< 1 Tesalonikafoɔ 4 >

1 Anuanom, asɛm a ɛtwa toɔ ne sɛ, mosuaa kwan pa a ɛsɛ sɛ mofa so tena ase a ɛbɛsɔ Onyankopɔn ani. Na saa pɛpɛɛpɛ na morebɔ mo bra. Enti, yɛde yɛn Awurade Yesu din srɛ, hyɛ mo sɛ, monyɛ mma ɛmmoro deɛ moreyɛ seesei no so.
Finally, brothers, we ask and encourage you in the Lord Jesus to live in a way that is pleasing to God, just as you have received from us. This is how you already live, so you should do so all the more.
2 Monim nkyerɛkyerɛ a ɛnam Awurade Yesu tumi enti, yɛtumi kyerɛkyerɛɛ mo.
For you know the instructions we gave you by the authority of the Lord Jesus.
3 Yei yɛ Onyankopɔn pɛ a ɔwɔ ma mo. Ɔpɛ sɛ moyɛ kronkron na motwe mo ho firi adwamammɔ ho.
For it is God’s will that you should be holy: You must abstain from sexual immorality;
4 Ɛsɛ sɛ mosua sɛdeɛ mohyɛ mo ho so na obiara atumi ne ne yere atena kronnyɛ ne animuonyam so.
each of you must know how to control his own body in holiness and honor,
5 Monntena ase akɔnnɔ anibereɛ so te sɛ wɔn a wɔnnim Onyankopɔn.
not in lustful passion like the Gentiles who do not know God;
6 Onyankopɔn akyiwadeɛ no bi nso ne sɛ, ɛnsɛ sɛ mo mu biara sisi ne yɔnko na ɔgye ne yere, ɛfiri sɛ, sɛ obi yɛ saa a, Onyankopɔn bɛtwe nʼaso dendeenden sɛdeɛ yɛadi ɛkan abɔ mo kɔkɔ no.
and no one should ever violate or exploit his brother in this regard, because the Lord will avenge all such acts, as we have already told you and solemnly warned you.
7 Onyankopɔn amfrɛ yɛn sɛ yɛmmɛbɔ adwaman, na mmom, ɔfrɛɛ yɛn sɛ yɛntena ase ahoteɛ mu.
For God has not called us to impurity, but to holiness.
8 Ɛno enti, obiara a ɔbɛpo nkyerɛkyerɛ no ntia onipa, na mmom, ɔtia Onyankopɔn a ɔma mo Honhom Kronkron no.
Anyone, then, who rejects this command does not reject man but God, the very One who gives you His Holy Spirit.
9 Ɛho nhia sɛ mɛtwerɛ mo afa ɔdɔ a ɛsɛ sɛ modɔ mo nuanom asuafoɔ no ho. Onyankopɔn akyerɛ mo ankasa ɛkwan a ɛsɛ sɛ mofa so dodɔ mo ho mo ho.
Now about brotherly love, you do not need anyone to write to you, because you yourselves have been taught by God to love one another.
10 Na moada saa ɔdɔ no adi pɛpɛɛpɛ akyerɛ anuanom a wɔwɔ Makedonia no nyinaa. Nanso, anuanom, yɛsrɛ mo sɛ monkɔ so nnodɔ mo ho mo ho mma ɛmmoro saa.
And you are indeed showing this love to all the brothers throughout Macedonia. But we urge you, brothers, to excel more and more
11 Momma ɛnyɛ mo botaeɛ sɛ mobɛtena ase dinn na moahwɛ so adi mo dwuma de abɔ mo ho akɔnhoma sɛdeɛ yɛaka akyerɛ mo dada no.
and to aspire to live quietly, to attend to your own matters, and to work with your own hands, as we instructed you.
12 Sɛ moyɛ saa a, ɛbɛma wɔn a wɔnyɛ asuafoɔ no afɛre mo na moremmisa deɛ ɛhia mo nso mfiri obiara nkyɛn.
Then you will behave properly toward outsiders, without being dependent on anyone.
13 Anuanom, yɛpɛ sɛ yɛka nokorɛ a ɛfa wɔn a wɔawuwu no ho kyerɛ mo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, morenni ho awerɛhoɔ te sɛ wɔn a wɔnni anidasoɔ no.
Brothers, we do not want you to be uninformed about those who sleep in death, so that you will not grieve like the rest, who are without hope.
14 Yɛgye di sɛ Yesu wuiɛ, na ɔsɔree bio. Enti sɛ Onyankopɔn de Yesu ba bio a, ɔde wɔn a wɔnyaa ne mu gyidie ansa na wɔrewuo no bɛka ne ho aba.
For since we believe that Jesus died and rose again, we also believe that God will bring with Jesus those who have fallen asleep in Him.
15 Awurade nkyerɛkyerɛ a yɛreka akyerɛ mo no ne sɛ, ɛda a Awurade bɛba no, yɛn a yɛte ase yi renni awufoɔ no anim ɛkan.
By the word of the Lord, we declare to you that we who are alive and remain until the coming of the Lord will by no means precede those who have fallen asleep.
16 Awurade no ankasa de ɔhyɛ a ano yɛ den, ɔbɔfoɔ panin nteamu ne Onyankopɔn totorobɛnto nnyegyeeɛ firi ɔsoro bɛba fam. Wɔn a wɔawuwu wɔ Kristo mu no bɛsɔre kane,
For the Lord Himself will descend from heaven with a loud command, with the voice of an archangel, and with the trumpet of God, and the dead in Christ will be the first to rise.
17 na wɔaboaboa yɛn a yɛte ase ɛberɛ no ne wɔn a wɔasɔre no ano wɔ omununkum mu ahyia Awurade wɔ ewiem. Na saa na yɛne Awurade bɛtena daa.
After that, we who are alive and remain will be caught up together with them in the clouds to meet the Lord in the air. And so we will always be with the Lord.
18 Enti, momfa saa asɛm yi nkyekyere obiara werɛ.
Therefore encourage one another with these words.

< 1 Tesalonikafoɔ 4 >