< 1 Samuel 13 >
1 Ɛberɛ a Saulo dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduasa. Na ɔdii adeɛ mfirinhyia aduanan mmienu.
Bere a Saulo dii ade no, na wadi mfirihyia aduasa. Na odii ade mfirihyia aduanan abien.
2 Saulo yii akodɔm sononko bi a wɔn dodoɔ yɛ mpensa firii Israel, na ɔmaa nkaeɛ no kɔɔ efie. Ɔfaa akodɔm no mu mpenu kaa ne ho, de wɔn kɔɔ Mikmas ne bepɔ nsase a ɛwɔ Bet-El no so. Akodɔm apem a aka no kaa Saulo babarima Yonatan ho kɔɔ Gibea wɔ Benyamin asase so.
Saulo yii asraafo sononko bi a wɔn dodow yɛ mpensa fii Israel, na ɔmaa nkae no kɔɔ fie. Ɔfaa asraafo no mu mpenu kaa ne ho, de wɔn kɔɔ Mikmas ne bepɔw nsase a ɛwɔ Bet-El no so. Asraafo apem a wɔaka no kaa Saulo babarima Yonatan ho kɔɔ Gibea wɔ Benyamin asase so.
3 Yei akyi no, ankyɛre, Yonatan kɔtuaa Filistifoɔ asraafoɔ no dii wɔn so wɔ Geba. Asɛm no trɛɛ ntɛm so wɔ Filistifoɔ no mu. Enti Saulo hyɛn torobɛnto wɔ Israel nyinaa sɛ, “Hebrifoɔ, monsɔre!”
Eyi akyi no, ankyɛ na Yonatan kɔtoaa Filistifo asraafo no dii wɔn so wɔ Geba. Asɛm no trɛw ntɛm so wɔ Filistifo no mu. Enti Saulo hyɛn torobɛnto wɔ Israel nyinaa se, “Hebrifo, monsɔre!”
4 Israelfoɔ nyinaa tee sɛ Saulo atɔre Filistifoɔ asraafoɔ a wɔwɔ Geba no ase, na ne saa enti, Israelfoɔ ho ayɛ Filistifoɔ no ahi. Enti, Israel akodɔm no nyinaa boaa wɔn ho ano bio hyiaa Saulo wɔ Gilgal.
Israelfo nyinaa tee sɛ Saulo atɔre Filistifo asraafo a wɔwɔ Geba no ase, na ne saa nti, Israelfo ho ayɛ Filistifo no ahi. Enti Israel asraafo no nyinaa boaa wɔn ho ano bio hyiaa Saulo wɔ Gilgal.
5 Filistifoɔ boaboaa asraadɔm kɛseɛ pa ara ano a wɔkura nteaseɛnam mpensa, apɔnkɔsotefoɔ mpem nsia ne akodɔm a wɔn dodoɔ te sɛ mpoano anwea ano. Wɔkyeree sraban wɔ Mikmas wɔ Bet-Awen apueeɛ fam.
Filistifo boaboaa nsraadɔm kɛse pa ara ano a wokura nteaseɛnam mpensa, apɔnkɔsotefo mpem asia ne asraafo a wɔn dodow te sɛ mpoano nwea ano. Wɔkyeree nsraban wɔ Mikmas wɔ Bet-Awen apuei fam.
6 Ɛberɛ a Israel mmarima no hunuu atamfoɔ no akodɔm mpempem no, wɔn ho dwodwoeɛ enti, wɔyɛɛ sɛ wɔbɛkɔ akɔsuma wɔn ho wɔ abodan, mmena, abotan, aboda ne nsukoraeɛ mu.
Bere a Israel mmarima no huu atamfo no nsraadɔm mpempem no, wɔn ho dwudwoe; nti wɔyɛɛ sɛ wɔbɛkɔ akohintaw wɔn ho wɔ abodan, mmoa, abotan, aboda ne nsukorae mu.
7 Ebinom twaa Asubɔnten Yordan dwane kɔɔ Gad ne Gilead asase so. Saa ɛberɛ no, na Saulo wɔ Gilgal a ne mmarima a wɔka ne ho no wɔ ahopopoɔ ne suro mu.
Ebinom twaa Asubɔnten Yordan guan kɔɔ Gad ne Gilead asase so. Saa bere no, na Saulo wɔ Gilgal a ne mmarima a wɔka ne ho no wɔ ahopopo ne osuro mu.
8 Ɔdii nnanson wɔ hɔ sɛdeɛ Samuel hyɛɛ no sɛ ɔnni no; nanso, Samuel deɛ, wamma Gilgal, na Saulo hunuu sɛ mmarima no rebɔ pete.
Odii nnanson wɔ hɔ sɛnea Samuel hyɛɛ no sɛ onni no; nanso Samuel de, wamma Gilgal, na Saulo huu sɛ mmarima no rebɔ ahwete.
9 Enti, ɔhyɛɛ sɛ, “Momfa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ no mmrɛ me.” Na Saulo ankasa bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no.
Enti ɔhyɛe se, “Momfa ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre no mmrɛ me.” Na Saulo ankasa bɔɔ ɔhyew afɔre no.
10 Ɔrewie afɔdeɛ no bɔ ara pɛ, na Samuel kɔduruu hɔ. Enti, Saulo pue kɔhyiaa no maa no akwaaba.
Ɔrewie afɔre no bɔ ara pɛ, na Samuel koduu hɔ. Enti Saulo pue kohyiaa no maa no akwaaba.
