< 1 Samuel 17 >
1 Afei, Filistifoɔ boaboaa wɔn akodɔm ano wɔ Soko a ɛwɔ Yuda sɛ wɔrebɛko. Wɔkyeree sraban wɔ Soko ne Aseka ntam wɔ Efes-Damim.
さてペリシテびとは、軍を集めて戦おうとし、ユダに属するソコに集まって、ソコとアゼカの間にあるエペス・ダミムに陣取った。
2 Saulo yɛɛ saa ara, boaboaa ne dɔm ano wɔ baabi a ɛbɛn Ela bɔnhwa.
サウルとイスラエルの人々は集まってエラの谷に陣取り、ペリシテびとに対して戦列をしいた。
3 Filistifoɔ faa bepɔ baako, ɛna Israelfoɔ no nso faa baako a bɔnhwa no da wɔn ntam.
ペリシテびとは向こうの山の上に立ち、イスラエルはこちらの山の上に立った。その間に谷があった。
4 Ɔbarima tenten hoɔdenfoɔ bi a ne din de Goliat a ɔfiri Gat no pue firii Filistifoɔ no sraban mu baeɛ. Na ne tenten bɛboro anammɔn nkron.
時に、ペリシテびとの陣から、ガテのゴリアテという名の、戦いをいどむ者が出てきた。身のたけは六キュビト半。
5 Na ɔhyɛ kɔbere kyɛ, hyɛ kɔbere akotaadeɛ a akodeɛ bobɔ mu, na emu duru yɛ dwetɛ kilogram aduonum nson.
頭には青銅のかぶとを頂き、身には、うろことじのよろいを着ていた。そのよろいは青銅で重さ五千シケル。
6 Na ne nan nso, kɔbere nkatanan kata ho ɛna kɔbere pea nso sɛn nʼakyi.
また足には青銅のすね当を着け、肩には青銅の投げやりを背負っていた。
7 Na ne pea ano dadeɛ no te sɛ ntomanwomfoɔ nsadua mu tonton, na ano dadeɛ no kari dwetɛ bɛyɛ kilogram nson. Na ɛkyɛmkurani di nʼanim.
手に持っているやりの柄は、機の巻棒のようであり、やりの穂の鉄は六百シケルであった。彼の前には、盾を執る者が進んだ。
8 Goliat bɛgyinaa hɔ teaam guu Israelfoɔ no so sɛ, “Akodɔm yi nyinaa na morebɛko anaa? Monyi mo mu baako na ɔmmɛko mma mo, na me nso mɛsi Filistifoɔ anan mu. Yɛbɛko de awie asɛm no ka!
ゴリアテは立ってイスラエルの戦列に向かって叫んだ、「なにゆえ戦列をつくって出てきたのか。わたしはペリシテびと、おまえたちはサウルの家来ではないか。おまえたちから、ひとりを選んで、わたしのところへ下ってこさせよ。
9 Sɛ mo onipa no tumi kum me a, yɛbɛyɛ mo nkoa. Na sɛ mekum no a, mobɛyɛ yɛn nkoa.”
もしその人が戦ってわたしを殺すことができたら、われわれはおまえたちの家来となる。しかしわたしが勝ってその人を殺したら、おまえたちは、われわれの家来になって仕えなければならない」。
10 Filistini no kaa sɛ, “Memmfa Israel akodɔm nyɛ hwee. Momma me ɔbarima a ɔne me bɛko.”
またこのペリシテびとは言った、「わたしは、きょうイスラエルの戦列にいどむ。ひとりを出して、わたしと戦わせよ」。
11 Ɛberɛ a Saulo ne Israelfoɔ tee yei no wɔbɔɔ huboa na wɔn ho popoeɛ.
サウルとイスラエルのすべての人は、ペリシテびとのこの言葉を聞いて驚き、ひじょうに恐れた。
12 Na Dawid yɛ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yisai a ɔyɛ Efratni na ɔfiri Betlehem wɔ Yuda asase so no babarima. Na Yisai wɔ mmammarima baawɔtwe, na Saulo berɛ so no, na wabɔ akɔkoraa a ne mfeɛ a wadi no kɔ anim yie.
さて、ダビデはユダのベツレヘムにいたエフラタびとエッサイという名の人の子で、この人に八人の子があったが、サウルの世には年が進んで、すでに年老いていた。
13 Na Yisai mmammarima mpanimfoɔ baasa na wɔdii Saulo akyi kɔɔ ɔko no. Na abakan no din de Eliab, nʼakyiri ba din de Abinadab, ɛna deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no din de Sama.
