< 1 Samuel 19 >

1 Saulo hyɛɛ nʼasomfoɔ ne ne babarima Yonatan sɛ wɔnkum Dawid. Nanso, ɛsiane sɛ na Yonatan adamfo brɛboɔ ne Dawid enti,
Then Saul ordered his son Jonathan and all his servants to kill David. But Jonathan delighted greatly in David,
2 Yonatan kaa adwene a nʼagya ayɛ afa ne ho no kyerɛɛ no tuu no fo sɛ, “Ɔkyena anɔpa, pɛ wiram baabi kɔbɔ wo ho adwaa, ɛfiri sɛ, mʼagya repɛ wo akum wo.
so he warned David, saying, “My father Saul intends to kill you. Be on your guard in the morning; find a secret place and hide there.
3 Mɛka akyerɛ mʼagya, na ɔne me aba hɔ na mɛka wo ho asɛm nyinaa akyerɛ no. Na biribiara a mɛhunu wɔ hɔ no nso, mɛbɔ wo amaneɛ.”
I will go out and stand beside my father in the field where you are, so I can ask about you. And if I find out anything, I will tell you.”
4 Adeɛ kyee anɔpa no, Yonatan ne nʼagya dii nkɔmmɔ faa Dawid ho. Yonatan kaa ne ho nsɛm pa pii. Yonatan srɛɛ nʼagya sɛ, “Mesrɛ wo, nyɛ bɔne biara ntia Dawid. Ɔnyɛɛ biribiara a ɛbɛha wo. Daa, ɔnam ɛkwan biara a ɔbɛtumi so boa wo.
Then Jonathan spoke well of David to his father Saul and said to him, “The king should not sin against his servant David; he has not sinned against you. In fact, his actions have been highly beneficial to you.
5 Wo werɛ afiri ɛberɛ a ɔde ne nkwa too ne nsam, kɔkumm Filistini ɔbrane, na ɛnam so maa Awurade de nkonimdie kɛseɛ brɛɛ Israel no? Saa ɛberɛ no, akyinnyeɛ biara nni ho sɛ, wʼani gyeeɛ. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ wokum onipa a ne ho nni asɛm sɛ Dawid? Nkyerɛaseɛ pa biara nni so koraa.”
He took his life in his hands when he struck down the Philistine, and the LORD worked a great salvation for all Israel. You saw it and rejoiced, so why would you sin against innocent blood by killing David for no reason?”
6 Enti, Saulo tiee Yonatan, na ɔkaa ho ntam dii nse sɛ, “Sɛ Awurade te ase yi, wɔrenkum Dawid.”
Saul listened to the voice of Jonathan and swore an oath: “As surely as the LORD lives, David will not be put to death.”
7 Akyire yi, Yonatan frɛɛ Dawid kaa asɛm a asi no kyerɛɛ no. Enti, ɔfaa Dawid de no kɔhunuu Saulo, na biribiara totɔɔ yie, sɛdeɛ kane no na ɛteɛ no ara pɛ.
So Jonathan summoned David and told him all these things. Then Jonathan brought David to Saul to serve him as he had before.
8 Ankyɛre biara na ɔko bi siiɛ, maa Dawid dii nʼakodɔm anim kɔko tiaa Filistifoɔ. Ɔde anibereɛ tuaa wɔn, maa wɔn nyinaa dwaneeɛ.
When war broke out again, David went out and fought the Philistines and struck them with such a mighty blow that they fled before him.
9 Nanso, ɛda bi Saulo te fie ara na honhommɔne a ɛfiri Awurade bɛhyɛɛ ne mu prɛko pɛ bio. Ɛberɛ a Dawid rebɔ ne sankuo ama ɔhene no,
But as Saul was sitting in his house with his spear in his hand, a spirit of distress from the LORD came upon him. While David was playing the harp,
10 Saulo too ne pea kyerɛɛ Dawid so, pɛɛ sɛ ɔkum no. Nanso, Dawid twee ne ho, totɔɔ esum mu dwaneeɛ maa pea no kaa ɔfasuo no mu.
Saul tried to pin him to the wall with his spear. But the spear struck the wall and David eluded him, ran away, and escaped that night.
11 Saulo somaa mmarima kɔɔ Dawid fie kɔwɛn hɔ sɛ, ɔpue anɔpa a wɔnkum no. Nanso, Dawid yere Mikal bɔɔ no kɔkɔ sɛ, “Sɛ woannwane ampɛ wo nkwa anadwo yi a, ɔkyena, wɔbɛkum wo.”
Then Saul sent messengers to David’s house to watch him and kill him in the morning. But David’s wife Michal warned him, “If you do not run for your life tonight, tomorrow you will be dead!”
