< 1 Samuel 11 >
1 Ɛbɛyɛ bosome akyi, Amonhene Nahas dii nʼakodɔm anim bɛtoaa Israel kuropɔn Yabes Gilead. Na Yabesman mma bisaa asomdwoeɛ. Wɔsrɛɛ sɛ, “Momma yɛne mo nyɛ apam, na yɛbɛyɛ mo asomfoɔ.”
And Nahash the Ammonite came up and encamped against Jabesh-Gilead. And all the men of Jabesh said to Nahash, Make a covenant with us, and we will serve thee.
2 Nahas kaa sɛ, “Ɛyɛ, na adeɛ baako pɛ na ɛsɛ sɛ mopene so. Ɛne sɛ, mɛtu obiara ani nifa baako de agu Israel nyinaa anim ase.”
And Nahash the Ammonite said to them, On this [condition] will I treat with you, that I thrust out all your right eyes, and lay it for a reproach upon all Israel.
3 Na Yabes mpanin no buaa sɛ, “Ma yɛn nnanson, na yɛmfa nsoma abɔfoɔ mfa Israel nyinaa, na sɛ yɛn abusuafoɔ amma ammɛgye yɛn deɛ a, yɛbɛpene wo nhyehyɛeɛ no so.”
And the elders of Jabesh said to him, Allow us seven days, and we will send messengers into all the districts of Israel; and if there be no man to deliver us, we will come out to thee.
4 Abɔfoɔ no bɛduruu Gibea a ɛyɛ Saulo kurom, bɛkaa asɛm a ato wɔn no kyerɛɛ ɔmanfoɔ maa wɔn nyinaa suiɛ.
And the messengers came to Gibeah of Saul and told these words in the ears of the people. And all the people lifted up their voice and wept.
5 Saa ɛberɛ no, na Saulo refuntum nʼafuo. Na ɔbaa efie no, ɔbisaa sɛ, “Ɛdeɛn asɛm na asie? Adɛn enti na nisuo abu obiara kɔn yi?” Enti, wɔbɔɔ asɛm a ɛfiri Yabes hɔ aba no ho amanneɛ.
And behold, Saul came after the oxen from the field; and Saul said, What [aileth] the people that they weep? And they related to him the words of the men of Jabesh.
6 Onyankopɔn honhom bɛsii Saulo so dendeenden. Na ne bo fuu yie.
And the Spirit of God came upon Saul when he heard those words, and his anger was kindled greatly.
7 Ɔfaa anantwie mmienu, twitwaa wɔn asinasini, na wɔmaa abɔfoɔ no soa kyinii Israel nyinaa, de saa nkratoɔ yi kaa ho sɛ, “Obiara a wanni Saulo ne Samuel akyi ankɔ ɔko no, saa ara na ne nantwie bɛyɛ!” Na Awurade maa nnipa no suroo Saulo abufuo no. Enti, wɔn nyinaa bɛboaa wɔn ho ano.
And he took a yoke of oxen and cut them in pieces, and sent throughout the territory of Israel by the hand of messengers, saying, Whoever comes not forth after Saul and after Samuel, so shall it be done to his oxen! And the fear of Jehovah fell on the people, and they came out as one man.
8 Ɛberɛ a Saulo boaa wɔn ano wɔ Besek a ɔkan wɔn no, na Israel mmarima dodoɔ yɛ ɔpehasa ne Yudafoɔ a wɔn dodoɔ yɛ ɔpeduasa.
And he numbered them in Bezek, and the children of Israel were three hundred thousand, and the men of Judah thirty thousand.
9 Enti, Saulo somaa abɔfoɔ no ma wɔsane wɔn akyi kɔɔ Yabes Gilead kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɔkyena awia prɛmtoberɛ mu, yɛbɛyi mo afiri mo ahokyere no mu.” Abɔfoɔ no duruu kuro no mu no, anigyeɛ bunkam faa hɔ.
And they said to the messengers that had come, Thus shall ye say to the men of Jabesh-Gilead: To-morrow ye shall have deliverance when the sun is hot. And the messengers came and informed the men of Jabesh-Gilead; and they were glad.
10 Na Yabes mmarima ka kyerɛɛ wɔn atamfoɔ no sɛ, “Ɔkyena yɛbɛba mo so, na deɛ mopɛ no, monyɛ yɛn.”
And the men of Jabesh said, To-morrow we will come out to you, and ye may do with us according to all that is good in your sight.
11 Nanso, ansa na adeɛ rebɛkye no, na Saulo aduru hɔ dada. Ɔkyekyɛɛ nʼakodɔm no mu akuo mmiɛnsa. Ɔto hyɛɛ Amonfoɔ no so mpofirim, kunkumm wɔn anɔpa mu no nyinaa. Wɔn akodɔm nkaeɛ no bɔ hwetee baabiara a obi mpo nhunu sɛ wɔn mu baanu bi gyina baabi.
And it came to pass the next day that Saul set the people in three companies; and they came into the midst of the camp in the morning watch, and smote Ammon until the heat of the day: and it came to pass that they who remained were scattered, and not two of them were left together.
12 Afei, nnipa no teaam frɛɛ Samuel sɛ, “Nnipa a wɔka sɛ ɛnsɛ sɛ Saulo di yɛn so ɔhene no wɔ he? Momfa wɔn mmra na yɛnkum wɔn.”
And the people said to Samuel, Who is he that said, Shall Saul reign over us? bring the men, that we may put them to death.
13 Nanso, Saulo buaa sɛ, “Wɔrenkum obiara ɛnnɛ, ɛfiri sɛ, Awurade agye Israel ɛnnɛ.”
But Saul said, There shall not a man be put to death this day; for to-day Jehovah has wrought deliverance in Israel.
14 Na Samuel ka kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Mommra na yɛn nyinaa nkɔ Gilgal nkɔsi Saulo ahennie no so dua.”
And Samuel said to the people, Come and let us go to Gilgal, and renew the kingdom there.
15 Enti, wɔn nyinaa kɔɔ Gilgal, na wɔhyɛɛ Saulo sahenekyɛ wɔ Awurade anim. Na wɔbɔɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ maa Awurade, na Saulo ne Israelfoɔ nyinaa ani gyeeɛ.
And all the people went to Gilgal; and there they made Saul king before Jehovah in Gilgal; and there they sacrificed peace-offerings before Jehovah. And there Saul and all the men of Israel rejoiced exceedingly.