エッサイの子らのうち、上の三人はサウルに従って戦争に出た。その戦いに出た三人の子の名は、長子をエリアブといい、次をアビナダブといい、第三をシャンマと言った。
14 Dawid deɛ, na ɔno ne akumaa koraa. Mpanimfoɔ baasa no na wɔdii Saulo akyi,
ダビデは末の子であって、兄三人はサウルにしたがった。
15 nanso, na Dawid di akɔneaba; ɔkɔsom Saulo na wakɔhwɛ nʼagya nnwan wɔ Betlehem nso.
ダビデはサウルの所から行ったりきたりして、ベツレヘムで父の羊を飼っていた。
16 Filistini yi pue mema ne ho so wɔ Israelfoɔ akodɔm nʼanim anɔpa ne anwummerɛ, saa ara adaduanan.
あのペリシテびとは四十日の間、朝夕出てきて、彼らの前に立った。
17 Ɛda koro bi, Yisai ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Fa nkyeweɛ lita aduonu mmienu yi ne burodo mua edu yi kɔma wo nuanom mmarima.
時に、エッサイはその子ダビデに言った、「兄たちのため、このいり麦一エパと、この十個のパンをとって、急いで陣営にいる兄の所へ持っていきなさい。
18 Na fa kyiisi edu a wɔatwitwa yi ma ɔsafohene no. Ɛyɛ a hwɛ sɛdeɛ wo nuanom mmarima no ho teɛ, na gye krataa firi wɔn nkyɛn brɛ me.
またこの十の乾酪を取って、千人の長にもって行き、兄たちの安否を見とどけて、そのしるしをもらってきなさい」。
19 Na Dawid nuanom ne Israel akodɔm no wɔ Ela bɔnhwa no mu a wɔreko tia Filistifoɔ.”
さてサウルと彼らおよびイスラエルのすべての人は、エラの谷でペリシテびとと戦っていた。
20 Adeɛ kyee anɔpa no, Dawid gyaa nnwan no maa odwanhwɛfoɔ bi na ɔfaa akyɛdeɛ no kɔeɛ. Ɔduruu sraban mu hɔ ɛberɛ a na akodɔm no rekɔ mpasua ahodoɔ no so. Wɔrekɔ no, na wɔreteam reto ɔko nnwom.
ダビデは朝はやく起きて、羊を番人に託し、エッサイが命じたように食料品を携えて行った。彼が陣営に着いた時、軍勢は、ときの声をあげて戦線に出ようとしていた。
21 Ankyɛre na Israel ne Filistifoɔ no bɛnee wɔn ho a wɔdi nhwɛanimu.
そしてイスラエルとペリシテびととは戦列を敷いて、軍と軍と向き合った。
22 Dawid gyaa ne nneɛma maa akodeɛ sohwɛfoɔ no, yɛɛ ntɛm kɔɔ akono hɔ kɔkyeaa ne nuanom.
ダビデは荷物をおろして、荷物を守る者にあずけ、戦列の方へ走って、兄たちの所へ行き、彼らの安否を尋ねた。
23 Ɛberɛ a Dawid ne wɔn rekasa no, Filistini tenten hoɔdenfoɔ Goliat a ɔfiri Gat, firii Filistifoɔ akodɔm no mu teateaa mu kasatwie so kyerɛɛ Israel akodɔm no.
兄たちと語っている時、ペリシテびとの戦列から、ガテのペリシテびとで、名をゴリアテという、あの戦いをいどむ者が上ってきて、前と同じ言葉を言ったので、ダビデはそれを聞いた。
24 Ɛberɛ a Israelfoɔ no hunuu ɔbarima no, wɔn nyinaa de ehu dwane kɔeɛ.
イスラエルのすべての人は、その人を見て、避けて逃げ、ひじょうに恐れた。
25 Afei, na Israelfoɔ keka wɔ wɔn mu sɛ, “Woahunu ɔbrane no? Ɔba bɛkasa tiaa Israel da biara. Na woate akatua a ɔhene ahyɛ sɛ ɔde bɛma obiara a ɔbɛtumi akum noɔ no? Ɔhene ahyɛ sɛ ɔde ne babaa bɛma no aware, na ne fiefoɔ nso, ɔhene remma wɔntua ɛtoɔ biara a wɔgye no Israelman mu.”
