< 2 Berɛsosɛm 10 >
1 Rehoboam kɔɔ Sekem, ɛfiri sɛ, na Israelfoɔ nyinaa akɔ hɔ sɛ wɔrekɔsi no ɔhene.
Then Rehoboam went to Shechem, for all Israel had gone there to make him king.
2 Ɛberɛ a Nebat babarima Yeroboam tee Salomo wuo no, ɔfiri Misraim baeɛ, ɛfiri sɛ, ɔdwane firii Salomo anim kɔɔ Misraim.
When Jeroboam son of Nebat heard about this, he returned from Egypt, where he had fled from King Solomon.
3 Israel mpanimfoɔ soma maa wɔkɔfaa Yeroboam, na ɔne Israel nyinaa kɔɔ sɛ wɔne Rehoboam rekɔkasa.
So they sent for Jeroboam, and he and all Israel came to Rehoboam and said,
4 Wɔkaa sɛ, “Wʼagya hyɛɛ yɛn ma yɛyɛɛ adwumaden. Yɛsrɛ wo, te saa adwumaden ne apeatoɔ adesoa duruduru a wʼagya de soaa yɛn no so. Woyɛ saa a, yɛbɛsom wo nokorɛ mu.”
“Your father put a heavy yoke on us. But now you should lighten the burden of your father’s service and the heavy yoke he put on us, and we will serve you.”
5 Rehoboam buaa wɔn sɛ, “Mommra nnansa akyi, mmɛgye mmuaeɛ.” Enti, nnipa no kɔeɛ.
Rehoboam answered, “Come back to me in three days.” So the people departed.
6 Na Ɔhene Rehoboam kɔɔ ne mpanimfoɔ bi a na wɔtu nʼagya Salomo fo ne wɔn kɔsusuu asɛm no ho. Ɔbisaa wɔn sɛ, “Moka asɛm no ho ɛdeɛn? Mmuaeɛ bɛn na memfa mma saa nnipa yi?”
Then King Rehoboam consulted with the elders who had served his father Solomon during his lifetime. “How do you advise me to respond to these people?” he asked.
7 Mpanimfoɔ yi buaa sɛ, “Sɛ woyɛ nnipa no yie, na woyɛ ayamyɛ kyerɛ wɔn ma ɛsɔ wɔn ani a, wɔn nso bɛyɛ wo nkurɔfoɔ nokwafoɔ.”
They replied, “If you will be kind to these people and please them by speaking kind words to them, they will be your servants forever.”
8 Nanso Rehoboam amfa afotuo a mpanimfoɔ no tuu no no. Mmom, ɔkɔɔ nʼatipɛnfoɔ mmabunu bi a ɔne wɔn sii so a na wɔtu no fo no nkyɛn.
But Rehoboam rejected the advice of the elders; instead, he consulted the young men who had grown up with him and served him.
9 Ɔbisaa wɔn sɛ, “Mo nso mo adwene ne sɛn? Mmuaeɛ bɛn na memfa nkɔma nnipa a wɔpɛ sɛ mete adesoa a mʼagya de soaa wɔn no so?”
He asked them, “What message do you advise that we send back to these people who have spoken to me, saying, ‘Lighten the yoke your father put on us’?”
10 Mmeranteɛ no buaa sɛ, “Ka kyerɛ wɔn a wɔnwiinwii no sɛ, ‘Me kɔkorɔbɛto mu pi sene mʼagya asene; sɛ modwene sɛ ɔhyɛɛ mo so dodo a, montwɛn na monhwɛ sɛdeɛ mɛyɛ.’
The young men who had grown up with him replied, “This is how you should answer these people who said to you, ‘Your father made our yoke heavy, but you should make it lighter.’ This is what you should tell them: ‘My little finger is thicker than my father’s waist!
11 Aane, na mʼagya yɛ den wɔ mo so, nanso me deɛ, mɛyɛ deɛ ɛkyɛn saa. Sɛ mʼagya kaa mo mpire a, me deɛ mede anyanyankyerɛ bɛkeka mo.”
Whereas my father burdened you with a heavy yoke, I will add to your yoke. Whereas my father scourged you with whips, I will scourge you with scorpions.’”
12 Nnansa akyi, Yeroboam ne nnipa no nyinaa sane baa sɛ wɔrebɛtie Rehoboam mmuaeɛ, sɛdeɛ ɔkaeɛ no.
After three days, Jeroboam and all the people returned to Rehoboam, since the king had said, “Come back to me on the third day.”
13 Na Rehoboam de ahantan kasa kyerɛɛ wɔn. Wamfa mpanimfoɔ no afotuo,
And the king answered them harshly. King Rehoboam rejected the advice of the elders
14 na ɔfaa mmeranteɛ no afotuo. Ɔka kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Na mʼagya ma moyɛ adwumaden, na me deɛ, mɛkyɛn saa! Sɛ mʼagya kaa mo mpire a, me deɛ, mede anyanyankyerɛ na ɛbɛkeka mo!”
and spoke to them as the young men had advised, saying, “Whereas my father made your yoke heavy, I will add to your yoke. Whereas my father scourged you with whips, I will scourge you with scorpions.”
15 Enti, ɔhene no antie nnipa no adesrɛ. Sɛdeɛ nneɛma mu daneeɛ no nyinaa firi Awurade, ɛfiri sɛ, ɛmaa asɛm a Awurade nam Ahiya a ɔfiri Silo so ka kyerɛɛ Nebat babarima Yeroboam no baa mu.
So the king did not listen to the people, and indeed this turn of events was from God, in order that the LORD might fulfill the word that He had spoken through Ahijah the Shilonite to Jeroboam son of Nebat.
16 Ɛberɛ a Israel hunuu sɛ ɔhene no anyɛ wɔn abisadeɛ amma wɔn no, wɔteateaam sɛ, “Dawid ne nʼadedie ntoasoɔ no mfa wɔn ho. Yɛne Yisai babarima no nni twaka biara. Israel, momma yɛnkɔ yɛn afie. Ao Dawid, kɔhwehwɛ wʼankasa wo fie.” Enti, Israel nyinaa sane kɔɔ efie.
When all Israel saw that the king had refused to listen to them, they answered the king: “What portion do we have in David, and what inheritance in the son of Jesse? To your tents, O Israel! Look now to your own house, O David!” So all the Israelites went home,
17 Na Rehoboam kɔɔ so dii Israelfoɔ a na wɔtete Yuda nkuro so no so ɔhene.
but Rehoboam still reigned over the Israelites living in the cities of Judah.
18 Ɔhene Rehoboam somaa Hadoram a na ɔhwɛ nnwumayɛfoɔ so no sɛ ɔnkɔhwɛ mma ɔman no nyɛ dinn, nanso Israelfoɔ no sii no aboɔ, kumm no. Ɛberɛ a ɔhene Rehoboam tee saa asɛm no, ntɛm ara, ɔhuri tenaa ne teaseɛnam mu, dwane kɔɔ Yerusalem.
Then King Rehoboam sent out Hadoram, who was in charge of the forced labor, but the Israelites stoned him to death. And King Rehoboam mounted his chariot in haste and escaped to Jerusalem.
19 Israel mmusuakuo a wɔwɔ atifi fam no ampene so sɛ Dawid aseni biara bɛdi wɔn so ɔhene de bɛsi ɛnnɛ.
So to this day Israel has been in rebellion against the house of David.