< 1 Petro 1 >
1 Krataa yi firi Yesu Kristo ɔsomafoɔ Petro nkyɛn, Meretwerɛ krataa yi akɔma Onyankopɔn nnipa a wɔahwete sɛ ahɔhoɔ kɔ Ponto, Galatia, Kapadokia, Asia ne Bitinia amantam mu no.
耶穌基督的宗徒伯多祿致書給散居在本都、迦拉達、卡帕多細雅、亞細亞和彼提尼雅作旅客的選民:
2 Onyankopɔn, yɛn Agya, na ɛfiri teteete no ɔfrɛɛ mo. Na ɔnam ne Honhom so ayɛ mo kronkron. Ɛno enti, moayɛ ɔsetie ama Yesu Kristo, na ɔde ne mogya ate mo ho: Adom ne asomdwoeɛ a ɛdɔɔso nka mo.
你們被召選,是照天主的預定;受聖神祝聖,是為服事耶穌基督,和分沾他寶血洗淨之恩。願恩寵和平安豐富地賜予你們!
3 Momma yɛnna Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no ase. Esiane nʼahummɔborɔ dodoɔ enti, ɔnam nyane a ɔnyanee Yesu Kristo firii owuo mu no so ama yɛn nkwa foforɔ. Yei ma yɛnya anidasoɔ a atim,
願我們的主耶穌基督的天主和父受讚美!他因自己的大仁慈,藉耶穌基督由死者中的復活,重生了我們,為獲得那充滿生命的希望,
4 enti yɛrehwɛ anim sɛ yɛbɛnya nhyira dodoɔ a Onyankopɔn akora a ɔde bɛma ne mma no bi. Ɔde asie wɔ ɔsoro ama mo ɛfiri sɛ, ɛhɔ deɛ, ɛremporɔ anaa ɛrensɛe, na ɛrempa nso.
為獲得那為你們已存留在天上的不壞、無瑕、不朽的產業,
5 Na Onyankopɔn gyina ne tumi kɛseɛ no so bɛhwɛ sɛ mobɛduru hɔ asomdwoeɛ mu, na mo nsa aka, ɛfiri sɛ, mogye no di. Ɛbɛyɛ mo dea nna a ɛdi akyire no mu ama obiara ahunu.
因為你們原是為天主的能力所保護,為使你們藉著信德,而獲得那已準備好,在最後時期出現的救恩。
6 Ɛwom sɛ, ebia, ɛsiane ɔhaw bebree a mobɛfa mu no enti, mo werɛ bɛho deɛ, nanso momma mo ani nnye saa asɛm yi ho.
為此,你們要歡躍,雖然如今你們暫時還該在各種試探中受苦,
7 Ɔhaw ba sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛhunu sɛ mo gyidie no yɛ kann. Sikakɔkɔɔ a wɔtumi sɛe no no mpo, wɔde ogya sɔ hwɛ. Enti, mo gyidie a ɛsom bo kyɛn sikakɔkɔɔ no, ɛsɛ sɛ wɔsɔ hwɛ hunu sɛ, ɛbɛtumi atim anaa. Ɛno ansa na da a Yesu Kristo bɛba no, mobɛnya animuonyam.
這是為使你們的信德,得以精煉,比經過火煉而仍易消失的黃金,更有價值,好在耶穌基督顯現時,堪受稱讚、光榮和尊敬。
8 Ɛwom sɛ monhunuu Yesu deɛ, nanso modɔ no. Monhunu no seesei deɛ, nanso mogye no di. Anigyeɛ a moanya no boro so
你們雖然沒有見過他,卻愛慕他;雖然你們如今仍看不見他,還是相信他;並且以不可言傳,和充滿光榮的喜樂而歡躍,
9 ɛfiri sɛ, mo nsa reka gyidie ho mfasoɔ a ɛyɛ mo kra nkwagyeɛ no.
因為你們已把握住信仰的效果:靈魂的救恩。
10 Saa nkwagyeɛ yi na tete adiyifoɔ no de boasetɔ hwehwɛɛ mu, ɛberɛ a wɔhyɛɛ saa akyɛdeɛ yi a Onyankopɔn de bɛma mo no ho nkɔm.
關於這救恩,那些預言了你們要得恩寵的先知們,也曾經尋求過,考究過,
11 Wɔpɛɛ sɛ wɔhunu ɛberɛ no ne ɛkwan a ɛnam so bɛba. Saa ɛberɛ yi ne ɛberɛ a Kristo Honhom a ɔte wɔn mu no kyerɛɛ wɔn wɔ nkɔmhyɛ mu sɛ Kristo bɛhunu amane, na akyire no wanya animuonyam.
