< 1 Timoteo 6 >

1 Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔyɛ asomfoɔ no nyinaa de anidie ma wɔn wuranom sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn mu bi nkasa ntia Onyankopɔn ne yɛn nkyerɛkyerɛ.
Så mange som er træler under åket, skal akte sine herrer all ære verd, forat Guds navn og læren ikke skal bli spottet.
2 Ɛnsɛ sɛ asomfoɔ bu wɔn wuranom a wɔyɛ agyidifoɔ no abomfiaa sɛ wɔyɛ anuanom enti. Mmom, ɛsɛ sɛ wɔsom wɔn yie, ɛfiri sɛ, wɔn som no ho wɔ mfasoɔ ma agyedifoɔ ne adɔfoɔ bebree.
Men de som har troende herrer, skal ikke forakte dem, fordi de er brødre, men så meget heller gjøre sin tjeneste, fordi de som nyter godt av deres velgjerning, er troende og elsket. Dette skal du lære og formane til.
3 Ɛsɛ sɛ mokyerɛkyerɛ na moka yeinom nyinaa. Obiara a ɔbɛma nkyerɛkyerɛ foforɔ na ɔnka nokorɛ a ɛfa yɛn Awurade Yesu Kristo ne yɛn nyamesom ho no
Dersom nogen farer med fremmed lære og ikke holder sig til vår Herre Jesu Kristi sunde ord og den lære som hører til gudsfrykt,
4 yɛ ɔhantanni a ɔnnim hwee. Ɔyɛ obi a ɔfiri adwemmɔne mu gye akyinnyeɛ na ɔka nsɛm a ɛnam so de anibereɛ, akasakasa, kasafi, nnipa ho adwemmɔne
han er opblåst skjønt han intet forstår, men er syk for stridsspørsmål og ordkrig, som volder avind, kiv, spottord, ond mistanke,
5 ne mansotwe a ɛfiri adwene a emu nnɔ mu na nokorɛ nni mu ba. Wɔdwene sɛ nyamesom yɛ kwan bi a wɔnam so pɛ sika.
stadig krangel iblandt mennesker som er fordervet i sitt sinn og har tapt sannheten, idet de akter gudsfrykten for en vei til vinning.
6 Onyamesom pa a abodwoɔ wɔ muo yɛ adenya kɛseɛ.
Ja, gudsfrykt med nøisomhet er en stor vinning;
7 Yɛamfa hwee amma ewiase. Saa ara nso na yɛremfa hwee nkɔ.
for vi har ikke hatt noget med oss til verden; det er åpenbart at vi heller ikke kan ta noget med oss derfra;
8 Ɛno enti, sɛ yɛwɔ aduane ne ntoma a, ɛno nko dɔɔso ma yɛn.
men når vi har føde og klær, skal vi dermed la oss nøie;
9 Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔnya wɔn ho no kɔtɔ sɔhwɛ mu na ɛdane ɔhaw ma wɔn ma ɛtwe wɔn kɔ ɔsɛeɛ mu.
men de som vil bli rike, faller i fristelse og snare og mange dårlige og skadelige lyster, som senker menneskene ned i undergang og fortapelse.
10 Na sikanibereɛ yɛ bɔne nyinaa nhini. Nnipa bi de sikanibereɛ asi wɔn ani so dendeenden nam so ama wɔapa wɔn gyidie ama awerɛhoɔ ahyɛ wɔn akoma ma.
For pengekjærhet er en rot til alt ondt; av lyst dertil har somme faret vill fra troen og har gjennemstunget sig selv med mange piner.
11 Enti, wo a woyɛ Onyankopɔn onipa, twe wo ho firi yeinom nyinaa ho. Di tenenee, Onyamesom pa, gyidie, ɔdɔ, boasetɔ ne ɔdwoɔ akyi.
Men du, Guds menneske, fly disse ting, jag efter rettferdighet, gudsfrykt, tro, kjærlighet, tålmodighet, saktmodighet!
