< 1 Ahemfo 7 >

1 Salomo sane sii ɔno ankasa nʼahemfie. Na mfirinhyia dumiɛnsa na ɔde wiee ahemfie no sie.
Salomo san sii ɔno ankasa nʼahemfi. Na mfirihyia dumiɛnsa na ɔde wiee ahemfi no si.
2 Na wɔfrɛ Salomo adan no mu baako Lebanon Kwaeɛm Ahemfie. Na ne ntentenemu yɛ anammɔn ɔha ne aduonum. Ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduɔson enum, ɛnna ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn aduanan enum. Na ntweneduro nsamsoɔ no mpunan no deda ntweneduro fadum ɛnan a wɔatoto ahyehyɛ no tee so.
Na wɔfrɛ Salomo adan no mu baako Lebanon Kwae Ahemfi. Na ne tenten mu yɛ anammɔn ɔha ne aduonum. Ne trɛw yɛ anammɔn aduɔson anum, na ne sorokɔ yɛ anammɔn aduanan anum. Na sida nsamso no mpuran no deda sida fadum anan a wɔatoto ahyehyɛ no tee no so.
3 Na wɔabɔ ntweneduro nsamsoɔ a ɛtwere mpunan aduanan enum a ɛno nso gugu fadum a wɔatoto, ahyehyɛ no ntentenesoɔ mmiɛnsa mu a, dunum na ɛwɔ ntentenesoɔ baako biara mu.
Na wɔabɔ sida nsɛmso a etweri mpuran aduanan anum a ɛno nso gugu afadum a wɔatoto, ahyehyɛ no ntentenso abiɛsa mu a, dunum na ɛwɔ ntentenso baako biara mu.
4 Afasuo no fa biara, mpomma sesa so mmiɛnsa mmiɛnsa a ɛdidi nhwɛanimu.
Afasu no fa biara, mfɛnsere sesa so abiɛsa abiɛsa a edidi nhwɛanim.
5 Apono no akwan nyinaa, wɔayɛ no ahinanan mmiɛnsa mmiɛnsa a ɛdidi nhwɛanimu.
Apon no akwan nyinaa, wɔayɛ no ahinanan abiɛsa abiɛsa a edidi nhwɛanim.
6 Ɔsii afadum asa a ne ntentenemu yɛ anammɔn aduɔson enum, na ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduanan enum. Na ntwonoo a wɔakuru so wɔ animu a ɛsi afadum so.
Osii afadum asa a ne tenten mu yɛ anammɔn aduɔson anum, na ne trɛw yɛ anammɔn aduanan anum. Na ntwironoo a wɔakuru so wɔ anim a esi afadum so.
7 Na ahennwa asa a na wɔnim no sɛ atemmuo asa nso wɔ hɔ. Ɛhɔ na na Salomo tena, di nsɛm. Na wɔde ntweneduro asam firi fam, de kɔsi nsamsoɔ so.
Na ahengua asa a na wonim no sɛ atemmu asa nso wɔ hɔ. Ɛhɔ na na Salomo tena di nsɛm. Na wɔde sida asam mu fi fam, de kosi nsamso so.
8 Baabi a na Salomo teɛ no twa asɛnniiɛ a ɛwɔ asa no akyi no ho hyia. Ɛkwan korɔ no ara so na wɔfa de siiɛ. Ɔsii ne dan no sɛso de maa Farao babaa a na ɔyɛ ne yerenom no mu baako.
Faako a na Salomo te no twa asennii a ɛwɔ asa no akyi no ho hyia. Ɔkwan koro no ara so na wɔfa de sii. Osii ne dan no sɛso de maa Farao babea a na ɔyɛ ne yerenom no mu baako.
9 Aboɔ akɛseɛ a wɔatwa no pɛpɛɛpɛ a ne boɔ yɛ den yie na wɔde sii saa adan no.
Abo akɛse a wɔatwa no pɛpɛɛpɛ a ne bo yɛ den yiye na wɔde sii saa adan no.
10 Aboɔ a wɔde too ɛdan no fapem no ntentenemu yɛ anammɔn dunum, ɛnna ebi nso ntentenemu yɛ anammɔn dumienu.
Abo a wɔde too ɔdan no fapem no tenten mu yɛ anammɔn dunum, na bi nso tenten mu yɛ anammɔn dumien.
