< 1 Timoteo 1 >

1 Nwoma yi firi Kristo Yesu somafoɔ Paulo nkyɛn. Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Gyefoɔ ne Kristo Yesu a ɔma yɛn anidasoɔ na ɔfrɛɛ me.
παυλος αποστολος ιησου χριστου κατ επιταγην θεου σωτηρος ημων και κυριου ιησου χριστου της ελπιδος ημων
2 Meretwerɛ akɔma Timoteo a ɔyɛ me ba kann wɔ gyidie no mu: Agya Onyankopɔn ne Kristo Yesu a ɔyɛ yɛn Awurade no adom, mmɔborɔhunu ne asomdwoeɛ nka mo.
τιμοθεω γνησιω τεκνω εν πιστει χαρις ελεος ειρηνη απο θεου πατρος ημων και χριστου ιησου του κυριου ημων
3 Mepɛ sɛ motena Efeso sɛdeɛ merekɔ Makedonia no meka kyerɛɛ mo no. Nnipa bi wɔ hɔ a wɔma nkyerɛkyerɛ bɔne a ɛsɛ sɛ mohyɛ wɔn na wɔgyae.
καθως παρεκαλεσα σε προσμειναι εν εφεσω πορευομενος εις μακεδονιαν ινα παραγγειλης τισιν μη ετεροδιδασκαλειν
4 Monka nkyerɛ wɔn na wɔnnyae atorɔsɛm ne wɔn nananom din bebrebe a wɔbobɔ no, ɛfiri sɛ, saa nneyɛeɛ no de akyinnyeɛ ba. Ɛmmoa Onyankopɔn nhyehyɛeɛ a wɔnam gyidie nko so na wɔhunu no.
μηδε προσεχειν μυθοις και γενεαλογιαις απεραντοις αιτινες ζητησεις παρεχουσιν μαλλον η οικονομιαν θεου την εν πιστει
5 Saa ɔhyɛ yi botaeɛ ara ne sɛ, ɛbɛkanyane ɔdɔ a ɛfiri akoma pa, adwenem fann ne gyidie pa mu.
το δε τελος της παραγγελιας εστιν αγαπη εκ καθαρας καρδιας και συνειδησεως αγαθης και πιστεως ανυποκριτου
6 Nnipa bi atwe wɔn ho afiri ɛkwan pa no so de wɔn ho ama akyinnyeɛ hunu.
ων τινες αστοχησαντες εξετραπησαν εις ματαιολογιαν
7 Wɔpɛ sɛ wɔyɛ Onyankopɔn mmara no akyerɛkyerɛfoɔ nanso wɔn ara wɔn nsɛm a wɔka no wɔnte aseɛ. Saa ara nso na wɔnni gyidie wɔ nsɛm a wɔka no mu.
θελοντες ειναι νομοδιδασκαλοι μη νοουντες μητε α λεγουσιν μητε περι τινων διαβεβαιουνται
8 Yɛnim sɛ, sɛ wɔnam mmara ɛkwan so de Mmara no di dwuma a, ɛyɛ.
οιδαμεν δε οτι καλος ο νομος εαν τις αυτω νομιμως χρηται
9 Ɛsɛ sɛ yɛkae hunu sɛ, wɔanyɛ mmara no amma ateneneefoɔ na mmom, wɔyɛ maa mmaratofoɔ, nnebɔneyɛfoɔ, wɔn a wɔnsuro Onyame ne abɔnefoɔ, wɔn a wɔnyɛ kronkron anaa wɔn ho nteɛ, wɔn a wɔkum wɔn agyanom ne wɔn maamenom, awudifoɔ,
ειδως τουτο οτι δικαιω νομος ου κειται ανομοις δε και ανυποτακτοις ασεβεσιν και αμαρτωλοις ανοσιοις και βεβηλοις πατραλωαις και μητραλωαις ανδροφονοις
10 afideyɛfoɔ, adwamammɔfoɔ, nnipawiafoɔ, atorofoɔ a wɔka nkontomposɛm anaa wɔyɛ biribi a ɛne nokorɛ nkyerɛkyerɛ no bɔ abira no.
πορνοις αρσενοκοιταις ανδραποδισταις ψευσταις επιορκοις και ει τι ετερον τη υγιαινουση διδασκαλια αντικειται
11 Saa nokorɛ nkyerɛkyerɛ no wɔ Asɛmpa a wɔde ama me sɛ menka ho asɛm nkyerɛ no mu. Ɛyɛ Asɛmpa a ɛfiri Onyankopɔn a ɔyɛ onimuonyamfoɔ na wɔahyira no no nkyɛn.
