoned the law of Yahweh—and all Israel with him.
2 Esiane sɛ na wɔnni Awurade nokorɛ no enti, afe a ɛtɔ so enum wɔ ɔhene Rehoboam adedie mu no, Misraimhene Sisak kɔto hyɛɛ Yerusalem so.
It happened in the fifth year of King Rehoboam, that Shishak, king of Egypt, came up against Jerusalem, because the people had been unfaithful to Yahweh.
3 Ɔde nteaseɛnam apem ahanu, apɔnkɔsotefoɔ ɔpeduosia ne anammɔntwa asraafoɔ a wɔntumi nkan wɔn dodoɔ a Libiafoɔ, Sukifoɔ ne Etiopiafoɔ ka ho na ɛbaeɛ.
He came with twelve hundred chariots and sixty thousand horsemen. Soldiers without number came with him from Egypt: Libyans, Sukkites, and Cushites.
4 Sisak dii Yudafoɔ nkuro a wɔabɔ ho ban no so nkonim, na ɔtu tenee sɛ ɔrekɔto ahyɛ Yerusalem nso so.
He captured the fortified cities that belonged to Judah and came to Jerusalem.
5 Odiyifoɔ Semaia hyiaa Rehoboam ne Yuda mpanimfoɔ a Sisak enti, wɔadwane aba Yerusalem. Semaia ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛdeɛ Awurade seɛ nie! Moagya me enti, me nso meregya mo ama Sisak.”
Now Shemaiah the prophet came to Rehoboam and to the leaders of Judah who had gathered together to Jerusalem because of Shishak. Shemaiah said to them, “This is what Yahweh says: You have forsaken me, so I have also given you over into Shishak's hand.”
6 Ɔhene no ne Israel mpanimfoɔ brɛɛ wɔn ho ase, kaa sɛ, “Awurade di bem sɛ ɔyɛɛ yɛn saa!”
Then the princes of Israel and the king humbled themselves and said, “Yahweh is righteous.”
7 Awurade hunuu sɛ wɔanu wɔn ho no, ɔde saa nkra yi somaa Semaia: “Esiane sɛ nnipa no abrɛ wɔn ho ase enti, merensɛe wɔn korakora na ɛrenkyɛre, mɛma wɔn ahomegyeɛ. Meremfa Sisak so nna mʼabufuo adi wɔ Yerusalem so.
When Yahweh saw that they had humbled themselves, the word of Yahweh came to Shemaiah, saying, “They have humbled themselves. I will not ruin them; I will rescue them to some extent, and my anger will not pour out on Jerusalem by means of Shishak's hand.
8 Nanso, wɔbɛyɛ nʼasomfoɔ sɛdeɛ ɛbɛkyerɛ wɔn sɛ, ɛsɛ sɛ wɔsom me sene sɛ wɔbɛsom ewiase ahemfo.”
Nevertheless, they will be his servants, so that they may understand what it is to serve me and to serve the rulers of the other countries.”
9 Enti, Misraimhene Sisak baa Yerusalem bɛsesaa agyapadeɛ a ɛwɔ Awurade Asɔredan no mu ne ahemfie hɔ nneɛma a Salomo sikakɔkɔɔ akokyɛm no nyinaa ka ho.
So Shishak, king of Egypt came up against Jerusalem and took away the treasures in the house of Yahweh, and the treasures in the king's house. He took everything away; he also took the shields of gold that Solomon had made.
10 Akyire no, ɔhene Rehoboam de kɔbere mfrafraeɛ akokyɛm sii anan, na ɔde hyɛɛ wɔn a wɔwɛn no no panin nsa sɛ ɔnhwɛ so.
King Rehoboam made shields of bronze in their place and entrusted them into the hands of the commanders of the guard, who guarded the doors to the king's house.
11 Ɛberɛ biara a ɔhene no bɛkɔ Awurade Asɔredan no mu no, awɛmfoɔ no soa kɔ hɔ, na wɔasane de akɔgu adekoradan a wɔwɛn no mu.
It happened that whenever the king entered the house of Yahweh, the guards would carry them; then they would bring them back into the guardhouse.
12 Esiane sɛ Rehoboam brɛɛ ne ho ase enti, Awurade abufuo no firii ne so, enti wansɛe no korakora. Ɛmaa yiedie kɔɔ so wɔ Yuda asase so.
When Rehoboam humbled himself, Yahweh's anger turned away from him, so as not to destroy him completely; besides, there was still some good to be found in Judah.
13 Ɔhene Rehoboam timiiɛ wɔ Yerusalem, na ɔtoaa so dii ɔhene. Ɛberɛ a ɔdii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduanan baako. Na ɔdii adeɛ mfirinhyia dunson wɔ Yerusalem, kuropɔn a Awurade ayi afiri Israel mmusuakuo nyinaa mu sɛ ɛhɔ na wɔbɛhyɛ ne din animuonyam. Na Rehoboam maame din de Naama a ɔfiri Amon.
So King Rehoboam made his kingship strong in Jerusalem, and thus he reigned. Rehoboam was forty-one years old when he began to reign, and he reigned for seventeen years in Jerusalem, the city that Yahweh had chosen from all the tribes of Israel so that he might put his name there. His mother's name was Naamah the Ammonite woman.
14 Na ɔyɛ ɔhene bɔne, ɛfiri sɛ, wamfa nʼakoma nyinaa anhwehwɛ Awurade akyiri ɛkwan.
He did what was evil, because he did not fix his heart to seek Yahweh.
15 Wɔatwerɛ Rehoboam ahennie ho nsɛm nkaeɛ no a ɛfiri ahyɛaseɛ kɔsi awieeɛ no wɔ odiyifoɔ Semaia nwoma ne nhunumuni Ido nwoma a ɛyɛ awoɔ ntoatoasoɔ nwoma no fa bi mu. Ɛberɛ biara, na akokoakoko wɔ Rehoboam ne Yeroboam ntam.
As for the other matters concerning Rehoboam, first and last, are they not written in the writings of Shemaiah the prophet and of Iddo the seer, which also have records of genealogies and the constant wars between Rehoboam and Jeroboam?
16 Ɛberɛ a Rehoboam wuiɛ no, wɔsiee no wɔ Dawid kurom. Na ne babarima Abia dii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
Rehoboam slept with his ancestors and was buried in the city of David; Abijah his son became king in his place.

< 2 Berɛsosɛm 12 >