12 Enti, Mikal de Dawid faa mpomma mu ma ɔdwaneeɛ.
So Michal lowered David from the window, and he ran away and escaped.
13 Na Mikal faa ohoni bi de no too mpa so de atadeɛ kataa ho, na ne ti hɔ no nso, ɔde abirekyie ho nwi kataa so.
Then Michal took a household idol and laid it in the bed, placed some goat hair on its head, and covered it with a garment.
14 Ɛberɛ a Saulo somaa mmarima sɛ wɔnkɔkyere Dawid no, Mikal ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɔyare a ɔntumi nsɔre mfiri mpa so.”
When Saul sent the messengers to seize David, Michal said, “He is ill.”
15 Saulo sane somaa mmarima no bio sɛ, “Monkɔfa no mfiri ne mpa so mmra, sɛdeɛ mɛtumi akum no.”
But Saul sent the messengers back to see David and told them, “Bring him up to me in his bed so I can kill him.”
16 Nanso, mmarima no wuraa ɛdan no mu no, na ohoni na ɔda mpa no so a abirekyie ho nwi na ɛkata so.
And when the messengers entered, there was the idol in the bed with the quilt of goats’ hair on its head.
17 Saulo bisaa Mikal sɛ, “Adɛn enti na woadaadaa me, ama me ɔtamfoɔ adwane?” Mikal buaa no sɛ, “Na ɛsɛ sɛ meyɛ saa ɛfiri sɛ ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Mammoa no a, ɔbɛkum me.’”
And Saul said to Michal, “Why did you deceive me like this? You sent my enemy away and he has escaped!” Michal replied, “He said to me, ‘Help me get away, or I will kill you!’”
18 Ɛberɛ a Dawid dwaneeɛ no, ɔkɔɔ Samuel nkyɛn wɔ Rama kɔkaa deɛ Saulo ayɛ noɔ no nyinaa kyerɛɛ no. Enti, Samuel de Dawid kɔtenaa Naiot.
So David ran away and escaped. And he went to Samuel at Ramah and told him all that Saul had done to him. Then he and Samuel went to Naioth and stayed there.
19 Ɛberɛ a Saulo tee sɛ Dawid te Naiot a ɛwɔ Rama no,
When Saul was told that David was at Naioth in Ramah,
20 ɔsomaa akodɔm sɛ wɔnkɔkye no mmra. Nanso, wɔduruiɛ a wɔhunuu Samuel ne adiyifoɔ bi sɛ wɔrehyɛ nkɔm no, Onyankopɔn honhom baa Saulo mmarima no so, maa wɔn nso hyɛɛ nkɔm.
he sent messengers to capture him. But when they saw the group of prophets prophesying, with Samuel leading them, the Spirit of God came upon them, and Saul’s messengers also began to prophesy.
21 Saulo tee asɛm a aba no, ɔsane somaa akodɔm foforɔ, nanso wɔn nso kɔhyɛɛ nkɔm! Asɛm korɔ no ara sii ne mprɛnsa so.
When this was reported to Saul, he sent more messengers, but they began to prophesy as well. So Saul tried again and sent messengers a third time, and even they began to prophesy.
22 Akyire no koraa, Saulo no ankasa kɔɔ Rama, kɔduruu abura kɛseɛ bi a ɛwɔ Seku ho. Ɔbisaa sɛ, “Samuel ne Dawid wɔ he?” Obi ka kyerɛɛ no sɛ, “Wɔn baanu wɔ Naiot a ɛwɔ Rama hɔ.”
Finally, Saul himself left for Ramah and came to the large cistern at Secu, where he asked, “Where are Samuel and David?” “At Naioth in Ramah,” he was told.
23 Na ɔrekɔ Naiot no, ɛkwan no so na Onyankopɔn honhom baa Saulo so, na ɔno nso hyɛɛ aseɛ hyɛɛ nkɔm.
So Saul went to Naioth in Ramah. But the Spirit of God came upon even Saul, and he walked along prophesying until he came to Naioth in Ramah.
24 Ɔsunsuanee nʼatadeɛ mu, de ne ho too fam, daa hɔ ɛda mu ne anadwo mu nyinaa, hyɛɛ nkɔm wɔ Samuel anim. Nnipa a wɔrehwɛ no no teateaam sɛ, “Asɛm ni? Enti, daa yi Saulo nso yɛ odiyifoɔ?”
Then Saul stripped off his robes and also prophesied before Samuel. And he collapsed and lay naked all that day and night. That is why it is said, “Is Saul also among the prophets?”

< 1 Samuel 19 >