< 1 Petro 3 >

1 Saa ara nso na ɔyerenom nso ɛsɛ sɛ mobrɛ mo ho ase ma mo kununom sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, sɛ wɔn mu bi nnye asɛm no nni a, mo suban pa no bɛtwetwe wɔn ama wɔagye asɛm no adi. Ɛho nhia sɛ mobɛka biribi,
Ligeså, I Hustruer! underordner eder under eders egne Mænd, for at, selv om nogle ere genstridige imod Ordet, de kunne vindes uden Ord ved Hustruernes Vandel,
2 ɛfiri sɛ wɔbɛhunu obuo ne anidie a mode ma Onyankopɔn wɔ mo suban mu.
når de iagttage eders kyske Vandel i Frygt.
3 Mommma ɔhonam mu asiesie nnyɛ mo dadwene; sɛ ɛyɛ ɛkwan a mofa so kyekyere mo ti, anaa adwinneɛ a mode siesie mo ho, anaa ntoma a mofira.
Eders Prydelse skal ikke være den udvortes med Hårfletning og påhængte Guldsmykker eller Klædedragt,
4 Momfa ɔdwoɔ ne ahobrɛaseɛ nkyerɛ mo ahoɔfɛ a ɛyɛ akomamuteɛ no. Saa ahoɔfɛ yi kyɛre na ɛsɔ Onyankopɔn ani.
men Hjertets skjulte Menneske med den sagtmodige og stille Ånds uforkrænkelige Prydelse, hvilket er meget kosteligt for Gud.
5 Saa ɛkwan yi so na mmaa agyidifoɔ a wɔtenaa ase tete no a na wɔwɔ anidasoɔ wɔ Onyankopɔn mu no nam brɛɛ wɔn ho ase maa wɔn kununom, de kyerɛɛ wɔn ahoɔfɛ.
Thi således var det også, at fordum de hellige Kvinder, som håbede på Gud, prydede sig, idet de underordnede sig under deres egne Mænd,
6 Sara yɛɛ saa ara. Ɔtiee Abraham asɛm frɛɛ no “Me wura.” Seesei sɛ moyɛ papa na monsuro hwee a, moyɛ ne mmammaa.
som Sara var Abraham lydig, så hun kaldte ham Herre, hun, hvis Børn I ere blevne, når I gøre det gode og ikke frygte nogen Rædsel.
7 Mo okununom nso, saa ara na ɛsɛ sɛ modwene mo yerenom ho wɔ mo asetena mu. Momfa anidie mma wɔn na monhunu mmerɛ a wɔyɛ na monhunu sɛ wɔne mo yɛ adedifoɔ, na biribi ansi mo mpaeɛbɔ ɛkwan.
Ligeså I Mænd! lever med Forstand sammen med eders Hustruer som med et svagere Kar, og beviser dem Ære som dem, der også ere Medarvinger til Livets Nådegave, for at eders Bønner ikke skulle hindres.
8 Deɛ ɛtwa toɔ, Mo nyinaa montena ase asomdwoeɛ mu. Monnya ɔtema mma mo ho mo ho. Monnodɔ mo ho mo ho, na monyɛ ahummɔborɔ, na mommrɛ mo ho ase.
Og til Slutning værer alle enssindede, medlidende, kærlige imod Brødrene, barmhjertige, ydmyge;
9 Mommfa bɔne ntua bɔne so ka, na mommfa ɔyea nso ntua ɔyea so ka. Na mmom, daa, monhyirahyira, ɛfiri sɛ, ɛno enti na wɔfrɛɛ mo na moanya nhyira.
betaler ikke ondt med ondt, eller Skældsord med Skældsord, men tværtimod velsigner, thi dertil bleve I kaldede, at I skulle arve Velsignelse.
10 Ɛfiri sɛ, Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Obiara a ɔpɛ sɛ ɔtena ase yie na ɔhunu nna pa no, ɛnsɛ sɛ ɔka kasa bɔne, na ɛsɛ sɛ ɔgyae atorɔtwa.
Thi "den, som vil elske Livet og se gode Dage, skal holde sin Tunge fra ondt og sine Læber fra at tale Svig;
11 Ɛsɛ sɛ ɔte ne ho firi bɔne ho na ɔyɛ papa na ɔti asomdwoeɛ akyi na ɔdi akyire.
han vende sig fra ondt og gøre godt; han søge Fred og jage efter den!
