< 1 Timoteo 3 >

1 Ɛyɛ sɛnnahɔ sɛ, sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ asafopanin a, na wafa adwuma pa.
Πιστὸς ὁ λόγος· εἴ τις ἐπισκοπῆς ὀρέγεται, καλοῦ ἔργου ἐπιθυμεῖ.
2 Asafopanin yɛ obi a mfomsoɔ nni ne ho. Ɛsɛ sɛ ne yere yɛ baako. Ɛsɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase na ɔhyɛ ne ho so yɛ ne biribiara pɛpɛɛpɛ. Ɛsɛ sɛ ɔgye ahɔhoɔ wɔ ne fie na ɔkyerɛkyerɛ nso.
δεῖ οὖν τὸν ἐπίσκοπον ἀνεπίλημπτον εἶναι, μιᾶς γυναικὸς ἄνδρα, νηφάλιον, σώφρονα, κόσμιον, φιλόξενον, διδακτικόν,
3 Ɛnsɛ sɛ ɔyɛ ɔsadweam anaa basabasa, na mmom, ɛsɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase na ɔpɛ asomdwoeɛ. Ɛnsɛ sɛ ɔyɛ sikaniberefoɔ.
μὴ πάροινον, μὴ πλήκτην (μὴ αἰσχροκερδῆ, *K*) ἀλλ᾽ ἐπιεικῆ, ἄμαχον, ἀφιλάργυρον,
4 Ɛsɛ sɛ ɔtumi hwɛ ne fiefoɔ so yie na ɔtumi ma ne mma yɛ ɔsetie de obuo ne anidie ma no.
τοῦ ἰδίου οἴκου καλῶς προϊστάμενον, τέκνα ἔχοντα ἐν ὑποταγῇ μετὰ πάσης σεμνότητος.
5 Na sɛ obi nnim sɛdeɛ ɔhwɛ ne fie so yie a, ɛbɛyɛ dɛn na ɔbɛtumi ahwɛ Onyankopɔn asafo so?
Εἰ δέ τις τοῦ ἰδίου οἴκου προστῆναι οὐκ οἶδεν, πῶς ἐκκλησίας θεοῦ ἐπιμελήσεται;
6 Ɛnsɛ sɛ ɔyɛ obi a afei na wahunu Awurade; sɛ ɛba saa a, ne tirim bɛyɛ no dɛ na wayɛ ahomasoɔ ama wɔabu no atɛn sɛdeɛ wɔbuu ɔbonsam atɛn no.
μὴ νεόφυτον, ἵνα μὴ τυφωθεὶς εἰς κρίμα ἐμπέσῃ τοῦ διαβόλου.
7 Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔnnyɛ akyidifoɔ no mpo de anidie ma no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔrengu nʼanim ase na ɔbonsam afidie renyi no.
δεῖ δὲ (αὐτὸν *k*) καὶ μαρτυρίαν καλὴν ἔχειν ἀπὸ τῶν ἔξωθεν, ἵνα μὴ εἰς ὀνειδισμὸν ἐμπέσῃ καὶ παγίδα τοῦ διαβόλου.
8 Ɛsɛ sɛ asafo mu aboafoɔ nso yɛ nnipa a wɔwɔ suban pa na wɔdi nokorɛ. Ɛnsɛ sɛ wɔnom nsã pii anaasɛ wɔyɛ aniberefoɔ.
Διακόνους ὡσαύτως σεμνούς, μὴ διλόγους, μὴ οἴνῳ πολλῷ προσέχοντας, μὴ αἰσχροκερδεῖς,
9 Ɛsɛ sɛ wɔde adwenem fann gyina pintinn ma nokorɛ no ne gyidie no.
ἔχοντας τὸ μυστήριον τῆς πίστεως ἐν καθαρᾷ συνειδήσει.
10 Ɛsɛ sɛ wɔsɔ wɔn hwɛ ansa, na sɛ wɔdi sɔhwɛ no so nkonim a, wɔasom.
καὶ οὗτοι δὲ δοκιμαζέσθωσαν πρῶτον, εἶτα διακονείτωσαν ἀνέγκλητοι ὄντες.
11 Ɛsɛ sɛ wɔn yerenom nso wɔ suban pa a wɔnni nsekuro. Biribiara mu ɛsɛ sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase di nokorɛ.
Γυναῖκας ὡσαύτως σεμνάς, μὴ διαβόλους, (νηφαλίους, *N(k)O*) πιστὰς ἐν πᾶσιν.
12 Ɛsɛ sɛ asafo no mu ɔboafoɔ no wɔ yere baako na afei ɔtumi hwɛ ne mma ne ne fiefoɔ yie.
διάκονοι ἔστωσαν μιᾶς γυναικὸς ἄνδρες, τέκνων καλῶς προϊστάμενοι καὶ τῶν ἰδίων οἴκων.
13 Wɔn a wɔsom yie no bɛnya nnyinaso pa, na wɔn gyidie a wɔwɔ wɔ Kristo Yesu mu no nso ayɛ nam.
οἱ γὰρ καλῶς διακονήσαντες βαθμὸν ἑαυτοῖς καλὸν περιποιοῦνται καὶ πολλὴν παρρησίαν ἐν πίστει τῇ ἐν Χριστῷ Ἰησοῦ.
14 Saa nwoma a mede rebrɛ wo yi akyi no, mewɔ anidasoɔ sɛ ɛrenkyɛre biara mɛba wo nkyɛn.
Ταῦτά σοι γράφω ἐλπίζων ἐλθεῖν πρὸς σὲ (ἐν *no*) (τάχει· *N(k)O*)
15 Na sɛ mannuru wo nkyɛn ntɛm a, saa nwoma yi bɛma woahunu sɛdeɛ yɛbɔ yɛn bra wɔ Onyankopɔn fie. Efie a ɛyɛ Onyankopɔn teasefoɔ no asafo a ɛyɛ nokorɛ no nnyinasoɔ.
ἐὰν δὲ βραδύνω, ἵνα εἰδῇς πῶς δεῖ ἐν οἴκῳ θεοῦ ἀναστρέφεσθαι, ἥτις ἐστὶν ἐκκλησία θεοῦ ζῶντος, στῦλος καὶ ἑδραίωμα τῆς ἀληθείας.
16 Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ, ahintasɛm a ɛwɔ nyamesom pa mu no krɔnn: Ɔbaeɛ onipa tebea mu, Honhom no buu no bem, na abɔfoɔ hunuu no, wɔkaa ne ho asɛm amanaman mu, na ewiase gyee no diiɛ, wɔfaa no kɔɔ ɔsoro animuonyam mu.
Καὶ ὁμολογουμένως μέγα ἐστὶν τὸ τῆς εὐσεβείας μυστήριον, (ὃς *N(K)O*) ἐφανερώθη ἐν σαρκί, ἐδικαιώθη ἐν πνεύματι, ὤφθη ἀγγέλοις, ἐκηρύχθη ἐν ἔθνεσιν, ἐπιστεύθη ἐν κόσμῳ, ἀνελήμφθη ἐν δόξῃ.

< 1 Timoteo 3 >