< 1 Samuel 20 >

1 Dawid dwane firii Naiot a ɛwɔ Rama kɔhunuu Yonatan. Ɔbisaa sɛ, “Bɔne bɛn na mayɛ? Bɔne bɛn na mayɛ wʼagya, a enti ɔpɛ sɛ ɔkum me yi?”
ויברח דוד מנוות (מניות) ברמה ויבא ויאמר לפני יהונתן מה עשיתי מה עוני ומה חטאתי לפני אביך--כי מבקש את נפשי
2 Yonatan teaam sɛ, “Ɛnyɛ nokorɛ. Menim yie sɛ ɔnnwenee biribi a ɛte saa ho, ɛfiri sɛ, ɔka ne nsɛm nyinaa kyerɛ me; mpo, ne nsɛm nketenkete nyinaa ɔma mʼaso te. Menim sɛ ɔrentumi mfa saa asɛm a ɛte sɛɛ nsie me da. Ɛnte saa ara da!”
ויאמר לו חלילה לא תמות--הנה לו עשה (לא יעשה) אבי דבר גדול או דבר קטן ולא יגלה את אזני ומדוע יסתיר אבי ממני את הדבר הזה אין זאת
3 Ɛhɔ ara, Dawid kaa ntam wɔ Yonatan anim sɛ, “Wʼagya nim yɛn ayɔnkofa yi mu pefee enti, waka wɔ ne tirim sɛ, ‘Merenka nkyerɛ Yonatan. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mede ɔhaw to no so?’ Nanso, meka wo ntam sɛ, mene owuo ntam kwan nware koraa! Mede Awurade ne wo ara wo ɔkra ka ntam!”
וישבע עוד דוד ויאמר ידע ידע אביך כי מצאתי חן בעיניך ויאמר אל ידע זאת יהונתן פן יעצב ואולם חי יהוה וחי נפשך--כי כפשע ביני ובין המות
4 Na Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Kyerɛ me deɛ menyɛ!”
ויאמר יהונתן אל דוד מה תאמר נפשך ואעשה לך
5 Dawid buaa sɛ, “Ɔkyena yɛbɛdi Ɔbosome Foforɔ Afahyɛ. Ɛberɛ biara, sɛ dapɔnna no duru saa a, me ne wʼagya to nsa didi. Nanso, ɔkyena deɛ, mɛkora me ho wɔ wiram ara kɔsi ne nnansa so anwummerɛ.
ויאמר דוד אל יהונתן הנה חדש מחר ואנכי ישב אשב עם המלך לאכול ושלחתני ונסתרתי בשדה עד הערב השלשית
6 Na sɛ wʼagya bisa sɛ mewɔ he a, ka kyerɛ no sɛ, ‘mesrɛɛ ɛkwan sɛ merekɔ me kurom Betlehem, na me ne me fiefoɔ akɔbɔ afirinhyia afɔdeɛ.’
אם פקד יפקדני אביך ואמרת נשאל נשאל ממני דוד לרוץ בית לחם עירו--כי זבח הימים שם לכל המשפחה
7 Sɛ ɔka sɛ, ‘Ɛyɛ’ a, wobɛhunu sɛ biribiara da yie. Na sɛ nso ne bo fu, na ɔgye hwanyan a, wobɛhunu sɛ, ɔrehyehyɛ ho sɛ, ɔbɛkum me.
אם כה יאמר טוב שלום לעבדך ואם חרה יחרה לו--דע כי כלתה הרעה מעמו
8 Ɛda saa adɔeɛ yi adi kyerɛ me, sɛ adamfo a maka ntam adi nse akyerɛ wo, ɛfiri sɛ, yɛn nyinaa wɔ apam wɔ Awurade anim. Na sɛ ɛnte saa, na mayɛ bɔne atia wʼagya a, wo ara kum me. Nanso, mesrɛ wo, nyi me mma.”
ועשית חסד על עבדך כי בברית יהוה הבאת את עבדך עמך ואם יש בי עון המיתני אתה ועד אביך למה זה תביאני
9 Yonatan teaam sɛ, “Ɛmpare me! Wo ara wonim sɛ, sɛ menim mʼagya nsusuiɛ no ho biribi a, anka maka akyerɛ wo dada.”
ויאמר יהונתן חלילה לך כי אם ידע אדע כי כלתה הרעה מעם אבי לבוא עליך--ולא אתה אגיד לך
10 Na Dawid bisaa Yonatan sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na mahunu sɛ wʼagya bo afu anaasɛ ne bo mfuiɛ?”
