< 1 Samuel 29 >
1 Filistifoɔ no boaboaa wɔn akodɔm nyinaa ano wɔ Afek, na Israelfoɔ nso kɔkyeree sraban wɔ asutire bi ho wɔ Yesreel.
非利士人將他們的軍旅聚到亞弗;以色列人在耶斯列的泉旁安營。
2 Ɛberɛ a Filistifoɔ ntuanofoɔ de wɔn nsraadɔm akuakuo ɔha ɔha mu ne mpempem retu ɔsa no, na Dawid nso ne ne dɔm retu sa wɔ wɔn akyi a, Akis ka wɔn ho.
非利士人的首領各率軍隊,或百或千,挨次前進;大衛和跟隨他的人同着亞吉跟在後邊。
3 Filistifoɔ asahene no bisaa sɛ, “Ɛdeɛn na Hebrifoɔ yi reyɛ wɔ ha?” Akis buaa sɛ, “Ɔyi ne Dawid, ɔbarima a ɔdwane firii Israelhene Saulo anim no. Waba me nkyɛn ha ne me abɛtena bɛboro afe nie. Na ɛfiri ɛberɛ a ɔgyaa Saulo hɔ bɛsi ɛnnɛ yi, menhunuu ne ho mfomsoɔ biara.”
非利士人的首領說:「這些希伯來人在這裏做甚麼呢?」亞吉對他們說:「這不是以色列王掃羅的臣子大衛嗎?他在我這裏有些年日了。自從他投降我直到今日,我未曾見他有過錯。」
4 Na Filistifoɔ asahene no bo fuu no kaa sɛ, “Ma ɔbarima no nsane nkɔ, sɛdeɛ ɔbɛkɔ baabi a wode maa no no. Ɛnsɛ sɛ ɔka yɛn ho kɔ ɔko no, ɛfiri sɛ, sɛ anhwɛ a, ɔbɛdane nʼani ako atia yɛn wɔ ɔko no mu. Ɛkwan foforɔ bi wɔ hɔ a ɔbɛfa so ne ne wura Saulo aka abɔ mu a ɛsene sɛ ɔbɛko atia yɛn anaa?
非利士人的首領向亞吉發怒,對他說:「你要叫這人回你所安置他的地方,不可叫他同我們出戰,恐怕他在陣上反為我們的敵人。他用甚麼與他主人復和呢?豈不是用我們這些人的首級嗎?
5 Ɛnyɛ saa Dawid yi na wɔtoo dwom faa ne ho wɔ wɔn asa mu sɛ: “Saulo akum ne mpempem na Dawid deɛ, wakum ɔpedu ɔpedu no?”
從前以色列的婦女跳舞唱和說:『掃羅殺死千千,大衛殺死萬萬』,所說的不是這個大衛嗎?」
6 Na Akis frɛɛ Dawid ka kyerɛɛ no sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade te ase yi, menhyiaa mmarima a wɔte sɛ mo, anka mepɛ sɛ mo ne yɛn kɔ ɔko, nanso Filistifoɔ sodifoɔ a aka no mpene so.
亞吉叫大衛來,對他說:「我指着永生的耶和華起誓,你是正直人。你隨我在軍中出入,我看你甚好。自從你投奔我到如今,我未曾見你有甚麼過失;只是眾首領不喜悅你。
7 Enti, sane wʼakyi na kɔ no asomdwoeɛ mu. Ɛno enti, nyɛ biribiara a ɛbɛha Filistifoɔ no.”
現在你可以平平安安地回去,免得非利士人的首領不歡喜你。」
8 Dawid bisaa sɛ, “Ɛdeɛn na mayɛ a ɛsɛ sɛ wɔde me fa saa ɛkwan yi so? Adɛn enti na ɛnsɛ sɛ meko tia me wura ɔhene no atamfoɔ?”
大衛對亞吉說:「我做了甚麼呢?自從僕人到你面前,直到今日,你查出我有甚麼過錯,使我不去攻擊主-我王的仇敵呢?」
9 Nanso, Akis gyinaa mu pintinn kaa sɛ, “Me nko ara me fa mu deɛ, woyɛ pɛpɛ te sɛ Onyankopɔn ɔbɔfoɔ. Nanso, asahene no suro sɛ wɔde wo bɛka wɔn ho wɔ ɔko mu.
亞吉說:「我知道你在我眼前是好人,如同上帝的使者一般;只是非利士人的首領說:『這人不可同我們出戰。』
10 Enti, sɔre anɔpahema, na wo ne wo mmarima no nkɔ ɛberɛ a animu retete no.”
故此你和跟隨你的人,就是你本主的僕人,要明日早晨起來,等到天亮回去吧!」
11 Na Dawid sane kɔɔ Filistifoɔ asase so, na Filistifoɔ akodɔm no nso kɔɔ Yesreel.
於是大衛和跟隨他的人早晨起來,回往非利士地去。非利士人也上耶斯列去了。