< 1 Timoteo 4 >

1 Honhom no si no pi sɛ, akyire yi, nnipa bi bɛgyae gyidie no mu sɔ. Wɔbɛdi atorɔ ahonhom ne ahonhommɔne nkyerɛkyerɛ akyi.
אבל הרוח אמר בפרוש כי באחרית הימים יהיו אנשים אשר יסורו מן האמונה בפנותם אל הרוחות המטעות ואל תורת השדים׃
2 Saa nkyerɛkyerɛ yi firi nyaatwomfoɔ nnaadaa a wɔyɛ adwenewuiɛfoɔ sɛ dadeɛ a wɔato wɔ ogya mu no.
דברי שקרים בחנפה ונכוים הם במדעת׃
3 Saa nnipa no kyerɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ sɛ obi ware na nnuane bi nso wɔ hɔ a, ɛnyɛ sɛ onipa di. Nanso, Onyankopɔn bɔɔ saa nnuane no sɛ, sɛ agyidifoɔ a wɔahunu nokorɛ no nsa ka na wɔbɔ so mpaeɛ a, wɔtumi di.
אסרים לקחת אשה ומנעים ממיני מאכל אשר בראם האלהים שיאכלות בתודה המאמינים וידעי האמת׃
4 Biribiara a Onyankopɔn abɔ no yɛ. Ɛnsɛ sɛ wɔpo biribiara, na mmom, ɛsɛ sɛ wɔbɔ mpaeɛ gu ne nyinaa so.
כי כל בריאת אלהים טובה היא ואין דבר משקץ אם יאכל בתודה׃
5 Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn asɛm no ne mpaeɛbɔ te ho.
כי יקדש בדבר אלהים ובתפלה׃
6 Sɛ woma anuanom no saa nkyerɛkyerɛ yi a, na ɛkyerɛ sɛ woyɛ Kristo ɔsomfoɔ pa a wɔnam nokorɛ ne gyidie ne nkyerɛkyerɛ pa so atete wo.
אם תשים כזאת לפני אחיך משרת טוב תהיה לישוע המשיח מגדל בדברי האמונה ובלקח הטוב אשר דבקת אחריו׃
7 Nsɛe wo berɛ wɔ atorɔsɛm ne mmerewa anansesɛm ho. Bɔ onyamesompa ho mmɔden.
אך התרחק מהגדות פסולות ובלות והרגל עצמך בחסידות׃
8 Ɛwom sɛ honam mu mmɔdemmɔ ho hia deɛ, nanso honhom mu mmɔdemmɔ ho hia akwan nyinaa mu, ɛfiri sɛ, ɛhyɛ yɛn ɛnnɛ asetena ne daakye asetena ho bɔ.
כי הרגל הגוף יועיל מעט אבל החסידות תועיל לכל דבר ויש לה הבטחת חיי העולם הזה והעולם הבא׃
9 Yei yɛ nokwasɛm a ɛsɛ sɛ wɔgye tom na wɔgye di.
נאמן הדבר הזה וראוי על כל להתקבל׃
10 Ɛno enti na ɛsɛ sɛ yɛpere na yɛyɛ adwuma denden, ɛfiri sɛ, yɛde yɛn anidasoɔ ahyɛ Onyankopɔn teasefoɔ a ɔyɛ nnipa nyinaa Agyenkwa no mu, ne titire wɔn a wɔgye asɛm no di no.
כי לזאת אנחנו גם יגעים גם נעלבים על אשר הוחלנו לאלהים חיים שהוא המושיע לכל האדם וביותר למאמינים׃
11 Yeinom na ɛsɛ sɛ moka ho asɛm wɔ mo nkyerɛkyerɛ no mu.
את זאת תצוה ותלמד׃
12 Mma obiara ho kwan mma ɔmmfa wo sɛ wonnyiniiɛ enti ɔbɛbu wo abomfiaa. Wo kasa mu, wo suban mu, wo dɔ mu, wo gyidie mu ne wo kronnyɛ mu no, ɛsɛ sɛ woyɛ nhwɛso pa.
אל יבוז איש את בחורותיך אך היה מופת למאמינים בדבור במעשה באהבה ברוח באמונה ובטהרה׃
13 Nya adagyeɛ kenkan Atwerɛsɛm no na ka Asɛmpa no na kyerɛkyerɛ ansa na maba.
והיה שקוד לקרות ולהוכיח ולהורת עד כי אבוא׃
14 Honhom mu akyɛdeɛ a mpanimfoɔ nam nkɔmhyɛ so de wɔn nsa guu wo so a wonyaeɛ no, nnyaa mu.
ואל תקל בעיניך מתנת החסד אשר בך הנתונה לך בנבואה עם סמיכת ידי הזקנים׃
15 Sɔ saa nneɛma no mu yie. Fa wo ho nyinaa ma wɔn sɛdeɛ ɛbɛma obiara ahunu wo nkɔsoɔ.
לאלה תשית לבך ובהם היה למען תראה הצלחתך לכל׃
16 Hwɛ wo ho so yie na hwɛ wo nkyerɛkyerɛ nso so. Kɔ so yɛ saa nneɛma yi nyinaa, ɛfiri sɛ, sɛ woyɛ saa a, wobɛgye wo ho ne wɔn a wɔtie wo no nkwa.
שית לבך לנפשך ולהוראה והחזק בזה כי בעשותך כן תושיע את נפשך ואת נפש השמעים אליך׃

< 1 Timoteo 4 >