< 1 Samuel 6 >

1 Awurade Apam Adaka no dii Filistifoɔ asase so abosome nson.
And the ark of the Lord was in the fields of the Philistines seven months.
2 Na Filistifoɔ no frɛɛ wɔn asɔfoɔ ne wɔn nsamanfrɛfoɔ bisaa wɔn sɛ, “Ɛdeɛn na yɛnyɛ Awurade Apam Adaka yi? Monkyerɛ yɛn ɛkwan a yɛmfa so nsane mfa nkɔ asase a ɛfiri soɔ no so.”
And the Philistines called for the priests and the diviners, saying, What shall we do with the ark of the Lord? let us know wherewith we shall send off it to its place.
3 Wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monsane mfa Israel Onyankopɔn Apam Adaka no nkɔ baabi a mokɔfaa no, na momfa akyɛdeɛ nka ho. Momfa afɔdie afɔdeɛ nka ho, na ama ɔyaredɔm no agyae. Na sɛ ɔyaredɔm no annyae a, ɛbɛma moahunu sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔde baeɛ.”
And they said, If ye send away the ark of the God of Israel, send it not away empty; but ye must to a certainty return him a trespass-offering: then will ye be healed, and it will be known to you why his hand is not removed from you.
4 Wɔbisaa sɛ, “Ɛnneɛ, na afɔdie afɔdeɛ bɛn na yɛmfa nkɔ?” Na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Esiane sɛ ɔyaredɔm no abɔ mo ne mo sodifoɔ baanum enti, monyɛ sikakɔkɔɔ te sɛ mpɔmpɔ sɛso enum ne sikakɔkɔɔ akusie sɛso enum te sɛ deɛ sodifoɔ no dodoɔ teɛ.
And they said, What shall be the trespass-offering that we shall return to him? And they answered, According to the number of the lords of the Philistines, five golden hemorrhoids, and five golden mice; for one plague affected them all, and your lords.
5 Monyɛ saa nneɛma yi nyinaa fa nkyerɛ anidie a mowɔ ma Israel Onyankopɔn. Na ebia, ɔbɛgyae mo, mo anyame ne mo asase amanehunu no.
Therefore make images of your hemorrhoids, and images of your mice that devastate the land; and give glory unto the God of Israel: perhaps he will lighten his hand from off you, and from off your gods, and from off your land.
6 Monnyɛ asoɔden, nnyɛ adɔnyɛfoɔ, sɛdeɛ Farao ne Misraimfoɔ yɛeɛ no. Wɔamma Israelfoɔ ankɔ kɔsii sɛ Onyankopɔn maa ɔyaredɔm te guu wɔn so.
And why will ye harden your heart, just as the Egyptians and Pharaoh hardened their heart? Did not they, when he had wrought wonderful deeds among them, dismiss them, and they departed?
7 “Afei, monyɛ teaseɛnam foforɔ, na monhwehwɛ anantwibereɛ mmienu a afei na wɔawo mma foforɔ. Monhwɛ sɛ wɔntwee teaseɛnam da. Momfa anantwie no nsesa teaseɛnam no na montete wɔn mma no mfiri wɔn ho, mfa wɔn nkɔgu wɔn buo mu.
And now make a new wagon, and take two milch-cows, on which there hath come no yoke, and harness the cows to the wagon, and bring their calves home away from them:
8 Momfa Awurade Apam Adaka no nsi teaseɛnam no mu, na momfa adakawa a sikakɔkɔɔ akusie sɛso ne sikakɔkɔɔ mpɔmpɔ sɛso wɔ mu no nsi nkyɛn. Afei, momma anantwie no nkɔ baabiara a wɔpɛ.
And take the ark of the Lord, and place it into the wagon; and the articles of gold, which ye return him as a trespass-offering, ye must put in a casket alongside of it; and then send it away, that it may go.
9 Na sɛ wɔtra yɛn asase hyeɛ, na wɔkɔduru Bet-Semes a, ɛbɛma yɛahunu sɛ, ɛyɛ Awurade na ɔde saa amanehunu kɛseɛ yi baa yɛn so. Na sɛ amma no saa a, yɛbɛhunu sɛ saa ɔyaredɔm a ɛbaa yɛn so no yɛ akwanhyia bi, na mmom, ɛmfiri Awurade, ɛkwan biara so.”
And then see, if it go up by the way to its own boundary, to Beth-shemesh, then hath he done us this great evil; but if not, then shall we know that not his hand hath smitten us; it is a chance which hath happened to us.
10 Wɔyɛɛ saa. Wɔfaa anantwie mmienu a wɔawo foforɔ de wɔn saa teaseɛnam no so, na wɔde wɔn mma no guu buo mu.
And the men did so; and they took two milch-cows, and harnessed them to the wagon, and their calves they shut up at home:
11 Wɔde Awurade Apam Adaka no sii teaseɛnam no mu. Wɔde adakawa a sikakɔkɔɔ akusie sɛso ne sikakɔkɔɔ mpɔmpɔ sɛso wɔ mu no sii ho.