11 Aboɔ a ne boɔ yɛ den yie a wɔde sii afasuo no nso, na wɔasusu, atwa no pɛpɛɛpɛ a ntweneduro mpunan nso ka ho.
Abo a ne bo yɛ den yiye a wɔde sii afasu no nso, na wɔasusuw, atwa no pɛpɛɛpɛ a sida mpuran nso ka ho.
12 Adihɔ kɛseɛ no afasuo no nso, wɔto de ntweneduro mpunan aduntire baako biara too aboɔ a wɔatwa aduntire mmiɛnsa biara so, te sɛ afasuo a ɛwɔ Awurade Asɔredan mfimfini mu hɔ a ntwonoo kwan ka ho.
Adiwo kɛse no afasu no nso, wɔto de sida mpuran ntaaso baako biara too abo a wɔatwa ntaaso abiɛsa biara so, te sɛ afasu a ɛwɔ Awurade Asɔredan mfimfini mu hɔ a ntwironoo kwan ka ho.
13 Ɔhene Salomo bisaa ɔbarima bi a ɔfiri Tiro a ne din de Huram ase sɛ ɔmfiri Tiro mmra,
Ɔhene Salomo bisaa ɔbarima bi a ofi Tiro a ne din de Huram ase sɛ omfi Tiro mmra,
14 ɛfiri sɛ, na ɔyɛ odwumfoɔ a ɔnim kɔbere mfrafraeɛ ho adwinneɛ yie. Na ɔyɛ Israelni fa, ɛfiri sɛ, ne maame yɛ okunafoɔ a ɔfiri Naftali abusuakuo mu. Nʼagya nso na ɔyɛ adwuma wɔ baabi a wɔnane nnadeɛ wɔ Tiro. Enti, ɔbɛyɛɛ adwuma maa ɔhene Salomo.
efisɛ na ɔyɛ odwumfo a onim kɔbere mfrafrae ho adwinne yiye. Na ne fa yɛ Israelni, efisɛ ne na yɛ okunafo a ofi Naftali abusua mu. Na nʼagya nso yɛ adwuma wɔ baabi a wɔnan nnade wɔ Tiro. Enti ɔbɛyɛɛ adwuma maa ɔhene Salomo.
15 Huram twaa kɔbere mfrafraeɛ afadum mmienu a emu biara ɔsorokɔ yɛ anammɔn aduonu nson, ɛnna ne kankomu nso yɛ anammɔn dunwɔtwe.
Huram twaa kɔbere mfrafrae afadum abien a emu biara sorokɔ yɛ anammɔn aduonu ason, na ne afefarem nso yɛ anammɔn dunwɔtwe.
16 Afadum no apampam no, ɔde kɔbere mfrafraeɛ yɛɛ aduntire a emu biara ɔsorokɔ yɛ anammɔn nson ne fa.
Ɔde kɔbere mfrafrae yɛɛ afadum no apampam ntaaso a emu biara sorokɔ yɛ anammɔn ason ne fa.
17 Ntaasoɔ biara nso, wɔde atena a wɔanwono nson ne nkɔnsɔnkɔnsɔn na ahyehyɛ ho.
Ntaaso biara nso, wɔde ɔtan a wɔanwen ason ne nkɔnsɔnkɔnsɔn na ahyehyɛ ho.
18 Na ɔyɛɛ ateaa nsɛso a ɛsesa so tee mmienu bebaree atena a wɔanwono no de siesiee aduntire a ɛwɔ afadum no atifi.
Na ɔyɛɛ atoaa nsɛso a ɛsesa so tee abien bebaree ɔtan a wɔanwen no de siesiee ntaaso a ɛwɔ afadum no atifi.
19 Ntaasoɔ a ɛwɔ afadum a ɛwɔ ntwonoo no mu no, na wɔayɛ no sɛ sukooko a ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn nsia.
Ntaaso a ɛwɔ afadum a ɛwɔ ntwironoo no mu no, na wɔayɛ no sɛ sukooko a ne sorokɔ yɛ anammɔn asia.
20 Ntaasoɔ biara a na ɛwɔ afadum mmienu no so no nso, na ateaa nsɛso ahanu a wɔahyehyɛ no tee tee mmienu atwa ho ahyia a, ɛbɛn kankonimu a ɛtoa atena a wɔanwono no so.
