< 1 Ahemfo 2 >

1 Dawid rebɛwuo no, ɔde adwuma hyɛɛ Salomo nsa sɛ:
Et les jours de David s’approchèrent de la mort; et il commanda à Salomon, son fils, disant:
2 “Merekɔ baabi a ɛsɛ sɛ da bi ɔteasefoɔ biara kɔ, enti yɛ den na kyerɛ wo mmaninyɛ,
Je m’en vais le chemin de toute la terre; fortifie-toi, et sois un homme;
3 na yɛ deɛ Awurade, wo Onyankopɔn, hwehwɛ sɛ woyɛ, nante nʼakwan mu, na di ne mmara ne nʼahyɛdeɛ so sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ Mose mmara no mu no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wobɛkɔ so wɔ biribiara a wobɛyɛ mu ne baabiara a wobɛkɔ nso.
et prends garde à ce qui doit être observé devant l’Éternel, ton Dieu, en marchant dans ses voies, en gardant ses statuts, et ses commandements, et ses ordonnances, et ses témoignages, comme il est écrit dans la loi de Moïse, afin que tu réussisses dans tout ce que tu fais et où que tu te tournes;
4 Sɛ woyɛ yei a na Awurade bɛdi ne bɔ a ɔhyɛɛ me no so sɛ, ‘Sɛ wʼasefoɔ hwɛ wɔn asetena, na wɔfiri wɔn akoma ne wɔn kra nyinaa mu nante nokorɛ mu wɔ mʼanim a, wɔn mu baako bɛtena Israel ahennwa no so.’
afin que l’Éternel accomplisse sa parole, qu’il a prononcée à mon sujet, disant: Si tes fils prennent garde à leur voie, pour marcher devant moi en vérité, de tout leur cœur et de toute leur âme, tu ne manqueras pas d’un homme sur le trône d’Israël.
5 “Wonim sɛ Seruia babarima Yoab kumm mʼakodɔm asahene baanu no a ɛyɛ Ner babarima Abner ne Yeter babarima Amasa no. Ɔkunkumm wɔn, hwiee wɔn mogya guiɛ asomdwoeɛ berɛ mu a ɛnyɛ ɔko berɛ mu, na ɔde wɔn mogya kekaa nʼabɔwomu a ɛbɔ nʼasene mu ne ne mpaboa a ɛhyɛ ne nan so.
Et toi, tu sais aussi ce que m’a fait Joab, fils de Tseruïa, ce qu’il a fait aux deux chefs des armées d’Israël, à Abner, fils de Ner, et à Amasa, fils de Jéther, en les tuant et en versant le sang de la guerre en [temps de] paix, et [comment] il a mis le sang de la guerre sur la ceinture qui était sur ses reins, et sur les sandales qui étaient à ses pieds.
6 Wo ne no nni, na mma no mmfa ne ti dwono nkɔ damena mu asomdwoeɛ mu. (Sheol h7585)
Et fais selon ta sagesse, et ne laisse pas ses cheveux blancs descendre dans le shéol en paix. (Sheol h7585)
7 “Na yɛ Barsilai a ɔfiri Gilead no mmammarima adɔeɛ, na ma wɔnka wɔn a wɔdidi wɔ wo didipono so no ho. Ɛberɛ a medwane firii wo nuabarima Absalom ho no, wɔyɛɛ me adɔeɛ.
Mais tu useras de bonté envers les fils de Barzillaï, le Galaadite, et ils seront de ceux qui mangent à ta table, car ils sont venus ainsi à ma rencontre, quand je m’enfuyais devant Absalom, ton frère.
8 “Kae Gera Benyaminni a ɔfiri Bahurim no babarima Simei. Ɔdomee me dendeenden, da a meredwane akɔ Mahanaim no. Na ɔbɛhyiaa me wɔ Yordan no, mede Awurade edin kaa ntam sɛ, Merenkum no.
Et voici, il y a avec toi Shimhi, fils de Guéra, le Benjaminite, de Bakhurim: celui-là m’a maudit d’une malédiction violente, au jour où je m’en allais à Mahanaïm. Mais il descendit à ma rencontre au Jourdain, et je lui jurai par l’Éternel, disant: Si je te fais mourir par l’épée!
