< 1 Ahemfo 3 >

1 Salomo ne Misraimhene Farao yɛɛ apam, nam so waree ne babaa. Ɔde no bɛtenaa Dawid kurom kɔsii sɛ ɔsii nʼahemfie, sii Awurade Asɔredan, na ɔtoo Yerusalem ho ɔfasuo nso wieeɛ.
And Solomon joins in marriage with Pharaoh king of Egypt, and takes the daughter of Pharaoh, and brings her to the City of David, until he completes to build his own house, and the house of YHWH, and the wall of Jerusalem all around.
2 Saa ɛberɛ no mu, na Israelfoɔ gu so bɔ afɔdeɛ wɔ sorɔnsorɔmmea, ɛfiri sɛ, na wɔnsii asɔredan, mfaa Awurade din ntoo so.
Only, the people are sacrificing in high places, for there has not been built a house for the Name of YHWH until those days.
3 Salomo kyerɛɛ ne dɔ a ɔwɔ maa Awurade, ɛfiri sɛ, na ɔnam nʼagya Dawid nkyerɛkyerɛ anammɔn so pɛpɛɛpɛ. Mmom na ɔbɔ afɔdeɛ wɔ sorɔnsorɔmmea hɔ, hye aduhwam wɔ hɔ nso.
And Solomon loves YHWH, to walk in the statutes of his father David—only, he is sacrificing and making incense in high places—
4 Gibeon na na afɔrebukyia no mu atitire wɔ, ɛhɔ na Salomo kɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ apem wɔ afɔrebukyia so.
and the king goes to Gibeon, to sacrifice there, for it [is] the great high place; Solomon causes one thousand burnt-offerings to ascend on that altar.
5 Anadwo no, Awurade daa ne ho adi kyerɛɛ Salomo wɔ daeɛ mu. Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛdeɛn na wopɛ? Bisa na mede bɛma wo.”
YHWH has appeared to Solomon in Gibeon, in a dream of the night, and God says, “Ask—what do I give to you?”
6 Salomo kaa sɛ, “Woada adɔeɛ kɛseɛ pa ara adi akyerɛ mʼagya Dawid, ɛfiri sɛ, na ɔdi wo nokorɛ, yɛ ɔteneneeni a nʼakoma mu nso da hɔ. Woatoa so ayɛ no saa adɔeɛ kɛseɛ yi ara, na ɛnnɛ yi ara, woama no ɔbabarima sɛ ɔntena nʼahennwa nso so.
And Solomon says, “You have done with Your servant, my father David, great kindness, as he walked before You in truth and in righteousness, and in uprightness of heart with You, and You keep this great kindness for him, and give to him a son sitting on his throne, as [at] this day.
7 “Afei, Ao Awurade, me Onyankopɔn, woasi wʼakoa ɔhene, sɛ mensi mʼagya Dawid anan mu, nanso meyɛ abɔfra ketewaa bi a mennim sɛdeɛ mɛsi ayɛ mʼadwuma.
And now, O YHWH my God, You have caused Your servant to reign instead of my father David; and I [am] a little child, I do not know [how] to go out and to come in;
8 Ɛha na wʼakoa abɛduru wɔ nnipa a woapa wɔn no mu; nnipa a wɔn dodoɔ enti, obi ntumi nkan wɔn.
and Your servant [is] in the midst of your people, whom You have chosen, a people numerous, that is not numbered nor counted for multitude,
9 Ɛno enti, ma wʼakoa nhunumu akoma a ɔbɛtumi de adi wo nkurɔfoɔ so, na ɔbɛtumi ahunu papa ne bɔne ntam nsonsonoeɛ. Na hwan koraa na ɔno nko ara bɛtumi adi saa ɔman a wɔdi mu, a wɔyɛ wo dea yi so?”
and You have given an understanding heart to Your servant, to judge Your people, to discern between good and evil; for who is able to judge this great people of Yours?”
10 Awurade ani sɔɔ Salomo mmuaeɛ no, na nʼani gyee sɛ ɔbisaa nyansa.
And the thing is good in the eyes of the Lord, that Solomon has asked this thing,
11 Enti, Awurade buaa sɛ, “Esiane sɛ woabisa nyansa a wode bɛdi me manfoɔ so, na woammisa nkwa tenten anaa sika amma wo ho anaa woammisa sɛ wo ɔtamfoɔ bi nwu no enti,
and God says to him, “Because that you have asked for this thing, and have not asked for many days for yourself, nor asked for riches for yourself, nor asked for the life of your enemies, and have asked for discernment for yourself to understand judgment,
12 mede deɛ woabisa no bɛma wo. Mɛma wo nyansa ne nteaseɛ a obiara nnyaa bi da, na obiara nso nnya bi da.
behold, I have done according to your words; behold, I have given a wise and understanding heart to you, that there has not been [one] like you before you, and after you there does not arise [one] like you;
13 Na deɛ woammisa no nso, mede bɛka wo ho—sika ne animuonyam. Na ɔhene biara a ɔwɔ ewiase nso rentumi mfa ne ho nto wo ho, wo nkwa nna nyinaa mu.
and also, that which you have not asked for I have given to you, both riches and honor, that there has not been a man like you among the kings [for] all your days;
14 Na sɛ wodi mʼakyi, na wodi me mmara so sɛ wʼagya Dawid a, mɛma wo nkwa tenten.”
and if you walk in My ways to keep My statutes, and My commands, as your father David walked, then I have prolonged your days.”
