< 1 Ahemfo 9 >

1 Ɛberɛ a Salomo wiee Awurade asɔredan no ne ahemfie no sie no, ɔhunuu sɛ wayɛ deɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ no nyinaa awie.
Lorsque Salomon eut achevé de bâtir la maison de Yahvé, la maison du roi, et tout ce qu'il lui plut de faire,
2 Awurade daa ne ho adi kyerɛɛ no ne mprenu so, sɛdeɛ na wada ne ho adi akyerɛ no wɔ Gibeon dada no.
Yahvé apparut à Salomon pour la seconde fois, comme il lui était apparu à Gabaon.
3 Awurade ka kyerɛɛ no sɛ: “Mate wo mpaeɛbɔ ne wʼadesrɛ. Mate saa asɔredan yi a woasi no ho, sɛdeɛ wɔbɛhyɛ me din animuonyam wɔ hɔ afebɔɔ. Mɛhwɛ so na mama mʼani aku ho.
Yahvé lui dit: « J'ai entendu ta prière et ta supplication que tu as présentées devant moi. J'ai sanctifié cette maison que tu as bâtie, pour y mettre mon nom à jamais, et mes yeux et mon cœur y seront toujours.
4 “Na wo, sɛ wode nokorɛ ne nyamesuro di mʼakyi, sɛdeɛ wʼagya Dawid yɛeɛ, na ɔdii me mmara ne mʼahyɛdeɛ nyinaa so no a,
Si tu marches devant moi comme a marché David, ton père, dans l'intégrité de ton cœur et dans la droiture, pour faire tout ce que je t'ai commandé, et si tu observes mes lois et mes ordonnances,
5 mɛtim wʼahennie nnidisoɔ ase wɔ Israel afebɔɔ, sɛdeɛ meka kyerɛɛ wʼagya Dawid sɛ, ‘Ɛremma sɛ worennya ɔbarima bi nntena Israel ahennwa no so da no.’
j'affermirai pour toujours le trône de ton royaume sur Israël, comme je l'ai promis à David, ton père, en disant: « Il ne manquera pas de toi un homme sur le trône d'Israël ».
6 “Na sɛ wo anaa wo mmammarima dane firi me ho, na wɔbu me mmara ne mʼahyɛdeɛ a mede ama mo no so, na sɛ wɔfiri akyire kɔsom anyame afoforɔ sɔre wɔn a,
Mais si vous vous détournez de moi, vous ou vos enfants, et si vous n'observez pas mes commandements et mes lois que j'ai mis devant vous, mais si vous allez servir d'autres dieux et vous prosterner devant eux,
7 ɛnneɛ, mɛtwa Israel afiri asase a mede ama wɔn no so, na mapo saa asɔredan a mate ho wɔ me din mu no. Ɛbɛma Israel atɔ sin, na ayɛ aseredeɛ wɔ nnipa nyinaa mu.
alors je retrancherai Israël du pays que je lui ai donné, et je rejetterai loin de moi cette maison que j'ai sanctifiée pour mon nom, et Israël sera un sujet de sarcasme et de moquerie parmi tous les peuples.
8 Na ɛwom sɛ saa Asɔredan yi yɛ fɛ deɛ, nanso, wɔn a wɔbɛtwam wɔ ho no bɛtwiri no, adi ho abooboo, abisa sɛ, ‘Adɛn enti na Awurade ayɛ asase yi ne Asɔredan yi saa?’
Malgré la hauteur de cette maison, tous ceux qui passeront près d'elle seront étonnés et siffleront, et ils diront: « Pourquoi Yahvé a-t-il fait cela à ce pays et à cette maison? »
9 Nnipa bɛbua sɛ, ‘Ɛfiri sɛ, wɔapa Awurade, wɔn Onyankopɔn, a ɔyii wɔn agyanom firii Misraim no akyi, na wɔde wɔn ho akɔdan anyame afoforɔ a wɔresom wɔn, sɔre wɔn. Ɛno enti na Awurade ama saa ɔhaw ne abɛbrɛsɛ yi aba wɔn so no.’”
Et ils répondront: « Parce qu'ils ont abandonné Yahvé, leur Dieu, qui a fait sortir leurs pères du pays d'Égypte, et qu'ils ont embrassé d'autres dieux, se sont prosternés devant eux et les ont servis. C'est pourquoi Yahvé a fait venir sur eux tout ce malheur. »
10 Mfeɛ aduonu a Salomo de sii Awurade asɔredan no ne ahemfie no akyi,
Au bout de vingt ans, pendant lesquels Salomon avait construit les deux maisons, la maison de Yahvé et la maison du roi
11 ɔhene Salomo de nkurotoɔ aduonu a ɛwɔ Galilea maa Tirohene Huram, ɛfiri sɛ, Huram maa no ntweneduro nnua ne pepeaa nnua ne sikakɔkɔɔ a na ɔhia.
(Hiram, roi de Tyr, avait fourni à Salomon des cèdres et des cyprès, et de l'or, selon tout son désir), le roi Salomon donna à Hiram vingt villes au pays de Galilée.
12 Huram firii Tiro kɔhwɛɛ nkuro a Salomo de ama no no, nanso nʼani ansɔ koraa.
Hiram sortit de Tyr pour voir les villes que Salomon lui avait données, et elles ne lui plurent pas.
13 Ɔbisaa sɛ, “Me nua, na nkuro bɛn na wode ama me yi? Saa nkuro yi nni mu!” Enti, ɔfrɛɛ hɔ Kabul, “Deɛ ɛnni mu” de bɛsi ɛnnɛ.
Il dit: « Quelles sont ces villes que tu m'as données, mon frère? » Il les appela jusqu'à ce jour le pays de Cabul.
