< 1 Samuel 25 >
1 Afei, Samuel wuiɛ na Israel nyinaa hyia yɛɛ no ayie. Na wɔsiee no wɔ ne kurom Rama. Na Dawid tu kɔɔ Maon ɛserɛ so.
Samuel died. Everyone in Israel gathered to mourn for him, and they buried him at his home in Ramah. David left and went to the Desert of Paran.
2 Na ɔbarima ɔdefoɔ bi a ɔfiri Maon a na ɔwɔ agyapadeɛ wɔ baabi a ɛbɛn akuraa Karmel. Na ɔwɔ mmirekyie apem ne nnwan mpensa. Na ɛyɛ mmoa ho nwi twitwa berɛ.
A man from Maon was very wealthy. He had property in Carmel and owned one thousand goats and three thousand sheep. He was in Carmel shearing them.
3 Saa ɔbarima no din de Nabal. Ne yere nso din de Abigail. Na ɔyɛ ɔbaa a ɔnim nyansa na ne ho nso yɛ fɛ. Nanso, na ne kunu a ɔyɛ Kalebni no mpɔeɛ, na ne suban nso nyɛ fɛ.
The man's name was Nabal, and his wife's name was Abigail. She was a wise and beautiful woman, but her husband was cruel and treated people badly. He was a descendant of Caleb.
4 Ɛberɛ a Dawid tee sɛ Nabal retwitwa ne mmoa ho nwi no,
David was in the wilderness, and he heard that Nabal was shearing sheep.
5 ɔsomaa mmarima mmabunu edu kɔɔ ne nkyɛn. Ɔde nkra maa wɔn sɛ,
So David sent ten of his young men and told them, “Go and see Nabal at Carmel. Greet him in my name, and say hello from me.
6 “Wo nkwa so! Wo ne wo fiefoɔ nyinaa nnya ahoɔden! Na wʼagyapadeɛ nyinaa nso nyɛ nhyira.
Tell him, ‘I wish you a long life! Peace to you and your family, and may everything you do prosper.
7 “Mate sɛ woretwitwa wo nnwan ne mmirekyie ho nwi. Ɛberɛ a na mo nnwanhwɛfoɔ wɔ yɛn nkyɛn ha no, yɛanyɛ wɔn basabasa. Na mmerɛ dodoɔ a wɔdii wɔ Karmel no nso, wɔn biribiara annyera.
Now I've heard that you are busy shearing. When your shepherds were with us, we didn't mistreat them, and nothing belonging to them was stolen all the time they were in Carmel.
8 Bisa wo ara wʼasomfoɔ na wɔbɛka akyerɛ wo. Yɛaba ha wɔ afahyɛ ɛda, ɛno enti, mesrɛ wo, ma yɛn aduane biara a wo nsa bɛso so.”
Check with your men and they'll confirm it. Please be kind to my men, especially since we've come on this day of celebration. Please give whatever food you can to us and to your good friend David.’”
9 Dawid mmeranteɛ no de nkra no maa Nabal na wɔtwɛnee ne mmuaeɛ.
David's young men arrived, gave Nabal this message from David, and waited for his reply.
10 Nabal buaa Dawid asomfoɔ no sɛ, “Hwan ne saa Dawid yi? Saa Yisai babarima yi dwene sɛ ɔne hwan? Nnansa yi, asomfoɔ bebree retete wɔn ho afiri wɔn wuranom ho.
“Who does this ‘David, son of Jesse’ think he is?” Nabal replied. “Nowadays there are many servants on the run from their masters!
11 Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mede me burodo ne me nsuo ne mʼaboa a makum no ɛnam a mede rebɛma me nwitwitwafoɔ no ma akwanmukafoɔ a obi nnim baabi a wɔfiri?”
Why should I take the bread and water I've supplied, and the meat I've slaughtered for my shearers, and hand it over to these strangers? I don't even know where they're from!”
