< 1 Samuel 23 >

1 Ɛda koro bi, Dawid tee sɛ Filistifoɔ no aba Keila, na wɔrewia wɔn ayuo wɔ wɔn ayuporobea.
Un día David escuchó la noticia: “Los filisteos están atacando Keila y están robando el grano de las eras”.
2 Dawid bisaa Awurade sɛ, “Menkɔto nhyɛ wɔn so anaa?” Awurade buaa sɛ, “Aane, kɔ na kɔgye Keila.”
Entonces David le pidió consejo al Señor: “¿Debo ir a atacar a esos filisteos?”. Y el Señor le dijo a David: “Ve y ataca a los filisteos y salva a Keila”.
3 Nanso, Dawid mmarima no kaa sɛ, “Yuda ha mpo yɛsuro. Yɛmpɛ sɛ yɛbɛkɔ Keila akɔko atia Filistifoɔ akodɔm no nyinaa.”
Pero los hombres de David le dijeron: “Incluso aquí en Judá sentimos miedo. Si fuéramos a Keila a luchar contra los ejércitos filisteos, ¡estaríamos absolutamente aterrorizados!”
4 Enti Dawid bisaa Awurade bio maa Awurade buaa no sɛ, “Kɔ Keila na mɛboa wo ama woadi Filistifoɔ no so nkonim.”
Entonces David volvió a pedir consejo al Señor, y éste le dijo: “Ve inmediatamente a Keila, porque te daré la victoria sobre los filisteos”.
5 Enti, Dawid ne ne mmarima kɔɔ Keila. Wɔkunkumm Filistifoɔ no nyinaa, faa wɔn nyɛmmoa, gyee Keilafoɔ no.
Entonces David y sus hombres fueron a Keila y lucharon contra los filisteos. Los mataron y expulsaron su ganado. De esta manera David salvó al pueblo de Keila.
6 Ahimelek ba Ɔsɔfoɔ Abiatar redwane akɔ Dawid nkyɛn wɔ Keila no, ɔfaa asɔfotadeɛ sɛ ɔrekɔgye mmuaeɛ afiri Awurade nkyɛn ama Dawid.
(Cuando Abiatar, hijo de Ahimelec, huyó hacia David en Keila, llevó consigo el efod).
7 Ankyɛre, Saulo tee sɛ Dawid wɔ Keila. Ɔteaam sɛ, “Ɛyɛ. Afei, yɛn nsa aka no. Afei, Onyankopɔn de no ama me. Ɔno ara ama kuro yi ho afasuo ayi no!”
Cuando Saúl se enteró de que David había ido a Keila, dijo: “Dios me lo ha entregado, porque se ha encerrado en una ciudad con puertas que se pueden cerrar con barrotes”.
8 Enti, Saulo boaboaa nʼakodɔm nyinaa ano sɛ ɔde wɔn rekɔ Keila akɔtua Dawid ne ne mmarima.
Entonces Saúl convocó a todo su ejército para ir a atacar a Keila y sitiar a David y a sus hombres.
9 Nanso Dawid hunuu Saulo nhyehyɛeɛ, na ɔka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Abiatar sɛ, ɔmfa asɔfotadeɛ no mmra, na ɔmmisa Awurade deɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ.
Cuando David se enteró de que Saúl estaba tramando atacarlo, le pidió al sacerdote Abiatar: “Por favor, trae el efod”.
10 Na Dawid bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ao, Awurade, Israel Onyankopɔn, mate sɛ Saulo ayɛ nhyehyɛeɛ sɛ ɔbɛba abɛsɛe Keila, ɛfiri sɛ, mewɔ ha.
David oró: “Señor, Dios de Israel, a mí, tu siervo, me han dicho claramente que Saúl planea venir a Keila y destruir la ciudad por mi culpa.
11 Merebisa sɛ, enti Keila mmarima bɛyi me ama no anaa? Na Saulo bɛba ampa ara sɛdeɛ mete no? Ao, Awurade, Israel Onyankopɔn, ka kyerɛ me.” Na Awurade buaa no sɛ, “Ɔbɛba.”
¿Van a entregarme los jefes de la ciudad de Keila? ¿Va a venir Saúl, como he oído? Señor, Dios de Israel, por favor, dímelo”. “Sí, vendrá”, respondió el Señor.
12 Bio, Dawid bisaa sɛ, “Enti, Keila mmarima bɛyi me ne me mmarima ama Saulo anaa?” Na Awurade buaa sɛ, “Aane, wɔbɛyi mo ama.”
“¿Y los jefes de la ciudad de Keila me entregarán a mí y a mis hombres a Saúl?” preguntó David. “Sí, lo harán”, respondió el Señor.
13 Na Dawid ne ne mmarima bɛyɛ sɛ ahansia firii Keila, na wɔkyinkyinii baabiara a wɔbɛtumi akɔ. Na Saulo tee sɛ Dawid afiri Keila no, ɔgyaee nʼakyi die.
Así que David y sus hombres, que eran unos seiscientos, salieron de Keila y se desplazaron de un lugar a otro. Cuando Saúl descubrió que David había escapado de Keila, no se molestó en ir allí.
14 Afei, Dawid tenaa nʼabanbɔeɛ hɔ wɔ ɛserɛ so ne Sif mmepɔ asase no so. Saulo hwehwɛɛ no adekyeɛ ne adesaeɛ biara, nanso Awurade amma no anhunu no.
David acampó en las fortalezas del desierto, quedándose en las montañas del desierto de Zif. Saúl lo buscó continuamente, pero Dios no permitió que David fuera capturado.
