< 1 Tesalonikafoɔ 3 >

1 Akyire no a yɛhunuu sɛ yɛyɛ ho hwee a ɛnyɛ yie no, yɛyɛɛ yɛn adwene sɛ yɛbɛtena Atene.
Derföre kundom vi icke länger hafvat fördrag; och oss syntes, att vi uti Athen allena skulle qvare blifva;
2 Enti, yɛsomaa yɛn nua Timoteo a yɛne no yɛ Onyankopɔn adwuma no sɛ ɔnkɔka Asɛmpa a ɛfa Kristo ho mfa mmoa, nhyɛ mo gyidie den,
Och hafve sändt Timotheum, vår broder, och Guds tjenare, och vår hjelpare i Evangelio Christi, till att styrka och trösta eder i edra tro;
3 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔtaa no enti, mo mu biara mmɔ hu. Mo ara monim sɛ saa ɔtaa no yɛ Onyankopɔn pɛ a wahyehyɛ ama yɛn.
På det ingen skulle låta vika sig uti denna bedröfvelse; ty I veten, att vi ärom dertill satte.
4 Ɛberɛ a na yɛne mo wɔ hɔ no, yɛdii ɛkan ka kyerɛɛ mo sɛ, wɔbɛtaa yɛn, na sɛdeɛ monim no, saa pɛpɛɛpɛ na aba yi.
Ty när vi vorom när eder, sade vi eder det tillförene, att vi måste lida bedröfvelse; såsom ock skedt är, och I veten.
5 Yei enti, ɛsiane sɛ na asɛm no hyɛ me so enti, mesomaa Timoteo sɛ ɔmmɛhwehwɛ mo gyidie mu. Mewɔ anidasoɔ sɛ ɔbonsam ansɔ mo anhwɛ amma dwuma yɛadi no nyinaa anyɛ kwa.
Derföre kunde jag ock icke länger hafvat fördrag, utan sände åstad; på det jag skulle förfara edra tro, att tilläfventyrs frestaren icke hade försökt eder, och vårt arbete hade då fåfängt vordit.
6 Afei, Timoteo afiri mo nkyɛn aba yɛn nkyɛn abɛka anigyesɛm a ɛfa mo gyidie ne mo dɔ ho asɛm akyerɛ yɛn. Waka akyerɛ yɛn sɛ daa modwene yɛn ho adwene pa na mopɛ sɛ mohunu yɛn sɛdeɛ yɛn nso yɛpɛ sɛ yɛhunu mo no ara pɛ.
Men nu nyliga, sedan Timotheus kommen var till oss ifrån eder, och underviste oss edra tro och kärlek; och att I alltid tänken på oss till det bästa, och åstunden att se oss, såsom ock vi eder;
7 Enti, yɛn haw ne yɛn amanehunu no mu no, moahyɛ yɛn nkuran,
Vordom vi, käre bröder, hugsvalade på eder, uti all vår bedröfvelse och nöd, genom edra tro.
8 ɛfiri sɛ, sɛ mogyina pintinn wɔ Awurade mu a, na ɛma yɛn nso yɛtumi gyina biribiara ano wɔ yɛn asetena mu.
Ty vi lefve nu, efter I stån i Herranom.
9 Ɛsɛ sɛ yɛda Onyankopɔn ase ma mo. Mo enti, yɛda Onyankopɔn ase sɛ moama yɛn ho asɛpɛ yɛn wɔ nʼanim.
Hvad tack kunne vi Gudi säga för eder, för all den glädje som vi hafve af eder, för vår Gud?
10 Daa awia ne anadwo, yɛfiri yɛn akoma nyinaa mu srɛ no sɛ, ɔmma yɛne mo nhyia na yɛmma mo deɛ ɛhia mo wɔ mo gyidie mu.
Vi bedje dag och natt ganska mycket, I att vi mågom se edart ansigte, och uppfylla det i edra tro fattas.
11 Ɔno ara yɛn Onyankopɔn ne Agya no ankasa ne yɛn Awurade Yesu Kristo nsiesie kwan na yɛmmra mo nkyɛn.
Men Gud sjelfver, och vår Fader, och vår Herre Jesus Christus, skicke vår väg till eder.
12 Awurade mma mo dɔ mu nyɛ den mmoro so wɔ mo ho mo ho ne afoforɔ mu, sɛdeɛ yɛn nso yɛdɔ mo no.
Men Herren föröke eder, och låte kärleken öfverflöda inbördes och till hvar man; såsom ock vi äre till eder:
13 Mebɔ mpaeɛ sɛ Awurade ne ne nkurɔfoɔ nyinaa ba a, ɔbɛma mo akoma mu ayɛ kronkron a nkekaawa biara nni mu wɔ Agya Onyankopɔn anim.
Att edor hjerta måga styrkt och ostraffelig blifva, i helighet, för Gudi och vårom Fader, uti vårs Herras Jesu Christi tillkommelse, med all hans helgon.

< 1 Tesalonikafoɔ 3 >