< 1 Ahemfo 5 >

1 Na Tirohene Huram yɛ ɔhene Dawid adamfo nokwafoɔ, enti ɛberɛ a ɔtee sɛ wɔasra Salomo ngo sɛ ɔhene sɛ ɔnni nʼagya Dawid adeɛ no, ɔsomaa nʼasomafoɔ kɔɔ Salomo nkyɛn, kɔmaa no tiri nkwa.
Now when Hiram king of Tyre heard that Solomon had been anointed king in his father’s place, he sent envoys to Solomon; for Hiram had always been a friend of David.
2 Salomo too saa nkra yi sɛ wɔmfa nkɔma Huram sɛ,
And Solomon relayed this message to Hiram:
3 “Wo ara wonim sɛ mʼagya Dawid antumi ansi asɔredan anhyɛ Awurade ne Onyankopɔn din animuonyam, ɛsiane akokoakoko a ɔne aman a wɔatwa ne ho ahyia no diiɛ enti. Wantumi anyɛ kɔsii sɛ Awurade de nʼatamfoɔ hyɛɛ ne nan ase.
“As you are well aware, due to the wars waged on all sides against my father David, he could not build a house for the Name of the LORD his God until the LORD had put his enemies under his feet.
4 Nanso, seesei, Awurade, me Onyankopɔn ama me ahotɔ wɔ afa nyinaa, menni ɔtamfoɔ biara na biribiara rekɔ yie.
But now the LORD my God has given me rest on every side, and there is no adversary or crisis.
5 Ne saa enti, mayɛ adwene sɛ mɛsi asɔredan ama Awurade, me Onyankopɔn sɛdeɛ Awurade ka kyerɛɛ mʼagya Dawid sɛ me na mɛyɛ no. ‘Wo ba a mede no bɛtena ahennwa so, asi wʼananmu no bɛsi asɔredan ahyɛ me din animuonyam.’
So behold, I plan to build a house for the Name of the LORD my God, according to what the LORD said to my father David: ‘I will put your son on your throne in your place, and he will build the house for My Name.’
6 “Ɛno enti, hyɛ ma wɔnkɔtwa ntweneduro a ɛfiri Lebanon mmrɛ me. Me mmarima ne wo mmarima bɛyɛ adwuma, na akatua biara a wobɛgye ama wɔn no, mɛtua. Wo ara wonim sɛ, obiara nkyɛn Sidonfoɔ wɔ nnuabuo mu.”
Now therefore, order that cedars of Lebanon be cut down for me. My servants will be with your servants, and I will pay your servants whatever wages you set, for you know that there are none among us as skilled in logging as the Sidonians.”
7 Ɛberɛ a Huram tee Salomo nkra no, nʼani sɔɔ yie kaa sɛ, “Ayɛyie nka Awurade ɛnnɛ, ɛfiri sɛ, wama Dawid ɔba nyansafoɔ sɛ ɔmmɛdi saa ɔman kɛseɛ Israel yi so.”
When Hiram received Solomon’s message, he rejoiced greatly and said, “Blessed be the LORD this day! He has given David a wise son over this great people!”
8 Enti, Huram soma maa wɔde saa nkra yi kɔmaa Salomo sɛ, “Me nsa aka nkra a wode brɛɛ me no, na mɛyɛ wʼabisadeɛ a ɛfa nnua no ho no. Mɛtumi de ntweneduro nnua ne pepeaa nnua abrɛ wo.
Then Hiram sent a reply to Solomon, saying: “I have received your message; I will do all you desire regarding the cedar and cypress timber.
9 Mʼasomfoɔ de nnua no bɛfiri Lebanon mmepɔ so aba Po Kɛseɛ so, na wɔakyekyere abobɔ mu sɛ mpata. Afei wɔde bɛfa nsuo no ani de akɔ baabiara wobɛkyerɛ. Ɛno akyi yɛbɛsane mu, na yɛde nnua no abrɛ wo. Wode aduane a me fiefoɔ bɛdi bɛtua me ka.”
My servants will haul the logs from Lebanon to the Sea, and I will float them as rafts by sea to the place you specify. There I will separate the logs, and you can take them away. And in exchange, you can meet my needs by providing my household with food.”
10 Enti, Huram maa Salomo ntweneduro ne pepeaa nnua sɛdeɛ ɔpɛ.
So Hiram provided Solomon with all the cedar and cypress timber he wanted,
11 Na Salomo maa Huram atokoɔ afeduane akatua tɔno 3,600 de maa ne fidua ne ngo kronkron galɔn 120,000.
and year after year Solomon would provide Hiram with 20,000 cors of wheat as food for his household, as well as 20,000 baths of pure olive oil.
12 Na Awurade maa Salomo nyansa a emu dɔ, sɛdeɛ ɔhyɛɛ no bɔ no. Na Huram ne Salomo yɛɛ asomdwoeɛ apam.
And the LORD gave Solomon wisdom, as He had promised him. There was peace between Hiram and Solomon, and the two of them made a treaty.
13 Na ɔhene Salomo twerɛɛ adwumayɛfoɔ ɔpeduasa a wɔfiri Israel nyinaa din.
Then King Solomon conscripted a labor force of 30,000 men from all Israel.
14 Ɔsomaa wɔn akuakuo kɔɔ Lebanon, bosome biara mu, nnipa ɔpedu kɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbarima baako biara bɛdi bosome baako wɔ Lebanon, na wadi abosome mmienu wɔ efie. Adoniram na na ɔhwɛ saa adwumayɛfoɔ yi so.
He sent them to Lebanon in monthly shifts of 10,000 men, so that they would spend one month in Lebanon and two months at home. And Adoniram was in charge of the forced labor.
15 Salomo nso faa nnesoasoafoɔ ɔpeduɔson; faa abopaefoɔ ɔpeduɔwɔtwe firii bepɔ asase no so
Solomon had 70,000 porters and 80,000 stonecutters in the mountains,
16 ne wɔn so sohwɛfoɔ mpem ahasa ne ahansia a, wɔbɛhwɛ adwuma no so.
not including his 3,300 foremen who supervised the workers.
17 Ɔhene no hyɛeɛ ma abotwafoɔ no paeeɛ, twaa aboɔdenboɔ no, yiyii ho sɛdeɛ wɔde bɛhyɛ Asɔredan no fapem.
And the king commanded them to quarry large, costly stones to lay the foundation of the temple with dressed stones.
18 Mmarima a wɔfiri Gebal kuropɔn mu boaa Salomo ne Huram adansifoɔ no, ma wɔsiesiee nnua ne aboɔ no maa Asɔredan no sie.
So Solomon’s and Hiram’s builders, along with the Gebalites, quarried the stone and prepared the timber and stone for the construction of the temple.

< 1 Ahemfo 5 >