イスラエルの人々はまた言った、「あなたがたは、あの上ってきた人を見たか。確かにイスラエルにいどむために上ってきたのだ。彼を殺す人は、王が大いなる富を与えて富ませ、その娘を与え、その父の家にはイスラエルのうちで税を免れさせるであろう」。
26 Dawid bisaa mmarima a wɔgyina ne ho no sɛ, “Ɛdeɛn na mobɛyɛ ama ɔbarima a ɔbɛkum saa Filistini yi, na ɔnam so ayi saa animguaseɛ yi afiri Israel so? Hwan ne saa Filistini ɔbosonsomni yi a ɛsɛ sɛ ɔgu Onyankopɔn Teasefoɔ akodɔm anim ase?”
ダビデはかたわらに立っている人々に言った、「このペリシテびとを殺し、イスラエルの恥をすすぐ人には、どうされるのですか。この割礼なきペリシテびとは何者なので、生ける神の軍をいどむのか」。
27 Wɔtii asɛm a wɔaka dada no mu kyerɛɛ no sɛ, “Deɛ woate dada no yɛ nokorɛ. Ɛno na yɛbɛyɛ ama onipa a ɔbɛkum ɔbrane no.”
民は前と同じように、「彼を殺す人にはこうされるであろう」と答えた。
28 Ɛberɛ a Dawid nua panin Eliab tee sɛ ɔne mmarima no rekasa saa no, ne bo fuu no, na ɔbisaa sɛ, “Adɛn enti na woaba ha? Na nnwan kakra a wɔwɔ ɛserɛ so no, wode wɔn gyaa hwan? Menim sɛdeɛ wogye wo ho die ne sɛdeɛ wʼakomapirim teɛ. Ɔko yi hwɛ ara enti na wobaeɛ.”
上の兄エリアブはダビデが人々と語るのを聞いて、ダビデに向かい怒りを発して言った、「なんのために下ってきたのか。野にいるわずかの羊はだれに託したのか。あなたのわがままと悪い心はわかっている。戦いを見るために下ってきたのだ」。
29 Dawid bisaa sɛ, “Mayɛ ɛdeɛn? Nti, ɛnsɛ sɛ mekasa mpo?”
ダビデは言った、「わたしが今、何をしたというのですか。ただひと言いっただけではありませんか」。
30 Afei, ɔdanee ne ho ne afoforɔ kɔkasaeɛ. Ɔde asɛm korɔ no ara baeɛ, na mmarima no buaa no sɛdeɛ wɔaka dada no.
またふり向いて、ほかの人に前のように語ったところ、民はまた同じように答えた。
31 Asɛm a Dawid kaeɛ no twaa nnipa bi asom, ma wɔkɔbɔɔ Saulo amanneɛ, enti ɔsoma kɔfrɛɛ no.
人々はダビデの語った言葉を聞いて、それをサウルに告げたので、サウルは彼を呼び寄せた。
32 Dawid ka kyerɛɛ Saulo sɛ, “Mma hwee nha wo. Mɛkɔ na me ne Filistini yi akɔko.”
ダビデはサウルに言った、「だれも彼のゆえに気を落してはなりません。しもべが行ってあのペリシテびとと戦いましょう」。
33 Saulo buaa Dawid sɛ, “Nka ahohwisɛm! Worentumi ne saa Filistini yi nko. Woyɛ abarimaa nanso, ɔno deɛ, ɔyɛ ɔsraani firi ne mmɔfraase.”
サウルはダビデに言った、「行って、あのペリシテびとと戦うことはできない。あなたは年少だが、彼は若い時からの軍人だからです」。
34 Na Dawid ka tii mu sɛ, “Mahwɛ mʼagya nnwan ara, na sɛ gyata anaa sisi bi ba sɛ ɔrebɛkyere odwan ba bi afiri nnwankuo no mu a,
しかしダビデはサウルに言った、「しもべは父の羊を飼っていたのですが、しし、あるいはくまがきて、群れの小羊を取った時、
35 mede abaa poriwa di nʼakyi gye aboa no firi nʼanom. Na sɛ aboa no dane nʼani ba me hɔ a, mesɔ nʼabɔgye, kyere no, de abaa poriwa no bɔ no, kum no.
わたしはそのあとを追って、これを撃ち、小羊をその口から救いだしました。その獣がわたしにとびかかってきた時は、ひげをつかまえて、それを撃ち殺しました。
36 Mayɛ saa akum gyata ne sisi, na saa na mɛyɛ Filistini ɔbosonsomni no nso, ɛfiri sɛ, wagu Onyankopɔn Teasefoɔ akodɔm ho fi.
しもべはすでに、ししと、くまを殺しました。この割礼なきペリシテびとも、生ける神の軍をいどんだのですから、あの獣の一頭のようになるでしょう」。
37 Awurade a ɔgyee me firii gyata ne sisi mmɔwerɛ ano no, ɔno ara na ɔbɛgye me afiri Filistini yi nsam.” Saulo penee so kaa sɛ, “Ɛyɛ, kɔ. Awurade nka wo ho.”
