< 1 Samuel 31 >

1 Afei, Filistifoɔ no ko tiaa Israel. Israelfoɔ no dwanee wɔ wɔn anim, na wɔkunkumm pii wɔ Gilboa bepɔ so.
ופלשתים נלחמים בישראל וינסו אנשי ישראל מפני פלשתים ויפלו חללים בהר הגלבע
2 Filistifoɔ no kɔɔ Saulo ne ne mmammarima so, kunkumm wɔn mu baasa a ɛyɛ Yonatan, Abinadab ne Malki-Sua.
וידבקו פלשתים את שאול ואת בניו ויכו פלשתים את יהונתן ואת אבינדב ואת מלכישוע--בני שאול
3 Ɔko no mu yɛɛ den wɔ baabi a na Saulo wɔ hɔ. Filistifoɔ agyantofoɔ no bɛn no, na wɔpiraa no kɛse pa ara.
ותכבד המלחמה אל שאול וימצאהו המורים אנשים בקשת ויחל מאד מהמורים
4 Saulo firi yea mu ka kyerɛɛ nʼakodeɛkurafoɔ no sɛ, “Twe wo akofena no, na fa wɔ me, na wɔn a wɔntwaa twetia no amfa wɔn akofena ammɛwɔ me, angu mʼanim ase.” Na nʼakodeɛkurafoɔ no suroo sɛ ɔbɛyɛ saa. Enti, Saulo twee ɔno ankasa akofena sinaa ne ho wɔ so.
ויאמר שאול לנשא כליו שלף חרבך ודקרני בה פן יבואו הערלים האלה ודקרני והתעללו בי ולא אבה נשא כליו כי ירא מאד ויקח שאול את החרב ויפל עליה
5 Ɛberɛ a nʼakodeɛkurafoɔ no hunuu sɛ wawuo no, ɔno nso sinaa ne ho wɔ nʼankasa akofena no so, na ɔwu daa ne ho.
וירא נשא כליו כי מת שאול ויפל גם הוא על חרבו וימת עמו
6 Enti, Saulo ne ne mma mmarima baasa, nʼakodeɛkurafoɔ ne nʼakodɔm nyinaa totɔɔ saa ɛda no.
וימת שאול ושלשת בניו ונשא כליו גם כל אנשיו ביום ההוא--יחדו
7 Ɛberɛ a Israelfoɔ a wɔwɔ Yesreel bɔnhwa no fa baabi ne Yordan agya no hunuu sɛ Israel akodɔm no adi nkoguo, na Saulo nso ne ne mmammarima no nso atotɔ no, wɔgyaa wɔn nkuro hɔ dwaneeɛ. Na Filistifoɔ no bɛtenaa hɔ.
ויראו אנשי ישראל אשר בעבר העמק ואשר בעבר הירדן כי נסו אנשי ישראל וכי מתו שאול ובניו ויעזבו את הערים וינסו ויבאו פלשתים וישבו בהן
8 Adeɛ kyeeɛ a Filistifoɔ kɔyiyii atɔfoɔ no ho no, wɔhunuu Saulo ne ne mmammarima baasa no amu wɔ Gilboa bepɔ so.
ויהי ממחרת ויבאו פלשתים לפשט את החללים וימצאו את שאול ואת שלשת בניו נפלים בהר הגלבע
9 Enti, wɔtwaa Saulo ti, yiyii nʼakodeɛ nyinaa. Afei, wɔbɔɔ Saulo wuo no dawuro wɔ wɔn abosomfie, ne ɔman no mu nyinaa.
ויכרתו את ראשו ויפשטו את כליו וישלחו בארץ פלשתים סביב לבשר בית עצביהם--ואת העם
10 Wɔde nʼakodeɛ no kɔguu Astoret asɔreeɛ so, na wɔkyekyeree nʼamu no fam kuropɔn Bet-San ɔfasuo ho.
וישימו את כליו בית עשתרות ואת גויתו תקעו בחומת בית שן
11 Na Yabes Gileadfoɔ tee deɛ Filistifoɔ ayɛ Saulo no,
וישמעו אליו ישבי יביש גלעד את אשר עשו פלשתים לשאול
12 wɔn akofoɔ twaa ɛkwan anadwo mu no nyinaa kɔɔ Bet-San kɔfaa Saulo ne ne mmammarima baasa no amu firii ɔfasuo no ho. Wɔde kɔɔ Yabes bɛhyee wɔn.
ויקומו כל איש חיל וילכו כל הלילה ויקחו את גוית שאול ואת גוית בניו מחומת בית שן ויבאו יבשה וישרפו אתם שם
13 Afei, wɔfaa wɔn nnompe kɔkoraa no odum dua no ase wɔ Yabes, na wɔdii mmuada nnanson.
ויקחו את עצמתיהם ויקברו תחת האשל ביבשה ויצמו שבעת ימים

< 1 Samuel 31 >