12 Na Dawid mmarima no sane kɔeɛ, kɔkaa deɛ Nabal kaeɛ no kyerɛɛ no.
So David's men turned around and went back the way they came. When they got back they told David everything Nabal had said.
13 Dawid ka kyerɛɛ ne mmarima no sɛ, “Momfa mo akofena.” Na Dawid nso faa ne deɛ. Mmarima bɛyɛ sɛ ahanan na wɔkaa Dawid ho kɔeɛ, ɛnna mmarima ahanu nso tena wɛnee akodeɛ no.
“Everyone, put on your swords!” David ordered. They all put on their swords, and David did too. About four hundred followed David, while two hundred remained behind to guard their gear.
14 Nabal asomfoɔ no mu baako kɔka kyerɛɛ Nabal yere Abigail sɛ, “Dawid somaa abɔfoɔ firi ɛserɛ no so sɛ wɔ ne yɛn wura mmɛkasa, nanso ɔdidii wɔn atɛm.
In the meantime one of Nabal's men told Abigail, Nabal's wife, “David sent some messengers from the wilderness to bring greetings to our master, but he only insulted them.
15 Nanso Dawid nnipa no yɛ ma yɛn. Wɔannyɛ yɛn bɔne biara. Ɛberɛ a yɛne wɔn wɔ hɔ no, wɔamfa yɛn biribiara.
David's men were always very good to us and they never mistreated us. All the time we were out in the fields with them nothing was stolen from us.
16 Anadwo ne awia nyinaa, na wɔbɔ yɛn ne nnwan no ho ban.
They were like a protective wall to us, both day and night, during the whole time we were with them looking after the sheep.
17 Enti, dwene ho yie, anyɛ saa a asɛm bɛto yɛn wura ne nʼabusua nyinaa. Ɔyɛ obi a ne bo ha no na obiara ntumi nkasa nkyerɛ no.”
You should know what happened and consider what you should do about it. Disaster is about to strike our master and his whole family, but he's so obnoxious no one can talk sense into him!”
18 Abigail ansɛe berɛ koraa. Ɔfaa burodo mua ahanu, nsã aboa nwoma mmienu, nnwan enum a wɔakum wɔn asiesie wɔn, nkyeweɛ susudeɛ enum, bobe ɔfam ɔha ne bobe aba a wɔabɔ no ntowantowa ahanu de soaa mfunumu.
Abigail quickly gathered together two hundred loaves of bread, two skins of wine, five sheep already slaughtered, five seahs of roasted grain, a hundred raisin cakes, and two hundred fig cakes, and then loaded everything on donkeys.
19 Na ɔka kyerɛɛ nʼasomfoɔ sɛ, “Monni ɛkan nkɔ. Mɛti mo.” Nanso, wanka deɛ na ɔreyɛ no ankyerɛ ne kunu Nabal.
She told her men, “Go on ahead. I'll follow you.” But she didn't say anything to her husband Nabal.
20 Ɔte nʼafunumu so nam ara kɔsii bepɔ bi nsiane mu no, ɔhunuu Dawid nso ne ne mmarima sɛ wɔresiane hyia no.
As Abigail was riding her donkey through a mountain valley, she saw David and his men descending towards her, and she met them.
21 Na Dawid aka sɛ, “Mfasoɔ biara nni so sɛ mahwɛ saa onipa yi agyapadeɛ so wɔ ɛserɛ so a ne biribiara annyera. Ɔde bɔne atua me papa a meyɛɛ no no so ka.
David had just been complaining, “So much for my protecting everything that belonged to this man in the wilderness! Nothing at all was stolen from him, and yet what does he do? Pay me back evil for good!
22 Sɛ ɛba sɛ ɔkyena ne fieni bi da so te ase a, Onyankopɔn ne me nni no denden so pa ara.”
May God punish me very severely if I leave even a single one of his men alive by morning!”