9 Nanso, ntam no mma ɔnni bem. Woyɛ ɔnyansafoɔ na wobɛhunu ɛkwan a wobɛfa so aka ne mogya agu.” (Sheol h7585)
Et maintenant, ne le tiens pas pour innocent, car tu es un homme sage, et tu sais ce que tu as à lui faire; mais fais descendre, dans le sang, ses cheveux blancs au shéol. (Sheol h7585)
10 Na Dawid wuiɛ, na wɔsiee no wɔ Dawid kurom.
Et David s’endormit avec ses pères; et il fut enterré dans la ville de David.
11 Ɔdii ɔhene wɔ Israel mfeɛ aduanan a ne nkyerɛmu ne sɛ, ɔdii Hebron so mfeɛ nson ɛnna Yerusalem nso, ɔdii adeɛ mfeɛ aduasa mmiɛnsa.
Et les jours que David régna sur Israël furent 40 ans: à Hébron il régna sept ans, et à Jérusalem il régna 33 ans.
12 Enti, Salomo tenaa nʼagya Dawid ahennwa so, na nʼadedie ase timiiɛ yie.
Et Salomon s’assit sur le trône de David, son père, et son royaume fut très affermi.
13 Na Hagit babarima Adoniya kɔɔ Salomo ne maame Batseba nkyɛn. Batseba bisaa no sɛ, “Wobaa no asomdwoeɛ so anaa?” Ɔbuaa no sɛ, “Ɛyɛ asomdwoeɛ so.”
Et Adonija, fils de Hagguith, vint vers Bath-Shéba, mère de Salomon; et elle dit: Est-ce en paix que tu viens? Et il dit: En paix.
14 Na ɔka kaa ho sɛ, “Mepɛ sɛ woyɛ me adɔeɛ bi.” Na Batseba bisaa sɛ, “Adɔeɛ bɛn.”
Et il dit: J’ai quelque chose à te dire. Et elle dit: Parle.
15 Adoniya kaa sɛ, “Sɛdeɛ wonim no, na ahemman no yɛ me dea. Na Israel nyinaa hwɛ me kwan sɛ wɔn ɔhene. Nanso, nneɛma sesaeɛ, na ahemman no kɔɔ me nuabarima nkyɛn, ɛfiri sɛ, Awurade pɛ no saa.
Et il dit: Tu sais que le royaume était à moi, et que tout Israël avait porté ses yeux sur moi pour que je sois roi; mais le royaume a tourné, et est [passé] à mon frère, car il était à lui de par l’Éternel.
16 Seesei, adeɛ baako na mepɛ sɛ mebisa wo. Mfa nkame me.” Ɔkaa sɛ, “Wotumi bisa me.”
Et maintenant je te fais une seule requête; ne me repousse pas. Et elle lui dit: Parle.
17 Na ɔtoaa so sɛ, “Kɔbisa ɔhene Salomo ma me, na ɔremfa dekodeɛ no nkame wo. Bisa no na ɔmfa Abisag Sunamni no mma me sɛ me yere.”
Et il dit: Parle, je te prie, au roi Salomon, car il ne te repoussera pas, afin qu’il me donne Abishag, la Sunamite, pour femme.
18 Na Batseba buaa sɛ, “Ɛyɛ, mɛka ho asɛm akyerɛ ɔhene ama wo.”
Et Bath-Shéba dit: Bien; je parlerai au roi pour toi.
19 Enti Batseba kɔɔ ɔhene Salomo nkyɛn sɛ ɔrekɔkasa ama Adoniya. Ɔhene no sɔree sɛ ɔrebɛhyia no, bɔɔ ne mu ase ansa na ɔretena nʼahennwa so. Na ɔhyɛɛ sɛ wɔmfa adwa mmrɛ ɔhene maame, na ɔtenaa ɔhene nifa so.
Et Bath-Shéba entra auprès du roi Salomon pour lui parler pour Adonija. Et le roi se leva pour aller à sa rencontre, et il s’inclina devant elle; et il s’assit sur son trône, et fit mettre un trône pour la mère du roi; et elle s’assit à sa droite.
