< 1 Ahemfo 4 >

1 Enti, Salomo dii Israel nyinaa so ɔhene.
So King Solomon ruled over Israel,
2 Na yeinom ne ne mpanimfoɔ: Sadok babarima Asaria na na ɔyɛ ɔsɔfoɔ.
and these were his chief officials: Azariah son of Zadok was the priest;
3 Sisa mmammarima Elihoref ne Ahiya na na wɔyɛ asɛnniiɛ atwerɛfoɔ. Ahilud babarima Yehosafat na na ɔyɛ adehyeɛ abakɔsɛm twerɛfoɔ.
Elihoreph and Ahijah, the sons of Shisha, were secretaries; Jehoshaphat son of Ahilud was the recorder;
4 Yehoiada babarima Benaia na na ɔyɛ akodɔm sahene. Sadok ne Abiatar na na wɔyɛ asɔfoɔ.
Benaiah son of Jehoiada was in charge of the army; Zadok and Abiathar were priests;
5 Natan babarima Asaria na na ɔyɛ amansini amradofoɔ titenani. Natan babarima Sabud a na ɔyɛ ɔsɔfoɔ no, na na ɔyɛ ɔhene fotufoɔ a ɔde ne ho to ne so.
Azariah son of Nathan was in charge of the governors; Zabud son of Nathan was a priest and adviser to the king;
6 Ahisar na na ɔyɛ ahemfie sohwɛfoɔ. Abda babarima Adoniram na na ɔhwɛ adwumayɛfoɔ so.
Ahishar was in charge of the palace; and Adoniram son of Abda was in charge of the forced labor.
7 Na Salomo wɔ amansini amradofoɔ dumienu wɔ Israel nyinaa mu. Na wɔn adwuma ne sɛ, wɔgye nnuane firi ɔmanfoɔ nkyɛn de kɔma ahemfiefoɔ. Wɔn mu biara hwɛ, di saa dwuma yi ɔbosome baako wɔ afe biara mu.
Solomon had twelve governors over all Israel to provide food for the king and his household. Each one would arrange provisions for one month of the year,
8 Saa amradofoɔ dumienu no edin na ɛdidi soɔ yi: Na Ben-Hur wɔ Efraim bepɔ asase so.
and these were their names: Ben-hur in the hill country of Ephraim;
9 Na Ben-Deker hwɛ Makas, Saalbim, Bet-Semes ne Elon-Bet-Hanan so.
Ben-deker in Makaz, in Shaalbim, in Beth-shemesh, and in Elon-beth-hanan;
10 Na Ben-Hesed hwɛ Arubot a Soko ne nsase a ɛwɔ Hefer nyinaa ka ho no so.
Ben-hesed in Arubboth (Socoh and all the land of Hepher belonged to him);
11 Na Ben-Abinadab wɔ Nafat-Dor. (Ɔwaree Salomo babaa Tafat).
Ben-abinadab in Naphath-dor (Taphath, a daughter of Solomon, was his wife);
12 Na Ahilud babarima Baana hwɛ Taanak ne Megido ne Bet-Sean a ɛbɛn Saretan a ɛwɔ Yesreel anafoɔ ne nkuro a ɛfiri Bet-Sean, de kɔsi Abel-Mehola, tra kɔsi Yokmeam akyi no so.
Baana son of Ahilud in Taanach, in Megiddo, and in all of Beth-shean next to Zarethan below Jezreel, from Beth-shean to Abel-meholah and on past Jokmeam;
13 Na Ben-Geber wɔ Ramot-Gilead a Yair nkuro (a wɔde too Manase babarima Yair) a ɛwɔ Gilead ka ho, wɔ Argob mantam a ɛwɔ Basan a nkuropɔn aduosia a wɔde kɔbere apono asisi ano ka ho.
Ben-geber in Ramoth-gilead (the villages of Jair son of Manasseh in Gilead belonged to him, as well as the region of Argob in Bashan with its sixty great cities with walls and bronze bars);
14 Na Ido babarima Abinadab wɔ Mahanaim.
Ahinadab son of Iddo in Mahanaim;
15 Na Ahimaas wɔ Naftali (Ɔno nso waree Salomo babaa Basmat.)
Ahimaaz in Naphtali (he had married Basemath, a daughter of Solomon);
16 Na Husai babarima Baana wɔ Aser ne Alot.
Baana son of Hushai in Asher and in Aloth;
17 Na Parua babarima Yehosafat wɔ Isakar.
Jehoshaphat son of Paruah in Issachar;
18 Na Ela babarima Simei wɔ Benyamin.
Shimei son of Ela in Benjamin;
19 Na Uri babarima Geber wɔ Gilead asase so a Amorihene Sihon ne Basanhene Og amantam ka ho. Na amrado baako pɛ na ɔhwɛ Yuda asase so.
Geber son of Uri in the land of Gilead, including the territories of Sihon king of the Amorites and of Og king of Bashan. There was also one governor in the land of Judah.