23 Abigail hunuu Dawid no, ntɛm ara, ɔhuri firii nʼafunumu no so sii fam, bɔɔ ne mu ase wɔ nʼanim.
When Abigail saw David, she quickly got off the donkey, and bowed before him, her face to the ground.
24 Ɔhwee ne nan ase kaa sɛ, “Me wura, megye saa asɛm yi ho afɔdie nyinaa to me ho so. Mesrɛ wo sɛ, tie asɛm a mewɔ ka.
Falling at his feet in respect, she said, “Sir, I accept full responsibility for what's happened. Please listen to what I, your servant, have to say.
25 Menim sɛ Nabal yɛ otirimuɔdenfoɔ a ne bo nso ha no; mesrɛ wo, ntie no. Ɔyɛ ɔkwasea sɛdeɛ ne din kyerɛ no. Na mpo, abɔfoɔ a wosomaa wɔn no, manhunu wɔn.
Please don't concern yourself with this worthless man Nabal. His name means ‘fool,’ and he is really foolish! As for me, your servant, I didn't even see the men you sent.
26 Afei, me wura, mpɛn dodoɔ a Awurade te ase, na wo nso wote ase na Awurade amma woamfa awudie ne aweretɔ anhyɛ wo nsam yi, ma mmusuo mmra wʼatamfoɔ nyinaa so, sɛdeɛ ebi aba Nabal so yi.
Now, sir, as the Lord lives and as you live, the Lord has kept you from shedding blood and from taking your own revenge. Sir, may your enemies and those who want to do you harm be like Nabal.
27 Akyɛdeɛ a mede abrɛ wo ne wo mmeranteɛ no nie.
Please accept this present that I, your servant, have brought to you, sir, and give it to your men.
28 “Mesrɛ wo, sɛ mafom a, fa kyɛ me. Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ Awurade de efie a nʼahennie ase bɛtim bɛdom wo, ɛfiri sɛ, woreko Awurade ko. Na wonyɛɛ bɔne biara nso wɔ wʼasetena mu.
Please forgive any offense that I, your servant, have committed, for the Lord is sure to set up a dynasty for you that will last for a long time, because you, sir, fight the battles of the Lord. Wickedness should not be found in you as long as you live.
29 Na sɛ ɛba sɛ wɔn a wɔpɛ wo kra no taataa wo so a, Awurade, wo Onyankopɔn, bɛgye wo, abɔ wo ho ban sɛdeɛ wɔbɔ ademudeɛ ho ban. Na wʼatamfoɔ nkwa deɛ, ɛbɛyera te sɛ aboɔ a wɔato firi ahwimmoɔ mu.
If anyone pursues you and tries to kill you, then your life will remain bound up with those the Lord your God looks after, safe in his care. But he will throw away the lives of your enemies like stones from a sling.
30 Sɛ Awurade di ɛbɔ a ɔhyɛɛ wo no nyinaa so ma wo, na ɔde wo di Israelhene a,
So when the Lord has done for you, sir, everything good he promised, and has made you ruler over Israel,
31 mma yei nnyɛ nkekaawa wɔ wʼabrabɔ mu. Na worensoa wʼahonim adesoa duruduru a ɛfiri mogyakaguo ne aweretɔ a ɛho nni mfasoɔ ho. Na sɛ Awurade yɛ saa nneɛma akɛseɛ yi ma wo a, mesrɛ wo, kae me!”
you won't have feelings of remorse or a guilty conscience over unnecessary bloodshed or of taking your own revenge. And when the Lord has done these good things for you, sir, please remember me, your maidservant.”
32 Dawid buaa Abigail sɛ, “Nhyira nka Awurade, Israel Onyankopɔn a wama woabɛhyia me ɛnnɛ.
Then David said to Abigail, “Praise the Lord, the God of Israel, who sent you to meet me today!
33 Ɛda Awurade ase wɔ wʼadwene pa ho. Nhyira nka wo sɛ woamma me ankum ɔbarima no, na woamma mamfa me nsa antɔ wedeɛ.