And they placed the ark of the Lord in the wagon, and the casket with the mice of gold and images of their hemorrhoids.
12 Afei, anantwie no de su faa tempɔn a ɛkɔ Bet-Semes no so tee. Filistifoɔ sodifoɔ dii wɔn akyi ara kɔsii Bet-Semes hyeɛ so.
And the cows went straight forward on the way on the road to Beth-shemesh: on one highway they did go along, lowing as they went, and turned not aside to the right or to the left; and the lords of the Philistines went after them as far as the border of Beth-shemesh.
13 Saa ɛberɛ no, na Bet-Semesfoɔ retwa wɔn atokoɔ wɔ bɔnhwa no mu. Enti, wɔpagyaa wɔn ani hunuu Adaka no, wɔdii ahurisie.
And they of Beth-shemesh were reaping their wheat harvest in the valley; and when they lifted up their eyes, and saw the ark, they rejoiced to see it.
14 Teaseɛnam no kɔduruu ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yosua a ɔfiri Bet-Semes afuo mu no, ɛgyinaa ɔbotan kɛseɛ bi ho. Nnipa no twitwaa nnua a wɔde yɛɛ teaseɛnam no mu. Na wɔde anantwie no bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ maa Awurade.
And the wagon came to the field of Joshua, the Beth-shemite, and stood still there; and there was a great stone; and they split the wood of the wagon, and the cows they offered as a burnt-offering unto the Lord.
15 Lewifoɔ no mu bebree faa adaka no ne adakawa a sika agudeɛ wɔ mu no, na wɔde guu ɔbotan kɛseɛ no so. Saa ɛda no, Bet-Semesfoɔ bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ bebree maa Awurade.
And the Levites took down the ark of the Lord, and the casket that was with it, wherein were the articles of gold, and put them on the great stone; and the men of Beth-shemesh offered bunt-offerings and sacrificed sacrifices on the same day unto the Lord.
16 Filistifoɔ sodifoɔ baanum no hwɛɛ yeinom nyinaa, na ɛda no ara, wɔsane kɔɔ Ekron.
And when the five lords of the Philistines had seen it, they returned to 'Ekron on the same day.
17 Sikakɔkɔɔ mpɔmpɔ sɛso a Filistifoɔ no de kɔɔ sɛ asodie afɔdeɛ, de maa Awurade no yɛ akyɛdeɛ a ɛfiri Asdod, Gasa, Askelon, Gat ne Ekron sodifoɔ nkyɛn.
And these are the golden hemorrhoids which the Philistines returned as a trespass-offering unto the Lord: For Ashdod one, for Gazzah one, for Ashkelon one, for Gath one, for 'Ekron one.
18 Sikakɔkɔɔ akusie sɛso enum no nso gyina hɔ ma Filistifoɔ nkuropɔn enum no ne nkurotoɔ a atwa ho ahyia no a na sodifoɔ baanum no hwɛ so no. Ɔbotan kɛseɛ a na ɛwɔ Bet-Semes a wɔde Awurade Apam Adaka no siiɛ no nso da so tim Yosua afuom bɛsi ɛnnɛ sɛ nkaedeɛ a ɛkyerɛ asɛm a ɛsii hɔ no.
And the golden mice were according to the number of all the cities of the Philistines under the five lords, from the fortified city, down to the open village, even unto the great stone whereon they had set down the ark of the Lord, and which is unto this day in the field of Joshua, the Beth-shemite.
19 Na Awurade kunkumm Bet-Semesfoɔ no mmarima aduɔson sɛ wɔahwɛ Awurade Apam Adaka no mu. Na deɛ Awurade yɛeɛ no enti, nnipa no twaa agyaadwoɔ pa ara.
And he smote among the men of Beth-shemesh, because they had looked into the ark of the Lord, namely, he smote among the people seventy men and fifty thousand men: and the people mourned because the Lord had caused among the people a great slaughter.
20 Wɔsu bisaa sɛ, “Hwan na ɔbɛtumi agyina Awurade, Ɔkronkronni Onyankopɔn anim? Ɛhe na yɛbɛtumi de adaka yi afiri ha akɔ?”
And the men of Beth-shemesh said, Who is able to stand before the Lord, this holy God? and to whom shall it go up away from us?
21 Enti, wɔsomaa abɔfoɔ kɔɔ Kiriat-Yearimfoɔ nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Filistifoɔ no asane de Awurade Apam Adaka no aba. Yɛsrɛ mo, mommra ha mmɛgye!”
And they sent messengers to the inhabitants of Kiryath-ye'arim, saying, The Philistines have brought back the ark of the Lord: come ye down, and fetch it up to you.

< 1 Samuel 6 >