< 1 Petro 5 >
1 Me a meyɛ ɔpanin no, metu asafo no mu mpanimfoɔ fo sɛ, meyɛ Kristo amanehunu no ho adanseɛ enti nʼanimuonyam a ɛbɛba no bɛka me. Metu mo fo sɛ,
Me a meyɛ ɔpanyin no, mitu asafo no mu mpanyimfo fo se, meyɛ Kristo amanehunu no ho dansefo nti nʼanuonyam a wɔbɛda no adi no bɛka me bi. Mitu mo fo se,
2 monyɛ nnwan a Onyankopɔn de wɔn ahyɛ mo nsa no nnwanhwɛfoɔ na monhwɛ wɔn yie sɛdeɛ Onyankopɔn pɛ sɛ moyɛ no. Monyɛ adwuma a monhwehwɛ ho akatua biara, na mmom, pɛ ara na mopɛ sɛ moyɛ.
monyɛ nguan a Onyankopɔn de wɔn ahyɛ mo nsa no nguanhwɛfo na monhwɛ wɔn yiye sɛnea Onyankopɔn pɛ sɛ moyɛ no. Monyɛ adwuma a monhwehwɛ ho akatua biara, na mmom pɛ ara na mopɛ sɛ moyɛ. Adom ne asomdwoe mmunkam mo so.
3 Monnhyɛ wɔn a wɔde wɔn ahyɛ mo nsa no so, na mmom monyɛ nhwɛsoɔ pa mma nnwan no.
Monnhyɛ wɔn a wɔde wɔn ahyɛ mo nsa no so, na mmom monyɛ nhwɛso pa mma nguan no.
4 Na sɛ Odwanhwɛfoɔ panin no ba a, wɔbɛma mo animuonyam ahenkyɛ a ɛho nsɛe da.
Na sɛ Oguanhwɛfo panyin no ba a, wɔbɛma mo anuonyam ahenkyɛw a ɛrempa da.
5 Saa ara na ɛsɛ sɛ mmabunu, mobrɛ mo ho ase ma mpanimfoɔ. Mo nyinaa mfa ahobrɛaseɛ nkatanimu mmɔ mo asene na monsom mo ho mo ho ɛfiri sɛ, Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Onyankopɔn si ahantanfoɔ ɛkwan na ɔdom ahobrɛasefoɔ.”
Saa ara na ɛsɛ sɛ mo a moyɛ mmabun no, mobrɛ mo ho ase ma mpanyimfo. Mo nyinaa mfa ahobrɛase nkataanim mmɔ mo asen na monsom mo ho mo ho efisɛ Kyerɛwsɛm no ka se, “Onyankopɔn siw ahantanfo kwan na ɔdom ahobrɛasefo.”
6 Enti mommrɛ mo ho ase nhyɛ Onyankopɔn nsa a tumi wɔ mu no ase sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛma mo so wɔ ɛberɛ a ɛsɛ mu.
Enti mommrɛ mo ho ase nhyɛ Onyankopɔn nsa a tumi wɔ mu no ase, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛma mo so wɔ bere a ɛsɛ mu.
7 Momfa mo dadwene ne mo haw nyinaa nto ne so ɛfiri sɛ, ɔdwene mo ho.
Momfa mo dadwen ne mo haw nyinaa nto ne so, efisɛ odwen mo ho.
8 Mo ani nna hɔ; monwɛn ɛfiri sɛ, mo ɔtamfoɔ bonsam no nam sɛ gyata a ɔbobɔm hwehwɛ deɛ ɔbɛnya no amene.
Mo ani nna hɔ; monwɛn, efisɛ mo tamfo bonsam no nam sɛ gyata a ɔbobɔ mu hwehwɛ nea obenya no amene.
9 Momfa gyidie nnyina pintinn nsi no ɛkwan ɛfiri sɛ, monim sɛ mo nuanom agyidifoɔ a wɔwɔ ewiase afanan nyinaa rehunu saa amane korɔ no ara bi.
Momfa gyidi nnyina pintinn nsiw no kwan efisɛ munim sɛ mo nuanom agyidifo a wɔwɔ wiase mmaa nyinaa rehu saa amane koro no ara bi.
10 Na adom nyinaa Onyankopɔn a wafrɛ mo aba ne daa animuonyam no mu Kristo mu no, ɔno ara na sɛ monya hunu amane kakra ansa a, ɔbɛsiesie mo pɛ; ɔbɛma mo ase atim; ɔbɛhyɛ mo den; ɔbɛma mo anya nnyinasoɔ. (aiōnios )
Na adom nyinaa Nyankopɔn a wafrɛ mo aba ne daa anuonyam mu wɔ Kristo mu no, ɔno ara na sɛ munya hu amane kakra ansa a, obesiesie mo pɛ; ɔbɛma mo ase atim; ɔbɛhyɛ mo den; ɔbɛma moanya nnyinaso. (aiōnios )
11 Ɔno na tumi wɔ no daa daa. Amen. (aiōn )
Ɔno na tumi wɔ no daa daa. Amen. (aiōn )
12 Me nua ogyidini Silwano na ɔboaa me maa metwerɛɛ saa krataa tiawa yi. Mepɛ sɛ mehyɛ mo nkuran na medi adanseɛ sɛ, yei yɛ Onyankopɔn adom kann. Monnyina mu dennen.
Me nua ogyidini Silwano na ɔboaa me ma mekyerɛw saa krataa tiaa yi. Mepɛ sɛ mehyɛ mo nkuran na midi adanse se eyi yɛ Onyankopɔn adom kann. Munnyina mu dennen.
13 Asafo a Onyankopɔn ayi wɔ Babilonia no ne me ba Marko kyea mo.
Asafo a Onyankopɔn ayi wɔ Babilonia no ne me ba Marko kyia mo.
14 Momfa ɔdɔ atuuyɛ wɔ Kristo mu nkyeakyea mo ho mo ho. Asomdwoeɛ nka mo a mowɔ Kristo mu no nyinaa.
Momfa ɔdɔ atuuyɛ wɔ Kristo mu nkyiakyia mo ho mo ho. Asomdwoe nka mo a mowɔ Kristo mu no nyinaa.