ויאמר דוד אל יהונתן מי יגיד לי או מה יענך אביך קשה
11 Yonatan buaa sɛ, “Bra na yɛnkɔ wiram hɔ.” Na wɔn nyinaa kɔɔ hɔ.
ויאמר יהונתן אל דוד לכה ונצא השדה ויצאו שניהם השדה
12 Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Ɔkyena akyi sɛsɛɛ, mɛhyɛ bɔ wɔ Awurade Israel Onyankopɔn din mu sɛ me ne mʼagya bɛkasa, na mɛma woahunu deɛ ɔka fa wo ho. Sɛ ɔdi wo ho adanseɛ pa a, mɛma woate no ntɛm.
ויאמר יהונתן אל דוד יהוה אלהי ישראל כי אחקר את אבי כעת מחר השלשית והנה טוב אל דוד--ולא אז אשלח אליך וגליתי את אזנך
13 Nanso sɛ mʼagya bo afu, na ɔpɛ sɛ ɔkum wo, na sɛ manka ankyerɛ wo ma wo annwane a Awurade nkum me. Awurade nka wo ho sɛdeɛ ɔkaa mʼagya ho no.
כה יעשה יהוה ליהונתן וכה יסיף כי ייטב אל אבי את הרעה עליך--וגליתי את אזנך ושלחתיך והלכת לשלום ויהי יהוה עמך כאשר היה עם אבי
14 Na fa Awurade nokorɛ dɔ no bi dɔ me ɛberɛ a mete ase yi. Na sɛ mewu,
ולא אם עודני חי ולא תעשה עמדי חסד יהוה ולא אמות
15 na ɛba sɛ Awurade twa Dawid atamfoɔ nyinaa gu firi asase ani mpo a, nyi wʼadɔeɛ mfiri me fiefoɔ so da biara da.”
ולא תכרית את חסדך מעם ביתי עד עולם ולא בהכרת יהוה את איבי דוד איש מעל פני האדמה
16 Enti, Yonatan ne Dawid yɛɛ apam sɛ, “Awurade ntɔre Dawid atamfoɔ nyinaa ase.”
ויכרת יהונתן עם בית דוד ובקש יהוה מיד איבי דוד
17 Esiane ɔdɔ a Yonatan wɔ ma Dawid no enti, ɔmaa no tii ne ntam no mu bio, ɛfiri sɛ, na ɔdɔ no sɛdeɛ ɔdɔ ɔno ankasa ho.
ויוסף יהונתן להשביע את דוד באהבתו אתו כי אהבת נפשו אהבו
18 Afei, Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Ɔkyena na ɛyɛ ɔbosome foforɔ afahyɛ no. Yɛrenhunu wo, ɛfiri sɛ, wʼakonnwa so bɛda hɔ.
ויאמר לו יהונתן מחר חדש ונפקדת כי יפקד מושבך
19 Ɔkyena akyi, ɛrekɔ anwummerɛ no, kɔ baabi a saa nsɛm yi refiti aseɛ no, wokɔsumaa wo ho no, na twɛn wɔ aboɔ esie no ho.
ושלשת תרד מאד ובאת אל המקום אשר נסתרת שם ביום המעשה וישבת אצל האבן האזל
20 Mɛto agyan mmiɛnsa afa ne nkyɛn, te sɛ deɛ mereto abɔ biribi no.
ואני שלשת החצים צדה אורה לשלח לי למטרה
21 Afei, mɛsoma abarimaa bi aka sɛ, ‘Kɔ na kɔhwehwɛ bɛmma no.’ Sɛ meka kyerɛ no sɛ, ‘Hwɛ, bɛmma no wɔ fa ha; tase brɛ me a,’ bra, ɛfiri sɛ, mmerɛ dodoɔ ko a Awurade te ase yi, wo ho sɔnn; bɔne bi nni hɔ.