20 Ɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ, “Mewɔ adeɛ ketewaa bi bisa wo, na mfa nkame me.” Ɔhene no buaa no sɛ, “Bisa me, me maame. Meyɛ ama wo.”
Et elle dit: J’ai une petite requête à te faire, ne me repousse pas. Et le roi lui dit: Demande, ma mère, car je ne te repousserai pas.
21 Enti, ɔkaa sɛ, “Ma wɔmfa Sunamni Abisag mma wo nuabarima Adoniya awadeɛ.”
Et elle dit: Qu’Abishag, la Sunamite, soit donnée pour femme à Adonija, ton frère.
22 Ɔhene Salomo bisaa ne maame sɛ, “Adɛn enti na wopɛ sɛ Adoniya ware Sunamni Abisag? Ɛnneɛ, sɛ wobɛbisa ahemman nso ama no. Wonim sɛ ɔyɛ me nua panin na ɔsɔfoɔ Abiatar ne Seruia babarima Yoab nso boa no!”
Et le roi Salomon répondit et dit à sa mère: Et pourquoi demandes-tu Abishag, la Sunamite, pour Adonija? Demande aussi pour lui le royaume, car il est mon frère plus âgé que moi, – et pour lui, et pour Abiathar, le sacrificateur, et pour Joab, fils de Tseruïa.
23 Na ɔhene Salomo de Awurade edin kaa ntam sɛ, “Sɛ Adoniya amfa ne nkwa antwa saa abisadeɛ yi so a, Onyankopɔn ne me nni no denden so pa ara.
Et le roi Salomon jura par l’Éternel, disant: Que Dieu me fasse ainsi, et ainsi y ajoute, si Adonija n’a pas prononcé cette parole contre sa propre vie.
24 Na seesei deɛ, mmerɛ dodoɔ a Awurade te ase yi, ɔno a watim mʼase wɔ mʼagya Dawid ahennwa so, na wabɔ me fie ahennie mu nnidisoɔ atenaseɛ ama me, sɛdeɛ ɔhyɛɛ me bɔ no, Adoniya deɛ, twa ara na ɛtwa sɛ ɔwu ɛnnɛ yi ara.”
Et maintenant, l’Éternel est vivant, qui m’a affermi et m’a fait asseoir sur le trône de David, mon père, et m’a fait une maison comme il l’avait dit, qu’aujourd’hui Adonija sera mis à mort.
25 Enti, Salomo hyɛɛ Yehoiada babarima Benaia sɛ ɔnkum no, na ɔkumm Adoniya.
Et le roi Salomon envoya par Benaïa, fils de Jehoïada, qui se jeta sur lui, et il mourut.
26 Na ɔhene no ka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Abiatar sɛ, “Sane kɔ wo kurom Anatot. Wofata sɛ wowuo, nanso merenku wo seesei, ɛfiri sɛ, wosoaa Awurade Otumfoɔ Adaka no maa mʼagya, na wo ne no nyinaa na mohunuu amane wɔ nʼabɛbrɛsɛ nyinaa mu.”
Et le roi dit à Abiathar, le sacrificateur: Va dans tes champs, à Anathoth, car tu es digne de mort; mais, aujourd’hui, je ne te mettrai pas à mort, car tu as porté l’arche du Seigneur Éternel devant David, mon père, et tu as été affligé en tout ce en quoi mon père a été affligé.
27 Enti, Salomo worɔɔ Abiatar atadeɛ sɛ ɔsɔfoɔ, nam so dii mmara a Awurade hyɛɛ wɔ Silo fa Eli asefoɔ ho no so.
Et Salomon chassa Abiathar de la sacrificature de l’Éternel, pour accomplir la parole de l’Éternel, qu’il prononça au sujet de la maison d’Éli, en Silo.
28 Ɛwom, ahyɛaseɛ no na ɔnni Absalom akyi, nanso Yoab de ne ho kɔdɔm Adoniya adɔnyɛ no. Ɛberɛ a Yoab tee Adoniya wuo no, ɔtuu mmirika kɔɔ Awurade ntomadan kronkron no mu, na ɔkɔsosɔɔ mmɛn a ɛtuatua afɔrebukyia no ho no mu.
