< 1 Ahemfo 19 >
1 Ɛberɛ a Ahab duruu fie no, ɔkaa deɛ Elia ayɛ nyinaa ne sɛdeɛ wakunkum Baal adiyifoɔ nyinaa no kyerɛɛ Isebel.
Achab apprit à Jézabel tout ce qu’avait fait Elie, et comme quoi il avait fait périr tous les prophètes par l’épée.
2 Enti, Isebel de saa nkra yi kɔmaa Elia sɛ, “Sɛ ɔkyena sɛsɛɛ na menkum wo, sɛdeɛ woakum nkurɔfoɔ yi a, anyame no nku me bi.”
Et Jézabel envoya un messager à Elie pour lui dire: "Que les dieux m’en fassent tant et plus, si demain, à pareille heure, je ne t’ai rendu semblable à l’un de ceux-là!"
3 Elia tee nkra no, ɔsuroeɛ, enti ɔdwane de peree ne ti. Ɔkɔɔ kuro bi a ɛwɔ Yuda a wɔfrɛ no Beer-Seba, gyaa ne ɔsomfoɔ wɔ hɔ.
Devant cette menace, il se leva, partit pour sauver sa vie, et, arrivé à Bersabée en Juda, il y laissa son serviteur.
4 Na ɔno nko ara nantee da mu nyinaa kɔɔ ɛserɛ so. Ɔkɔtenaa dutan bi a na ayɛ frɔmm ase, na ɔbɔɔ mpaeɛ sɛ anka ɔnwu. Ɔkaa sɛ, “Deɛ mahunu no ara dɔɔ me so, Awurade. Twa me nkwa so na mennyɛ nsene mʼagyanom.”
Pour lui, il fit une journée de chemin dans le désert, puis alla s’asseoir sous un genêt, et implora la mort en disant: "Assez maintenant, ô mon Dieu! Prends ma vie, car je ne suis pas meilleur que mes pères!"
5 Na ɔdaa dua no ase. Na ne nna mu no, ɔbɔfoɔ bɛkaa no, ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɔre na didi.”
Et il se coucha sous le genêt et s’endormit. Soudain un ange posa la main sur lui et lui dit: "Lève-toi, mange."
6 Ɔhwɛɛ ne ho hyiaeɛ hunuu burodo bi a wɔato no ogyasramma so, ne kuruwa a nsuo wɔ mu. Enti, ɔdidiiɛ, nom nsuo no, sane daa bio.
Il regarda, et aperçut, près de sa tête, un gâteau cuit à la braise et un vase plein d’eau. Il mangea et but, puis il se recoucha.
7 Na Awurade ɔbɔfoɔ no sane baa bio bɛkaa no kaa sɛ, “Sɔre na didi pii ka ho, na ɛkwan a ɛda wʼanim no ware.”
Une seconde fois, l’envoyé du Seigneur vint le toucher en disant: "Lève-toi, mange, car tu as une longue traite à faire."
8 Enti, ɔsɔre didiiɛ, nomee. Aduane no maa no nyaa ahoɔden a ɔde bɛtwa ɛkwan adaduanan, awia ne anadwo akɔ Horeb a ɛyɛ Onyankopɔn bepɔ no so.
Il se leva, mangea et but, puis, réconforté par ce repas, il marcha quarante jours et quarante nuits jusqu’au Horeb, la montagne de Dieu.
9 Ɔkɔduruu ɔbodan bi ho, na ɔdaa mu anadwo no. Na Awurade bisaa no sɛ, “Elia, ɛdeɛn na woreyɛ wɔ ha?”
Là, il entra dans une caverne, où il passa la nuit. Et voici que la voix divine s’adressa à lui, disant: "Que fais-tu là, Elie?"
10 Elia buaa sɛ, “Mede ahoɔden asom Asafo Awurade Onyankopɔn. Nanso, Israelfoɔ abu apam a wɔne wo hyehyɛeɛ no so, nam so abubu wʼafɔrebukyia nyinaa, akunkum wʼadiyifoɔ a anka obiara. Me nko ara na maka, nanso wɔrepɛ me akum me nso.”
Il répondit: "J’Ai fait éclater mon zèle pour toi, Seigneur, Dieu-Cebaot, parce que les enfants d’Israël ont répudié ton alliance, renversé tes autels, fait périr tes prophètes par le glaive moi seul, je suis resté, et ils cherchent aussi à m’enlever la vie."
11 Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “Firi adi kɔgyina mʼanim wɔ bepɔ no so.” Na ɛberɛ a Elia gyina hɔ no, Awurade bɛfaa hɔ, na mframa denden bi bɔ sii bepɔ no mu. Na mframa no ano den no dwidwaa abotan no mu. Nanso, na Awurade nni mframa no mu. Mframa no akyi no, asase wosooɛ. Nanso, na Awurade nni asasewosoɔ no mu.
La voix reprit: "Sors, et tiens-toi sur la montagne pour attendre le Seigneur!" Et de fait, le Seigneur se manifesta. Devant lui un vent intense et violent, entr’ouvrant les monts et brisant les rochers, mais dans ce vent n’était point le Seigneur. Après le vent, une forte secousse; le Seigneur n’y était pas encore.
