< 1 Samuel 24 >
1 Saulo ne Filistifoɔ no ko wieeɛ no, wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Dawid hyɛ En-Gedi ɛserɛ so hɔ.”
E quando Saul voltou dos filisteus, deram-lhe aviso dizendo: Eis que Davi está no deserto de En-Gedi.
2 Ɛno enti, Saulo yii mmarima mpensa firii Israel mmaa nyinaa, de wɔn kɔɔeɛ sɛ wɔrekɔhwehwɛ Dawid ne ne mmarima wɔ beaeɛ bi a ɛbɛn Wiram Mmirekyie Abotan no.
E tomando Saul três mil homens escolhidos de todo Israel, foi em busca de Davi e dos seus, pelos cumes dos penhascos das cabras montesas.
3 Ɔbɛduruu nnwammuo bi ho a ɛhɔ ara nso na ɔbodan bi wɔ no, Saulo wuraa mu sɛ, ɔrekɔgye nʼahome. Na Dawid ne ne mmarima no wɔ saa ɔbodan no mu akyirikyiri.
E quando chegou a uma malhada de ovelhas no caminho, de onde havia uma cova, entrou Saul nela para fazer necessidade; e Davi e os seus estavam aos lados da cova.
4 Mmarima no kaa sɛ, “Ɛnnɛ ne ɛda a Awurade kaa sɛ, ‘Mede wo ɔtamfoɔ bɛhyɛ wo nsa, na woayɛ no deɛ wopɛ biara’ no”. Na Dawid weawea kɔɔ Saulo ho, kɔtwaa nʼatadeɛ ano.
Então os de Davi lhe disseram: Eis que o dia que te disse o SENHOR: Eis que entregou tu inimigo em tuas mãos, e farás com ele como te parecer. E levantou-se Davi, e caladamente cortou a beira do manto de Saul.
5 Na Dawid adwenem antene no sɛ watwa Saulo atadeɛ ano.
Depois do qual o coração de Davi lhe golpeava, porque havia cortado a beira do manto de Saul.
6 Ɔka kyerɛɛ ne mmarima no sɛ, “Awurade nim sɛ ɛnsɛ sɛ meyɛ saa. Ɛyɛ musuo sɛ obi mɛtene me nsa wɔ obi a Awurade asra no ngo so; ɛfiri sɛ, Awurade ankasa na wapa no.”
E disse aos seus: o SENHOR me guarde de fazer tal coisa contra meu senhor, o ungido do SENHOR, que eu estenda minha mão contra ele; porque é o ungido do SENHOR.
7 Ɔnam saa nsɛm yi so kaa ne mmarima no anim, na wamma ho kwan amma wɔankɔ Saulo so. Na Saulo firii ɔbodan no mu kɔɔ ne kwan no.
Assim Davi conteve os seus com palavras, e não lhes permitiu que se levantassem contra Saul. E Saul, saindo da cova, foi-se seu caminho.
8 Dawid pue baeɛ, teateaam dii nʼakyi sɛ, “Me wura ɔhene!” Saulo twaa nʼani no, Dawid bɔɔ ne mu ase.
Também Davi se levantou depois, e saindo da cova deu vozes às costas de Saul, dizendo: Meu senhor o rei! E quando Saul olhou atrás, Davi inclinou seu rosto em terra, e fez reverência.
9 Afei, ɔteaam, bisaa Saulo sɛ, “Adɛn enti na wotie nkurɔfoɔ ano sɛ merepɛ wo aha wo?
E disse Davi a Saul: Por que ouves as palavras dos que dizem: Olha que Davi procura teu mal?
10 Ɛnnɛ dua yi, wʼankasa wʼani tua sɛ ɛnyɛ nokorɛ. Ɛfiri sɛ, Awurade de wo hyɛɛ me nsa wɔ ɔbodan no mu, na me mmarima no bi ka kyerɛɛ me sɛ, menkum wo, nanso mankum wo. Na mekaa sɛ, ‘Merenyɛ no bɔne biara da, ɛfiri sɛ, ɔyɛ obi a Awurade asra no.’
Eis que viram hoje teus olhos como o SENHOR te pôs hoje em minhas mãos na cova: e disseram que te matasse, mas te poupei, porque disse: Não estenderei minha mão contra meu senhor, porque ungido é do SENHOR.