Ntaaso biara a na ɛwɔ afadum abien no so no nso, na atoaa nsɛso ahannu a wɔahyehyɛ no tee abien atwa ho ahyia a, ɛyɛ kurukuruwa a ɛtoa ɔtan a wɔanwen no so.
21 Huram de afadum no sisii Asɔredan no ɛkwan ano a baako kyerɛ anafoɔ fam na baako nso kyerɛ atifi fam. Ɔtoo baako a ɛkyerɛ anafoɔ fam no din Yakin (Ɔde atim hɔ) ɛnna deɛ ɛkyerɛ atifi fam no, ɔtoo no Boas (Ne mu na ahoɔden wɔ).
Huram de afadum no sisii Asɔredan no kwan ano a baako kyerɛ anafo fam na baako nso kyerɛ atifi fam. Ɔtoo baako a ɛkyerɛ anafo fam no din Yakin (Ɔde tim) na nea ɛkyerɛ atifi fam no, ɔtoo no Boas (Ne mu na ahoɔden wɔ).
22 Afadum no aduntire no, wɔyɛɛ no sɛ sukooko. Saa na ɔyɛ de wiee afadum no ho adwuma.
Afadum no ntaaso no, wɔyɛɛ no sɛ sukooko. Saa na ɔyɛ de wiee afadum no ho adwuma.
23 Afei, Huram twaa dwaresɛn kurukuruwa kɛseɛ bi a ɛfiri ano kɔka ano no yɛ anammɔn dunum. Wɔtoo no edin Ɛpo. Na emu tenten yɛ anammɔn nson ne fa, na ne kankomu nso yɛ anammɔn aduanan enum.
Afei, Huram twaa nsukorade kurukuruwa kɛse bi a efi ano kɔka ano no yɛ anammɔn dunum. Wɔtoo ne din Po. Na emu tenten yɛ anammɔn ason ne fa, nʼafefare mu nso yɛ anammɔn aduanan anum.
24 Ɛpo no ano pɛɛ na na wɔde nkoraa a wɔadi no adwini atwa ho ahyia. Na nkoraa bɛyɛ nsia a ɛkwan a ɛdeda wɔn ntam yɛ anammɔn baako. Na wɔayɛ ama ayɛ sɛ dwaresɛn no fa bi.
Na Po no wɔ nsɛsode a ɛte sɛ anantwi a atwa afa ano no ase ahyia. Anammɔn baako biara mu no, na anantwi sɛso asia wɔ so a wɔagu ama afra nsukorade no.
25 Na Ɛpo no si nsiaseɛ a ɛyɛ kɔbere mfrafraeɛ anantwie dumienu sɛso so. Na wɔn nyinaa ani kyerɛkyerɛ abɔntene. Mmiɛnsa ani kyerɛ atifi fam. Mmiɛnsa ani kyerɛ atɔeɛ fam. Mmiɛnsa kyerɛ anafoɔ fam, ɛnna mmiɛnsa nso ani kyerɛ apueeɛ fam.
Na Po no si nsiase a ɛyɛ kɔbere mfrafrae anantwi dumien sɛso so. Na wɔn nyinaa ani kyerɛkyerɛ abɔnten. Abiɛsa ani kyerɛ atifi fam. Abiɛsa ani kyerɛ atɔe fam. Abiɛsa kyerɛ anafo fam, na abiɛsa nso ani kyerɛ apuei fam.
26 Na Ɛpo no afasuo mu pipiripie bɛyɛ nsateakwaa mmiɛnsa, na ano no ntrɛmu te sɛ bonsua, na na ɛte sɛ sukooko a apaeɛ. Na ɛbɛtumi akora nsuo bɛyɛ gyare mpem dubaako.
Na Po no afasu mu piw bɛyɛ nsateaato abiɛsa, na ano no trɛw te sɛ kuruwa, na na ɛte sɛ sukooko a apae. Na ebetumi akora nsu bɛyɛ galɔn mpem dubaako.
27 Huram sane yɛɛ nteaseɛnam edu a wɔde twe nsuo a emu biara tentenemu yɛ anammɔn nsia na ne tɛtrɛtɛmu nso yɛ anammɔn nsia, ɛnna ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn ɛnan ne fa.