12 Na asasewosoɔ no akyi, ogya pueeɛ. Nanso, na Awurade nni ogya no mu. Na ogya no akyi, nne bi a ɛyɛ bɔkɔɔ te sɛ deɛ wɔde ka asomusɛm baeɛ.
Après la secousse, un feu; le Seigneur n’était point dans le feu. Puis, après le feu, un doux et subtil murmure.
13 Elia tee nne no, ɔde nʼatadeɛ kataa nʼanim ɛnna ɔfiri ɔbodan no mu, kɔgyinaa ano kwan no ano. Na nne bi bisaa sɛ, “Elia, ɛdeɛn na woreyɛ wɔ ha?”
Aussitôt qu’Elie le perçut, il se couvrit le visage de son manteau et alla se placer à l’entrée de la caverne, et une voix lui arriva qui disait: "Que fais-tu là, Elie?"
14 Ɔbuaa bio sɛ, “Mede ahoɔden asom Asafo Awurade Onyankopɔn. Nanso, Israelfoɔ abu apam a wɔne wo hyehyɛeɛ no so, nam so abubu wʼafɔrebukyia nyinaa, akunkum wʼadiyifoɔ a anka obiara. Me nko ara na maka, nanso wɔrepɛ me akum me nso.”
Il répondit: "J’Ai fait éclater mon zèle pour toi, Seigneur, Dieu-Cebaot, parce que les enfants d’Israël ont répudié ton alliance, renversé tes autels et fait périr tes prophètes par le glaive; moi seul je suis resté, et ils cherchent aussi à m’enlever la vie."
15 Na Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “Sane wʼakyi kɔ baabi a wofiri baeɛ, na kɔ Damasko ɛserɛ so. Na sɛ woduru hɔ a, sra Hasael ngo, si no Aramhene.
Le Seigneur lui dit: "Va, reprends ta route vers le désert de Damas. Arrivé là, tu sacreras Hazaël comme roi de Syrie;
16 Afei, sra Nimsi babarima Yehu, na ɔnyɛ Israelhene, na sra Safat babarima Elisa a ɔfiri Abel-Mehola, na ɔnsi wʼananmu sɛ me odiyifoɔ.
puis, Jéhu, fils de Nimchi, tu le sacreras roi d’Israël, et Elisée, fils de Chafat, d’Abel-Mehôla, tu l’oindras comme prophète pour te succéder.
17 Obiara a ɔbɛdwane afiri Hasael ho no, Yehu bɛkum no, na obiara a ɔbɛdwane afiri Yehu ho nso no, Elisa bɛkum no.
Or, celui qui aura échappé au glaive d’Hazaël, Jéhu le fera mourir; et qui aura échappé au glaive de Jéhu, Elisée le fera mourir.
18 Yeinom akyi no, mɛbɔ nnipa afoforɔ mpem nson bi a wɔwɔ Israel a wɔnkotoo Baal, mfee nʼano da no ho ban.”
Mais j’en épargnerai sept mille en Israël: à savoir, tous ceux dont le genou n’a point fléchi devant Baal, et dont la bouche ne lui a point adressé d’hommages."
19 Na Elia kɔhunuu Safat babarima Elisa sɛ ɔde anantwie refuntum afuo. Na anantwie mpamho dubaako na wɔdi nʼanim, ɛnna Elisa nso de mpamho a ɛtɔ so dumienu refuntum. Elia kɔɔ ne nkyɛn kɔtoo nʼatadeɛ guu ne mmati so, na ɔsane nʼakyi kɔeɛ.
Il partit de ce lieu et rencontra Elisée, fils de Chafat, qui labourait ayant douze paires de bœufs devant lui et se tenant près de la douzième. Elie s’avança vers lui et lui jeta son manteau.
20 Elisa gyaa anantwie no hɔ, tuu mmirika dii Elia akyi, ka kyerɛɛ no sɛ, “Deɛ ɛdi ɛkan no, ma menkɔkra mʼagya ne me maame ansa na me ne wo akɔ.” Elia buaa sɛ, “Sane wʼakyi na kɔ. Na deɛ mayɛ wo no, dwene ho.”
Elisée quitta les bœufs, courut après Elie et lui dit: "Je voudrais embrasser mon père et ma mère, puis je te suivrai." Il lui répondit: "Va, retire-toi, car que t’ai-je fait?"
21 Afei, Elisa sane kɔɔ anantwie no ho kɔkunkumm wɔn. Ɔde funtumfidie no ho nnua no yɛɛ nnyensin de totoo ɛnam no. Ɔde ɛnam no kɔmaa mmarima a wɔde funtumfidie a aka no reyɛ adwuma no nyinaa, ma wɔweeɛ. Na ɔne Elia kɔeɛ sɛ ne ɔboafoɔ.
Elisée s’éloigna de lui, prit une paire de bœufs qu’il tua, en fit cuire la chair avec le bois de l’attelage et la donna à manger à ses gens; puis il se mit en devoir de suivre Elie, et il devint son serviteur.