והנה אשלח את הנער לך מצא את החצים אם אמר אמר לנער הנה החצים ממך והנה קחנו ובאה כי שלום לך ואין דבר--חי יהוה
22 Na sɛ meka kyerɛ abarimaa no sɛ, ‘Hwɛ, bɛmma no wɔ wʼanim’ a, ɛnneɛ, na ɛsɛ sɛ wokɔ, ɛfiri sɛ, Awurade na ɔse kɔ.
ואם כה אמר לעלם הנה החצים ממך והלאה--לך כי שלחך יהוה
23 Na Awurade mmoa yɛn na yɛnni ɛbɔ a yɛahyehyɛ yɛn ho yɛn ho no so, ɛfiri sɛ ɔno ne yɛn danseni.”
והדבר--אשר דברנו אני ואתה הנה יהוה ביני ובינך עד עולם
24 Na Dawid kɔtɛɛ wiram, na ɛberɛ a ɔbosome foforɔ afahyɛ no duruiɛ no, ɔhene no tenaa ase sɛ ɔrebɛdidi.
ויסתר דוד בשדה ויהי החדש וישב המלך על (אל) הלחם לאכול
25 Ɔtenaa nʼatenaeɛ a ɛbɛn ɔfasuo ho a ɛne Yonatan di nhwɛanim, na Abner tena dii Saulo so, nanso Dawid atenaeɛ hɔ deɛ, ɛdaa hɔ bio.
וישב המלך על מושבו כפעם בפעם אל מושב הקיר ויקם יהונתן וישב אבנר מצד שאול ויפקד מקום דוד
26 Na ɛda no, Saulo anka asɛm biara. Na ɔdwenee sɛ, “Gyama asɛm bi ato Dawid a ɛmma ne ho nte mma saa afahyɛ no ase. Ɛno enti na ɔnni ha ɛnnɛ no.”
ולא דבר שאול מאומה ביום ההוא כי אמר מקרה הוא בלתי טהור הוא כי לא טהור
27 Na adeɛ kyeeɛ a Dawid afa hɔ ada mpan bio no, Saulo bisaa ne ba Yonatan sɛ, “Adɛn enti na Yisai babarima no amma adidie nnora ne ɛnnɛ?”
ויהי ממחרת החדש השני ויפקד מקום דוד ויאמר שאול אל יהונתן בנו מדוע לא בא בן ישי גם תמול גם היום אל הלחם
28 Yonatan buaa sɛ, “Nokorɛm, Dawid srɛɛ me ɛkwan sɛ ɔrekɔ Betlehem.
ויען יהונתן את שאול נשאל נשאל דוד מעמדי עד בית לחם
29 Ɔkaa sɛ, ‘Ma menkɔ, ɛfiri sɛ, me fiefoɔ rebɔ afɔdeɛ wɔ kuro no mu enti, me nuabarima ahyɛ me sɛ, ɛsɛ sɛ mewɔ hɔ bi. Sɛ afei, manya wʼanim animuonyam a, ma me kwan na menkɔhwɛ me nuanom mmarima.’ Ɛno enti na wamma ɔhene didipono ho no.”
ויאמר שלחני נא כי זבח משפחה לנו בעיר והוא צוה לי אחי ועתה אם מצאתי חן בעיניך אמלטה נא ואראה את אחי על כן לא בא אל שלחן המלך
30 Saulo bo fuu Yonatan, ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo ɔba kwasea, ɔbaa brakyewni tuateni ba! Wosusu sɛ mennim sɛ wopɛ sɛ Dawid di ɔhene si wo anan mu de hyɛ wo ne wo maame aniwuo?
ויחר אף שאול ביהונתן ויאמר לו בן נעות המרדות הלוא ידעתי כי בחר אתה לבן ישי לבשתך ולבשת ערות אמך
31 Mmerɛ dodoɔ a Yisai babarima no te ase wɔ asase yi so no, worennya ɔhene nni da. Soma seesei ara na wɔnkɔfa no mmrɛ me, na menkum no!”