ダビデはまた言った、「ししのつめ、くまのつめからわたしを救い出された主は、またわたしを、このペリシテびとの手から救い出されるでしょう」。サウルはダビデに言った、「行きなさい。どうぞ主があなたと共におられるように」。
38 Afei, Saulo de ɔno ankasa akodeɛ maa Dawid. Ɔde kɔbere kyɛ ne akotaadeɛ kaa ne ho.
そしてサウルは自分のいくさ衣をダビデに着せ、青銅のかぶとを、その頭にかぶらせ、また、うろことじのよろいを身にまとわせた。
39 Dawid de hyɛeɛ, de akofena kyekyere taree so, tuu anammɔn bɛyɛ mmienu, kɔɔ nʼanim hwɛɛ sɛdeɛ ɛteɛ, ɛfiri sɛ, na ɔnhyɛɛ biribi a ɛte saa da. Afei, ɔkaa sɛ, “Merentumi mfa yeinom nhyehyɛ me ho nkɔ, ɛfiri sɛ, menhyɛɛ bi saa da.” Enti, ɔworɔɔ ne nyinaa guu hɔ.
ダビデは、いくさ衣の上に、つるぎを帯びて行こうとしたが、できなかった。それに慣れていなかったからである。そこでダビデはサウルに言った、「わたしはこれらのものを着けていくことはできません。慣れていないからです」。
40 Ɔfaa kokwaboɔ enum firii asuwa bi mu, de guu ne nnwanhwɛfoɔ kotokuo mu. Ɔfaa ne nnwanhwɛfoɔ poma ne nʼahwimmoɔ nko ara. Afei, ɔsii ɛkwan so sɛ ɔne Goliat rekɔko.
ダビデはそれらを脱ぎすて、手につえをとり、谷間からなめらかな石五個を選びとって自分の持っている羊飼の袋に入れ、手に石投げを執って、あのペリシテびとに近づいた。
41 Goliat twe pinii Dawid a nʼakokyɛmkurafoɔ di nʼanim.
そのペリシテびとは進んできてダビデに近づいた。そのたてを執る者が彼の前にいた。
42 Goliat hunuu Dawid no, ɔbuu no abomfiaa.
ペリシテびとは見まわしてダビデを見、これを侮った。まだ若くて血色がよく、姿が美しかったからである。
43 Ɔworoo so kyerɛɛ Dawid sɛ, “Meyɛ ɔkraman na wode poma aba me so?” Na ɔkaa nʼanyame din ntam de domee Dawid.
ペリシテびとはダビデに言った、「つえを持って、向かってくるが、わたしは犬なのか」。ペリシテびとは、また神々の名によってダビデをのろった。
44 Goliat woroo so sɛ, “Bra mʼanim ha, na mede wo ɛnam bɛma nnomaa ne nkekaboa.”
ペリシテびとはダビデに言った、「さあ、向かってこい。おまえの肉を、空の鳥、野の獣のえじきにしてくれよう」。
45 Ɛnna Dawid nso teaam guu ne so sɛ, “Wode, akofena, pea ne bɛmma na ɛreba me so, na me deɛ, mede Awurade Otumfoɔ Israel akodɔm Onyankopɔn a woagu ne din ho fi no din na mede reba wo so.
ダビデはペリシテびとに言った、「おまえはつるぎと、やりと、投げやりを持って、わたしに向かってくるが、わたしは万軍の主の名、すなわち、おまえがいどんだ、イスラエルの軍の神の名によって、おまえに立ち向かう。
46 Ɛnnɛ, Awurade bɛdi wo so nkonim, na mɛkum wo, atwa wo ti. Na mede wo mmarima a wɔdi wʼakyi no afunu mama nnomaa ne nkekaboa, na ewiase nyinaa bɛhunu sɛ, Onyankopɔn bi wɔ Israel!
