< 1 Tesalonikafoɔ 2 >
1 Anuanom, mo ankasa monim sɛ nsra a yɛbɛsraa mo no anyɛ ɔkwa.
For you yourselves know, brothers, our visit to you was not in vain,
2 Monim ayayadeɛ a wɔyɛɛ yɛn ne ɔyea a wɔyaa yɛn wɔ Filipi ansa na yɛreba mo nkyɛn wɔ Tesalonika. Ɛwom sɛ na nnipa bi tia yɛn deɛ, nanso yɛn Onyankopɔn hyɛɛ yɛn den maa yɛkaa Asɛmpa a ɛfiri ne mu no.
but having suffered before and been shamefully treated, as you know, at Philippi, we grew bold in our God to tell you the Good News of God in much conflict.
3 Asɛmpa a yɛka kyerɛɛ mo no mfiri adwemmɔne anaa nnaadaa mu, na mmom, deɛ yɛkaeɛ no yɛ nokorɛ turodoo.
For our exhortation is not of error, nor of uncleanness, nor in deception.
4 Daa yɛka nokorɛ sɛdeɛ Onyankopɔn hwehwɛ yɛn sɛ yɛnka no, ɛfiri sɛ, ɔpene so na ɔde Asɛmpa no nso ama yɛn sɛ yɛnka. Yɛmpɛ sɛ yɛsɔ nnipa ani, na mmom, Onyankopɔn a ɔsɔ yɛn adwene hwɛ no ani na yɛpɛ sɛ yɛsɔ.
But even as we have been approved by God to be entrusted with the Good News, so we speak; not as pleasing people, but God, who tests our hearts.
5 Monim pefee sɛ yɛamma ha sɛ yɛrebɛka nnaadaasɛm akyerɛ mo anaasɛ yɛrebɛka nsɛm sikanibereɛ so. Onyankopɔn ne yɛn adanseɛ.
For neither were we at any time found using words of flattery, as you know, nor with a pretext for greed (God is witness),
6 Sɛ moyɛ Kristo asomafoɔ no enti, anka yɛwɔ ho kwan sɛ yɛpɛ animuonyam firi mo nkyɛn, nanso yɛmmisaa animuonyam mfirii mo anaasɛ onipa foforɔ bi nkyɛn.
nor seeking glory from people (neither from you nor from others), when we might have claimed authority as apostles of Christ.
7 Na yɛwɔ mo nkyɛn no, na yɛne mo te ɔdwoɔ so, sɛdeɛ ɔbaatan korɔkorɔ ne mma.
But we were gentle among you, like a nursing mother cherishes her own children.
8 Yɛhwɛɛ mo yie, nyaa mo ho anigyeɛ sononko, mpo yɛdaa yɛn ho so sɛ yɛde yɛn nkwa bɛto hɔ ama mo ɛberɛ a yɛde Onyankopɔn Asɛmpa no brɛɛ mo no.
Even so, affectionately longing for you, we were well pleased to impart to you, not the Good News of God only, but also our own souls, because you had become very dear to us.
9 Anuanom, menim sɛ mokae adwuma a yɛyɛeɛ ne brɛ a yɛbrɛeɛ. Yɛyɛɛ adwuma awia ne anadwo sɛdeɛ Onyankopɔn Asɛmpa no ka a yɛka kyerɛɛ mo no, yɛremfa ɔhaw bi mmɛto mo so.
For you remember, brothers, our labor and travail; for working night and day, that we might not burden any of you, we preached to you the Good News of God.
10 Mo ne Onyankopɔn yɛ yɛn adansefoɔ. Yɛn suban a yɛdaa no adi kyerɛɛ mo a mogyee Asɛmpa no diiɛ no yɛ kronn a ɛyɛ na mfomsoɔ biara nni ho.
You are witnesses with God, how holy, righteously, and blamelessly we behaved ourselves toward you who believe.
11 Mo ara monim sɛ yɛne mo tenaa sɛdeɛ agya ne nʼankasa mma tena.
As you know, as a father with his own children,
12 Yɛhyɛɛ mo nkuran; yɛkyekyeree mo werɛ na yɛkɔɔ so tuu mo fo sɛ montena ase wɔ ɛkwan a ɛsɔ Onyankopɔn a ɔfrɛ mo wɔ nʼAhennie ne nʼanimuonyam mu no so.
we exhorted, comforted, and implored every one of you to lead a life worthy of God, who calls you into his own kingdom and glory.
13 Daa yɛbɛda Onyankopɔn ase wɔ saa asɛm yi ho. Ɛberɛ a yɛkaa Onyankopɔn asɛm kyerɛɛ mo no, motieeɛ, gye dii sɛ ɛnyɛ asɛm a ɛfiri onipa nkyɛn, na mmom, ampa ara sɛ, ɛfiri Onyankopɔn nkyɛn. Mo a moagye adi no, Onyankopɔn yɛ adwuma wɔ mo mu.
For this cause we also thank God without ceasing, that, when you received from us the word of the message of God, you accepted it not as a human word, but, as it is in truth, the word of God, which also works in you who believe.
14 Anuanom, nsɛm a ɛtotoo Onyankopɔn asafo a na ɛwowɔ Yudea ne nnipa a wɔwɔ hɔ a na wɔyɛ Kristo Yesu nkurɔfoɔ no bi ara na ato mo yi. Ɔtaa a mo ara mo manfoɔ taa mo no, saa ara na Yudafoɔ no nso taa asafo no.
For you, brothers, became imitators of the churches of God which are in Judea in Christ Jesus; for you also suffered the same things from your own countrymen, even as they did from the Judeans;
15 Saa nnipa no kumm Awurade Yesu ne adiyifoɔ no, na wɔtaa yɛn nso. Onyankopɔn ani nsɔ wɔn, na wɔne nnipa di asi ɛberɛ biara.
who killed both the Lord Jesus and the prophets, and drove us out, and did not please God, and are hostile to all people;
16 Wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛsi yɛn kwan sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛrentumi nkɔka asɛm a ɛbɛma amanamanmufoɔ no nkwagyeɛ nkyerɛ wɔn. Yei ma wɔn bɔne kɔɔ so daa. Na Onyankopɔn abufuo wɔ wɔn so.
forbidding us to speak to those who are not Jewish that they may be saved; to fill up their sins always. But wrath has come on them to the uttermost.
17 Me nnamfonom, ɛberɛ tiawa bi mu no, yɛantumi amma mo nkyɛn, nanso ɛberɛ biara na yɛdwene mo ho. Yɛpɛɛ sɛ yɛhunu mo, na yɛbɔɔ mmɔden biara sɛ yɛbɛhyia mo ankasa.
But we, brothers, being bereaved of you for a short season, in presence, not in heart, tried even harder to see your face with great desire,
18 Yɛpɛɛ sɛ yɛbɛsane aba mo nkyɛn. Me Paulo deɛ, na mepɛ sɛ meba hɔ boro pɛnkorɔ nanso ɔbonsam sii yɛn ho ɛkwan.
because we wanted to come to you—indeed, I, Paul, once and again—but Satan hindered us.
19 Nanso, ne nyinaa akyi no, mo nko ara ne yɛn anidasoɔ ne yɛn ahosɛpɛ. Na sɛ yɛbɛtumi ahoahoa yɛn ho nkonimdie mu wɔ Awurade Yesu anim wɔ ne ba no mu a, ɛgyina mo so.
For what is our hope, or joy, or crown of rejoicing? Is it not even you, before our Lord Jesus at his coming?
20 Nokorɛm, yɛn ahohoahoa ne yɛn ahosɛpɛ gyina mo so.
For you are our glory and our joy.