Huram san yɛɛ nteaseɛnam du a wɔde twe nsu a emu biara tenten mu yɛ anammɔn asia na ne trɛw mu nso yɛ anammɔn asia, na ne sorokɔ yɛ anammɔn anan ne fa.
28 Na sɛdeɛ wɔyɛɛ nteaseɛnam no ne sɛ, ɛwowɔ mfomfamsoɔ ntrawantrawa a wɔabram so.
Na sɛnea wɔyɛɛ nteaseɛnam no ne sɛ, ɛwowɔ ntetareho ntrantraa a wɔabram so.
29 Wɔde agyata, anantwie ne Kerubim a wɔasene siesiee mfomfamsoɔ no ne nnadeɛ a wɔde bram ɛpono akyi no. Agyata no ne anantwie no so ne wɔn ase na wɔagu nhwiren a wɔahyehyɛ, de asiesie wɔn.
Wɔde gyata, anantwi ne kerubim a wɔasen siesiee ntetareho no ne nnade a wɔde bram ɔpon akyi no. Gyata no ne anantwi no so ne wɔn ase na wɔagu nhwiren a wɔahyehyɛ, de asiesie wɔn.
30 Na saa nteaseɛnam no mu biara wɔ kɔbere mfrafraeɛ ntwahonan ɛnan ne kɔbere mfrafraeɛ ntwahodadeɛ. Na nteaseɛnam biara twɛtwɛwa no wɔ nnyinasoɔ afadum de ma kɔbere mfrafraeɛ dwaresɛn no; saa nnyinasoɔ no ho na wɔadi nhwiren a wɔahyehyɛ adwini.
Na saa nteaseɛnam no mu biara wɔ kɔbere mfrafrae ntwahonan anan ne kɔbere mfrafrae ntwahodade. Na nteaseɛnam biara twɔtwɔw no wɔ nnyinaso afadum de ma kɔbere mfrafrae nsukorade no; saa nnyinaso no ho na wɔadi nhwiren a wɔahyehyɛ adwinni.
31 Nteaseɛnam no biara wɔ nnyinasoɔ kurukuruwa bi wɔ nʼatifi ma dwaresɛn no. Na ɛhwire mu, kɔ soro bɛyɛ anammɔn baako ne fa wɔ teaseɛnam no atifi te sɛ ntaamudeɛ kurukuruwa bi. Na ano a abue no yɛ anammɔn mmienu ne nsateakwaa mmiɛnsa. Ɛho no na wɔde nhwiren a wɔahyehyɛ adwinnie asiesie. Na nteaseɛnam no mfomfamsoɔ no yɛ ahinanan na ɛnyɛ kurukuruwa.
Nteaseɛnam no biara wɔ nnyinaso kurukuruwa bi wɔ nʼatifi ma nsukorade no. Na ehwirew mu, kɔ soro bɛyɛ ɔnammɔn baako ne fa wɔ teaseɛnam no atifi te sɛ ntaamude kurukuruwa bi. Na ano a abue no yɛ anammɔn abien ne nsateaa abiɛsa. Ɛho no na wɔde nhwiren a wɔahyehyɛ adwinni asiesie. Na nteaseɛnam no ntetareho no yɛ ahinanan na ɛnyɛ kurukuruwa.
32 Mfomfamsoɔ no ase na ntwahonan ɛnan a wɔde atoa ntwahodadeɛ so a wɔagu ne nyinaa atoa mu ayɛ baako no hyehyɛ. Na ɛfiri ntwahonan no kanko ano kɔsi ano yɛ anammɔn mmienu ne nsateakwaa mmiɛnsa,
Ntetareso no ase na ntwahonan anan a wɔde atoa ntwahodade so a wɔagu ne nyinaa atoa mu ayɛ baako no hyehyɛ. Na efi ntwahonan no dantaban ano kosi ano yɛ anammɔn abien ne nsateaa abiɛsa,
33 a na ɛte sɛ teaseɛnam a ɛwɔ ntwahonan mmienu. Emu ntwahodadeɛ, mpadeɛ, hankra ne ne brɛmo no nyinaa, wɔde kɔbere mfrafraeɛ na ɛyɛeɛ.
a na ɛte sɛ teaseɛnam a ɛwɔ ntwahonan abien. Emu ntwahodade, mparow, hankare ne nea ɛhyɛ mfimfini no nyinaa, wɔde kɔbere mfrafrae na ɛyɛe.
