< 1 Ahemfo 6 >
1 Mfeɛ ahanan aduɔwɔtwe a wɔgyee Israelfoɔ firii nkoasom mu wɔ Misraim no a na Salomo nso adi Israel so ɔhene mfeɛ ɛnan no bosome Siv (bɛyɛ Kɔtɔnimaa) mu no, ɔhyɛɛ aseɛ sii Awurade Asɔredan no.
And it came to pass in the four hundred and eightieth year after the children of Israel were come out of the land of Egypt, in the fourth year of Solomon's reign over Israel, in the month Zif, which is the second month, that he began to build the house of Jehovah.
2 Asɔredan a ɔhene Salomo si maa Awurade no tentenemu yɛ anammɔn aduɔkron, ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduasa ɛnna ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn aduanan enum.
And the house that king Solomon built for Jehovah was sixty cubits in length, and twenty in breadth, and thirty cubits in height.
3 Ntwonoo a ɛda asɔredan no anim no tentene yɛ anammɔn aduasa a, ɛne asɔredan no ntrɛmu yɛ pɛ. Na, ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn dunum.
And the porch, in front of the temple of the house, was twenty cubits in length, in front of the house broadways, [and] ten cubits was its breadth, in front of the house.
4 Salomo yɛɛ ntokua wɔ ɔfasuo no soro hyiaeɛ.
And for the house he made closed windows with fixed lattices.
5 Asɔredan no fasukyire no nso, wɔsisii adan bebree fomfam ho hyiaeɛ.
And against the wall of the house he built floors round about, [against] the walls of the house, round about the temple and the oracle; and he made side-chambers round about.
6 Na ɛyɛ aborɔsan a ɛtoa so mmiɛnsa a aseɛ dan no tɛtrɛtɛ mu yɛ anammɔn nson ne fa. Aborɔsan a ɛtɔ so mmienu no tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn nkron ɛnna apampam dan no tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn edu ne fa. Wɔde mpunan a ɛgugu nnannua bi a ɛhyehyɛ ɔfasuo no mu na aka adan no afomfam ɔfasuo no ho. Enti, ɛkyerɛ sɛ wɔamfa mpunan no anhyehyɛ ɔfasuo no ankasa mu.
The lowest floor was five cubits broad, and the middle one was six cubits broad, and the third was seven cubits broad; for in the [thickness of the wall of] the house he made resets round about outside, that nothing should be fastened in the walls of the house.
7 Na aboɔ a wɔde sii asɔredan no nso, wɔsiesiee ho wɔ abopaebea hɔ enti, ɛdan no sie no, obi ante hama, pɛeɛ anaa dadeɛ biara nnyegyeeɛ wɔ adansiiɛ hɔ.
And the house, when it was being built, was built of stone entirely made ready before it was brought thither; so that there was neither hammer nor axe nor any tool of iron heard in the house while it was being built.
8 Na ɛkwan a wɔde kɔ aseɛ adan no mu no da Asɔredan no anafoɔ fam. Atwedeɛ kyinkyimiɛ na wɔforo kɔ ɛdan a ɛto so mmienu no so na foforɔ nso wɔ adan a ɛtɔ so mmienu ne mmiɛnsa no ntam.
The entrance to the side-chambers of the middle [floor] was in the right side of the house; and they went up by winding stairs into the middle [floor], and out of the middle into the third.
9 Wɔwiee asɔredan no sie no, Salomo de nnua ne ntweneduro mpunan yɛɛ ani nsamsoɔ no.
And he built the house, and finished it; and covered the house with beams and boards of cedar.
10 Sɛdeɛ wɔaka no, na adan wowɔ ɛdan no afanan nyinaa a wɔnam ntweneduro so de afam Asɔredan no afasuo no ho. Ɛdan no mu biara ɔsorokɔ yɛ anammɔn nson.
And he built the floors against all the house, five cubits high; and they held to the house by the timbers of cedar.
11 Na Awurade de saa asɛm yi brɛɛ Salomo sɛ,
And the word of Jehovah came to Solomon saying,
12 “Ɛfa saa Asɔredan a woresie yi ho no, sɛ woyɛ ɔsetie ma me mmara nyinaa ne me nhyehyɛeɛ a, na wodi me ɔhyɛ nsɛm so a, menam wo so bɛdi ɛbɔ a mehyɛɛ wʼagya Dawid no so.