Et la nouvelle en vint jusqu’à Joab (car Joab s’était détourné après Adonija, mais ne s’était pas détourné après Absalom), et Joab s’enfuit à la tente de l’Éternel, et saisit les cornes de l’autel.
29 Ɛberɛ a ɔhene Salomo tee asɛm yi, ɔsomaa Yehoiada babarima Benaia sɛ ɔnkɔkum no.
Et on rapporta au roi Salomon que Joab s’était enfui à la tente de l’Éternel: et voici, il est à côté de l’autel! Et Salomon envoya Benaïa, fils de Jehoïada, disant: Va, jette-toi sur lui.
30 Na Benaia kɔɔ Awurade ntomadan kronkron no mu kɔka kyerɛɛ Yoab sɛ, “Ɔhene se firi adi.” Nanso, Yoab buaa sɛ, “Dabi, mɛwu wɔ ha.” Enti, Benaia sane kɔɔ ɔhene no nkyɛn kɔkaa asɛm a Yoab aka no kyerɛɛ no.
Et Benaïa se rendit à la tente de l’Éternel, et dit à Joab: Ainsi dit le roi: Sors! Et il dit: Non, car je mourrai ici. Et Benaïa rapporta la chose au roi, disant: Ainsi a dit Joab, et ainsi il m’a répondu.
31 Ɔhene no tee asɛm a Yoab kaeɛ no, ɔka kyerɛɛ Benaia sɛ, “Yɛ deɛ ɔkaeɛ no. Ku no wɔ afɔrebukyia no ho, na sie no. Yei bɛyi adwenemherɛ mogyahwieguo ho afɔdie afiri me ne mʼagya fiefoɔ so.
Et le roi lui dit: Fais comme il a dit, et jette-toi sur lui, et enterre-le; et ôte de dessus moi et de dessus la maison de mon père le sang que Joab a versé sans cause;
32 Na Awurade bɛtua no kum a ɔkumm mmarima ateneneefoɔ amapa baanu a na wɔyɛ sene no no so ka. Na mʼagya nnim Ner babarima Abner a na ɔyɛ Israel akodɔm sahene ne Yeter babarima Amasa a na ɔno nso yɛ Yuda akodɔm sahene no wuo ho hwee.
et l’Éternel fera retomber sur sa propre tête le sang qu’il a versé, parce qu’il s’est jeté sur deux hommes plus justes et meilleurs que lui, et les a tués avec l’épée, et mon père David n’en savait rien: Abner, fils de Ner, chef de l’armée d’Israël, et Amasa, fils de Jéther, chef de l’armée de Juda.
33 Yoab ne nʼasefoɔ deɛ, saa awudie ahodoɔ yi ho afɔdie ntena wɔn so, na Awurade mma Dawid ne nʼasefoɔ ne nʼahennwa asomdwoeɛ afebɔɔ!”
Et leur sang retombera sur la tête de Joab et sur la tête de sa semence, à toujours; mais la paix sera de par l’Éternel sur David et sur sa semence, et sur sa maison, et sur son trône, à toujours.
34 Enti, Yehoiada babarima Benaia sane kɔɔ ntomadan kronkron no mu, kɔkumm Yoab, na wɔsiee Yoab wɔ ne kurom wiram baabi.
Et Benaïa, fils de Jehoïada, monta et se jeta sur lui, et le tua; et il fut enterré dans sa maison, dans le désert.
35 Na ɔhene no yii Yehoiada babarima Benaia sɛ ɔnsi Yoab anan sɛ ɔsafohene. Na ɔyii ɔsɔfoɔ Sadok de no sii Abiatar anan.
Et le roi mit Benaïa, fils de Jehoïada, à sa place sur l’armée; et le roi mit Tsadok, le sacrificateur, à la place d’Abiathar.