14 Na Huram asoma ma wɔde sikakɔkɔɔ tɔno 4 akɔma Salomo.
Hiram envoya au roi cent vingt talents d'or.
15 Ɛkwan a ɔhene Salomo faa so tintim, hyɛɛ nnipa, ma wɔsii Awurade asɔredan no ne nʼahemfie, Milo, Yerusalem ɔfasuo ne Hasor, Megido ne Geser nkuro no nie:
C'est la raison des travaux forcés auxquels le roi Salomon s'est astreint: construire la maison de Yahvé, sa propre maison, Millo, la muraille de Jérusalem, Hazor, Megiddo et Guézer.
16 Misraimhene kɔtuaa Geser, gyee hɔ faeɛ. Ɔkumm Kanaanfoɔ a wɔte kuro no mu nyinaa, hyee hɔ pasaa. Ɔde kuropɔn no maa ne babaa no sɛ akyɛdeɛ ɛberɛ a ɔwaree Salomo no.
Pharaon, roi d'Égypte, était monté, s'était emparé de Guézer, l'avait incendiée, avait tué les Cananéens qui habitaient la ville et l'avait donnée en cadeau de mariage à sa fille, la femme de Salomon.
17 Enti, Salomo sane kyekyeree Geser kuropɔn no. Afei, ɔsane kyekyeree nkuro a ɛwɔ Bet-Horon anafoɔ,
Salomon bâtit dans le pays Guézer, Beth Horon la basse,
18 Baalat ne Tamar wɔ ɛserɛ so, nʼasase so.
Baalath, Tamar dans le désert,
19 Ɔkyekyeree nkuro a na wɔkora nnuane wɔ hɔ, kyekyeree nkuropɔn nso a na wɔkora ne nteaseɛnam ne nʼapɔnkɔ wɔ hɔ. Ɔkyekyeree Yerusalem ne Lebanon ne nʼahemman nyinaa, sɛdeɛ nʼakoma pɛ.
toutes les villes de stockage que possédait Salomon, les villes pour ses chars, les villes pour ses cavaliers, et ce que Salomon voulait bâtir pour son plaisir à Jérusalem, au Liban et dans tout le pays de sa domination.
20 Na nnipa bi da so te asase no so a wɔnyɛ Israelfoɔ. Wɔne Amorifoɔ, Hetifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ.
Quant à tout le peuple qui restait des Amoréens, des Héthiens, des Phéréziens, des Héviens et des Jébusiens, et qui n'appartenait pas aux enfants d'Israël,
21 Yeinom ne aman a na Israel nwiee wɔn asetɔre korakora no asefoɔ. Enti, Salomo hyɛɛ wɔn ma wɔyɛɛ nʼadwumayɛfoɔ, na wɔda so yɛ de bɛsi ɛnnɛ.
leurs enfants restés après eux dans le pays, et que les enfants d'Israël n'ont pas pu détruire par interdit, Salomon a levé un tribut de serviteurs jusqu'à ce jour.
22 Nanso, Salomo anhyɛ Israelfoɔ amma wɔanyɛ ɔhyɛ nnwuma. Mmom, ɔmaa wɔyɛɛ asraafoɔ, aban adwumayɛfoɔ. Ɔmaa ebinom yɛɛ nʼakodɔm, ne nteaseɛnam ne ne nteaseɛnamkafoɔ so asahene.
Mais Salomon n'établit pas de serviteurs parmi les enfants d'Israël; ce furent les hommes de guerre, ses serviteurs, ses chefs, ses capitaines, les chefs de ses chars et de ses cavaliers.
23 Afei, ɔyii wɔn mu ahanum ne aduonum maa wɔhwɛɛ ne nkɔso nnwuma ahodoɔ so.
Tels étaient les cinq cent cinquante chefs qui dirigeaient l'œuvre de Salomon, et qui avaient autorité sur le peuple qui travaillait à l'œuvre.
24 Ɛberɛ a Salomo yii ne yere a ɛyɛ Farao babaa no firii Dawid kuro no mu, de no kɔɔ ahemfie foforɔ a wasi ama no no mu no, ɔsii Milo.
Mais la fille de Pharaon monta de la cité de David dans sa maison que Salomon avait construite pour elle. Puis il construisit Millo.
25 Afe biara mu, na Salomo bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ ma Awurade wɔ afɔrebukyia a ɔsiiɛ no so mprɛnsa. Na ɔhye aduhwam nso ma Awurade. Enti, ɔde wiee asɔredan no si.
Salomon offrait des holocaustes et des sacrifices de prospérité sur l'autel qu'il construisait pour Yahvé, trois fois par an, et il brûlait des parfums sur l'autel qui était devant Yahvé. Il acheva donc la maison.
26 Akyire no, ɔhene Salomo yɛɛ ɛpo so ahyɛn wɔ Esion-Geber, hyɛngyinabea a ɛbɛn Elot a ɛwɔ Edom asase so hɔ a ɛwɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no mpoano.
Le roi Salomon fit construire une flotte de navires à Ezion Geber, qui est près d'Eloth, sur les bords de la mer Rouge, dans le pays d'Édom.
27 Na Huram maa nʼahyɛn mu adwumayɛfoɔ a wɔnim hyɛn mu adwuma yie no, ne Salomo nkurɔfoɔ de ahyɛn no yɛɛ adwuma.
Hiram envoya dans la flotte ses serviteurs, des marins qui connaissaient la mer, avec les serviteurs de Salomon.
28 Wɔyɛɛ adwuma kɔɔ Ofir, na wɔsane de sikakɔkɔɔ tɔno 16 brɛɛ Salomo.
Ils arrivèrent à Ophir, y prirent de l'or, quatre cent vingt talents, et l'apportèrent au roi Salomon.

< 1 Ahemfo 9 >