12 Bɔ gyidie mu mmirikatuo no ho mmɔden na pere nya nkwa a ɛnni awieeɛ no ma wo ho, ɛfiri sɛ, saa abrabɔ yi enti na ɛberɛ a wodaa wo gyidie adi wɔ adansefoɔ bebree anim no, Onyankopɔn frɛɛ wo. (aiōnios g166)
Strid troens gode strid, grip det evige liv, som du blev kalt til, du som og har avlagt den gode bekjennelse for mange vidner! (aiōnios g166)
13 Meka no wɔ Onyankopɔn a ɔma nneɛma nyinaa nkwa no ne Kristo Yesu a ɔkaa nokorɛ wɔ Pontio Pilato anim, hyɛ wo sɛ,
Jeg byder dig for Gud, som gir alle ting liv, og for Kristus Jesus, som vidnet for Pontius Pilatus den gode bekjennelse,
14 tie mmara a mahyɛ ama wo no na di so pɛpɛɛpɛ kɔsi da a Yesu Kristo bɛba.
at du skal holde budet rent og ulastelig inntil vår Herre Jesu Kristi åpenbarelse,
15 Onyankopɔn a wɔahyira no na ɔno nko ara di Ɔhene, Ahene mu Ɔhene ne Awura mu Awurade no bɛma no aba ɛberɛ a ɛsɛ mu.
som den Salige og alene Mektige skal vise oss i sin tid, han som er kongenes konge og herrenes herre,
16 Ɔno nko na ɔwɔ hɔ daa, ɔte hann a obi ntumi mmɛn ho mu. Obiara nhunuu no da na obiara nso rentumi nhunu no da. Ɔno na anidie ne tumi a ɛnni awieeɛ wɔ no. Amen. (aiōnios g166)
han som alene har udødelighet, som bor i et lys som ingen kan komme til, han som intet menneske har sett eller kan se; ham tilhører ære og evig makt. Amen. (aiōnios g166)
17 Bɔ ewiase yi mu ahonyafoɔ kɔkɔ sɛ, wɔmmfa wɔn ahonya nhoahoa wɔn ho, na wɔmmfa wɔn anidasoɔ nso nhyɛ adehunu te sɛ ahonya mu, na mmom, wɔmfa wɔn ho nto Onyankopɔn a ɛnam nʼadɔeɛ so, ɔmaa yɛn asetena mu nneɛma pa nyinaa no so. (aiōn g165)
Byd dem som er rike i den nuværende verden, at de ikke skal være overmodige eller sette sitt håp til den uvisse rikdom, men til Gud, som gir oss rikelig alle ting å nyte, (aiōn g165)
18 Hyɛ wɔn sɛ, wɔnyɛ papa na wɔnyɛ adefoɔ wɔ nnwuma pa yɛ mu. Wɔnyɛ ayamyɛ na wɔne afoforɔ nkyɛ.
at de skal gjøre godt, være rike på gode gjerninger, gavmilde, godgjørende,
19 Sɛ wɔyɛ saa a, wɔbɛto fapem pa ama wɔn daakye. Na wɔnam so anya asetena a ɛyɛ asetena pa.
så de legger sig op en god grunnvoll for den kommende tid, at de kan gripe det sanne liv.
20 Timoteo, hwɛ deɛ wɔde ahyɛ wo nsa no so yie. Twe wo ho firi ahuhusɛm ne akyinnyehunu a wɔnam atorɔ so frɛ no “Nimdeɛ” no ho.
Timoteus! ta vare på det som er dig overgitt, så du vender dig bort fra det vanhellige tomme snakk og motsigelsene fra den kunnskap som falskelig kalles så,
21 Nnipa bi gye tom sɛ wɔwɔ saa nimdeɛ no nam so ahwere gyidie kwan no. Onyankopɔn adom nka mo.
som nogen bekjenner sig til, så de har faret vill i troen. Nåden være med dig!

< 1 Timoteo 6 >