就是考究那在他們內的基督的聖神,預言那要臨於基督的苦難,和以後的光榮時,指的是什麼時期,或怎樣的光景。
12 Onyankopɔn daa no adi kyerɛɛ saa adiyifoɔ no sɛ, wɔanyɛ wɔn adwuma no amma wɔn ho, na mmom, wɔyɛ de som mo. Wɔnam Honhom Kronkron a wɔsomaa no firii ɔsoro no tumi so kaa Asɛmpa no kyerɛɛ mo. Yei yɛ adeɛ a ɛyɛ nwanwa yie, na abɔfoɔ mpo de anigyeɛ sononko rehwɛ anwanwadwuma a ɛrekɔ so yi.
這一切給他們啟示出來,並不是為他們自己,而是為給你們服務;這一切,如今藉著給你們宣傳福音的人,依賴由天上派遣來的聖神,傳報給你們;對於這一切奧蹟,連眾天使也都切望窺探。
13 Enti, monsi mo adwene pi na monni mo ho so. Monnyina yie ma momma mo ani nna nhyira a wɔde bɛma mo wɔ Yesu Kristo ba a ɔbɛba no mu no so.
為此,你們要束上腰,謹守心神;要清醒,要全心希望在耶穌基督顯現時,給你們帶來的恩寵;
14 Montie Onyankopɔn, na mommma akɔnnɔ abrabɔ a ɛdii mo so ɛberɛ a na monnim no nni mo so.
要做順命的子女,不要符合你們昔日在無知中生活的慾望,
15 Na mmom, monyɛ kronkron wɔ biribiara a moyɛ mu sɛdeɛ Onyankopɔn a ɔfrɛɛ mo no yɛ kronkron no.
但要像那召叫你們的聖者一樣,在一切生活上是聖的,
16 Atwerɛsɛm no aka sɛ, “Ɛsɛ sɛ moyɛ kronkron, ɛfiri sɛ, meyɛ kronkron.”
因為經上記載:『你們應是聖的,因為我是聖的。』
17 Monkae sɛ mo Agya a ɔwɔ ɔsoro a mobɔ no mpaeɛ no renhwɛ nnipa anim wɔ nʼatemmuo mu. Ɛno enti mo nna a aka mo wɔ asase yi so no, momfa anidie nyinaa mma no.
你們既稱呼那不看情面,而只按每人的作為行審判者為父,就該懷著敬畏,度過你們這旅居的時期。
18 Ɛfiri sɛ, monim bo a wɔtua de gyee mo firii abrabɔ bɔne a mo nananom kyerɛɛ mo no mu. Ɛnyɛ adeɛ a ɛhwere ne boɔ a ɛsom te sɛ dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ no.
該知道:你們不是用能朽壞的金銀等物,由你們祖傳的虛妄生活中被贖出來的,
19 Na mmom Kristo a ɔyɛ odwammaa a ɔnni dɛm no de ne ho bɔɔ afɔdeɛ a ne boɔ yɛ den ma monyaa ahofadie.
而是用寶血,即無玷無瑕的羔羊基督的寶血。
20 Ansa na wɔrebɔ ewiase no, na Onyankopɔn ayi no, na mo enti na nna a ɛdi akyire no, wɔdaa no adi.
他固然是在創世以前就被預定了的,但在最末的時期為了你們纔出現,
21 Ɛnam ne so na mogyee Onyankopɔn a ɔnyanee no firii awufoɔ mu na ɔmaa no animuonyam no diiɛ. Ɛnam ne so ama mo gyidie ne mo anidasoɔ atim wɔ Onyankopɔn mu.
為使你們因著他,而相信那使他由死者中復活,並賜給他光榮的天主:這樣你們的信德和望德,都同歸於天主。
22 Seesei a moayɛ ɔsetie ama nokorɛ no, mo ho ate. Ɛno enti, monnodɔ mo nuanom agyidifoɔ nokorɛ mu. Momfiri mo akoma nyinaa mu nnodɔ mo ho mo ho.
你們既因服從真理,而潔淨了你們的心靈,獲得了真實無偽的弟兄之愛,就該以赤誠的心,熱切相愛,
23 Ɛfiri sɛ, wɔawo mo foforɔ; wɔanwo mo ɛmfiri aba a ɛporɔ mu, na mmom, ɛfiri Onyankopɔn asɛm a ɛmporɔ mu. (aiōn )
因為你們原是賴天主生活而永存的聖言,不是由於能壞的,而是由於不能壞的種子,得以重生。 (aiōn )
24 Sɛdeɛ Atwerɛsɛm no aka no, “Nnipa nyinaa te sɛ ɛserɛ; na wɔn animuonyam te sɛ nhwiren. Ɛserɛ no wu ma ne nhwiren no po,
因為『凡有血肉的都似草,他的一切美麗都似草上的花:草枯萎了,花也就凋謝了;
25 nanso Awurade asɛm no wɔ hɔ daa nyinaa.” Yei ne asɛm a Asɛmpa no de brɛɛ mo. (aiōn )
但上主的話卻永遠常存:』這話就是傳報給你們的福音。 (aiōn )