11 Mʼagya, hwɛ adeɛ a mekura yi. Ɛyɛ wʼatadeɛ sin bi. Metwaeɛ, nanso mankum wo. Yei da no adi pefee sɛ merenha wo, na menyɛɛ wo bɔne biara nso, na mmom, wo na woataataa me so repɛ me akum me.
E olha, meu pai, olha ainda a beira de teu manto em minha mão: porque eu cortei a beira de tua manto, e não te matei. Conhece, pois, e vê que não há mal nem traição em minha mão, nem pequei contra ti; contudo, tu andas à caça de minha vida para tirá-la de mim.
12 Awurade na ɔbɛhwɛ me ne wo ntam asɛm. Ebia, deɛ woayɛ enti, Awurade bɛtwe wʼaso wɔ deɛ wopɛ sɛ woyɛ me no ho, na me deɛ, merenha wo da.
Julgue o SENHOR entre mim e ti, e vingue-me de ti o SENHOR: porém minha mão não será contra ti.
13 Ɛbɛ no se, ‘Abɔnefoɔ mu na bɔne firi ba.’ Enti, gye di sɛ, merenha wo.
Como diz o provérbio dos antigos: Dos ímpios sairá a impiedade: assim que minha mão não será contra ti.
14 “Hwan na Israelhene repɛ no akye no yi? Ɛsɛ sɛ ɔsɛe ne berɛ taataa obi a ne ho nni mfasoɔ sɛ ɔkraman funu anaa edwie?
Atrás de quem saiu o rei de Israel? a quem persegues? a um cão morto? a uma pulga?
15 Ma Awurade mmu atɛn nkyerɛ yɛn mu deɛ ɔdi bem, na ɔntwe ɛfɔdifoɔ no aso. Ɔno ne me kamafoɔ, na ɔbɛgye me afiri wo tumi ase.”
O SENHOR, pois, será juiz, e ele julgará entre mim e ti. Ele veja, e sustente minha causa, e me defenda de tua mão.
16 Saulo buaa sɛ, “Me babarima Dawid, wo na worekasa yi?” Na ɔhyɛɛ aseɛ suiɛ.
E aconteceu que, quando Davi acabou de dizer estas palavras a Saul, Saul disse: Não é esta a tua voz, meu filho Davi? E Saul, levantando sua voz, chorou.
17 Ɔtoaa so sɛ, “Wotene sene me. Wode papa atua me bɔne so ka, nanso me deɛ mayɛ wo bɔne.
E disse a Davi: Mais justo és tu que eu, que me pagaste com bem, havendo-te eu pagado com mal.
18 Ampa ara woayɛ me papa a ɛboro so, ɛfiri sɛ Awurade de me hyɛɛ wo nsa a, anka wobɛtumi akum me nanso woanku me.
Tu mostraste hoje que fizeste comigo bem; pois não me mataste, havendo-me o SENHOR posto em tuas mãos.
19 Sɛ obi nsa ka ne ɔtamfoɔ a, ɔgyaa no ma no kɔ kwa? Awurade nhyira wo wɔ ɛkwan a wode me afa so ɛnnɛ yi ho.
Porque quem achará a seu inimigo, e o deixará ir saro e salvo? O SENHOR te pague com bem pelo que neste dia fizeste comigo.
20 Afei mahunu sɛ, deɛ ɛbɛyɛ biara, wɔbɛsi wo ɔhene, na Israel ahemman no bɛdi yie wɔ wo pɛn so.
E agora, como eu entendo que tu hás de reinar, e que o reino de Israel será em tua mão firme e estável,
21 Afei, suae Awurade din mu kyerɛ me sɛ, sɛ wobɛdi adeɛ a, worentwa mʼasefoɔ anaa worempepa me din mfiri mʼagya fie.”
Jura-me, pois, agora pelo SENHOR, que não cortarás minha descendência depois de mim, nem apagarás meu nome da casa de meu pai.
22 Enti, Dawid suae kyerɛɛ Saulo. Na Saulo sane kɔɔ efie, na Dawid ne ne mmarima kɔɔ wɔn banbɔeɛ mu.
Então Davi jurou a Saul. E foi-se Saul à sua casa, e Davi e os seus se subiram ao lugar forte.