きょう、主は、おまえをわたしの手にわたされるであろう。わたしは、おまえを撃って、首をはね、ペリシテびとの軍勢の死かばねを、きょう、空の鳥、地の野獣のえじきにし、イスラエルに、神がおられることを全地に知らせよう。
47 Na obiara bɛhunu sɛ, Onyankopɔn mfa akodeɛ na ɛgye ne nkurɔfoɔ. Ɛyɛ ne ko, na ɛnyɛ yɛn ko. Awurade de wo bɛma yɛn!”
またこの全会衆も、主は救を施すのに、つるぎとやりを用いられないことを知るであろう。この戦いは主の戦いであって、主がわれわれの手におまえたちを渡されるからである」。
48 Goliat yɛɛ sɛ ɔreba Dawid so no, ntɛm ara, na Dawid nso tuu mmirika kɔhyiaa no.
そのペリシテびとが立ち上がり、近づいてきてダビデに立ち向かったので、ダビデは急ぎ戦線に走り出て、ペリシテびとに立ち向かった。
49 Ɔde ne nsa hyɛɛ nnwanhwɛfoɔ kotokuo no mu, yii kokwaboɔ baako de hyɛɛ nʼahwimmoɔ no mu toeɛ, ma ɛkɔbɔɔ Filistini no moma so. Kokwaboɔ no wuraa Goliat tirim ma ɔbu hweeɛ, maa nʼanim kɔbutuu fam.
ダビデは手を袋に入れて、その中から一つの石を取り、石投げで投げて、ペリシテびとの額を撃ったので、石はその額に突き入り、うつむきに地に倒れた。
50 Enti, Dawid de ahwimmoɔ ne kokwaboɔ baako dii Filistini ɔkwabrane no so. Na ɛsiane sɛ na ɔnni akofena enti,
こうしてダビデは石投げと石をもってペリシテびとに勝ち、ペリシテびとを撃って、これを殺した。ダビデの手につるぎがなかったので、
51 ɔkɔɔ Goliat so kɔtwee nʼakofena firii ne bɔha mu. Dawid de akofena no kumm ɔkwabrane no twaa ne ti. Ɛberɛ a Filistifoɔ hunuu sɛ wɔn kwabrane no awuo no, wɔtete sane wɔn akyi, dwaneeɛ.
ダビデは走りよってペリシテびとの上に乗り、そのつるぎを取って、さやから抜きはなし、それをもって彼を殺し、その首をはねた。ペリシテの人々は、その勇士が死んだのを見て逃げた。
52 Afei, Israelfoɔ no bɔɔ ose kɛseɛ nkonimdie so, taa Filistifoɔ no ara kɔduruu Gat ne Ekron apono ano. Na Filistifoɔ a wɔawuwuo no afunu ne apirafoɔ no gugu ɛkwan so, de firi Saaraim de kɔduruu Gat ne Ekron.
イスラエルとユダの人々は立ちあがり、ときをあげて、ペリシテびとを追撃し、ガテおよびエクロンの門にまで及んだ。そのためペリシテびとの負傷者は、シャライムからガテおよびエクロンに行く道の上に倒れた。
53 Afei, Israelfoɔ akodɔm sane wɔn akyi bɛbɔ wuraa Filistifoɔ sraban a wɔadwane afiri hɔ no mu faa wɔn nneɛma.
イスラエルの人々はペリシテびとの追撃を終えて帰り、その陣営を略奪した。
54 Dawid faa Goliat ti de kɔɔ Yerusalem, ɛna ɔkoraa Filistini no akodeɛ wɔ ɔno ankasa ne ntomadan mu.
ダビデは、あのペリシテびとの首を取ってエルサレムへ持って行ったが、その武器は自分の天幕に置いた。
55 Ɛberɛ a Saulo hunuu Dawid sɛ ɔrekɔ Goliat anim no, ɔbisaa Abner a na ɔyɛ nʼakodɔm sahene sɛ, “Abner, hwan ba ne saa aberanteɛ yi?” Abner buaa sɛ, “Nokorɛ nie, mennim.”
サウルはダビデがあのペリシテびとに向かって出ていくのを見て、軍の長アブネルに言った、「アブネルよ、この若者はだれの子か」。アブネルは言った、「王よ、あなたのいのちにかけて誓います。わたしは知らないのです」。
56 Ɔhene no ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛyɛ, bisa.”
王は言った、「この若者がだれの子か、尋ねてみよ」。
57 Dawid kumm Goliat akyire no, Abner de no brɛɛ Saulo a na Filistini no ti da so kura no.
ダビデが、あのペリシテびとを殺して帰ってきた時、アブネルは、ペリシテびとの首を手に持っている彼を、サウルの前に連れて行った。
58 Saulo ka kyerɛɛ no sɛ, “Ka biribi a ɛfa wʼagya ho kyerɛ me, me ba.” Na Dawid buaa sɛ, “Ne din de Yisai, na yɛte Betlehem.”
サウルは彼に言った、「若者よ、あなたはだれの子か」。ダビデは答えた、「あなたのしもべ、ベツレヘムびとエッサイの子です」。