As to this house which thou art building, if thou wilt walk in my statutes, and practise mine ordinances, and keep all my commandments to walk in them, then will I perform my word as to thee which I spoke unto David thy father;
13 Mɛtena Israel mamfoɔ mu, na merempa me nkurɔfoɔ akyi da.”
and I will dwell among the children of Israel, and will not forsake my people Israel.
14 Na Salomo wiee asɔredan no sie.
And Solomon built the house and finished it.
15 Na emu nyinaa, ɛfiri fam kɔsi nsamsoɔ no, wɔde nnua na ɛkataa ɔfasuo no anim. Wɔde tweneduro na ɛkataa ɔfasuo no anim, na wɔde pepeaa kataa abrannaa no so.
And he built the walls of the house within with boards of cedar, from the floor of the house to the walls of the roof; he overlaid [them] on the inside with wood, and overlaid the floor of the house with boards of cypress.
16 Ɔtwaa mu, nyaa kronkronbea a ɛhɔ yɛ kronkron mu kronkron wɔ asɔredan no tiri mu hɔ pɛɛ. Na ɛhɔ atweeɛmu yɛ anammɔn aduasa a wɔde ntweneduro asam fam hɔ, de kɔsi ani nsameeɛ no so.
And he built twenty cubits of the innermost part of the house, both floor and walls, with boards of cedar; and he built [them] for it within, to [be] the oracle, the most holy place.
17 Asɔredan no ankasa a na ɛwɔ kronkron mu kronkron no akyi no, na ne ntentenemu yɛ anammɔn aduosia.
And the house, that is, the temple before it, was forty cubits [long].
18 Wɔde ntweneduro na ɛsam aboɔ afasuo a ɛwɔ asɔredan no nyinaa so, na wɔsenee nkoraa fɛfɛ ne nhwiren, de dii nsameeɛ no ani adwini.
And the cedar of the house within was carved with colocynths and half-open flowers: all was cedar; there was no stone seen.
19 Salomo siesiee kronkron mu kronkron a ɛtoa asɔredan no so; faako a wɔde Awurade Apam Adaka no bɛsi.
And he prepared the oracle in the midst of the house within, to set there the ark of the covenant of Jehovah.
20 Saa kronkron mu kronkron no, na ne ntentenemu yɛ anammɔn aduasa na ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduasa, ɛnna ne ɔsorokɔ nso yɛ anammɔn aduasa. Na Salomo de sikakɔkɔɔ amapa duraa nʼafasuo ne ne nsamsoɔ no ho nyinaa. Saa ara na ɔduraa afɔrebukyia a wɔde ntweneduro ayɛ no ho.
And the oracle within was twenty cubits in length, and twenty cubits in breadth, and twenty cubits in the height thereof; and he overlaid it with pure gold; and he overlaid the cedar-wood altar —
21 Afei, asɔredan no mu nkaeɛ no, ɔde sikakɔkɔɔ amapa sam hɔ nyinaa, na ɔde sikakɔkɔɔ yɛɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn de guu ɛkwan a wɔde kɔ kronkron mu kronkron hɔ, de bɔɔ hɔ ano ban.
and Solomon overlaid the house within with pure gold, and shut off the oracle in front with chains of gold, and overlaid it with gold.
22 Enti, ɔde sikakɔkɔɔ sam Asɔredan no ho nyinaa, kronkron mu kronkron ne afɔrebukyia no nyinaa ho, de wieeɛ.
And the whole house he overlaid with gold, the whole house entirely; also the whole altar that was by the oracle he overlaid with gold.
23 Kronkronbea mu hɔ, ɔde ngo dua senee Kerubim mmienu a emu biara ɔsorokɔ yɛ anammɔn dunum, de sisii hɔ.
And he made in the oracle two cherubim of olive-wood, ten cubits high;
24 Kerubim baako biara ataban mu trɛ yɛ anammɔn dunum a, ataban baako biara tenten yɛ anammɔn nson ne fa.
and one wing of the cherub was five cubits, and five cubits the other wing of the cherub, ten cubits from the end of one wing to the end of the other wing;
25 Na Kerubim mmienu no nyinaa tebea ne wɔn kɛseɛ yɛ pɛ
and the other cherub was ten cubits: both the cherubim were of one measure and one form.
