< 1 Samuel 21 >

1 Dawid kɔɔ Nob ɔsɔfoɔ Ahimelek nkyɛn. Ɛberɛ a ɔsɔfoɔ Ahimelek hunuu no no, ne ho popoeɛ. Ɔbisaa no sɛ, “Adɛn enti na aka wo nko? Adɛn enti na obi nka wo ho?”
Then David came to Nob to Ahimelech the priest. Ahimelech came to meet David trembling, and said to him, “Why are you alone, and no man with you?”
2 Dawid buaa ɔsɔfoɔ Ahimelek sɛ, “Ɔhene somaa me kokoamsɛm bi ho. Ɔka kyerɛɛ me sɛ, mennka deɛ enti a mewɔ ha nkyerɛ obiara. Makyerɛ baabi a me mmarima nhyia me akyire yi.
David said to Ahimelech the priest, “The king has commanded me to do something, and has said to me, ‘Let no one know anything about the business about which I send you, and what I have commanded you. I have sent the young men to a certain place.’
3 Afei, ɛdeɛn na ɛwɔ hɔ a mɛnya adi? Ma me burodo mua enum anaa biribiara a wowɔ.”
Now therefore what is under your hand? Please give me five loaves of bread in my hand, or whatever is available.”
4 Na ɔsɔfoɔ no buaa Dawid sɛ, “Menni burodo teta yi bi wɔ ha. Burodo kronkron deɛ, ebi wɔ ha, nanso mede bɛma wo a, gye sɛ mmarima no ne mmaa bi nnaa nnansa yi.”
The priest answered David, and said, “I have no common bread, but there is holy bread; if only the young men have kept themselves from women.”
5 Dawid buaa sɛ, “Mma hwee nha wo. Sɛ me mmarima no kɔdi dwuma bi baabi a, memmma wɔn kwan mma wɔmmfa wɔn ho nka mmaa. Na sɛ wɔtena ase kronn wɔ akwantuo teta mu a, adɛn enti na saa dwumadie a ɛho hia yie yi, wɔntumi ntena kronnyɛ mu.”
David answered the priest, and said to him, “Truly, women have been kept from us as usual these three days. When I came out, the vessels of the young men were holy, though it was only a common journey. How much more then today shall their vessels be holy?”
6 Na ɛsiane sɛ aduane foforɔ biara nni hɔ no enti, ɔsɔfoɔ no de burodo kronkron a wɔde burodohyew asi ananmu wɔ Awurade hyiadan no mu maa Dawid.
So the priest gave him holy bread; for there was no bread there but the show bread that was taken from before the LORD, to be replaced with hot bread in the day when it was taken away.
7 Doeg, Edomni a ɔyɛ Saulo nantwikafoɔ panin no kɔdwiraa ne ho wɔ Awurade anim saa ɛda no.
Now a certain man of the servants of Saul was there that day, detained before the LORD; and his name was Doeg the Edomite, the best of the herdsmen who belonged to Saul.
8 Dawid bisaa Ahimelek sɛ, “Wowɔ pea anaa akofena? Ɔhene adwuma no ho hia a na ɛhia enti, mannya berɛ amfa akodeɛ biara.”
David said to Ahimelech, “Isn’t there here under your hand spear or sword? For I haven’t brought my sword or my weapons with me, because the king’s business required haste.”
9 Ɔsɔfoɔ no buaa sɛ, “Akofena a mewɔ ara yɛ Filistini Goliat a wokumm no wɔ Ela bɔnhwa mu no dea. Wɔde ntoma akyekyere ho da asɔfotadeɛ no akyi. Sɛ wopɛ a, fa ɛno, ɛfiri sɛ, biribiara nni ha bio.” Dawid buaa sɛ, “Biribiara nkyɛn no. Fa ma me.”
The priest said, “Behold, the sword of Goliath the Philistine, whom you killed in the valley of Elah, is here wrapped in a cloth behind the ephod. If you would like to take that, take it, for there is no other except that here.” David said, “There is none like that. Give it to me.”
10 Na Dawid dwanee firi Saulo hɔ, kɔɔ Gathene Akis nkyɛn.
David arose and fled that day for fear of Saul, and went to Achish the king of Gath.
11 Nanso, na Akis mpanimfoɔ no ho ntɔ wɔn sɛ ɔwɔ hɔ. Wɔbisaa sɛ, “Ɛnyɛ saa Dawid yi na ɔyɛ asase yi so ɔhene no? Ɛnyɛ ɔno na nnipa nam asa ne nnwontoɔ so hyɛɛ no animuonyam sɛ, ‘Saulo akum ne mpempem na Dawid nso akum ɔpedupedu no?’”
The servants of Achish said to him, “Isn’t this David the king of the land? Didn’t they sing to one another about him in dances, saying, ‘Saul has slain his thousands, and David his ten thousands’?”
12 Dawid tee saa akekakeka yi no, ɔsuroo sɛ ebia ɔhene Akis bɛyɛ no biribi.
David laid up these words in his heart, and was very afraid of Achish the king of Gath.
13 Ɛno enti, ɔhyɛɛ da yɛɛ ne ho sɛ bɔdamfoɔ, ɔwerɛwerɛɛ apono ho maa ntasuo tene faa nʼabɔgyesɛ mu.
He changed his behaviour before them and pretended to be insane in their hands, and scribbled on the doors of the gate, and let his spittle fall down on his beard.
14 Deɛ ɛdi akyire ne sɛ, ɔhene Akis ka kyerɛɛ ne mmarima sɛ, “Bɔdamfoɔ na ɛsɛ sɛ mode no brɛ me?
Then Achish said to his servants, “Look, you see the man is insane. Why then have you brought him to me?
15 Yɛwɔ pii wɔ ha dada! Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mema obi a ɔte sɛɛ yi bɛyɛ me ɔhɔhoɔ?”
Do I lack madmen, that you have brought this fellow to play the madman in my presence? Should this fellow come into my house?”

< 1 Samuel 21 >