< 1 Tesalonikafoɔ 1 >

1 Nwoma yi firi Paulo, Silas ne Timoteo nkyɛn, Yɛde kɔma Tesalonika asafo a wɔyɛ Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo mma no: Adom ne asomdwoeɛ nka mo.
Paul, Silvanus, and Timothy, To the church of the Thessalonians in God the Father and the Lord Jesus Christ: Grace and peace to you.
2 Daa yɛda Onyankopɔn ase ma mo, na yɛkae mo wɔ yɛn mpaeɛbɔ mu nso.
We always thank God for all of you, remembering you in our prayers
3 Ɛfiri sɛ, yɛkae mo gyidie a mode di dwuma, mo dɔ a ɛma motumi de nsi yɛ adwuma ne mo anidasoɔ denden a mowɔ wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo mu no wɔ yɛn Onyankopɔn ne Agya no anim.
and continually recalling before our God and Father your work of faith, your labor of love, and your enduring hope in our Lord Jesus Christ.
4 Anuanom, yɛnim sɛ Onyankopɔn dɔ mo enti na wayi mo sɛ ɔno ankasa ne deɛ no.
Brothers who are beloved by God, we know that He has chosen you,
5 Sɛ yɛbɛkaa Asɛmpa no kyerɛɛ mo a, ɛnyɛ nsɛm bi kwa, na mmom, yɛgyina tumi ne Honhom Kronkron ne mu nokorɛ mu gyidie so. Monim nnipa ko a na yɛyɛ ɛne sɛdeɛ yɛboaa mo.
because our gospel came to you not only in word, but also in power, in the Holy Spirit, and with great conviction—just as you know we lived among you for your sake.
6 Mosuasuaa yɛn ne Awurade; na ɛwom sɛ mohunuu amane deɛ, nanso mode anigyeɛ a ɛfiri Honhom Kronkron no mu gyee asɛm no.
And you became imitators of us and of the Lord when you welcomed the message with the joy of the Holy Spirit, in spite of your great suffering.
7 Ɛnam so maa mobɛyɛɛ nhwɛsoɔ maa agyidifoɔ a wɔwɔ Makedonia ne Hela no nyinaa.
As a result, you have become an example to all the believers in Macedonia and Achaia.
8 Nsɛm a moka faa Awurade ho no ankɔ Makedonia ne Hela nko, na mmom, gyidie a mowɔ wɔ Onyankopɔn mu no ho asɛm aduru baabiara. Asɛm biara nni hɔ a ɛsɛ sɛ yɛka bio.
For not only did the message of the Lord ring out from you to Macedonia and Achaia, but your faith in God has gone out to every place, so that we have no need to say anything more.
9 Obiara kamfo sɛdeɛ mogyee yɛn ne sɛdeɛ motwee mo ho firii abosom ho kɔsom nokorɛ Onyankopɔn a ɔte ase daa no,
For they themselves report what kind of welcome you gave us, and how you turned to God from idols to serve the living and true God
10 na motwɛn ne Ba a ɔfiri ɔsoro no; Yesu a ɔnyanee no firii awufoɔ mu a ɔgye yɛn firi Onyankopɔn abufuo a ɛreba no mu no.
and to await His Son from heaven, whom He raised from the dead—Jesus our deliverer from the coming wrath.

< 1 Tesalonikafoɔ 1 >