20 Na nnipa a wɔwɔ Yuda ne Israel no dodoɔ te sɛ mpoano anwea. Deɛ wɔnya di ne deɛ wɔnya nom no, na wɔn ani sɔ.
The people of Judah and Israel were as numerous as the sand on the seashore, and they were eating and drinking and rejoicing.
21 Salomo dii ahemman nyinaa so, firi Asubɔnten Eufrate kɔsi Filistifoɔ asase so, de kɔsi Misraim hyeɛ so. Na nnipa a wadi wɔn so wɔ saa nsase no so no de apeatoɔ brɛ Salomo, na wɔkɔɔ so somm no ne nkwa nna nyinaa.
And Solomon reigned over all the kingdoms from the Euphrates to the land of the Philistines, as far as the border of Egypt. These kingdoms offered tribute and served Solomon all the days of his life.
22 Nnuane a na wɔhia daa wɔ Salomo ahemfie no yɛ asikyiresiam pa susukora ɔha ne aduonum ne atokosiam susukora ahasa,
Solomon’s provisions for a single day were thirty cors of fine flour, sixty cors of meal,
23 anantwie a wɔadodɔre a wɔde wɔn firi buo mu edu, anantwie a wɔde wura ayɛn wɔn aduonu, nnwan anaa mmirekyie ɔha, atwe, nnowa, anwansane ne nkokɔ a wɔadɔre.
ten fat oxen, twenty range oxen, and a hundred sheep, as well as deer, gazelles, roebucks, and fattened poultry.
24 Na Salomo amantoɔ no yɛ ahennie ahodoɔ a ɛwɔ Asubɔnten Eufrate atɔeɛ fam nyinaa de firi Tifsa kɔsi Gasa. Na asomdwoeɛ wɔ asase no so mmaa nyinaa.
For Solomon had dominion over everything west of the Euphrates —over all the kingdoms from Tiphsah to Gaza—and he had peace on all sides.
25 Salomo nkwa nna mu nyinaa, Yuda ne Israel nyaa banbɔ tenaa ase asomdwoeɛ mu. Na ɛfiri Dan kɔsi Beer-Seba no, na abusua biara wɔ ne fie ne ne bobe ne borɔdɔma mfikyifuo.
Throughout the days of Solomon, Judah and Israel dwelt securely from Dan to Beersheba, each man under his own vine and his own fig tree.
26 Na Salomo wɔ apɔnkɔdan mpem ɛnan ma ne nteaseɛnam apɔnkɔ ne apɔnkɔ mpem dumienu.
Solomon had 4,000 stalls for his chariot horses and 12,000 horses.
27 Amansini mu amradofoɔ na na wɔma ɔhene Salomo ne nʼasɛnniiɛ nnuane pɛpɛɛpɛ wɔ wɔn bosome bosome nnuanema no mu.
Each month the governors in turn provided food for King Solomon and all who came to his table. They saw to it that nothing was lacking.
28 Na wɔde atokoɔ ne ɛserɛ a ɛho hia brɛ adehyeɛ apɔnkɔ no wɔ wɔn daberɛ.
Each one also brought to the required place their quotas of barley and straw for the chariot horses and other horses.
29 Onyankopɔn maa Salomo nyansa, nteaseɛ ne nhunumu a emu nni hwehwɛbea.
And God gave Solomon wisdom, exceedingly deep insight, and understanding beyond measure, like the sand on the seashore.
30 Nokorɛm, ne nyansa no boro anyansafoɔ a wɔwɔ apueeɛ ne anyansafoɔ a wɔwɔ Misraim nyinaa nyansa so.
Solomon’s wisdom was greater than that of all the men of the East, greater than all the wisdom of Egypt.
31 Na ɔnim nyansa sene obiara a Esrahini Etan ne Heman ne Kalkol ne Darda a wɔyɛ Mahel mmammarima no ka ho. Na ne din hyetaa wɔ aman a atwa ne ho ahyia no so.
He was wiser than all men—wiser than Ethan the Ezrahite, and wiser than Heman, Calcol, and Darda, the sons of Mahol. And his fame spread throughout the surrounding nations.
32 Ɔbuu mmɛ mpem mmiɛnsa, ɛnna ɔtwerɛɛ nnwom apem ne enum.
Solomon composed three thousand proverbs, and his songs numbered a thousand and five.
33 Na ɔtumi ka afifideɛ biara ho nsɛm, ɛfiri Lebanon ntweneduro so de kɔsi hisope a ɛfifiri ɔfasuo mpaapaeɛ mu so. Na ɔtumi ka mmoa, nnomaa, mmoa a wɔwea fam ne nsuomnam ho nsɛm nso.
He spoke of trees, from the cedar in Lebanon to the hyssop growing in the wall, and he taught about animals, birds, reptiles, and fish.
34 Enti, na ahemfo a wɔwɔ aman afoforɔ so tu wɔn ananmusifoɔ ba Salomo nkyɛn bɛtie ne nyansasɛm no bi.
So men of all nations came to listen to Solomon’s wisdom, sent by all the kings of the earth, who had heard of his wisdom.

< 1 Ahemfo 4 >