34 Na teaseɛnam no ahanan nyinaa nsosɔmu wowɔ hɔ, na ne nyinaa nso, wɔagu atoa mu baako, ma ɛne teaseɛnam no atoa mu.
Na nsusomu nsa anan wowɔ nteaseɛnam no atwɔtwɔw anan no biara so a epuepue fi nteaseɛnam no so.
35 Nteaseɛnam no mu biara atifi no, na na hankra bi a ne tɛtrɛtɛ yɛ nsateakwaa nkron wɔ. Nsosɔmu no ne nkyɛnkyɛn mfomfamsoɔ no nso, wɔagu ma ɛne teaseɛnam no atoa mu.
Nteaseɛnam no mu biara atifi no na na hankare bi a ne trɛw yɛ nsateaa akron wɔ. Nsusomu no ne nkyɛnkyɛn ntetareho no nso, wɔagu ama ɛne teaseɛnam no atoa mu.
36 Wɔde Kerubim, agyata ne mmɛdua a wɔasene siesiee mfomfamsoɔ no ne nnyinasoɔ ahodoɔ no ho baabiara a ɛkwan wɔ. Na wɔagu nhwiren a wɔahyehyɛ atwa ho nyinaa ahyia.
Wɔde kerubim, gyata ne mmedua a wɔasen siesiee ntetareho no ne nnyinaso ahorow no ho baabiara a kwan wɔ. Na wɔagu nhwiren a wɔahyehyɛ atwa ho nyinaa ahyia.
37 Nsuo nteaseɛnam edu no, na ne nyinaa akɛseɛ yɛ pɛ, na ne nyinaa sesɛ, na wɔguu ne nyinaa wɔ ade korɔ mu.
Nsu nteaseɛnam du no, na ne nyinaa akɛse yɛ pɛ, na ne nyinaa sesɛ, na woguu ne nyinaa wɔ ade koro mu.
38 Huram sane yɛɛ kɔbere mfrafraeɛ dwaresɛn edu de maa nteaseɛnam no mu biara. Na dwaresɛn no mu tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn nsia a ɛtumi kora nsuo gyare ahanu aduonu.
Huram san yɛɛ kɔbere mfrafrae nsukorade du de maa nteaseɛnam no mu biara. Na nsukorade no mu trɛw yɛ anammɔn asia a etumi kora nsu gyare ahannu aduonu.
39 Ɔhyehyɛɛ nsuo nteaseɛnam no enum wɔ Asɔredan no anafoɔ fam ɛnna enum nso wɔ atifi fam. Wɔde Ɛpo no sii Asɔredan no anafoɔ apueeɛ fam twɛtwɛwa so.
Ɔhyehyɛɛ nsu nteaseɛnam no anum wɔ Asɔredan no anafo fam, na anum nso wɔ atifi fam. Wɔde Po no sii Asɔredan no anafo apuei fam twɔtwɔw so.
40 Afei, ɔyɛɛ nkukuo, sofi ne dwaresɛn a ɛho hia. Ne korakora no, Huram wiee biribiara a ɔhene Salomo kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ wɔ Awurade Asɔredan no ho:
Afei, ɔyɛɛ nkuku, sofi ne nsukorade a ɛho hia. Ne korakora no, Huram wiee biribiara a ɔhene Salomo kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ wɔ Awurade Asɔredan no ho:
41 afadum mmienu, aduntire a wɔayɛ no sɛ asansuo mmienu a ɛsisi afadum no atifi, nkɔnsɔnkɔnsɔn mmienu a wɔde asiesie aduntire no,
Afadum abien, afadumti a wɔayɛ no sɛ asuhina abien a esisi afadum no atifi, ntweaban a wɔayɛ no sɛ atena abien a wɔde asiesie afadumti no,
42 ateaa nsɛso ahanan a ɛsensɛn nkɔnsɔnkɔnsɔn a ɛgu aduntire no so (ateaa a wɔahyehyɛ no ntentenesoɔ mmienu a ebiara sa nkɔnsɔnkɔnsɔn a ɛsensɛn aduntire a ɛwɔ afadum no atifi no so no),
atoaa nsɛso ahannan a ɛsensɛn nkɔnsɔnkɔnsɔn a egu ntaaso no so (atoaa a wɔahyehyɛ no ntenten so abien a biara sa nkɔnsɔnkɔnsɔn a ɛsensɛn ntaaso a egu afadum no atifi no so no),
43 nsuo nteaseɛnam edu a dwaresɛn edu sisi soɔ,
nsu nteaseɛnam du a nsukorade du sisi so,
44 Ɛpo no ne anantwie dumienu a ɛhyehyɛ aseɛ,
Po no ne anantwi dumien a ɛhyehyɛ ase,
45 Nkukuo, sofi ne dwaresɛn. Na nkuku ne nkaka a Huram yɛ maa ɔhene Salomo de guu Awurade Asɔredan mu no nyinaa yɛ kɔbere mfrafraeɛ a wɔapɔ ho.