12 Ɛfiri sɛ, Awurade ani wɔ ateneneefoɔ so na ɔtie wɔn mpaeɛbɔ na ɔtia wɔn a wɔyɛ bɔne.”
Thi Herrens Øjne ere over de retfærdige, og hans Øren til deres Bøn; men Herrens Ansigt er over dem, som gøre ondt."
13 Sɛ wopere sɛ wopɛ sɛ woyɛ deɛ ɛtene a, hwan na ɔbɛha wo?
Og hvem er der, som kan volde eder ondt, dersom I ere nidkære for det gode?
14 Na sɛ ɛba mpo sɛ woyɛ deɛ ɛtene na wohunu ho amane a, wʼani gye. Monnsuro nnipa, na mommma hwee nha mo.
Men om I også måtte lide for Retfærdigheds Skyld, er I salige. Nærer ingen Frygt for dem, og forfærdes ikke;
15 Momfa anidie mma Kristo wɔ mo akoma mu, na momma ɔnyɛ mo Awurade. Ɛberɛ biara a obi bɛbisa mo gyidie a mowɔ wɔ mo mu ho asɛm no, monkyerɛ no aseɛ.
men helliger den Herre Kristus i eders Hjerter, altid rede til at forsvare eder over for enhver, som kræver eder til Regnskab for det Håb, der er i eder, men med Sagtmodighed og Frygt,
16 Momfa obuo ne anidie mma saa mmuaeɛ no. Momma mo adwene mu nna hɔ sɛdeɛ wɔn a wɔsopa mo suban pa wɔ Kristo mu no anim bɛgu ase wɔ wɔn nsekuro no ho.
idet I have en god Samvittighed, for at de, der laste eders gode Vandel i Kristus, må blive til Skamme, når de bagtale eder som Ugerningsmænd.
17 Ɛfiri sɛ, sɛ ɛyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ mobɛhunu amane a, ɛyɛ sɛ mobɛhunu ade tenenee a moyɛeɛ ho amane sene sɛ mobɛyɛ bɔne.
Thi det er bedre, om det så er Guds Villie, at lide, når man gør godt, end når man gør ondt.
18 Ɛfiri sɛ, Kristo no ankasa wu maa mo. Ɔwuu pɛnkorɔ maa mo bɔne sɛdeɛ ɛbɛma moatumi akɔ Onyankopɔn nkyɛn. Wɔkumm no honam mu, nanso ɔsɔree honhom mu,
Thi også Kristus led een Gang for Synder, en retfærdig for uretfærdige, for at han kunde føre os hen til Gud, han, som led Døden i Kødet, men blev levendegjort i Ånden,
19 na ɔnam honhom no so kɔkaa Asɛmpa no kyerɛɛ ahonhom a wɔda afiase no.
i hvilken han også gik hen og prædikede for Ånderne, som vare i Forvaring,
20 Ahonhom yi yɛɛ asoɔden tiaa Onyankopɔn ɛberɛ a Noa resene ne hyɛn no, nanso Onyankopɔn too ne bo ase maa wɔn. Onyankopɔn nam nsuo no so gyee nnipa baawɔtwe nkwa.
som fordum vare genstridige, dengang Guds Langmodighed ventede i Noas Dage, medens Arken byggedes, i hvilken få, nemlig otte, Sjæle bleve frelste igennem Vand,
21 Ɛno na afei ne sɛso ne asubɔ a ɛgye mo nkwa seesei no. Ɛnyɛ honam ani efi hohoro, na mmom, ɛyɛ bɔ a wɔfiri ahonim pa mu hyɛ Onyankopɔn. Ɛnam Yesu Kristo wusɔreɛ so gye mo nkwa.
hvilket nu også frelser eder i sit Modbillede som Dåb, der ikke er Fjernelse af Kødets Urenhed, men en god Samvittigheds Pagt med Gud ved Jesu Kristi Opstandelse,
22 Kristo kɔ ɔsoro afei, na ɔte Onyankopɔn nifa so na ɔdi ɔhene wɔ abɔfoɔ nyinaa ne ewiem atumfoɔ so.
han, som er faren til Himmelen og er ved Guds højre Hånd, efter at Engle og Myndigheder og Kræfter ere ham underlagte.

< 1 Petro 3 >