< 1 Ahemfo 20 >

1 Yeinom akyi, Aramhene Ben-Hadad boaboaa nʼakodɔm ano, a nteaseɛnam ne apɔnkɔ a wɔyɛ ahemfo aboafoɔ aduasa mmienu dea ka ne ho. Wɔkɔtuaa Israel kuropɔn Samaria, to hyɛɛ so.
Ben Hadad the king of Syria gathered all his army together; and there were thirty-two kings with him, with horses and chariots. He went up and besieged Samaria, and fought against it.
2 Ben-Hadad somaa abɔfoɔ kɔɔ kuro no mu sɛ wɔnkɔka nkyerɛ ɔhene Ahab sɛ, “Ben-Hadad se,
He sent messengers into the city to Ahab king of Israel and said to him, “Ben Hadad says,
3 ‘Mo dwetɛ ne mo sikakɔkɔɔ yɛ me dea. Saa ara na mo yerenom ne mo mma mu papa no nso yɛ me dea.’”
‘Your silver and your gold are mine. Your wives also and your children, even the best, are mine.’”
4 Ahab buaa sɛ, “Mate, me wura! Deɛ mewɔ nyinaa yɛ wo dea.”
The king of Israel answered, “It is according to your saying, my lord, O king. I am yours, and all that I have.”
5 Ankyɛre biara Ben-Hadad abɔfoɔ sane baa bio bɛkaa sɛ, “Ben-Hadad se, ‘Maka dada sɛ momfa mo dwetɛ, sikakɔkɔɔ, mo yerenom ne mo mma mma me.
The messengers came again and said, “Ben Hadad says, ‘I sent indeed to you, saying, “You shall deliver me your silver, your gold, your wives, and your children;
6 Ɔkyena sɛsɛɛ, mɛsoma me mpanimfoɔ, na wɔabɛhwehwɛ mo ahemfie ne mo nkurɔfoɔ afie. Na biribiara a ɛsom bo ma mo no, wɔbɛfa de akɔ.’”
but I will send my servants to you tomorrow about this time, and they will search your house and the houses of your servants. Whatever is pleasant in your eyes, they will put it in their hand, and take it away.”’”
7 Na Ahab frɛɛ asase no so ntuanofoɔ no nyinaa, ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monhwɛ sɛdeɛ saa ɔbarima yi pɛ sɛ ɔde ɔhaw ba. Mapene so dada sɛ mede me yerenom, me mma, me dwetɛ ne me sikakɔkɔɔ bɛma no.”
Then the king of Israel called all the elders of the land, and said, “Please notice how this man seeks mischief; for he sent to me for my wives, and for my children, and for my silver, and for my gold; and I did not deny him.”
8 Ntuanofoɔ ne nnipa no nyinaa kaa sɛ, “Sɛ ɔbisaa biribi foforɔ biara bio a, mfa mma no.”
All the elders and all the people said to him, “Do not listen, and do not consent.”
9 Enti, Ahab ka kyerɛɛ abɔfoɔ a wɔfiri Ben-Hadad nkyɛn baeɛ no sɛ, “Monkɔka saa asɛm yi nkyerɛ me wura ɔhene sɛ, ‘Biribiara a ɔbisaa kane no deɛ, mede bɛma no. Na deɛ ɔbisaa no akyire no deɛ, merentumi mfa mma no.’” Enti, Ben-Hadad abɔfoɔ no sane kɔbɔɔ no amaneɛ.
Therefore he said to the messengers of Ben Hadad, “Tell my lord the king, ‘All that you sent for to your servant at the first I will do, but this thing I cannot do.’” The messengers departed and brought him back the message.
10 Na Ben-Hadad soma kɔka kyerɛɛ Ahab sɛ, “Sɛ mansɛe Samaria pasaa, na emu mfuturo dodoɔ bi ka a ɛbɛboro asraafoɔ no mu biara nsabuo ma a, anyame no ntwe mʼaso denden so.”
Ben Hadad sent to him, and said, “The gods do so to me, and more also, if the dust of Samaria will be enough for handfuls for all the people who follow me.”
11 Israelhene nso soma ma wɔkɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛnsɛ sɛ ɔkofoɔ kɛseɛ a ɔrefa nʼakofena akɔ akono, tu ne ho sɛ ɔkofoɔ kɛseɛ a wadi nkonim dada.”
The king of Israel answered, “Tell him, ‘Do not let him who puts on his armor brag like he who takes it off.’”
12 Ahab mmuaeɛ yi duruu Ben-Hadad ne ahemfo a wɔaka no asom ɛberɛ a na wɔrenom nsã wɔ wɔn ntomadan mu. Ɔhyɛɛ ne mmarima no sɛ, “Monsiesie mo ho nkɔko.” Enti, wɔsiesiee wɔn ho sɛ wɔrekɔto ahyɛ kuropɔn no so.
