< 1 Timoteo 2 >

1 Mʼafotuo ne sɛ, deɛ ɛdi ɛkan no, mehyɛ mo sɛ monsrɛ, mommɔ mpaeɛ, mommisa na monna Onyankopɔn ase mma nnipa nyinaa;
παρακαλω ουν πρωτον παντων ποιεισθαι δεησεις προσευχας εντευξεις ευχαριστιας υπερ παντων ανθρωπων
2 monyɛ saa ara mma ahemfo ne wɔn a tumi hyɛ wɔn nsa nyinaa na yɛatumi atena ase asomdwoeɛ mu wɔ onyamesom ne suban pa mu.
υπερ βασιλεων και παντων των εν υπεροχη οντων ινα ηρεμον και ησυχιον βιον διαγωμεν εν παση ευσεβεια και σεμνοτητι
3 Yei yɛ, na ɛsɔ Onyankopɔn a ɔyɛ Agyenkwa a
τουτο γαρ καλον και αποδεκτον ενωπιον του σωτηρος ημων θεου
4 ɔpɛ sɛ wɔgye nnipa nyinaa nkwa na wɔhunu nokorɛ no ani.
ος παντας ανθρωπους θελει σωθηναι και εις επιγνωσιν αληθειας ελθειν
5 Onyankopɔn baako ne ntamgyinafoɔ baako a ɔka Onyankopɔn ne nnipa bom no, ɔno ne Kristo Yesu no.
εις γαρ θεος εις και μεσιτης θεου και ανθρωπων ανθρωπος χριστος ιησους
6 Ɔno na ɔde ne ho bɔɔ afɔdeɛ de gyee nnipa nyinaa nkwa no. Yei yɛ adansedie a ɛbaa ɛberɛ a ɛsɛ mu sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ wɔgye nnipa nyinaa nkwa.
ο δους εαυτον αντιλυτρον υπερ παντων το μαρτυριον καιροις ιδιοις
7 Ɛno enti na wɔsomaa me sɛ ɔsomafoɔ ne amanamanmufoɔ ɔkyerɛkyerɛfoɔ sɛ menni gyidie ne nokorɛ no ho adanseɛ. Merenni atorɔ, mereka nokorɛ!
εις ο ετεθην εγω κηρυξ και αποστολος αληθειαν λεγω εν χριστω ου ψευδομαι διδασκαλος εθνων εν πιστει και αληθεια
8 Mehwehwɛ sɛ nnipa a wɔwɔ ewiase afanan nyinaa de akoma a emu teɛ bɛma wɔn nsa so, na wɔabɔ mpaeɛ.
βουλομαι ουν προσευχεσθαι τους ανδρας εν παντι τοπω επαιροντας οσιους χειρας χωρις οργης και διαλογισμου
9 Afei, mehwehwɛ sɛ mmaa bɛbrɛ wɔn ho ase na wɔafa ɛkwan a ɛfata so asiesie wɔn ho. Ma wɔmmɔ wɔn ti sɛ mmaa ahobrɛasefoɔ; mma wɔmmfa sika anaa adwinneɛ anaa ntadeɛ a ne boɔ yɛ den nsiesie wɔn ho.
ωσαυτως και τας γυναικας εν καταστολη κοσμιω μετα αιδους και σωφροσυνης κοσμειν εαυτας μη εν πλεγμασιν η χρυσω η μαργαριταις η ιματισμω πολυτελει
10 Na mmom, ɛsɛ sɛ wɔda adwuma pa a ɛfata mmaa adi sɛ mmaa a wɔyɛ nyamesomfoɔ.
αλλ ο πρεπει γυναιξιν επαγγελλομεναις θεοσεβειαν δι εργων αγαθων
11 Ɛsɛ sɛ mmaa de kommyɛ ne ahobrɛaseɛ sua adeɛ.
γυνη εν ησυχια μανθανετω εν παση υποταγη
12 Memma mmaa ho ɛkwan sɛ wɔnkyerɛkyerɛ anaasɛ wɔnnya mmarima so tumi. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ komm.
γυναικι δε διδασκειν ουκ επιτρεπω ουδε αυθεντειν ανδρος αλλ ειναι εν ησυχια
13 Ɛfiri sɛ, wɔbɔɔ Adam ansa na wɔrebɔ Hawa.
αδαμ γαρ πρωτος επλασθη ειτα ευα
14 Na ɛnyɛ Adam na wɔdaadaa no. Ɔbaa no na wɔdaadaa no ma ɛnam so maa ɔbuu Onyankopɔn mmara so.
και αδαμ ουκ ηπατηθη η δε γυνη απατηθεισα εν παραβασει γεγονεν
15 Na sɛ ɔbaa tena ase gyidie, ɔdɔ, kronnyɛ ne ahobrɛaseɛ mu a ɔbɛwo asomdwoeɛ mu.
σωθησεται δε δια της τεκνογονιας εαν μεινωσιν εν πιστει και αγαπη και αγιασμω μετα σωφροσυνης

< 1 Timoteo 2 >