36 Ɔhene no soma ma wɔkɔfrɛɛ Simei ka kyerɛɛ no sɛ, “Si efie wɔ Yerusalem ha na tena mu. Nanso, mfiri kuro no mu nkɔ baabiara.
Et le roi envoya, et appela Shimhi, et lui dit: Bâtis-toi une maison à Jérusalem, et habite là; et tu ne sortiras pas de là, où que ce soit;
37 Na da a wobɛtwa Kidron bɔnhwa no, wobɛwu; na wo mogya bɛgu wʼankasa wo tiri so.”
et il arrivera qu’au jour où tu sortiras et que tu passeras le torrent du Cédron…, sache bien que tu mourras; ton sang sera sur ta tête.
38 Na Simei buaa sɛ, “Wʼatemmuo no yɛ kronn. Biribiara a me wura ɔhene bɛhyɛ sɛ menyɛ no, mɛyɛ.” Enti, Simei tenaa Yerusalem kyɛree yie.
Et Shimhi dit au roi: La parole est bonne; selon que le roi, mon seigneur, a parlé, ainsi fera ton serviteur. Et Shimhi demeura à Jérusalem bien des jours.
39 Na mfeɛ mmiɛnsa akyi no, Simei asomfoɔ baanu dwane kɔɔ Gathene Akis, Maaka babarima nkyɛn. Ɛberɛ a Simei hunuu baabi a wɔwɔ no,
Et il arriva, au bout de trois ans, que deux serviteurs de Shimhi s’enfuirent vers Akish, fils de Maaca, roi de Gath. Et on le fit savoir à Shimhi, disant: Voici, tes serviteurs sont à Gath.
40 ɔhyehyɛɛ nʼafunumu, kɔɔ Gat, kɔhwehwɛɛ wɔn. Ɔhunuu wɔn no, ɔde wɔn sane baa Yerusalem.
Et Shimhi se leva et sella son âne, et s’en alla à Gath, vers Akish, pour chercher ses serviteurs. Et Shimhi alla, et ramena de Gath ses serviteurs.
41 Salomo tee sɛ Simei afiri Yerusalem akɔ Gat asane aba.
Et on rapporta à Salomon que Shimhi était allé de Jérusalem à Gath, et qu’il était de retour.
42 Enti, wɔsoma ma wɔkɔfrɛɛ Simei baeɛ, na ɔbisaa no sɛ, “Mamma woanka ntam Awurade edin mu sɛ, worenkɔ baabiara, na sɛ anyɛ saa a, wobɛwu? Na wobuaa sɛ, ‘Atemmuo no yɛ kronkron; na mɛdi asɛm a woaka no so.’
Et le roi envoya, et appela Shimhi, et lui dit: Ne t’ai-je pas fait jurer par l’Éternel, et ne t’ai-je pas protesté, disant: Au jour où tu sortiras et que tu t’en iras où que ce soit, sache bien que tu mourras? Et tu me dis: La parole que j’ai entendue est bonne.
43 Na adɛn enti na woanni wo ntanka no so amma Awurade, na woantie me nhyɛ?”
Et pourquoi n’as-tu pas observé le serment de l’Éternel, et le commandement que je t’ai commandé?
44 Na ɔhene no ka kaa ho sɛ, “Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ wokae amumuyɛ a woyɛɛ mʼagya, ɔhene Dawid. Awurade bɛtwe wʼaso wɔ ho.
Et le roi dit à Shimhi: Tu sais tout le mal que ton cœur a la conscience d’avoir fait à David, mon père; et l’Éternel fait retomber ton iniquité sur ta tête.
45 Na medeɛ, mɛnya Awurade nhyira, na daa Dawid aseni atena ahennwa no so.”
Et le roi Salomon sera béni, et le trône de David sera affermi devant l’Éternel à toujours.
46 Na ɔhene no nhyɛ so, Yehoiada babarima Benaia faa Simei de no firii adi kɔkumm no. Enti ahemman no timiiɛ wɔ Salomo nsam.
Et le roi commanda à Benaïa, fils de Jehoïada, et il sortit, et se jeta sur lui; et il mourut. Et le royaume fut affermi dans la main de Salomon.

< 1 Ahemfo 2 >