15 Dabi a Dawid wɔ Hores wɔ Sif ɛserɛ so no, ɔtee sɛ Saulo nam ɛkwan so reba hɔ abɛhwehwɛ no akum no.
Mientras David se alojaba en Horesh, en el desierto de Zif, descubrió que Saúl iba a matarlo.
16 Na Yonatan kɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Hores kɔhyɛɛ no den wɔ Onyankopɔn ho gyidie mu.
El hijo de Saúl, Jonatán, fue a ver a David a Horesh y lo animó a seguir confiando en Dios, diciéndole:
17 Yonatan hyɛɛ no den sɛ, “Nsuro! Mʼagya Saulo renhunu wo da. Wobɛyɛ ɔhene wɔ Israel, na mayɛ wʼabadiakyire, sɛdeɛ mʼagya Saulo nim no.”
“No te preocupes, porque mi padre Saúl nunca te va a encontrar. Vas a ser rey de Israel y yo seré tu sustituto. Hasta mi padre Saúl lo sabe”.
18 Wɔn baanu no hyɛɛ wɔn ayɔnkofa apam mu den wɔ Awurade anim. Afei, Yonatan kɔɔ efie na Dawid deɛ, ɔtenaa Hores hɔ.
Los dos hicieron un acuerdo ante el Señor. David se quedó en Horesh y Jonatán se fue a su casa.
19 Ɛnna Sififoɔ no kɔɔ Saulo nkyɛn wɔ Gibea kɔyii Dawid maeɛ sɛ, “Yɛnim baabi a Dawid akɔhinta. Ɔwɔ banbɔeɛ mu, wɔ Hores a ɛwɔ Hakila mmepɔ mu, wɔ Yesimon anafoɔ fam ha yi.
Entonces los hombres de Zif fueron a ver a Saúl a Guibeá y le dijeron: “David se esconde en nuestra zona, en las fortalezas de Hores, en la colina de Haquila, en los páramos del sur.
20 Ɔhene, ɛberɛ biara a wobɛnya kwan no, bra na yɛbɛkyere no ama wo.”
Así que, Su Majestad, venga cuando quiera, y nos aseguraremos de entregárselo”.
21 Saulo kaa sɛ, “Awurade nhyira mo! Afei, mahunu sɛ, mʼasɛm fa obi ho.
Y Saúl le respondió: “Que el Señor te bendiga por pensar en mí.
22 Monkɔ mu bio, nkɔhwehwɛ, nhunu baabi a ɔte ne obi a wahunu no wɔ hɔ, ɛfiri sɛ, menim sɛ ɔyɛ oniferefoɔ.
Por favor, ve y asegúrate de saber exactamente dónde está – dónde se hospeda y quién lo ha visitado – porque la gente me dice que es muy taimado.
23 Monhwehwɛ nʼahintaeɛm, na monsane mmra mmɛka biribi pɔtee nkyerɛ me. Na me ne mo bɛkɔ. Na sɛ ɔwɔ ɛpɔ mu hɔ nko ara deɛ a, mɛnya no, na mpo, sɛ ɛsɛ sɛ mehwehwɛ ahintaeɛ biara a ɛwɔ Yuda a, mɛyɛ!”
Busca y anota todos sus escondites. Luego vuelve a mí cuando estés seguro, y yo volveré contigo. Si está aquí en el campo, lo cazaré entre todo el pueblo de Judá”.
24 Na Sif mmarima dii Saulo ɛkan kɔɔ wɔn kurom. Saa ɛberɛ no mu na Dawid ne ne mmarima kɔ Maon ɛserɛ a ɛwɔ Araba bɔnhwa a ɛwɔ Yesimon anafoɔ fam no so.
Así que los hombres de Zif se pusieron en marcha, regresando a Zif por delante de Saúl. David y sus hombres estaban en el desierto de Maón, en el valle de Araba en los páramos del sur.
25 Ɛberɛ a Dawid tee sɛ Saulo ne ne mmarima rehwehwɛ no no, ɔdɔɔ mu kɔɔ ɛserɛ so akyirikyiri, kɔsii ɔbotan kɛseɛ no ho, tenaa Maon ɛserɛ so hɔ. Nanso Saulo kɔɔ so pɛɛ no.
Saúl y sus hombres comenzaron a buscarlo. Cuando David se enteró, bajó a la roca y se quedó en el desierto de Maón. Y cuando Saúl se enteró, persiguió a David en el desierto de Maón.
26 Afei Saulo ne Dawid kɔdii afa ne afa wɔ bepɔ no so. Ɛbaa sɛ Saulo ne ne mmarima hyɛɛ aseɛ sɛ wɔrebɛn Dawid no,
Saúl iba por un lado de la montaña, mientras que David y sus hombres iban por el otro lado, apurando la marcha. Pero justo cuando Saúl y sus hombres se acercaban a David y a los suyos, a punto de capturarlos,
27 Saulo nyaa nkra bi a emu yɛ den sɛ, Filistifoɔ abɛto ahyɛ Israel so refom wɔn nneɛma bio.
llegó un mensajero para decirle a Saúl: “¡Ven de inmediato! Los filisteos han invadido el país”.
28 Ɛno enti, Saulo gyaee Dawid akyidie, na ɔsane nʼakyi sɛ ɔne Filistifoɔ no rekɔko. Ɛfiri saa ɛberɛ no, baabi a Dawid tenaeɛ hɔ no, wɔtoo no edin Dwaneeɛ Botan.
Así que Saúl tuvo que dejar de perseguir a David y fue a enfrentarse a los filisteos. Por eso el lugar se llama “Roca de la Fuga”.
29 Enti, Dawid kɔtenaa En-Gedi banbɔeɛ.
Entonces David partió y se fue a vivir a las fortalezas de En-gadi.

< 1 Samuel 23 >