< 2 Berɛsosɛm 11 >

1 Ɛberɛ a Rehoboam duruu Yerusalem no, ɔboaboaa Yuda ne Benyamin akodɔm a ɛyɛ akodɔm papa ɔpeha aduɔwɔtwe ano, sɛ wɔrekɔko atia Israel akodɔm, na wagye ahennie no afa.
羅波安來到耶路撒冷,招聚猶大家和便雅憫家,共十八萬人,都是挑選的戰士,要與以色列人爭戰,好將國奪回再歸自己。
2 Na Awurade ka kyerɛɛ Onyankopɔn onipa Semaia sɛ,
但耶和華的話臨到神人示瑪雅說:
3 “Ka kyerɛ Salomo babarima Rehoboam a ɔdi ɔhene wɔ Yuda ne Israelfoɔ a wɔwɔ Yuda ne Benyamin sɛ,
「你去告訴所羅門的兒子猶大王羅波安和住猶大、便雅憫的以色列眾人說,
4 Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: ‘Nko ntia wʼabusuafoɔ. Sane wʼakyi kɔ efie, ɛfiri sɛ, me na memaa asɛm a asie no ho kwan!’” Enti, wɔtiee Awurade asɛm no, na wɔanko antia Yeroboam.
耶和華如此說:『你們不可上去與你們的弟兄爭戰,各歸各家去吧!因為這事出於我。』」眾人就聽從耶和華的話歸回,不去與耶羅波安爭戰。
5 Rehoboam tenaa Yerusalem, na ɔbɔɔ nkuro ahodoɔ ho ban, maa Yuda yɛɛ den.
羅波安住在耶路撒冷,在猶大地修築城邑,
6 Ɔkyekyeree Betlehem, Etam, Tekoa,
為保障修築伯利恆、以坦、提哥亞、
7 Bet-Sur, Soko, Adulam,
伯‧夙、梭哥、亞杜蘭、
8 Gat, Maresa, Sif,
迦特、瑪利沙、西弗、
9 Adoraim, Lakis, Aseka,
亞多萊音、拉吉、亞西加、
10 Sora, Ayalon ne Hebron. Yeinom ne nkuro a wɔbɔɔ ho ban wɔ Yuda ne Benyamin.
瑣拉、亞雅崙、希伯崙。這都是猶大和便雅憫的堅固城。
11 Rehoboam yeree wɔn banbɔ mu, na ɔde asahene duaduaa hɔ. Ɔkoraa nnuane, ngo ne nsã wɔ kuropɔn biara so.
羅波安又堅固各處的保障,在其中安置軍長,又預備下糧食、油、酒。
12 Ɔde akokyɛm ne mpea siee wɔ saa nkuro yi mu, de hyɛɛ wɔn banbɔ mu den. Enti, Yuda ne Benyamin nko ara na wɔbɛhyɛɛ nʼase.
他在各城裏預備盾牌和槍,且使城極其堅固。猶大和便雅憫都歸了他。
13 Asɔfoɔ ne Lewifoɔ a na wɔne Israel atifi fam mmusuakuo te no kɔɔ Rehoboam afa.
以色列全地的祭司和利未人都從四方來歸羅波安。
14 Na Lewifoɔ no mpo gyaa wɔn afie ne wɔn agyapadeɛ kɔɔ Yuda ne Yerusalem, ɛfiri sɛ, Yeroboam ne ne mmammarima amma wɔn kwan ansom Awurade sɛ asɔfoɔ.
利未人撇下他們的郊野和產業,來到猶大與耶路撒冷,是因耶羅波安和他的兒子拒絕他們,不許他們供祭司職分事奉耶和華。
15 Yeroboam yii nʼankasa asɔfoɔ, ma wɔsomm abosonsomfoɔ asɔreeɛ so a na wɔsom abirekyie ne nantwie mma ahoni a na wɔayɛ.
耶羅波安為邱壇、為鬼魔、為自己所鑄造的牛犢設立祭司。
16 Israelman mu nyinaa, wɔn a na wɔpɛ sɛ wɔsom Awurade, Israel Onyankopɔn no dii Lewifoɔ no akyi kɔɔ Yerusalem baabi a wɔbɛtumi de ayɛyɛdeɛ ama Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn no.
以色列各支派中,凡立定心意尋求耶和華-以色列上帝的,都隨從利未人,來到耶路撒冷祭祀耶和華-他們列祖的上帝。
17 Yei maa Yuda ahennie nyaa ahoɔden, na wɔde mfeɛ mmiɛnsa boaa Salomo babarima Rehoboam, na wɔhwehwɛɛ Awurade nokorɛm, sɛdeɛ wɔyɛɛ wɔ Dawid ne Salomo ahennie mu no.
這樣,就堅固猶大國,使所羅門的兒子羅波安強盛三年,因為他們三年遵行大衛和所羅門的道。
18 Rehoboam waree Mahalat. Na ɔyɛ Dawid babarima Yerimot babaa. Na ɔyɛ Abihail a ɔyɛ Yisai babarima Eliab babaa nso.
羅波安娶大衛兒子耶利摩的女兒瑪哈拉為妻,又娶耶西兒子以利押的女兒亞比孩為妻。
19 Mahalat woo mmammarima baasa a wɔne Yeus, Semaria ne Saham.
從她生了幾個兒子,就是耶烏施、示瑪利雅、撒罕。
20 Akyire no, ɔwaree Absalom babaa Maaka. Maaka woo Abia, Atai, Sisa ne Selomit.
後來又娶押沙龍的女兒瑪迦,從她生了亞比雅、亞太、細撒、示羅密。
21 Na Rehoboam dɔ Maaka yie sene ne yerenom a wɔaka ne ne mpenafoɔ nyinaa. Na ɔwɔ yerenom dunwɔtwe ne mpenafoɔ aduosia, na wɔwowoo mmammarima aduonu nwɔtwe ne mmammaa aduosia.
羅波安娶十八個妻,立六十個妾,生二十八個兒子,六十個女兒;他卻愛押沙龍的女兒瑪迦,比愛別的妻妾更甚。
22 Rehoboam sii Maaka babarima Abia ahenemmahene maa ɛdaa adi pefee sɛ daakye, ɔno na ɔbɛdi nʼadeɛ sɛ ɔhene.
羅波安立瑪迦的兒子亞比雅作太子,在他弟兄中為首,因為想要立他接續作王。
23 Bio, Rehoboam faa nyansakwan so de dwumadie hyehyɛɛ ne mmammarima a wɔaka no nsa, de wɔn tuatuaa nkuro a wɔabɔ ho ban, wɔ nsase no nyinaa so. Ɔmaa wɔn wɔn ahiadeɛ nyinaa, hyehyɛɛ awadeɛ bebree maa wɔn mu biara.
羅波安辦事精明,使他眾子分散在猶大和便雅憫全地各堅固城裏,又賜他們許多糧食,為他們多尋妻子。

< 2 Berɛsosɛm 11 >