κατα το ευαγγελιον της δοξης του μακαριου θεου ο επιστευθην εγω
12 Meda yɛn Awurade Yesu Kristo a wama me ahoɔden ma medi me dwuma no ase. Meda no ase sɛ wadwene me ho sɛ mefata na wayi me sɛ mensom no.
και χαριν εχω τω ενδυναμωσαντι με χριστω ιησου τω κυριω ημων οτι πιστον με ηγησατο θεμενος εις διακονιαν
13 Nanso, mmerɛ bi a atwam no, na mekasa tia no, taa no, kaa nsɛm a ɛmfata faa ne ho. Onyankopɔn ahunu me mmɔbɔ na ɛsiane sɛ na mennye nni enti, na mennim deɛ mereyɛ.
τον προτερον οντα βλασφημον και διωκτην και υβριστην αλλ ηλεηθην οτι αγνοων εποιησα εν απιστια
14 Yɛn Awurade hwiee nʼadom a ɛdɔɔso no guu me so maa me gyidie ne ɔdɔ a ɛsiane Kristo Yesu enti, abɛyɛ yɛn dea no.
υπερεπλεονασεν δε η χαρις του κυριου ημων μετα πιστεως και αγαπης της εν χριστω ιησου
15 Yei yɛ nokwasɛm a ɛsɛ sɛ yɛgye tom na yɛgye di koraa sɛ: Kristo Yesu baa ewiase bɛgyee nnebɔneyɛfoɔ nkwa. Na meyɛ ɔdebɔneyɛfoɔ a ɔdi ɛkan koraa.
πιστος ο λογος και πασης αποδοχης αξιος οτι χριστος ιησους ηλθεν εις τον κοσμον αμαρτωλους σωσαι ων πρωτος ειμι εγω
16 Nanso, ɛsiane saa enti, wahunu me mmɔbɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a me a meyɛ ɔdebɔneyɛfoɔ a ɔdi ɛkan no, Kristo Yesu nam me so bɛda ne boasetɔ a ɛnni awieeɛ no adi akyerɛ wɔn a wɔbɛgye no adi no na wɔanya nkwa a ɛnni awieeɛ. (aiōnios g166)
αλλα δια τουτο ηλεηθην ινα εν εμοι πρωτω ενδειξηται ιησους χριστος την πασαν μακροθυμιαν προς υποτυπωσιν των μελλοντων πιστευειν επ αυτω εις ζωην αιωνιον (aiōnios g166)
17 Animuonyam ne anidie nka Onyankopɔn daa daa. Ɔno ne mmerɛsantenhene. Ɔno na wɔnhunu no na ɔnwu da nso. Ɔno nko ara ne Onyankopɔn a nimdeɛ ahyɛ no ma. Amen. (aiōn g165)
τω δε βασιλει των αιωνων αφθαρτω αορατω μονω σοφω θεω τιμη και δοξα εις τους αιωνας των αιωνων αμην (aiōn g165)
18 Afei, me ba Timoteo, mede saa dwumadie a wɔhyɛɛ ho nkɔm firi tete no hyɛ wo nsa. Wogu so reko ɔko pa no no, ma saa nsɛm no nyɛ wʼakodeɛ,
ταυτην την παραγγελιαν παρατιθεμαι σοι τεκνον τιμοθεε κατα τας προαγουσας επι σε προφητειας ινα στρατευη εν αυταις την καλην στρατειαν
19 na sɔ wo gyidie mu denden na ma wʼadwene mu nyɛ fann. Nnipa bi ntie wɔn atiboa nam saayɛ so asɛe wɔn gyidie.
εχων πιστιν και αγαθην συνειδησιν ην τινες απωσαμενοι περι την πιστιν εναυαγησαν
20 Saa nnipa no bi ne Himeneo ne Aleksandro a mayi wɔn ama Ɔbonsam na wɔatwe wɔn aso sɛdeɛ wɔrenka abususɛm ntia Onyankopɔn bio.
ων εστιν υμεναιος και αλεξανδρος ους παρεδωκα τω σατανα ινα παιδευθωσιν μη βλασφημειν

< 1 Timoteo 1 >