11 Samuel bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na woayɛ yi?” Saulo buaa sɛ, “Mehunuu sɛ mmarima no rehwete, na womma no, na Filistifoɔ no nso reboa wɔn ho ano wɔ Mikmas no,
Samuel bisaa no se, “Dɛn na woayɛ yi?” Saulo buae se, “Mihuu sɛ mmarima no rehwete, na womma no, na Filistifo no nso reboa wɔn ho ano wɔ Mikmas no,
12 medwenee sɛ, ‘Afei deɛ, Filistifoɔ no bɛsiane abɛtoa me wɔ Gilgal, nanso memmisaa Awurade nkyɛn adom.’ Enti, metee nka sɛ, ɛsɛ sɛ mebɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ansa na woaba.”
medwenee se, ‘Afei de, Filistifo no besian abɛtoa me wɔ Gilgal, nanso mimmisaa Awurade nkyɛn adom ɛ.’ Enti metee nka sɛ, ɛsɛ sɛ mebɔ ɔhyew afɔre ansa na woaba.”
13 Na Samuel kaa sɛ, “Woadi nkwaseasɛm. Woanni mmara a Awurade, wo Onyankopɔn, hyɛɛ wo no so. Sɛ wodii so a, anka ɔbɛtim wʼahennie ase wɔ Israel afebɔɔ.
Na Samuel kae se, “Woadi nkwaseasɛm. Woanni mmara a Awurade, wo Nyankopɔn, hyɛɛ wo no so. Sɛ wudii so a, anka obetim wʼahenni ase wɔ Israel afebɔɔ.
14 Na seesei, wʼahennie no rentim. Awurade apɛ ɔbarima bi a ɔyɛ nʼakoma apɛdeɛ na wɔayi no sɛ ne nkurɔfoɔ ɔkannifoɔ, ɛfiri sɛ, woanni Awurade mmara no so.”
Na mprempren, wʼahenni no rentim. Awurade apɛ ɔbarima bi a ɔyɛ ne koma apɛde na wayi no sɛ ne nkurɔfo ɔkannifo, efisɛ woanni Awurade mmara no so.”
15 Na Samuel firii Gilgal kɔɔ ne baabi na akodɔm no nkaeɛ no ne Saulo kɔhyiaa atamfoɔ no. Wɔfiri Gilgal kɔɔ Gibea a ɛwɔ Benyamin asase so. Saulo kanee mmarima a na wɔka ne ho no, na wɔn ano si aha nsia.
Na Samuel fii Gilgal kɔɔ Gibea wɔ Benyamin. Saulo kan mmarima a na wɔka ne ho no, na wɔn ano si bɛyɛ ahansia.
16 Na Saulo ne ne babarima Yonatan ne mmarima a ɛka ne ho no te Geba a ɛbɛn Gibea wɔ Benyamin asase so. Saa ɛberɛ no na Filistifoɔ no akyere sraban wɔ Mikmas.
Na Saulo ne ne babarima Yonatan ne mmarima a wɔka ne ho no te Geba a ɛbɛn Gibea wɔ Benyamin asase so. Saa bere no na Filistifo no akyere nsraban wɔ Mikmas.
17 Ntohyɛsofoɔ akuo mmiɛnsa firii Filistifoɔ sraban mu. Ekuo baako de nʼani kyerɛɛ Ofra ɛkwan so, kɔɔ Sual mpɔtam hɔ.
Afowfo akuw abiɛsa fii Filistifo nsraban mu. Kuw baako de nʼani kyerɛɛ Ofra kwan so, kɔɔ Sual mpɔtam hɔ.
18 Afoforɔ faa Bet-Horon kwan so ɛnna wɔn a wɔka ho nso faa ɛhyeɛ a ɛkyerɛ Seboim bɔnhwa no kwan so, kɔɔ ɛserɛ so fam.
Afoforo faa Bet-Horon kwan so na wɔn a wɔka ho no nso faa ɔhye a ɛkyerɛ Seboim bon no kwan so, kɔɔ sare so fam.
19 Saa ɛberɛ no, na ɔtomfoɔ biara nni Israel asase no so baabiara. Filistifoɔ no amma atomfoɔ no kwan, ɛfiri sɛ, wosusuu sɛ atomfoɔ no bɛbɔ akofena ne mpea ama Hebrifoɔ no.
Saa bere no, na ɔtomfo biara nni Israel asase no so baabiara. Filistifo no amma atomfo no kwan, efisɛ wose, “Anyɛ saa a atomfo no bɛbɔ afoa ne mpeaw ama Hebrifo no.”
20 Enti, na Israelfoɔ no nyinaa kɔ Filistifoɔ nkyɛn kɔse wɔn funtum nnadeɛ, nsɔ, nkuma ne dɔtetuo nnadeɛ ano.
Enti na Israelfo no nyinaa kɔ Filistifo nkyɛn kɔsesew wɔn funtum nnade, nsɔw, mmonnua ne dɔtetu nnade ano.
21 (Na wɔgye funtum nnadeɛ ne asosɔ a wɔse no biara ho dwetɛ gram nwɔtwe, na sɛ wɔse mmonnua anaa nnadeɛ a, wogye dwetɛ gram ɛnan.)
(Na wogye funtum nnade ne asosɔw a wɔsew no biara ho dwetɛ gram awotwe, na sɛ wɔsew mmonnua anaa mmoaka nnade a, wogye dwetɛ gram anan.)
22 Ɛno enti na Israelfoɔ no mu biara nni akofena anaa pea, gye sɛ Saulo ne Yonatan.
Ɛno nti na Israelfo no mu biara nni afoa anaa peaw, gye sɛ Saulo ne Yonatan.
23 Saa ɛberɛ no mu, na Filistifoɔ asraafoɔ no fa bi akɔ akɔfa tempɔn a ɛda Mikmas no.
Saa bere no mu, na Filistifo asraafo no fa bi akɔ akɔfa ɔtempɔn a ɛda Mikmas no.