When Ben Hadad heard this message as he was drinking, he and the kings in the pavilions, he said to his servants, “Prepare to attack!” So they prepared to attack the city.
13 Na odiyifoɔ bi bɛhunuu ɔhene Ahab ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛdeɛ Awurade seɛ nie, ‘Wohunu saa atamfoɔ dɔm yi? Ɛnnɛ, mede wɔn bɛhyɛ wo nsa. Na wobɛhunu sɛ mene Awurade.’”
Behold, a prophet came near to Ahab king of Israel, and said, “The LORD says, ‘Have you seen all this great multitude? Behold, I will deliver it into your hand today. Then you will know that I am the LORD.’”
14 Ahab bisaa sɛ, “Na sɛn na ɔbɛyɛ no?” Na odiyifoɔ no buaa sɛ, “Sɛdeɛ Awurade seɛ nie, ‘Akodɔm asahene a wɔtuatua amansini ano no na wɔbɛyɛ.’” Ahab bisaa sɛ, “Enti, yɛnni ɛkan nto nhyɛ wɔn so?” Odiyifoɔ no buaa sɛ, “Aane.”
Ahab said, “By whom?” He said, “The LORD says, ‘By the young men of the princes of the provinces.’” Then he said, “Who shall begin the battle?” He answered, “You.”
15 Enti, Ahab boaboaa ɔmansin no asahene ahanu aduasa mmienu akodɔm ano. Afei, ɔfrɛɛ nʼakodɔm a wɔaka a wɔn dodoɔ yɛ mpem nson no.
Then he mustered the young men of the princes of the provinces, and they were two hundred and thirty-two. After them, he mustered all the people, even all the children of Israel, being seven thousand.
16 Ɛbɛyɛ owigyinaeɛ a Ben-Hadad ne nʼapamfoɔ ahemfo aduasa mmienu gu so reboro nsã wɔ wɔn ntomadan mu no,
They went out at noon. But Ben Hadad was drinking himself drunk in the pavilions, he and the kings, the thirty-two kings who helped him.
17 amansini asahene akodɔm no tuu nten, firii kuro no mu. Wɔrebɛn no, Ben-Hadad akwansrafoɔ ka kyerɛɛ no sɛ, “Akodɔm bi firi Samaria reba.”
The young men of the princes of the provinces went out first; and Ben Hadad sent out, and they told him, saying, “Men are coming out from Samaria.”
18 Ben-Hadad hyɛɛ sɛ, “Sɛ wɔbaa asomdwoeɛ anaa ɔko so a, monkyere wɔn anikann.”
He said, “If they have come out for peace, take them alive; or if they have come out for war, take them alive.”
19 Nanso, saa ɛberɛ no, na Ahab amansini asahene no adi akodɔm no anim, kɔ ɔko no.
So these went out of the city, the young men of the princes of the provinces, and the army which followed them.
20 Na Israel ɔsraani biara kumm ne ɔtamfoɔ Aram ɔsraani a ɔne no dii asie. Ɛno enti, amonom hɔ ara, Aram asraafoɔ no bɔɔ hu, dwaneeɛ. Israelfoɔ no taa wɔn, nanso ɔhene Ben-Hadad ne ne nkurɔfoɔ kakra bi deɛ, wɔtenaa apɔnkɔ so dwaneeɛ.
They each killed his man. The Syrians fled, and Israel pursued them. Ben Hadad the king of Syria escaped on a horse with horsemen.
21 Nanso wɔsɛee apɔnkɔ ne nteaseɛnam a ɛkaa hɔ no nyinaa, kunkumm Aramfoɔ no.
The king of Israel went out and struck the horses and chariots, and killed the Syrians with a great slaughter.
22 Akyire yi, odiyifoɔ no ka kyerɛɛ Ahab sɛ, “Siesie wo ho ma ɔko foforɔ na Aramhene bɛba osutɔberɛ mu.”
The prophet came near to the king of Israel and said to him, “Go, strengthen yourself, and plan what you must do, for at the return of the year, the king of Syria will come up against you.”
23 Wɔdii Ben-Hadad so no, ne mpanimfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Israel anyame no yɛ mmepɔ anyame, na ɛno enti na ɛma wɔdii nkonim no. Na sɛ wɔduru tata so a, yɛbɛdi wɔn so nkonim a yɛremmrɛ ho koraa.
The servants of the king of Syria said to him, “Their god is a god of the hills; therefore they were stronger than we. But let’s fight against them in the plain, and surely we will be stronger than they.