Nkuku, sofi ne nsukorade. Na nkuku ne nkaka a Huram yɛ maa ɔhene Salomo de guu Awurade Asɔredan mu no nyinaa yɛ kɔbere mfrafrae a wɔapɔw ho.
46 Ɔhene ma wɔguu no kankua a na ɛwɔ Yordan bɔnhwa a na ɛwɔ Sukot ne Saretan ntam no mu.
Ɔhene no ma woguu no wɔ kankua a na ɛwɔ Yordan tataw a na ɛwɔ Sukot ne Saretan ntam no so.
47 Salomo ankari nkuku ne nkaka no, ɛfiri sɛ, na ɛdɔɔso dodo; na kɔbere mfrafraeɛ no mu duru nso, wɔantumi ankari.
Salomo ankari nkuku ne nkaka no, efisɛ na ɛdɔɔso dodo; na kɔbere mfrafrae no mu duru nso, wɔantumi ankari.
48 Na Salomo de saa nneɛma yi nyinaa siesiee Awurade Asɔredan no mu: sikakɔkɔɔ afɔrebukyia, sikakɔkɔɔ kyerɛ ɛpono a Hyiadan mu Burodo no gu soɔ,
Na Salomo de saa nneɛma yi nyinaa siesiee Awurade Asɔredan no mu: sikakɔkɔɔ afɔremuka, sikakɔkɔɔ kyerɛwpon a Ne Daa Nwɔhɔ brodo gu so,
49 sikakɔkɔɔ kaneadua a ɛnnum sisi anafoɔ fam, na enum sisi atifi fam wɔ kronkron mu kronkron animu hɔ; nhwiren a wɔde asiesie hɔ, nkanea ne nkapɛ a ne nyinaa yɛ sikakɔkɔɔ,
sikakɔkɔɔ kaneadua a anum sisi anafo fam, na anum sisi atifi fam wɔ kronkron mu kronkron anim hɔ; nhwiren a wɔde asiesie hɔ, akanea ne mpiakyiri a ne nyinaa yɛ sikakɔkɔɔ,
50 nkuruwa, nkanea akapɛ, nsisoɔ, nyowaa ne nkyɛnsee a wɔnoa mu nyinaa yɛ sikakɔkɔɔ nko ara; ɛkwan ano apono a ɛkɔ kronkron mu kronkron ne Asɔredan no mu ne animu nyinaa, wɔde sikakɔkɔɔ duraa ho.
nkuruwa, akanea adabaw, nsiso, nsanka ne nkankyee a wɔnoa mu nyinaa yɛ sikakɔkɔɔ nko ara; ɔkwan ano apon a ɛkɔ kronkron mu kronkron ne Asɔredan no mu ne anim nyinaa, wɔde sikakɔkɔɔ duraa ho.
51 Ɔhene Salomo wiee Awurade asɔredan no ho adwuma nyinaa. Na Salomo de akyɛdeɛ a nʼagya Dawid ato edin no nyinaa a ɛyɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne nkuku ne nkaka ba bɛkoraa wɔ adekoradan mu wɔ Awurade Asɔredan mu hɔ.
Ɔhene Salomo wiee Awurade asɔredan no ho adwuma nyinaa. Na Salomo de akyɛde a nʼagya Dawid ato din no nyinaa a ɛyɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne nkuku ne nkaka ba bɛkoraa wɔ adekoradan mu wɔ Awurade Asɔredan mu hɔ.

< 1 Ahemfo 7 >