26 a ɔbaako biara ɔsorokɔ yɛ anammɔn dunum.
The height of the one cherub was ten cubits, and so of the other cherub.
27 Salomo de wɔn sisi bɛnee wɔn ho wɔn ho wɔ asɔredan kronkronbea mu hɔ. Wɔn ataban mu trɛ no firi ɔfasuo baako kɔka ɔfasuo baako. Na wɔn ntaban a ɛwɔ ntam no hyia ɛdan no mfimfini.
And he set the cherubim in the midst of the inner house; and the wings of the cherubim were stretched forth, so that the wing of the one touched the wall, and the wing of the other cherub touched the other wall; and their wings touched, wing to wing, in the midst of the house.
28 Na ɔde sikakɔkɔɔ duraa Kerubim mmienu no ho.
And he overlaid the cherubim with gold.
29 Na kronkronbea mu afasuo ne ɛdan mu no, ɔdii adwini a ɛyɛ Kerubim mmɛdua ne nhwiren guu ho.
And he carved all the walls of the house round about with carved sculptures of cherubim, and palm-trees, and half-open flowers, within and without.
30 Na ɔde sikakɔkɔɔ duraa adan mmienu no abrannaa so.
And the floor of the house he overlaid with gold, within and without.
31 Ɛkwan a wɔfa so kɔ kronkronbea mu hɔ no, Salomo de ngo dua yɛɛ apono mmienu a emu biara wɔ twɛtwɛwa enum.
And for the entrance of the oracle he made doors of olive-wood: the lintel [and] side posts were the fifth part [of the breadth of the house].
32 Saa apono no ho nso, na wɔadi Kerubim, mmɛdua ne nhwiren adwini, na ne nyinaa nso, ɔde sikakɔkɔɔ duraa ho.
The two doors were of olive-wood; and he carved on them carvings of cherubim, and palm-trees and half-open flowers, and overlaid them with gold, and spread gold on the cherubim and on the palm-trees.
33 Afei, ɔde ngo dua yɛɛ aponnwa a emu biara wɔ twɛtwɛwa ɛnan a wɔfa hɔ kɔ asɔredan no mu.
And he also made for the doorway of the temple posts of olive-wood, of the fourth part [of the breadth of the house].
34 Ɔde pepeaa nnua yɛɛ apono mmienu a wɔbobɔ, na wɔsii ɛpono no biara ɛkwan bi so sɛ, emu biara tumi bobɔ gu ɛno ara so.
And the two folding-doors were of cypress-wood: the two leaves of the one door were folding, and the two leaves of the other door were folding.
35 Saa apono yi, wɔde Kerubim, mmɛdua, ne nhwiren adi ho adwini, na wɔde sikakɔkɔɔ adura ho.
And he carved on them cherubim, and palm-trees, and half-open flowers; and overlaid them with gold fitted on the carved work.
36 Wɔsii adihɔ hɔ afasuo no kwan bi so a ntweneduro nnua ntosoɔ baako wɔ aboɔ a wɔatwa ntotosoɔ mmiɛnsa biara so.
And he built the inner court of three rows of hewn stone, and a row of cedar-beams.
37 Wɔtwaa Awurade Asɔredan fapem no bosome Siv (bɛyɛ Kɔtɔnimaa) mfimfini a saa ɛberɛ no na Salomo adi ɔhene mfeɛ ɛnan no.
In the fourth year was the foundation of the house of Jehovah laid, in the month Zif;
38 Wɔwiee ɛdan no ho biribiara bosome Bul (bɛyɛ Obubuo) mfimfini no a na wadi ɔhene mfeɛ dubaako. Enti, mfeɛ nson na wɔde sii asɔredan no.
and in the eleventh year, in the month Bul, which is the eighth month, was the house finished in all its parts, and according to all the fashion of it. So he was seven years in building it.