כי כל הימים אשר בן ישי חי על האדמה לא תכון אתה ומלכותך ועתה שלח וקח אתו אלי--כי בן מות הוא
32 Yonatan bisaa nʼagya sɛ, “Adɛn enti na ɛsɛ sɛ wɔkum no? Ɛdeɛbɛn na wayɛ?”
ויען יהונתן את שאול אביו ויאמר אליו למה יומת מה עשה
33 Ɛhɔ ara, Saulo too pea sɛ ɔde rewɔ no, akum no. Afei Yonatan hunuu sɛ nʼagya asi nʼadwene pi sɛ ɔbɛkum Dawid.
ויטל שאול את החנית עליו להכתו וידע יהונתן כי כלה היא מעם אביו להמית את דוד
34 Yonatan de abufuden sɔre firii didipono no ho. Na ɛda a ɛtɔ so mmienu wɔ bosome no mu no, wannidi, ɛfiri sɛ, ne werɛ hoo wɔ nʼagya animguasedeɛ a ɔpɛ sɛ ɔyɛ Dawid no ho.
ויקם יהונתן מעם השלחן בחרי אף ולא אכל ביום החדש השני לחם--כי נעצב אל דוד כי הכלמו אביו
35 Ade kyeeɛ no, Yonatan kɔɔ wiram. Sɛdeɛ wɔahyehyɛ ho no. Ɔfaa abarimaa ketewa bi kaa ne ho a ɔbɛboaboa ne bɛmma ano.
ויהי בבקר ויצא יהונתן השדה למועד דוד ונער קטן עמו
36 Ɔka kyerɛɛ abarimaa no sɛ, “Hyɛ aseɛ tu mmirika kɔhwehwɛ bɛmma a metoto no.” Na abarimaa no retu mmirika akɔ no, Yonatan too bɛmma no baako traa no.
ויאמר לנערו--רץ מצא נא את החצים אשר אנכי מורה הנער רץ והוא ירה החצי להעברו
37 Na ɛberɛ a abarimaa no duruu baabi a Yonatan bɛmma no akɔtɔ no, Yonatan frɛɛ no sɛ, “bɛmma no ntraa wo anaa?”
ויבא הנער עד מקום החצי אשר ירה יהונתן ויקרא יהונתן אחרי הנער ויאמר הלוא החצי ממך והלאה
38 Enti, Yonatan teaam sɛ, “Ka wo ho! Kɔ ntɛm! Nnyina.” Abarimaa no faa bɛmma no sane baa ne wura nkyɛn.
ויקרא יהונתן אחרי הנער מהרה חושה אל תעמד וילקט נער יהונתן את החצי (החצים) ויבא אל אדניו
39 Na abarimaa no nnim yei ho hwee; Yonatan ne Dawid nko ara na na wɔnim.
והנער לא ידע מאומה אך יהונתן ודוד ידעו את הדבר
40 Na Yonatan de nʼakodeɛ maa abarimaa no kaa sɛ, “Kɔ, soa sane fa kɔ kurom.”
ויתן יהונתן את כליו אל הנער אשר לו ויאמר לו לך הביא העיר
41 Ɛberɛ a abarimaa no kɔeɛ ara pɛ, Dawid pue firii baabi a ɔkɔhintaeɛ hɔ a ɛbɛn aboɔ sie no baeɛ. Na Dawid bɔɔ ne mu ase wɔ Yonatan anim, de nʼanim butuu fam. Na wɔfefee wɔn ho ano, na wɔmaa wɔn ho wɔn ho nante yie, na wɔsuiɛ, ne titire no, Dawid.
הנער בא ודוד קם מאצל הנגב ויפל לאפיו ארצה וישתחו שלש פעמים וישקו איש את רעהו ויבכו איש את רעהו עד דוד הגדיל
42 Akyire no, Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Kɔ asomdwoeɛ mu, ɛfiri sɛ, yɛayɛ apam wɔ Awurade din mu. Yɛde yɛn mu biara ne yɛn mu biara mma ahyɛ Awurade nsa afebɔɔ.” Na Dawid kɔeɛ, ɛnna Yonatan nso sane kɔɔ kuro no mu.
ויאמר יהונתן לדוד לך לשלום אשר נשבענו שנינו אנחנו בשם יהוה לאמר יהוה יהיה ביני ובינך ובין זרעי ובין זרעך עד עולם א ויקם וילך ויהונתן בא העיר

< 1 Samuel 20 >