May you be rewarded for your wise decisions, for preventing me from shedding blood today and taking my own revenge.
34 Na meka Awurade, Israel Onyankopɔn a wamma me manyɛ wo bɔne no ntam sɛ, sɛ woanka wo ho ammɛhyia me a, anka ɛbɛduru ɔkyena anɔpa no, na Nabal mmarima no mu baako koraa nte ase.”
On the contrary, as the Lord, the God of Israel, lives, who has kept me from harming you, if you hadn't rushed to meet me, then definitely not a single one of Nabal's men would have been left alive by dawn.”
35 Na Dawid gyee nʼakyɛdeɛ no, ka kyerɛɛ no sɛ, “Sane kɔ efie asomdwoeɛ mu. Yɛrenkum wo kunu no.”
David accepted from Abigail what she had brought him, and told her, “You may go home in peace, because I agree with your advice and grant your request.”
36 Ɛberɛ a Abigail duruu fie no, ɔhunuu sɛ Nabal ato ɛpono kɛseɛ sɛ ɔhene. Na waboro nsã enti, wanka biribiara a ɛfa ɔne Dawid nhyiamu no ho ankyerɛ no kɔsii adekyeeɛ.
When Abigail got back home to Nabal, he was in the house, partying like a king. He was feeling very merry, and he was very drunk. So she didn't tell him anything until the morning.
37 Adeɛ kyeeɛ a nʼani so ada hɔ no, Abigail kaa nsɛm a asisi no kyerɛɛ no. Nabal tee nsɛm no, ɔbubu kaa mpa so.
When Nabal had sobered up the next morning, his wife told him what had happened. When he heard what she had to say he had a heart attack and was paralyzed.
38 Dadu akyi no, Awurade bɔɔ no ma ɔwuiɛ.
About ten days later the Lord struck Nabal down and he died.
39 Dawid tee sɛ Nabal awu no, ɔkaa sɛ, “Nhyira nka Awurade a watua Nabal ka na wamma mankum no. Nabal anya ne bɔne so akatua.” Na Dawid yɛɛ ntɛm soma kɔɔ Abigail nkyɛn, maa wɔkɔka kyerɛɛ no sɛ, ɔbɛware no.
When David heard that Nabal was dead, he said, “Praise the Lord who has supported me against Nabal's insult and has kept me from doing evil. For the Lord made Nabal's wickedness fall back on himself.” Then David sent a message to Abigail, asking for her to marry him.
40 Asomfoɔ no kɔɔ Karmel kɔka kyerɛɛ Abigail sɛ, “Dawid asoma yɛn sɛ yɛmmra mmɛbisa wo sɛ wobɛware no anaa?”
When David's men arrived at Carmel, they said to Abigail, “David has sent us to you to bring you back to become his wife.”
41 Ɔbɔɔ ne mu ase de nʼanim kyerɛɛ fam kaa sɛ, “Aane, masiesie me ho sɛ mɛsom Dawid asomfoɔ mpo.”
She stood up, then bowed down low, and said, “I am David's maidservant. I am prepared to serve and to wash the feet of my master's servants.”
42 Ntɛm ara, Abigail huri tenaa nʼafunumu so, faa ne mmaawa baanum kaa ne ho, na ɔne Dawid asomfoɔ no kɔeɛ, na ɔbɛyɛɛ Dawid yere.
Abigail quickly got on a donkey and, with her five female servants, went back with David's men and became his wife.
43 Dawid waree Ahinoam a ɔfiri Yesreel, na wɔn baanu bɛyɛɛ ne yerenom.
David had also married Ahinoam of Jezreel. So they both were his wives.
44 Na Saulo de ne babaa Mikal, Dawid yere, ama ɔbarima bi a ɔfiri Galim a ne din de Palti a na ɔyɛ Lais babarima.
However, Saul had given his daughter Michal, David's wife, to Paltiel, son of Laish. He was from Gallim.