15 Na Salomo nyaneeɛ, na ɔhunuu sɛ ɛyɛ daeɛ. Ɔkɔɔ Yerusalem kɔgyinaa Awurade Apam Adaka no anim, na ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ. Na ɔhyiaa ne mpanimfoɔ nyinaa, too wɔn ɛpono.
And Solomon awakens, and behold, [it was] a dream; and he comes to Jerusalem, and stands before the Ark of the Covenant of YHWH, and causes burnt-offerings to ascend, and makes peace-offerings, and he makes a banquet for all his servants.
16 Akyire yi, mmaa nnwamanfoɔ baanu bi baa ɔhene no nkyɛn, pɛɛ sɛ ɔka wɔn asɛm bi ma wɔn.
Then two women, harlots, come to the king, and they stand before him,
17 Wɔn mu baako hyɛɛ aseɛ sɛ, “Me wura, mesrɛ wo meka sɛ, saa ɔbaa yi ne me te fi korɔ mu. Mewoo ɔba ɛberɛ a ɔne me te efie hɔ.
and the first woman says, “O my lord, this woman and I are dwelling in one house, and I bring forth with her, in the house;
18 Nnansa akyi no, ɔno nso woo ba. Na yɛn nko ara na yɛte fie hɔ a obiara nka yɛn baanu ho.
and it comes to pass on the third day of my bringing forth, that this woman also brings forth, and we [are] together, there is no stranger with us in the house, except the two of us, in the house.
19 “Nanso, anadwo no, ɔpere kɔdaa ne ba no so, kumm no.
And the son of this woman dies at night, because she has lain on him,
20 Na ɔsɔree anadwo no faa me ba firii me nkyɛn ɛberɛ a mada. Ɔde ne ba a wawu no too mʼabasa so, na ɔfaa me deɛ no kɔtoo ne nkyɛn, ma ɔdaeɛ.
and she rises in the middle of the night, and takes my son from beside me—and your handmaid is asleep—and lays him in her bosom, and she has laid her dead son in my bosom;
21 Adeɛ kyeeɛ a mepɛɛ sɛ mema me ba no nufoɔ no, na wawu. Nanso, anim tetee kakra a mehwɛɛ abɔfra no yie no, mehunuu sɛ, ɛnyɛ me ba no koraa.”
and I rise in the morning to suckle my son, and behold, [he is] dead; and I consider in the morning concerning it, and behold, it was not my son whom I bore.”
22 Ɛhɔ ara na ɔbaa baako no gyee hwanyan kaa sɛ, “Abɔfra a wawuo no yɛ wo ba no, ɛnna deɛ ɔnwuiɛ no nso yɛ me deɛ no.” Ɛnna ɔbaa a ɔdi ɛkan no nso se, “Dabi, deɛ wawuo no yɛ wo ba no, ɛnna deɛ ɔnwuiɛ no nso yɛ me deɛ no.” Enti, wɔtwee asɛm no saa ara wɔ ɔhene no anim.
And the other woman says, “No, but my son [is] the living, and your son the dead”; and this [one] says, “No, but your son [is] the dead, and my son the living.” And they speak before the king.
23 Ɔhene no kaa sɛ, “Momma yɛmpɛ asɛm no mu nokorɛ yie. Mo baanu nyinaa, obiara se abɔfra a ɔnwuiɛ no yɛ ne dea, na abɔfra a wawuo no deɛ, ɔnyɛ obiara dea.
And the king says, “This [one] says, This [is] my son, the living, and your son [is] the dead; and that [one] says, No, but your son [is] the dead, and my son the living.”
24 “Sɛ saa na ɛte deɛ a, mommrɛ me akofena.” Enti, wɔde akofena brɛɛ ɔhene no.
And the king says, “Take a sword for me”; and they bring the sword before the king,
25 Afei, ɔkaa sɛ, “Mompae abɔfra a ɔnwuiɛ no mu mmienu, na momfa ɛfa mma mmaa no mu biara.”
and the king says, “Cut the living child into two, and give half to one, and half to the other.”
26 Na ɔbaa a nokorɛm, ɔyɛ abɔfra a ɔte ase no maame a ɔpɛ ne ba yi asɛm yie no teateaam sɛ, “Ao! Dabi me wura! Fa abɔfra no ma no. Mesrɛ wo nku no!” Nanso, ɔbaa baako no kaa sɛ, “Ɛyɛ, ɛbɛbɔ yɛn baanu nyinaa. Kyɛ ne mu ma yɛn!”
And the woman whose son [is] the living one says to the king (for her bowels yearned over her son), indeed, she says, “O my lord, give the living child to her, and do not put him to death at all”; and this [one] says, “Let him be neither mine or yours—cut [him].”
27 Ɛhɔ na ɔhene no kaa sɛ, “Monnku no, na mmom, momfa abɔfra no mma ɔbaa a ɔpɛ sɛ abɔfra no tena ase no, na ɔno ne ne maame no.”
And the king answers and says, “Give the living child to her [who wants him], and do not put him to death at all; she [is] his mother.”
28 Ɔhene yi atemmuo no trɛ faa Israel mmaa nyinaa, na ɔmanfoɔ no ho dwirii wɔn wɔ nyansabun a Onyankopɔn de ama no, a ɛma no bu atɛntenenee no ho.
And all [in] Israel hear of the judgment that the king has judged, and fear because of the king, for they have seen that the wisdom of God [is] in his heart to do judgment.

< 1 Ahemfo 3 >