24 Deɛ ɛho hia ara ne sɛ, saa ɛberɛ yi, ɛsɛ sɛ wode akono asahene sisi ahemfo no ananmu.
Do this thing: take the kings away, every man out of his place, and put captains in their place.
25 Momfa asraafoɔ foforɔ a wɔn dodoɔ te sɛ wɔn a wohweree wɔn no ara. Ma yɛn apɔnkɔ no dodoɔ, nteaseɛnam ne mmarima dodoɔ saa ara, na yɛbɛtumi ne wɔn adi asie wɔ tata so. Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ yɛbɛdi wɔn so.” Enti, ɔhene Ben-Hadad yɛɛ wɔn abisadeɛ maa wɔn.
Muster an army like the army that you have lost, horse for horse and chariot for chariot. We will fight against them in the plain, and surely we will be stronger than they are.” He listened to their voice and did so.
26 Na afe so no, ɔfrɛɛ Aram asraafoɔ, tuu nten kɔɔ Israelfoɔ so wɔ Afek sɛ wɔne wɔn rekɔko.
At the return of the year, Ben Hadad mustered the Syrians and went up to Aphek to fight against Israel.
27 Israel boaboaa nʼasraafoɔ ano, twaa sa, de wɔn ho hyɛɛ ɔko no mu. Na sɛ wɔde Israel akodɔm no toto Aram akodɔm no dodoɔ a wɔahyɛ hɔ ma no ho a, na Israel akodɔm no dodoɔ te sɛ mmirekyikuo nketewa mmienu bi.
The children of Israel were mustered and given provisions, and went against them. The children of Israel encamped before them like two little flocks of young goats, but the Syrians filled the country.
28 Onyankopɔn onipa no kɔɔ Israelhene nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Aramfoɔ no aka sɛ, ‘Awurade yɛ mmepɔ Awurade na ɔnyɛ tata so Awurade. Enti, mɛboa wo ma woadi akodɔm buburugyaa yi so. Na ɛbɛma woahunu sɛ, mene Awurade no.’”
A man of God came near and spoke to the king of Israel, and said, “The LORD says, ‘Because the Syrians have said, “The LORD is a god of the hills, but he is not a god of the valleys,” therefore I will deliver all this great multitude into your hand, and you shall know that I am the LORD.’”
29 Asraadɔm mmienu yi bobɔɔ wɔn atenaeɛ, ma ɛdii nhwɛanimu nnanson. Na nnanson so no, ɔko no hyɛɛ aseɛ. Ɛda no ara, Israelfoɔ no kunkumm Aram anammɔntwa asraafoɔ no ɔpeha.
They encamped opposite each other for seven days. Then on the seventh day the battle was joined; and the children of Israel killed one hundred thousand footmen of the Syrians in one day.
30 Nkaeɛ no dwane kɔtɛɛ Afek ɔfasuo akyi, nanso ɔfasuo no bu guu wɔn so, kumm ɔpeduonu nson. Ben-Hadad dwane kɔtɛɛ kɔkoam dan bi mu wɔ kuro no mu.
But the rest fled to Aphek, into the city; and the wall fell on twenty-seven thousand men who were left. Ben Hadad fled and came into the city, into an inner room.
31 Ben-Hadad mpanimfoɔ ka kyerɛɛ no sɛ, “Owura, yɛate sɛ Israel ahemfo wɔ ahummɔborɔ. Ɛno enti, momma yɛmfira ayitoma, mfa ahoma mmɔ yɛn ti ase, mfa nkyerɛ ahobrɛaseɛ. Na ebia, ɔhene Ahab bɛma woatena ase.”
His servants said to him, “See now, we have heard that the kings of the house of Israel are merciful kings. Please let us put sackcloth on our bodies and ropes on our heads, and go out to the king of Israel. Maybe he will save your life.”
32 Enti, wɔfirafiraa ayitoma, de nhoma bobɔɔ wɔn ti, kɔɔ Israelhene nkyɛn kɔsrɛɛ no sɛ, “Wo ɔsomfoɔ Ben-Hadad se, ‘Mesrɛ wo, ma me ntena nkwa mu.’” Israelhene no bisaa sɛ, “Ɔda so te ase anaa? Ɔyɛ me nuabarima!”
So they put sackcloth on their bodies and ropes on their heads, and came to the king of Israel, and said, “Your servant Ben Hadad says, ‘Please let me live.’” He said, “Is he still alive? He is my brother.”
33 Mmarima no yɛɛ ntɛm sɔɔ anidasoɔ a ɛnni nnyinasoɔ yi mu, buaa sɛ, “Aane, wo nua Ben-Hadad.” Israelhene no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔfa no mmra.” Ɛberɛ a wɔde Ben-Hadad baeɛ no, Ahab ma ɔkɔtenaa ne teaseɛnam mu.
Now the men observed diligently and hurried to take this phrase; and they said, “Your brother Ben Hadad.” Then he said, “Go, bring him.” Then Ben Hadad came out to him; and he caused him to come up into the chariot.
34 Ben-Hadad ka kyerɛɛ no sɛ, “Mede nkuro a mʼagya gye firii wʼagya nsam no bɛsane ama wo, na woahyehyɛ adwadie wɔ Damasko, sɛdeɛ mʼagya yɛɛ wɔ Samaria no.” Na Ahab kaa sɛ, “Saa nhyehyɛeɛ yi so na mɛgyina na magyaa wo.” Enti, wɔyɛɛ apam, na wɔgyaa Ben-Hadad.
Ben Hadad said to him, “The cities which my father took from your father I will restore. You shall make streets for yourself in Damascus, as my father made in Samaria.” “I”, said Ahab, “will let you go with this covenant.” So he made a covenant with him and let him go.
35 Ɛberɛ no ara mu, Awurade see adiyifokuo no mu baako sɛ, ɔnka nkyerɛ ɔfoforɔ sɛ, “Fa wʼakodeɛ no bɔ me.” Nanso wanyɛ.
A certain man of the sons of the prophets said to his fellow by the LORD’s word, “Please strike me!” The man refused to strike him.
36 Na saa odiyifoɔ no ka kyerɛɛ ɔfoforɔ no sɛ, “Sɛ woantie Awurade nne enti, sɛ wofiri ha ara pɛ a, gyata bɛkye wo, akum wo.” Ampa ara, ɔfirii hɔ ara pɛ na gyata kyeree no kumm no.
Then he said to him, “Because you have not obeyed the LORD’s voice, behold, as soon as you have departed from me, a lion will kill you.” As soon as he had departed from him, a lion found him and killed him.
37 Na odiyifoɔ no kɔɔ ɔbarima foforɔ nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Fa wʼakodeɛ yi bɔ me.” Ɔno deɛ, ɔbɔɔ odiyifoɔ no, piraa no.
Then he found another man, and said, “Please strike me.” The man struck him and wounded him.
38 Odiyifoɔ no twɛn ɔhene no wɔ kwankyɛn a ɔde ntomaban akyekyere nʼani, de pɛɛ sɛ ɔsakyera ne ho.
So the prophet departed and waited for the king by the way, and disguised himself with his headband over his eyes.
39 Ɔhene no retwam no, odiyifoɔ no frɛɛ no sɛ, “Owura, na mewɔ akono na ɔbarima bi de odeduani brɛɛ me. Ɔkaa sɛ, ‘Wɛn saa ɔbarima yi, na sɛ biribi enti ɔdwane a, wɔbɛkum wo anaasɛ wɔbɛbɔ wo ka dwetɛ kilogram aduasa nwɔtwe.’
As the king passed by, he cried to the king, and he said, “Your servant went out into the middle of the battle; and behold, a man came over and brought a man to me, and said, ‘Guard this man! If by any means he is missing, then your life shall be for his life, or else you shall pay a talent of silver.’
40 Na ɛberɛ a mʼani abere redi dwuma bi no, odeduani no dwaneeɛ. Na ɔhene no kaa sɛ, ‘Ɛyɛ wʼankasa wo mfomsoɔ. Wo ara woabu wo ho atɛn.’”
As your servant was busy here and there, he was gone.” The king of Israel said to him, “So shall your judgment be. You yourself have decided it.”
41 Ɛhɔ ara na odiyifoɔ no sanee ntomaban no firii nʼani, na Israelhene no hunuu no sɛ ɔyɛ adiyifoɔ no mu baako.
He hurried, and took the headband away from his eyes; and the king of Israel recognized that he was one of the prophets.
42 Na odiyifoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Esiane sɛ woagyaa ɔbarima a mekaa sɛ, ɛsɛ sɛ wɔkum no no enti, ɛsɛ sɛ wɔkum wo seesei si nʼanan mu. Na anka ɛsɛ sɛ ne nkurɔfoɔ na mokunkum wɔn, na mmom, wo nkurɔfoɔ na wɔbɛkunkum wɔn.”
He said to him, “The LORD says, ‘Because you have let go out of your hand the man whom I had devoted to destruction, therefore your life will take the place of his life, and your people take the place of his people.’”
43 Enti, Israelhene a ne bo afu ne ho no kɔɔ Samaria.
The king of Israel went to his house sullen and angry, and came to Samaria.

< 1 Ahemfo 20 >